Share
BECE ghanaian language (akuapem twi) June 2005

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.

1.

Afahyɛ bɛn na Akyemfo di?

A.

Adae kɛse

B.

Ohum

C.

Akwammɔ

D.

Aboakyere

2.

Ɛhefo afahyɛ ne Aboakyere?

A.

Anomabofo

B.

Kyebifo

C.

Edinafo

D.

Simpafo

3.

Akanfo man mu no sɛ obi di owufu bi ade a na ne dɛn ne owufu no?

A.

Adamfo

B.

Ɔba

C.

Obusuani

D.

Agya

4.

Dɛn nti na ɔhene nyi ne nan a ase mpaboa?

A.

Akɛsesɛm

B.

Akyiwade

C.

Aporɔporɔ

D.

Ehu

5.

Dɛn na obi tumi yɛ de kyerɛ sɛ ɔredi nokware wɔ asɛm bi mu?

A.

Ɔka mpanyinsɛm

B.

Ɔka ntam

C.

Ɔkasa ntɛmntɛm

D.

Ɔkeka nsɛm pii.

6.

Bere bɛn na obi tumi nya ntam ho amane?

A.

Waserew ntam

B.

Wasɛe ntam

C.

Wato ntam

D.

Watwee ntam

7.

Dɛn na ɛfata sɛ wohwɛ obi ho de ware no?

A.

Ahoɔfɛ

B.

Nhomanim

C.

Sika

D.

Suban

8.

Edin bɛn na yɛde ma obi a osi owufo anan mu hwɛ n'agyapade so?

A.

Abusuapanyin

B.

Ananmusini

C.

Odiadefo

D.

Ohwɛsofo

9.

Obi hwɛ ɔman sika so a, na ɔyɛ hena?

A.

Sanaahene

B.

Sikahene

C.

Sikakorafo

D.

Soodofo

10.

Nnipa yi mu hena na ɔka mpanyimfo ho paw ɔhene?

A.

Aberewatia

B.

Nananom

C.

Nana aberewa

D.

Ɔhemmea

11.

Ɔhene bɛn na ɔhwɛ nhenkwaa a wɔwɔ ahemfi so?

A.

Akrahene

B.

Dabɛhene

C.

Gyaasehene

D.

Aguarehene

12.

Din bɛn na yɛde frɛ obi a okumkum mmoa akɛse wɔ nwuram?

A.

Nankwaseni

B.

Ɔbɔfo

C.

Ɔhamuni

D.

Ɔfirisumfo

13.

Obi de Anane a, na efi dɛn so?

A.

Awommawu

B.

Awo mu nnidiso

C.

Awo ntoatoaso

D.

nnipa dodow

14.

Egyina dɛn so na wɔfrɛ obi a ɔde Nyakoa sɛ Aboronoma?

A.

Abadinto

B.

Ahoɔfɛ

C.

Mmran

D.

Mpanyin

15.

Sɛ abofra bi awo ne n'agya wuo hyia a, yetumi frɛ abofra no dɛn?

A.

Abayie

B.

Anto

C.

Bekoe

D.

Owu

16.

Obi de Atuakɔsan a na odi hena akyi wɔ awo mu?

A.

Tawia

B.

Mensa

C.

Ntaafo

D.

Nyankomago

17.

Edin bɛn na ne mmran ne Opia?

A.

Maanu

B.

Mensa

C.

Minta

D.

Mireku

18.

Edin bɛn na wɔde frɛ ɔbea a odi mmarimaa baanu akyi wɔ awo mu?

A.

Kontɔ

B.

Korama

C.

Korantema

D.

Mensa

19.

Obi wu wɔ ahemfi a amanne bɛn na wɔyɛ de tew ofie ho?

A.

Wodwira hɔ

B.

Wɔhohoro hɔ

C.

Wɔka hɔ

D.

Wɔprapra hɔ

20.

Afahyɛ bɛn na Asantefo taa di?

A.

Aboakyere

B.

Ahobaa

C.

Akwasidae

D.

Ohum

21.

Abofra a n'agya awu agya no yɛ dɛn?

A.

Ayisia

B.

Ankonam

C.

Agyanka

D.

Owerɛhowfo

22.

Akuapemfo afahyɛ titiriw ne nea ɛwɔ he?

A.

Ohumkan

B.

Aboakyere

C.

Apoo

D.

Odwira

23.

Obi yɛ wo papa nuabea a, na ɔyɛ wo dɛn?

A.

Wɔfaase

B.

Nana

C.

Ɛna

D.

Sewaa

24.

Hena ne ɔbarima bi akonta?

A.

Onuabarima yere

B.

Onuabea akumaa

C.

nuabea asew

D.

24. Onuabea kunu

25.

Amanne bɛn na wɔyɛ de pagyaw abeawa bi kɔ ne mpanyin mu?

A.

Wɔde no tena mpanyin fi

B.

Wogoru no bra.

C.

Wɔkyerɛ no mpanyinsɛm

D.

Wɔde no ma aware

26.

Amanne a wɔyɛ ma abeawa a wogoru no bra no bi ne dɛn?

A.

Anoka

B.

Asoba

C.

Hyirewguw

D.

Nnwonto

27.

Asɛm bɛn na wɔka de kyia ɔkwantuni a wabedu fie?

A.

Akwaaba

B.

Ɔkwan so brɛbrɛ

C.

Woaba a tena ase

D.

Yeahyiahyia

28.

Nkyia bɛn na wode kyia ɔbea a wawo foforo?

A.

Mo ne ha

B.

Woaba a tena ase

C.

Wo nkwa so

D.

Wotiri nkwa

29.

Hena na okyia wo a wobegye no Yaa anua?

A.

Ɔhɔhoɔ

B.

Okrakyeni

C.

Ɔmanifo

D.

Tipen

30.

Woma obi hyɛ den a na ɛkyerɛ dɛn?

A.

Ɔwɔ ayi mu

B.

Yare abɔ no

C.

Wabubu

D.

Wayɛ mmerɛw.

31.

Obi bɛsra wo anwummere na ɔresan akɔ a, wobɛka dɛn?

A.

Due ne awia

B.

Due ne awɔw

C.

Due ne nwini

D.

Due ne nantew.

32.

Akwasidae dodow ahe na ɛwɔ afe biako mu?

A.

Awotwe

B.

Akron

C.

Dumien

D.

Dunkron

33.

Nnafua dodow ahe na ɛwɔ Ɔpɛpɔn ne Ɔbenem mu?

A.

Aduasa biako

B.

Aduosia biako

C.

Aduasa awotwe

D.

Aduonu awotwe

34.

Ɔbosome a ɛtɔ so abiɛsa wɔ afe mu no de dɛn?

A.

Ɔbenem

B.

Ɔpɛnimaa

C.

Ɔpɛpɔn

D.

Ɔsanaa

35.

Ɛbɛ abofra bɔ nwaw na ɔmmɔ akyekyere kyerɛ dɛn?

A.

Akyekyere bo yɛ den

B.

Ɛnsɛ sɛ abofra sɛe nwaw ne akyekyere

C.

. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ ade a obetumi

D.

nwaw bo nyɛ den

36.

Dwuma bɛn na mmɛ tumi di wɔ kasa mu?

A.

Ɛda kasa adi

B.

Ɛkyerɛ kasa pa

C.

Ɛma ɔkasa tenten

D.

Ɛma kasa yɛ dɛ.

37.

Obi ka sɛ Dua batabo yɛ twana a na ɔreyɛ dɛn?

A.

Ɔrebu bɛ

B.

Ɔreka aborɔme

C.

Ɔreka mpanyin kasa

D.

Ɛma ɔkasa yɛ dɛ

38.

Kwame mmran ne sɛ?

A.

Atoapoma

B.

Babone

C.

Bodua

D.

Okoto

39.

Abodin bɛn na yetumi de bɔ ɔhene a ɔyɛ nokwafo?

A.

Daasebrɛ

B.

Kasapreko

C.

Osagyefo

D.

Oseadɛyɔ

40.

Sɛ worebɔ ɔhene bi nsammran a na woyɛ dɛn?

A.

Wohia no

B.

Wohoran no

C.

Wogye n'ani

D.

Wokorokoro no.

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Kyerɛw aduan a wopɛ ne sɛnea wɔnoa no fa.

(b)

Kyerɛw krataa kɔma w'adamfo sɛ ɔmmɛdi Buronya akwamma wɔ wo nkyɛn.

(c)

Wokɔɔ anigyebea bi. Ka nea wokɔyɛe ne nea wuhuu wɔ hɔ nyinaa.

(d)

Nea meyɛe Memeneda a etwaam no.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(10 Marks)

Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

2.

Tete no, na Adanko ne Dabodabo yɛ nnamfo pa ara. Na wɔyɛ biribiara bɔ mu, na wɔde wɔn sika nyinaa bɔ mu. Adanko na na ɔhwɛ wɔn sika no so.

Da koro bi, Dabodabo kɔɔ Adanko hɔ. Ɔkae sɛ, "Me yɔnko Adanko, merebɛgye sika no bi ɛfiri sɛ merekɔware". Adanko ka kyerɛɛ Dabodabo sɛ, ɔde sika no nyinaa ayɛ n'ade ma asa. Asɛm a Adanko kae yi maa Dabodabo ho dwiriw no yiye. Adanko san ka kaa ho sɛ, ɔnnim na ɔbɔ sika no so bio a, ɔbɛhwe no hwetɔre. Dabodabo anka hwee na ɔkɔɔ so ne Adanko yɛɛ Ayɔnkofo

Da bi, Dabodabo ka kyerɛɛ Adanko sɛ, wahu sika kɔkɔɔ bi sɛ ɛhyɛ dua bi ase wɔ nsunoa nohɔa. Wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔfa na ama wɔayɛ asikafo. Esiane sɛ na Adanko nnim asuaguare nti, Dabodabo de no tenaa n'akyi hyɛɛ ase sɛ wɔretwa asu no. Woduu ebun mu no, Dabodabo ka kyerɛɛ Adanko sɛ ɔyɛ odifudepɛfo a ɔnka nokware. Ɔde kaa ho sɛ, sɛ Adanko anhyɛ no bɔ sɛ ɔde sika no mu fa bɛma no a, obeyi no ato asu no mu. Adanko sui, na ɔsan paa Dabodabo kyɛw. Ɔhyɛɛ Dabodabo bɔ bio sɛ sɛ ɔsan de no kɔ a, ɔde ne sika nyinaa bɛma no. Dabodabo penee so. Wɔsan duu fie pɛ, Adanko dii ne bɔhyɛ so.

(a)

Dɛn na na Dabodabo regye sika no akɔyɛ?

(b)

Adɛn nti na Dabodabo de Adanko tenaa n'akyi sɛ ɔde no retwa asu no?

(c)

Adɛn nti na wɔde Adanko yɛɛ Ofotosanfo?

(d)

Kyerɛ saa kasakoa yi ase: dii ne bɔhyɛ so.

(e)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to akenkansɛm yi din.

Show Solution

Kenkan anwonsem a edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa a ɛwɔ aseɛ no nyinaa.

3.

Ɛbɛto da na akokoa anyin! Ama ɔbra ne no adi no yiye, Enti, onipa nua, kae da bi.

Ɛbɛto da na oguan adan. Ama nkwan ayɛ dɛ, ama Tano asaw bi, Enti, onipa nua, kae da bi.

Ɛbɛto da ewim abae, Ama dufɔkye ayɛ gya, Enti, Onipa nua, kae dabi.

Ɛbɛto da na onnibie anya nua, Ama ankonam anya akwannua, Enti, onipa nua, kae da bi.

Ɛbɛto da na kwaterekwa anya ntama, Ama yɛrepɛ ne din atie, Enti, onipa nua, kae da bi.

Ɛbɛto da na onipa anya ne baabi kɔ, Ama ɔkasafo adan mum, Enti, onipa nua, susuw biribi.

(a)

Asɛm bɛn na ɔkyerɛwfo no ka fa akokoaa no ho?

(b)

Bere bɛn na dufɔkye dan gya?

(c)

Adɛn nti na ɔkyerɛwfo no ka sɛ, Onipa nua, kae da bi?

(d)

Kyerɛ saa kasakoa yi ase: oguan adan

(e)

To anwensɛm yi din.

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

(20 Marks)

Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.

4.

Kyerɛw asɛm kuw a nsɛm a wɔasensan ase no mu biara fra mu.

(a)

Oguadini no ba ha dabiara.

(b)

Mereba fie no, manhu no.

(c)

Abarimaa no abu akongua no.

(d)

Ne ho yɛ fɛ yiye.

(e)

Ɔbea yi wɔ akokoduru.

Fa nsɛmfua a edidi so yi mu biara hyɛ faako a wɔagyaw no: sɛ, tumi, ɔyamyefo, me, adɛn.

(f)

Ɔkyerɛkyerɛfo no yɛ ......

(g)

Wankyia ...... bere a yehyiae no.

(h)

Ɛyɛ nokware ...... osu tɔe.

(i)

...... nti na wannoa aduan no?

(j)

Wo ...... ka lɔre?

Fa nsɛmfua a wɔasensan ase yi mu biara kɔ twam kabea mu.

(k)

Aberante no ba ha.

(l)

Ɔkorɔmfo no huruw ɔfasu no.

(m)

Ɔmmue ɔpon no.

(n)

Kofi kɔ adwuma.

(o)

Adwoa di aduan no nyinaa.

Kyerɛw nsɛmfua a wɔasensan ase no mu biara abirabɔ.

(p)

Ɔbea no boroo ne babarima a owiaa nam no.

(q)

Mpanyimfo bu ade.

(r)

Oforiwa sika yerae no, ɔserewee.

(s)

Osigyani no wɔ asaase kakraa.

(t)

Ɔhene no frɛɛ ahɔho no mu panyin no.

Show Solution

SponsoredAdvertise