
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Ansa na wobɛto abofra bi abusuadin no na ɔwɔ ......
apentedin
abodin
ahendin
kradin
2.
Din bɛn na Akanfo de ma Tawia akyi ba?
Ata Kumaa
Atuakosan
Nyankomago
Piesie
3.
Amammɛre kwan so no, ɛdɛn na wode soso abofra anom wɔ abadinto mu?
Nsu ne nsa
Sika ne nsu
Nsa ne ahwene
Nkyene ne mmorosa
4.
Akanfo gyidi biako ne sɛ anadwo ......
wɔmmɔ nkɔmmɔ
wɔmpra dan mu
wɔnnom nsuo
wɔnguare nsuohyɛw
5.
Ɔhene tumi de ...... suae kyerɛ ne manfo.
awerɛhow
ntam
agyinatu
agyaadwo
6.
Ɛyɛ Akanfo akyiwade sɛ obi redidi a, ......
ɔbɛwe nam no nyinaa
ɔfrɛ ne yɔnko ma ɔbɛdi bi
ɔde ne nsa biako bɛsi fam
ɔbɛtafro ne nsa.
7.
Mpempenaa nnyeso ne ......
kose o o
san bra o o
nana a a
ɛnyɛ dɛ o
8.
Sisi mo, ɔtabono mo yɛ ...... dwom.
akuafo
adansifo
ɔtomfo
afarefo
9.
Ansa na aware biara bɛdi mu no, gye sɛ ɔbarima no tu obea no ......
awofo fo
nuanom agyina
ti nsa
nnamfo nyinaa fo
10.
Hena na ɔtua akontagyesɛkan wɔ Akanfo awaregye mu?
ɔbarima no
obea no
obea no nkumaafo
ɔbarima no nsenom
11.
Akanfo regu aware a, ade a edi kan ne ......
nkurobɔ
atemmu
hyirewgu
ti-ade
12.
Saa nsɛm yi ntumi mfa awaregyae mma
Ɔbarima a ɔhwɛ ne yere
Ɔbarima a ɔtaa ka ne yere
Ɔbarima a ne nsa ware
Ɔbarima a ɔdɔw Benada.
13.
Nea obi yɛ de bɔ n'agyapade ho ban wɔ ne wu akyi ne ......
nsamankyiri
nsamanfrɛ
nsamantoa
nsamansew
14.
Hena na ɔhwɛ abusua biara agyapade so?
Ɔhemmea
Kurontihene
Gyaasehene
Abusuapanyin
15.
Amammɛre kwan so no, okanni barima wu a, hena na ɔdi n'ade?
Nuabarima
Nuabea
Ba barima
Wɔfaase
16.
Okuapemman afahyɛ titiriw ne ......
Akwammo
Adae
Odwira
Ohum
17.
Hena na ɔyan atumpan wɔ afahyɛ ase?
Ɔkyerɛma
Obrafo
Ɛsen
Okunini
18.
Aboa a Kumawufo de di Papa afahyɛ ne ......
Osono
Nantwi
Onwansan
Ɔpɔnko
19.
Osram a edi kan wɔ afe biara mu ne ......
Ɔpɛnimma
Ogyefuo
Ɔbenem
Ɔpɛpɔn
20.
Hyehye osram yi nnidiso nnidiso
Oforisuo, Kitawonsa
Ɛbɔ, Kotonimma
Ɔpɛpɔn, Oforisuo
Ogyefuo, Ɔbenem
21.
Nna dodow ahe na ɛwɔ Oforisuo mu?
Aduonu akron
Aduonu awotwe
Aduasa
Aduasa-biako
22.
Memeneda Dapaa na edi ...... anim.
Awukudae
Fodwo
Akwasidae
Monomene
23.
Edu Akwasidae a, ......
wɔmmɔ akyene
wɔnyɛ ayi
wɔnkɔ ahemfi
wɔnnom nsa
24.
Akuafo yɛ wɔn adwuma wɔ wuram. Afarefo nso yɛ adwuma wɔ ......
nsu mu
kwae mu
nnua so
nnan so
25.
Ade titiriw bɛn na yɛnya fi ɔbɔmmɔfo ho?
Bayere
Hanam
Otuo
Ɔsɔsɔw
26.
Bonwire yɛ kuro a agye din wɔ ...... mu.
nkyenetu
kentenwene
kentenwene
nkukunwene
27.
Onipa a ɔbɔ nsɔw ne asekan ma akuafo de ......
ɔtomfo
ɔbɔfo
ɔkɔmfo
adumfo
28.
Kentenwonofo yɛ adwuma wɔ ......
nnan so
asadua so
asa so
atonnan mu.
29.
Mmea nkutoo na wɔdi saa agoru yi.
Ampe
Antoakyiri
Anansesem
Mpempenaa
30.
Kontromfi se ......
Me suman ne m'ani
M'ahooden wɔ nnua so
Ɔbɔmmɔfo annya me
Wuhu ɔpurow a, suro no.
31.
Aberewa bɛkɔ nsu na ne ......
nana hwɛ no
ntem
soɛ mu
wu aben
32.
Ɔtɔrofo na ɔse ......
ne maame kɔ afum
ne papa mpɛ n'asɛm
ne danseni wɔ Aburokyiri
obiara gye no di
33.
Anansesɛm mu, wɔfrɛ Ananse ba panyin ......
Aso
Ntikuma
Tikenenkenen
Nankoronhwea
34.
"Abra, abra o" yɛ nsɛm bi a wode ......
wie anansesɛm
toa anansesɛm so
twa anansesɛmtow to
firi anansesɛm ase.
35.
Paw nea ɛnyɛ nokware wɔ mmogu ho.
Ɛma atiefo ani gye
Ɛma atiefo no yɛ basaa
Ɛkanyan atiefo
Ɛma ɔtofo no gye n'ahome.
36.
Biretu abusua akraboa ne ......
Akoroma
Akoo
Ɔkraman
Ɔsebo
37.
Mmoa abien bɛn na wɔtaa gyina hɔ ma asomdwoe?
Pɛtɛ ne ansee
Ɔpurow ne amoakua
Akyekyere ne nwaw
Ɔkɔtɔ ne funtumkokonini
38.
Nsenkyerɛnne a obi a ɔrebɛdɔw afuw foforo yɛ wɔ asase no so ne sɛ ......
osum otimpen
osi nkete
osum ohwim
otwa asafe
39.
Nsateaa a Akanfo taa de petea hyɛ so ne ......
Kokurobeti
Nsateahene
Aheneakyi
Akokobato
40.
Wuhu obi a ɔhye odosa a, na ɔyɛ ......
ɔkɔmfo
akuafo
ɔbɔmmɔfo
ɔkoromfo
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Ka tikyani a wopɛ n'asɛm pa ara wɔ wo sukuu mu ho asɛm.
(b)
Adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ okuafo sen sɛ wobɛyɛ dɔketa?
(c)
Kyerɛw nhoma kɔma wo papa. Kyerɛ nea nti a ɔmfa wo nkɔ sukuu a woda ho.
(d)
Nneyɛe bɔne bi taa kɔ so wɔ bere a woreyɛ sɔhwɛ. Kyerɛ ɔkwan a wubetumi afa so asiw ano.
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
Ɔkɔm kɛse bi sii wɔ Anansekurom. Anka saa ɔkɔm yi reyɛ akum Ananse ne n'abusuafo nyinaa. Ananse ba Ntikuma de adwene bi bae.
Ananse abusuafo yi dɔw afuw kɛse bi. Woduaa nnuan ahorow bebree wɔ afuw yi mu. Wɔn ti yɛɛ yiye. Osu tɔ maa wɔn nnobae no yɛɛ yiye. Anansekuromfo bebree ani beree afuw yi.
Ananse faa adwene sɛ ne nkutoo bɛdi afuw no mu aduan no nyinaa. Da koro bi, Ananse hyɛɛ da sɛ ɔyare. Ansa na Ananse rebegyae mu no, ɔka kyerɛɛ n'abusuafo sɛ, sɛ owu a, wɔnsie no wɔ afuw no mu. Ɔkae bio sɛ eyi bɛma no aliwɛ afuw no so ama wɔn. Afei ɛsɛ sɛ wɔde nkuku a wɔnoa mu ka ho sie no.
Ankyɛ na Ananse wui. Abusuafo siee no senea ɔkae no pɛpɛɛpɛ. Adaduanan akyi no, Ntikuma kɔhwɛɛ afuw no. Anwonwasɛm, obi atu afuw no mu aduan nyinaa. Wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛkyere ɔkoromfo no.
(a)
Adɛn nti na Ananse ne n'abusuafo dɔw afuw?
(b)
Ɛyɛɛ dɛn na nnobae no yɛɛ yiye?
Kenkan anwonsem a edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa a ɛwɔ aseɛ no nyinaa.
Onuabea, hwɛ senea awie wo. Wo ntamasin na atetew aka wo kɔn mu yi. Ababaa ɔsɔono ne, wo a anka wokyin hwehwɛ wo, Ɛnnɛ, dompe, wo na worehwehwɛ no, Ɛnyɛ hwee sɛ seantie.
Kae na hu sɛ, ɔde yɛnni nka so. Seanti, ɛne onwam atiko pɔ. Ansobere awo yi nso e? Bere a na wo mpokua sisi so no, Na wuse wo ne Agyeman Woabɔ kahyiri kakraa afa wiase asoa.
Ɛnnɛ, hwɛ w'awiei. Aperewa, woakɔ nea mpanyin kɔ, Ama woahu nea mpanyin hu. Hwɛ w'awiei a wode te hɔ.
(a)
Asɛm bɛn na ato abeawa no?
(b)
Dɛn na abeawa no de asoa wiase?
(c)
Nneyɛe abien bɛn na abeawa no ayɛ a ama awie no saa?
(d)
"Woakɔ nea mpanyin kɔ" ase ne dɛn?
(e)
To anwɛnsɛm yi din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Kyerɛw edin nkyerɛkyerɛmu asemfua a ɛwɔ okasamu a edidi so yi mu biara mu
(a)
Kwasi soaa ogya duruduru baa fie.
(b)
Abofra nyansafo no reba
(c)
Nhoma tuntum no tɔɔ amoa no mu.
(d)
Lore foforo gyina hɔ.
(e)
Obea kɛse no resu.
Fa okasa agyiraehyɛde hyehye okasamu a edidi so yi mu biara mu ma no nwie pɛ yɛ
(f)
Oyi nam wɔ asubɔnten firao mu
(g)
Wohohoro wo nsa ansa na woadidi
(h)
Sɔre
(i)
Mihuu Abenaa wɔ kwan no so
(j)
Ɔtɔɔ nkesua atosode ne akutu wɔ gua no so
Kyerɛw nsɛmfua a edidi so yi mu biara a ɛfata hyɛ faako a wɔasan ho no
( yiye, twaa, guare, noa, nwene, pɛ, tew, fɔe, bɔɔ, tuu)
(k)
Kofi duu ɛdan no mu ho ara ...... na ɔdumm kanea no.
(l)
Koranten, ...... nsu no ansa na woanom.
(m)
Wopɛ sɛ wodi nkonim wɔ sɔhwɛ mu a, sua ade ......
(n)
Osu hwee Kwasi maa no ......
(o)
Kyerɛ Yaw senea wosi ...... kenten.
(p)
Osee yii ne mpaboa ...... asubɔnten no.
(q)
Afe yi de akuafo ...... wɔn bayerɛ ntem.
(r)
Ɔsɔfo no ...... asafo mma no bi asu.
(s)
Agyei de abaa ...... akutu no.
(t)
Opofoni no ...... twa asu no.