Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Sɛ obi fi akwanhyia mu a, nkyia bɛn na ɛfata no?
Akwaaba
Due
Fre nkwa
wo tiri nkwa
2.
Akanfo kyia afirinhyia pa bere mu.
afudɔw
anigye
buronya
asusɔw
3.
Sɛ obi rekyia ɔhene na ɔkwaha ne ntama a, ɛkyere dɛn?
Obu
Korɔye
Nimdeɛ
Onuadɔ
4.
Sɛ obi nkyia nnyeso ne yaa-sɔria a, na ɔbɔ abusua bɛn?
Asakyiri
Asona
ɛkoɔna
ɔyoko
5.
Abofra a odi Badu akyi no Akanfo frɛ no ......
Duku
Kontɔ
Nsowaa
Piesie
6.
Nsu ne nsa a wode ka abofra ano wɔ abantinto mu kyerɛ se .......
ɔmmɛye osikani
ɔmmɛye adwumapa
ɔmmɛka nokware
onyin nkyɛ
7.
Edin Antobam ase kyerɛ se abofra bi ammatɔ ne ......
maame
papa
wofa
nana
8.
Kyerɛ nea enti a akanfo nware wɔn nuanom.
ɛyɛ abosonsom
Wɔn mma bewuwu
Wɔnnya sika
ɛyɛ mogyafra
9.
Amanne bɛn na Akanfo yɛ ma abeawa a wadu ne mpanyin afe so?
Ayeforɔhyia
Bragoru
Kyiribra
Akraguare
10.
Nneɛma yi mu ne ɛwɔ he na ɛnse se asakyima no de ne se kaw mu?
Nkesua
Akokonam
Nsa
Borɔdedwo
11.
Sɛ Akanfo se abeawa bi abu ne nsa a, na ɛkyere dɛn?
Ne nsam ayɛ duru
Wayɛ bra
Ne nsa ayɛ tenten
Owiawia nneɛma
12.
Nneɛma a edidi so yi nea ɛwɔ he na sɛ abarimaa du ne mpanyin afe so a, wɔma no?
Otuo ne nkrante
Sekan ne kenten
Osɔsɔw ne otuo
Asɔw ne otuo
13.
Nneɛma a wode ma abarima no, dɛn na ɛse se ode yɛ?
Obeton
Ode bɛma ne yere
Ode bɛbɔ ne bra
Ode bɛkyere ne nnamfonom
14.
Hyirew a akumaa de sra obea a wagyae aware kyerɛ se aware no ......
asɔ yiye
agu koraa
adi mu
nni mu
15.
Dɛn ne akonta sekan?
Ntama a wode ma awofo.
Nkrante a nkontanom gye
Nneɛma a wode ma baguafo
Sika a obarima tua ma ne yere nua mmarima.
16.
Kyerɛ nea enti a Akanfo mpɛ koratwe.
Ede mogyafra ba fie
Ede kyiribra ba abusua mu
ɛtaa de ntokwaw ba awarefo ntam
ɛtaa de mmusu ba fie
17.
Mpanyimfo regu aware a, wɔma awarefo no mu biara .......
didi ansa
ma ne wofa kasa
bɔ ne nkuro
bu nkontaa ansa
18.
Dɛn potee na abusuafo hwɛ ho de obea ma obarima bi aware?
Suban
Ahoɔfɛ
Adan
Sika
19.
Hyehye ayiye dwumadi yi nnidiso nnidiso.
nnabɔ, funsie, nsawabɔ
nnabɔ, nsawabɔ, funsie
funsie, nnabɔ, nsawabɔ
nsawabɔ, funsie, nnabɔ
20.
Dɛn na ntama fitaa fura da no adi wɔ ayi ase?
ɔbɔfo bi awu
ɔpanyin bi a wanyin yiye awu
Aberante bi awu
Abofra bi awu.
21.
Agya bi wu a, agya bi te ase. Yɛtaa te saa bɛ yi wɔ ...... ase.
abadinto
awaregyae
ayeforɔhyia
ayi
22.
Sɛ ...... te ase a, Badu ntumi nni ade.
Ata
Tawia
Nkroma
Panyin
23.
Dɛn nneɛma kuw na wɔhwɛ ansa na wode obi adi hene?
Suban, adan, abusua
Adamfo, sika, abusua
Abusua, suban, bɔbere
Sika, adan, ahosu
24.
Dwuma titiriw bɛn na Banmuhene di wɔ ahemfi?
Osie ahemfo sika
ɔhwɛ ma wɔsie ahemfo
ɔno na ɔnoa ɔhene aduan
ɔno na ɔkasa ma ɔhene
25.
Kyerɛ dwuma a Akanfo yɛ a ɛkyerɛ se woatu ɔhene ade so.
Woyi ne nan mu mpaboa
Wɔpa ne ho ntama
Wɔtwa no asu
Wode no kotena dan mu
26.
Hefo na wode wɔn ntade mpasampasa a mogya wɔ mu di akɔneaba bere a ɔhene abɔ gua?
Esen
Abrafo
Akyerema
Akyeame
27.
Obi a ɔnoa ɔhene aduan yɛ .......
ɔkyerema
ɔkra
Esen
Osodooni
28.
Obi a ode nnua yɛ adwini yɛ ......
Odunsini
Duadwumfo
Onyansafo
Okuafo
29.
Nnwuma yi mu nea ɛwɔ he na wɔyɛ no wɔ nwura mu?
Osoodo
Atɔno
Sikadwini
Ahayɔ
30.
Kyerɛ ɛbɛ yi ase: Wuntumi wɔ nneɛma a, wuse wo kahyiri nyɛ.
Wo kɔn mu nyɛ duru a, nsoa nneɛma
Wo kahyiri nyɛ kɛse a, nsoa ade.
Wuntumi ade bi yɛ a, na wode hyɛ obi.
Wɔpɛ adesoa a, nhwehwɛ kahyiri.
31.
Okwaterekwa se ɔbɛma wo ntama a tie ne din.
Ohiani bi anya sika
Obi rebɔ wo nkɔmmɔ
Obi pɛ se wɔtɔ ntama
Obi redaadaa ne yɔnko se ɔbɛma ɔ biribi a onni bi.
32.
Suban bɛn na nwa ne akyekyere da no adi wɔ abebu mu?
Asisi
Ntokwaw
Asomdwoe
Pesɛmenkomenya
33.
Agya ade bi wɔ ho, sɛ wonam a, etumi di w'anim anaa w'akyi. ɛyɛ dɛn?
Nsu
Lore
Saakre
Sunsuma
34.
Agya wɔ ade bi. Wutia n'ayaase a, na waserew, wopagyaw wo nan a, na wamuna.
Asopatere
Pane
Dadefiri
Kotoku
35.
Nnipa baahe na wodi gua?
Biako
Baanu
Baasa
Baanan
36.
Nkyene ante aduan mu a, onipa akwaa bɛn na ohu?
Tekrema
Ani
Yafunu
Aso
37.
Abisaa bi ka se muka yɛ ɔkomfo baasa. Sɛ obiako nni ho a wonyɛ adwuma. Adesua bɛn na ɛwɔ saa abisaa yi mu?
Anuanom baasa
Korɔye
Akomfo nkabom
Mpanyimfo agyinatu
38.
Kyerɛ ɔkwan biako a Akanfo fa so kasa kyerɛ Onyankopɔn.
Wɔbɔ dawuru
Wɔka kyerɛ Asase Yaa.
Woyi apae
Wɔkɔ asiei
39.
Suban bɛn na Akanfo da no adi wɔ wɔn atamfo ho wɔ apae mu?
Wode wɔn bɔne kyɛ wɔn
Wɔne wɔn yɛ aka
Wɔdome wɔn nyinaa
Wɔpa wɔn kyɛw
40.
Sɛ ɔhene bi akyeampoma so agyiraehyede yɛ akoo a, na ɛkyerɛ dɛn?
Ahotew
Anuoden
Anigye
Anotew
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Kyerɛ wo kurom guada ho asɛm.
(b)
Kyerɛw sukuukɔ ho mfaso
(c)
Kyerɛw krataa kɔma wo kyerɛkyerɛfo ka kyerɛ no nea enti a worentumi nkɔ sukuu ɔkyena.
(d)
Dae bi a mesoe a m'ani gyee wo mu.
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
Kwesi ne ne maame tenaa akuraa bi a wofre no Beposo ase. Wowoo Kwasi no, nnawotwe abien akyi na n'agya wui. Enam ohia nti na Kwasi maame ntumi nhwe ne ho ne ne ba no. Na ode Kwasi hye akyi ko nkurofo afum kodi paa senea ebayε a obenya sika kakra ne aduan a wode behwe won ho.
Kwasi dii mfe ason, na omfii sukuu ase ε. Da koro bi a Kwasi ne ne maame reks Maame Adwoa afum no, Kwasi free ne maame se, "Maame." Ne Maame gyee mo so bisaa no se, "Den asem?" Kwasi de awershow kaa se, "Maame, mepe se meko sukuu na daakye manya adwuma pa bi aye, abeye nipa na matumi ahwe wo." Kwasii maame antumi ankasa, na mmom phwεε ne ba no dinn bere a nisu reguare no.
(a)
ɛhe na na Kwasi ne ne maame te?
(b)
ɔkwan bɛn na na Kwasi maame fa so hwɛ no?
(c)
Adɛn nti na Kwasi dii mfe ason na ɔnkɔɔ sukuu?
(d)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase: abɛyɛ nipa.
(e)
Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to ayesɛm yi din.
Kenkan anwonsem a edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa a ɛwɔ aseɛ no nyinaa.
Me ara mene no Meye ntamanwenefo Mete me nsaduam Matrew m'asaawa mu Merenwene me ntana Mafa akurokurowa Mebo mu kuro! kuro! kuro! Na mahom so hi! hi! hi! Saa ara na menwene ntama
Me ara me ne no Meye otomfo Mete m'atonnan mu Magyina me tommo anim Merebo me nnade Mebo so kyan! kyan! kyan! Na matwiw ho twii! twii! twii! Saa ra na mebɔ nnade
Me ara mene no Meye duadwumfo Mewo m'apata mu Migyina me pon ho Meresen me ntaabo Mitwa no hyee! hyee! hyee! Na mabo mu pan! pan! pan! Saa ara na mepam nnaka
(a)
Hefa na ɔtomfo yɛ n'adwuma?
(b)
Kyerɛw nneɛma abiɛsa a wonya fi nsaanodwuma mu?
(c)
Adɛn nti na ɛsɛ se obi yɛ nsaanodwuma?
(d)
Din foforo bɛn na wode bɛma duadwumfo?
(e)
To anwensem no din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Hwɛhwɛ asɛmfua bi a ɛne nsɛmfua a wɔasɛnsan ase wɔ ɔkasamu yi mu biara mu bɔ abira
(a)
M'agya wɔ ofi kɛse bi.
(b)
Kofi yɛ ɔnyansafo.
(c)
Abɛawa no ho yɛ fɛ.
(d)
Agyeman kɔ.
(e)
Me nuabarima atɔ kaa foforo.
Fa nkyerɛwee mu agyiraehyede a ɛfata hyɛ ɔkasamu a edidi so yi mu biara mu
(f)
Owura mensa yɛ ɔkyerɛkyerɛfo
(g)
wɔhohoro wɔ nsa ansa na wɔredidi
(h)
Kofi se Meye abarimaa
(i)
Berɛ bɛn na wobɛkɔ
(j)
Obi mmra o
Fa nsɛmfua a ɛfata hyɛ faako a wɔagyaw ho no
(k)
Onira ...... mɛyɛ sukuuni.
(l)
Magyee me sika ...... mihu no a.
(m)
ɔkraman no da ɔpon no ......
(n)
Kwadwo ...... kɔkɔɔ no nyinaa nnera.
(o)
Mebae no na ...... fie.
(p)
Maame ..... gya ano anoa bayerɛ.
(q)
Memaa no sidi opedu na ɔmaa me ..... sidi mpem anum.
(r)
Akwanhyia no ...... awia nnɔn abiɛsa.
(s)
Ofii ase tɛteɛse mu ara ...... na ɔbae.
(t)
Wɔn mu binom ...... akyerɛkyerɛfo.