
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Akanman mu sɛ wɔwo abofra na odi ...... a, na wɔto ne din.
adaduanan
nnawɔtwe
adaduonu
nnawɔtwe anum
2.
Edin a Akanfo de ma abofra a odi n'awofo mma kan ne .......
Piesie
Badu
Nkroma
Mensa
3.
Abofra a otwa n'awofo mma nyinaa to no wɔfrɛ no ......
Kaakyiri
Piesie
Ahenkan
Duku
4.
Sika a ɔbarima ware a, otua ma ne yere awofo no ne ......
hyirewgu
ti-nsa
asotiri yi
akyidua
5.
Nneɛma yi mu biako a Akanfo de yɛ ɔbea ho ade wɔ awaregye mu ne .....
nsa, nkyene
nsa, nsu
aduan, nsa
sika, nsa.
6.
Ɔbarima bi tumi gyae ne yere a, na ogu no hyirew.
ne nuanom dɔɔso
wakyere wia
ɔtɔn atuduru
ɔwɔ sika dodow
7.
Ɔbea bi gyae ne kunu a, ɔbea no .....
adamfo brɛbo
ase barima
akumaa
nana
8.
Akanfo a wodi wɔfa ade no yi odiadefo no fi ...... abusua mu.
agya
ɛna
amannifo
nnamfonom
9.
Nneɛma a owufo bi de gya wɔ ne wu akyi no wɔfrɛ no .......
nneɛma nneɛma
awunnyade
akrade
awisiaade
10.
Abusuafo reyi odiadefo a, wɔhwɛ onipa a ......
ɔso na ɔwɔ sika
ne ho yɛ fɛ
owufo no pɛ n'asɛm
ɔwɔ suban pa
11.
Okuafo ma yɛn mfude, ɛnna ɔtomfo nso ma yɛn ......
atosode ne atomude
asɔ ne sɔsɔ
mpɛtia ne kɔnmuade
nkrante ne atomude
12.
Nneɛma a sikadwumfo ma yɛn no bi ne .....
atosode
atomuade
asɔ
mpɛtea
13.
Okuafo yɛ adwuma wɔ afum, ɛnna ɔtomfo yɛ n'adwuma wɔ ......
gua so
nnanso
atonnan mu
gyedua ase.
14.
Ɔbɔmmɔfo ma yɛn ...... fi n'ahayɔ mu.
ɛtu
hanam
apiretwaa
atosode
15.
Akanfo akyiwade biako ne sɛ .......
yehyia obi anɔpa a, yɛnkyia no
yɛmpra dan mu anadwo
yehyia ɔhɔho a, yɛmmisa ne din
yɛntɔn nkesua mma aberewa.
16.
Akanfo akyiwade bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ akwadaa .......
tɔ aduan wɔ gua mu
ma ne nua akye
dɔ mako ase
bɔ hwerɛma anadwo.
17.
Akuafo ka ntam bere a obi ......
ne obi redi nkɔmmɔ
retu kwan
de asɛm ato obi so
reto ne ba din
18.
Edin foforo a Akanfo de ma nnawɔtwe asia ne ......
adaduason
adaduasia
adaduanan
adaduawɔtwe
19.
Afe biara Akanfo di Akwasidae ...... ansa na afe aso.
mprenkron
mprenum
mpredu
mprensa
20.
Abosom ...... na ɛyɛ afe biako.
du-abien
ason
dubiako
du.
21.
Hyehyɛ bosom yi nnidiso nnidiso
Ɔpɛpɔn, Ɔbɛnem, Obubuo
Ɔbɛnem, Kitawonsa, Ahinime
Kitawonsa, Ɔsannaa, Ayɛwohomumɔ
Ɔpɛpɔn, Ɔgyefuo, Ɔbɛnem
22.
Bosom a ɛtɔ so ason wɔ afe mu no ne ......
Kitawonsa
Ɔsannaa
ogyefo
Ɔbɛnem
23.
Akyemfo afahyɛ kɛse pa ara ne .....
Adaekɛse
Aboakyere
Ohum
Akwammɔ
24.
Asantefo afahyɛ titiriw ne ......
Adaekɛse
Akwammɔ
Odwira
25.
Odwira yɛ ...... afahyɛ.
Nsemaafo
Akuapemfo
Akyemfo
Bonofo
26.
Nwaw ne akyekyere mfonini wɔ akyeampoma bi so a, ɛkyerɛ sɛ, ɔhene koro no pɛ ......
patapaasɛm
akonkonsɛm
asomdwoe
asisie
27.
Nsɛnkyerɛnne a yɛyɛ de kamfo obi a ɔresa ne sɛ .......
yɛtene kokuroboti kyerɛ ne so
yɛde yɛn nan biako twitwi fam
yɛde yɛn nsa sesane fam
yɛpagya yɛn nsateaa mmienu kyerɛ ne so.
28.
Akyeampoma a ɛkoo mfonini si so no yɛ ...... abusua
Aduana
Ɛkoɔna
Ako
Agona
29.
Aduana abusua no nsɛnkyerɛnne ne ......
ɔkraman
ɛkoɔ
ako
akorɔma
30.
Tetehɔ no sɛ obi kɔgye asase bi pɛ sɛ ɔyɛ afuw wɔ so a, odi kan ......
si dan wɔ so
tutu fam hɔ
pae dua mu de ahaban hyɛ mu si hɔ
duadua akekaduro wɔ so
31.
Toa ɛbɛ yi so: Abofra bɔ nwaw na ......
ɔmmɔ akyekyere
ɔnkum ɔsono
ɔnkyere kotokurodu
ɔnsoa kokote
32.
Mpanyimfo se: Ɔpanyin guare wie ma Onyankopɔn ne ......
guaresɛn abɔ
asɛm asa
nsu asa
ne yere ho atɔ no
33.
Woannya biribi amma w'ase a,.....
wonkra no sɛ wobɛkɔ akɔsra no
wo ne no ntɔ ade
wo ne no mmɔ nkɔmmɔ
33. wommɔ no korɔn
34.
Akanfo anansesɛm mu din a yɛde ma Onyankopɔn ne .......
Ananse Kokuroko
Nyankonsɛm
Ananse Akuamoa
Ananse Ntiamoa
35.
Anansesɛm mu din foforo a wɔde ma ananse ne .....
Ananse Odaaku
Ananse Ntontan
Ananse Akuamoa
Ananse Kokuroko
36.
Ananse ba panyin a ɔwɔ anansesɛm mu no din de ......
Ntipanyin
Ntikuma
Tikenenkenen
Afurudohwedohwe
37.
Ɔrebɔ ne dade so "kyan kyan kyan" yɛ dwom a ɛfa ...... ho.
kentenwenefo
ayan
ahayɔ
atono
38.
Kuro, kuro, kuro, hii, hii, hii, nso yɛ dwom a ɛfa ...... ho.
duadwumfo
nkoguasenfo
kentenwenefo
kentenwenefo
39.
Mmofra redi aboosie agoru a, wɔto saa dwom yi.
Sansan korɔma, wo ni awu o
Adoko, fa me kɔ
Kurohinko, kurohinko na ɛyɛ me dɛ o!
Hwɛ nea ɔtomfo bi reyɛ
40.
Agoru antoakyiri mu no mmofra dwom a wɔto ne .....
Adonko fa me kɔ o, fa dɛ
Obi ba o, yee yei! Ɔbɛwu o, yee yei!
Kurohiko, kurohinko na ɛyɛ me dɛ o!
Sansan doboro do: ɔdɔ bono sam.
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Abeawa ne abarimaa, wɔn mu hena na ɔyɛ adwuma pii wɔ fie?
(b)
Kyerɛw wo sukuu ho asɛm.
(c)
Da bi mekɔɔ Ayaresabea nsrahwɛ.
(d)
Adwuma a mepɛ sɛ meyɛ no daakye.
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
Afe bi na ɔpesii Apɔnkyerɛne ne Nnomaa kurom. Nsubura ne nsubɔnten a ɛbɛn wɔn atenae ho nyinaa weweew. Nhaban ne mmoa nketenkete a apɔnkyerɛne taa di no nyinaa wuwui.
Aduan ne nsu ho yɛɛ na maa Apɔnkyerɛne ne ne nnamfonom. Ɛno nti ɛkɔm dee Apɔnkyerɛne yiye. Nnomaa no de, na ɔkɔm ntaa nne wɔn tesɛ Apɔnkyerɛne. Na wotumi tu kodidi wɔ asase no fa baabi. Na anka wɔɔpɛ sɛ wɔne Apɔnkyerɛne bɛkɔ baabi a aduan wɔ no.
Da koro bi nnomaa no kaa sɛ: "Apɔnkyerɛne, yɛne wo bɛkɔ saa asaase no so, Wubenya aduan adi, wubenya nsu anom wɔ hɔ".
"Meyɛ dɛn na me ne mo akɔ? Minni ntakra a mede bɛtu".
(a)
Ɛdɛn na esii afe bi mu?
(b)
Adɛn nti na ɛkɔm dee apɔnkyerɛne?
(c)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase "Ɔpesii"
(d)
Adwene bɛn na Nnomaa no nyaa no apɔnkyerɛne ho?
(e)
To saa ayɛsɛm yi din.
Kenkan anwonsem a edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa a ɛwɔ aseɛ no nyinaa.
Wanya ate praka. nantwi anya abɔ dam nnɛ Nantwi kɛse ate praka obi nkye no mma me ɛ!
Wanya abɔ dam 'nnɛ Ɔpɔnkɔ anya abɔ dam nnɛ Ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ abɔ dam nnɛ Obi nka no mma me ɛ!
Wanya amɔ danta Akora anya amɔ danta Agya Akora amɔ danta Obi mpata no mma me ɛ!
Wanya abɔ ko 'nnɛ Abofra anya abɔ ko 'nnɛ Abofra ketewa abɔ ko 'nnɛ Obi nhwehwɛ no mma me ɛ!
(a)
Bobɔ mmoa a anwensɛm yi ka wɔn ho asɛm din.
(b)
Ɛdɛn na Agya Akora de moe?
(c)
Bobɔ nnwema abien a ɛma mmofra bɔ ko.
(d)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase: ate praka.
(e)
Ɛdɛn ho asɛm na anwensɛm yi ka?
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Hwehwɛ asɛmfua anaa nsɛmfua bi a ɛne nsɛm a wɔasensane ase no asekyerɛ yɛ pɛ wɔ kasamu yi bi ara mu.
(a)
Kwame Poku hwee Ama Yɛboa.
(b)
Abeawa no ware sene abarimaa no.
(c)
Akorɔmfo kɔɔ ɔdefo no fi.
(d)
yɛhuu nnipa bebree wɔ guam.
(e)
Ofie kakraka bi si hɔ.
Fa nsɛmfua a ɛfata hyɛ faako a wɔagyaw hɔ no.
(f)
Mepɛ fufuu ...... mempɛ ɛmo.
(g)
Ɔbea no pɛ ...... ɔtɔ kaa.
(h)
Oyi ne tikya ...... ɔkyerɛ me nkonta.
(i)
...... de me, enti merekɔtɔ biribi adi.
(j)
Yɛwɔ afahyɛ ...... wɔ Ghana.
(k)
Mmofra no ...... asu no kɔɔ n'agya.
(l)
Adu ...... n'akatua wɔ sikakorabea.
(m)
Mmofra no ...... bɔɔlo nnɛra.
(n)
Mekɔɔ hɔ no ...... manhu no.
(o)
Akokɔ no ...... ne nkosua so.
(p)
Adupre no ...... fi Abigyan baa Nkran.
(q)
Amma ...... dɔn nnaano Kwasida.
(r)
Kapentani no de hama bɔɔ ...... no so.
(s)
Mitumi buu nkonta no nyinaa ...... medii nkonim.
(t)
Me dodow kabea yɛ ...... .