Share
BECE ghanaian language (akuapem twi) June 2007

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.

1.

Edin yi mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kradin?

A.

Nyakoaa

B.

Kwabena

C.

Agyei

D.

Fempon

2.

Wɔwo obi ......., wɔfrɛ no Kwame.

A.

Kwasida

B.

Benada

C.

Memenda

D.

Fida

3.

Abofra a ɔdi Nkroma akyi ne ......

A.

Badu

B.

Botwe

C.

Anane

D.

Nsia

4.

Akanfo akyiwade biako ne sɛ yedidi a ......

A.

yɛnwe nam

B.

yɛnnom nsu

C.

yɛnsi yɛn ti ase

D.

yɛnto dwom

5.

Sɛ yɛrekɔ baabi so a, ......; ɛyɛ akyiwade

A.

yɛnnantew ntem

B.

yɛnkyia obi

C.

yɛnfura ntama kaw

D.

yɛnom nsu

6.

Obi de ɔhene ntam di agoru a .......

A.

wɔbɔ no safohene

B.

wɔbɔ no asu

C.

wɔbɔ no kaw

D.

wɔbɔ no akonkon

7.

Obarima ware a, ne yere no awofo gye ......

A.

ti-nsa

B.

hyirewgu

C.

akontagyesekan

D.

mfuakoko

8.

Obea ware a, ne kunu nuabeanom yɛ ne .......

A.

nkontanom

B.

nkumaafo

C.

nsewnom

D.

koranom

9.

Nea edidi so yi mu biako nka asɛm a wogyina so gyae aware wɔ Akanman mu ho.

A.

Obea a ɔmu ne kunu abusuafo

B.

Obea a wawo ntafo mprenu

C.

Obea a ɔyɛ obonini

D.

Obea a wakyere wia

10.

Amanne bɛn na wɔyɛ de wie awaregu?

A.

Nkurobo

B.

Ti-ade

C.

Ti-nsa

D.

Hyirewgu

11.

Sɛ obea bi wu na wode obi si n'anan a, wose wafa ......

A.

ne kunu

B.

ne tuo

C.

n'asow

D.

ne ntama

12.

Edin bɛn na wode ma nneɛma a owufo gya ne wu akyi no?

A.

Nkrato

B.

Agyapade

C.

Asaman ade

D.

Ayitam

13.

Obarima bi wu na odiadefo no ware ne yere a, wose wafa no ......

A.

kunayere

B.

kunadoso

C.

yɛyere

D.

ayete

14.

Akyem Abuakwafo afahyɛ titiriw ne.......

A.

Ohum

B.

Apoo

C.

Aboakyere

D.

Kundum

15.

Akanfo refahyɛ fa biara a, ......

A.

wopam asamanfo

B.

wonoa aburowduan

C.

wokum owansan

D.

wogu nsa

16.

Aduan titiriw bɛn na Akanfo de ma nsamanfo afahyɛ bere mu?

A.

Ampesi

B.

Akokosa

C.

Mpampa

D.

Ɔtɔ

17.

Nnafua ahe na ɛwɔ ɔsram Kitawonsa mu?

A.

Aduonu awotwe

B.

Aduasa

C.

Aduasa biako

D.

Aduasa abien

18.

Ɔsram ɛto so abiɛsa din de ......

A.

Ɔpɛpɔn

B.

Ahinime

C.

Ɔbenem

D.

Ɛbɔ

19.

Nnawotwe ahe na ɛwɔ adaduannan mu?

A.

Anum

B.

Asia

C.

Ason

D.

Awotwe

20.

Akanman mu no, Adae gu ahorow ahe?

A.

Abien

B.

Abiɛsa

C.

Anan

D.

Anum

21.

Da bɛn na edi Awukudae anim?

A.

Nkyewukuo

B.

Monokwasi

C.

Fodwo

D.

Dapaa

22.

Yɛnya nnobae kuw yi fi okuafo ho.

A.

Gyeene, nkyene, mako

B.

Mako, borɔde, ntorewa

C.

Nkuruma, aborɔbe, dawuro

D.

Bankye, adua, sɔsɔ

23.

Ɔbommofo de saa nneɛma yi na ɛyɛ adwuma

A.

Aboba, dawuru, nkrante

B.

Apiretwaa, aboba, otuo

C.

Otuo, nkrante, afa

D.

Apiretwaa, aboba, dawuru

24.

Yɛnya saa nneɛma yi nyinaa fi ɔtomfo ho.

A.

Sɔsɔ, aso, sika

B.

Sekan, otuo, bayere

C.

Sɔsɔ, otuo, ahina

D.

Aso, sɔsɔ, adawuraa

25.

Odwumayɛfo bɛn na ɔyɛ n'adwuma wɔ asadua so?

A.

Kentenwonofo

B.

Okuafo

C.

Ɔbommofo

D.

Kentenwonofo

26.

Wɔnto dwom wɔ agoru yi ase.

A.

Anansesem

B.

Mpempenaa

C.

Dame

D.

Antoakyiri

27.

Mmarima ne mmeawa nyinaa tumi di saa agoru yi

A.

Aso

B.

Ampe

C.

Mpempenaa

D.

Ntesie

28.

Hena na ɔto saa dwom yi? Kuro-kuro-hin, hin, Kurohinko ......

A.

Sikadwumfo

B.

Ɔbommofo

C.

Ɔtomfo

D.

Kentenwonofo

29.

Adwuma mu nnwom ma odwumayɛni no ......

A.

awerɛho

B.

brɛ dodo

C.

nkanyan

D.

ani ha ntem

30.

Ɔdehye anko a, ......

A.

wɔnnyɛ no hwee

B.

mpanyin bisa no

C.

akoa guan

D.

ɔhene guan

31.

Akyekyere pɛ ne mogya dodoo a, ......

A.

ɔkɔfem bi

B.

ɔkɔ saguase

C.

wode nsu fra mu

D.

ɔkɔ ɔkɔtɔ nkyɛn boseabɔ

32.

Abofra su mpanyin su a, ......

A.

ɔbɔ aberewa ntem

B.

ɔtua ayiaseka

C.

odi abakɔmasɛm

D.

ne nne si

33.

Abofra a woatwa no mpɛsempɛse yɛ ......

A.

ɔkɔmfo ba

B.

odehye ba

C.

aboatia ba

D.

ɔbosom ba

34.

Ɔhene a nnipa ti abiɛsa sisi n'akyeampoma so kyerɛ sɛ .......

A.

ne ho yɛ nwonwa

B.

ti koro nkɔ agyina

C.

ɔye adwuma ahorow abiɛsa

D.

wɔnim tu a, tu wo dwen

35.

Obi firi wuram na ode mmerɛnkɛsono abɔ ne ti a, ɛkyerɛ sɛ ......

A.

kɔɔ abe so

B.

asɛmmone bi ato no

C.

n'ani agye mmoroso

D.

preyi nsenkwaa.

36.

Akoroma yɛ Ayokofo akraboa a ogyina ho ma ......

A.

anotew

B.

anuonyam

C.

ahotew

D.

ahoshare

37.

Wobisa obi asɛm na ɔwɔsow ne ti a, ase ne sɛ .....

A.

daabi

B.

yiw

C.

yoo

D.

due

38.

Kane tete no na Akanfo taa to anansesem ......

A.

anopatutuutu

B.

awia ketekete

C.

anadwofa

D.

bɔmebɔseawia mu.

39.

Ananse yere a ɔwɔ anansesem mu ne .....

A.

Ntikuma

B.

Aso

C.

Tinkenenkenen

D.

Afurudohwedohwe

40.

Anansesem mu Adanko taa di dwuma sɛ......

A.

ɔnyansafo

B.

apoobofo

C.

osisifo

D.

ntokwapɔfo

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Kyerɛw ayesem bi a n'awiei ne se: See na eye adaeso.

(b)

Kyerɛw ogyahyehyew bi a esii wo wo mpotam ho asem.

(c)

Ka akwantu bi a wutui a w'ani gyei yiye ho asem.

(d)

Worebedi w'awoda. Kyerew nhoma koma w'adamfo bi se ommra apontow no ase bi.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(10 Marks)

Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

2.

Mmere bi na Akoko ne akoroma te faako. Na won asetena mu no, na wote se pfionam ne ntama ma εγεε nkurofo anibere. Na agyananbea nni won akuraa ho.

Da koro bi, Akoroma ka kyerse Akoko se omma wonkobo agyananbea. Akoko ampene saa nsusui no so koraa nti opatu yaree. Akoroma yɛɛ se ne nkutoo betu agyananbea no. Eno nti əkɔɔ Akoko ho se omfa ne nkrante ne n'asɔsow mma no na omfa nkobo agyananbea no.

Akoko ampene, ose ne nkrante ne n'asɔsow no nso yare. Akoroma gyaw ne ho koemaa okosii n'agyananbea no.

Da koro bi, Akoroma fi afum bae no, ohuu se obi ako agyananbea no so. Ode too akoko anim se ono Akoko ara na wako agyananbea no so. Akoko kaa ntam se enye ono a. Ade kyee no, akoroma boapa yɛɛ se preko afum nanso əkətɛw agyananbea no akyi.

Anni gyina na Akoko baa agyananbea no so begyaa ne nan phare so. Akoroma boo hoo soo Akoko kon mu se obekum no.

(a)

Aden nti na Akoroma de adwene bae se wommo agyananbea?

(b)

Aden nti na Akoko ampene saa nsusui no so?

(c)

Kyere saa kasakoa yi ase: Wote se phonam ne ntama.

(d)

Aden nti na akoroma pee se okum Akoko?

(e)

Fa nsemfua a emmoro ason to ayesem yi din.

Show Solution

Kenkan anwonsem a edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa a ɛwɔ aseɛ no nyinaa.

3.

Abofra a oda tannan mu. Na wasa abre, nyane Wow ne nan, su testeen Ka se: Afe de, mabre

Osukuuni a wako sukuu. Na wasua ade ama abow no nantew obre so ba fie, Ka se: Afei de, mabre.

Abeawa a ote obi nkyen Di ofie dwuma horow nyinaa, To n'ani hwe wim, Ka se: Afei de, mabre

Obea warefo a phyɛ mukaase Anoa nkunnuan anoa, anoa, Gu ahomekoko wo l3 Kas se: Afei de, mabre.

(a)

Aden nti na abofra no wow ne nan, su teateam?

(b)

Nneema abien ben na osukuuni ye a ama no bre?

(c)

Kyere adwuma abiesa a abeawa a ote obi nkyen ye.

(d)

Kyere kasakoa yi ase: abo no

(e)

To ayesem yi din.

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

(20 Marks)

Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.

4.

Dan adeye nsem a woasesan ase no mu biara ko daabi kabea mu

(a)

Mansa beko sukuu ɔkyena.

(b)

Yaw Adu baa Kumase nnera.

(c)

Kofi di fufuu da biara.

(d)

Oguan no huruw ban no.

(e)

Kwabena faa aduan no bi.

Kyerɛw kasamu a edidi so yi mu biara. San beae kyerɛfo asemfua a ewa emu biara no ase

(f)

Otenaa dua no ase.

(g)

Mihuu sukuuni bi wo dan no mu.

(h)

Mfa nhoma no nto opon no so.

(i)

Kwaku te ama akyi.

(j)

Abofra no tɔɔ amoa no mu.

Kyerɛw nsemfua a ene nea woasesan ase no bo abira

(k)

Abenaa too opon no mu.

(l)

Kwaku tow boolo no a, mehwe no.

(m)

Se woto dwom no a, abofra no beda.

(n)

Mensa papa ton nwoma.

(o)

Abofra no hwee asee no, oserewee.

Fa nkabomde hye baabi a woagyaw ho no

(p)

Boa me ...... na woako.

(q)

Obaa ha anɔpa yi ...... wanhu ne papa.

(r)

Waani nkonim wo sohwe no mu ...... wansua ade yiye.

(s)

Yere wo ho sua ade ...... woadi nkonim.

(t)

Kwame paa kyew ...... ne papa anhwe no.

Show Solution

SponsoredAdvertise