Share
BECE ghanaian language (akuapem twi) June 2008

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.

1.

Sɛ wo ne obi tu kwan na odi kan na wokoto no wɔ lore gyinabea a, wobɛkyia no dɛn?

A.

Adwuma o!

B.

Akwabaa o!

C.

Yeahyia o!

D.

Adikan o!

2.

Wukyia obi anɔpa a dɛn na wobɛka?

A.

Mema wo adwo

B.

Mema wo aha

C.

Mema wo akye

D.

Mema wo anɔpa

3.

Sɛ obi ba wo fi na woredidi a, asɛm bɛn na wobɛka ma wabɛdi bi?

A.

Aduan ni

B.

Bɛgye bi di

C.

Me nsa aka

D.

Bra bɛka hwɛ

4.

Bere bɛn na obi bɛkyia obi sɛ kita mu?

A.

Adidi bere mu

B.

Nhyiam bere

C.

Sɔhwɛ bere

D.

Ɔko bere

5.

Sɛ wowo abofra a, edi nna ahe ansa na woato ne din?

A.

Adaduanan

B.

Adaduonu

C.

Ɔbosome

D.

Nnawotwe

6.

Edin bɛn na wode ma abeawa a wɔwoo no Fida?

A.

Adwo

B.

Akua

C.

Afua

D.

Yaa

7.

Din bɛn na wode frɛ obarima a odi mmea baanu akyi wɔ awo mu?

A.

Konto

B.

Opiesie

C.

Mensa

D.

Kaakyiri

8.

Wɔfrɛ abofra a ɔtwa to wɔ ne maame mma mu no dɛn?

A.

Ababio

B.

Ataa

C.

Kaakyiri

D.

Nyakomango

9.

Sɛ Ɔkanni fura ntama fitaa a na ɛkyerɛ dɛn?

A.

Amiadi

B.

Aperepere

C.

Nkogu

D.

Nkonimdi

10.

Nea ɛwɔ he na ɛho hia wɔ abadinto mu pa ara?

A.

Nsu ne aduan

B.

Nsu ne nsa

C.

Nsu ne sika

D.

Nsu ne otuo

11.

Wobɛfrɛ wo maame nuabarima dɛn?

A.

Agya

B.

Asew

C.

Nana

D.

Wofa

12.

Asɛm sewaa gyina ho ma hena?

A.

Wo kunu maame nuabea

B.

Wo maame nuabea

C.

Wo papa nuabea

D.

Wo wofa nuabea

13.

Awarɛ gu a hena na ogu obea no hyirew?

A.

Asew

B.

Ɔhemmea

C.

Sewaa

D.

Akumaa

14.

Da bɛn na apopofo mfa nko po?

A.

Benada

B.

Wukuda

C.

Fida

D.

Yawda

15.

Amanne bɛn na ɔhene foforo yɛ ansa na ne manfo agye no ato mu?

A.

Ogu nsa

B.

Ɔsuae ka ntam

C.

Ɔtow tuo

D.

Ɔyɛ ahenyi

16.

Aduan a obi nni anaase nam a ɔnwe yɛ ne dɛn?

A.

N'akyiwade

B.

N'apɛde

C.

Ne mmusu

D.

Ne ntam

17.

Ataa anaa Ata we okisi a wɔyɛ no dɛn?

A.

Wɔboro no

B.

Wɔdwira no

C.

Wɔdidi no atɛm

D.

Wɔpam no

18.

Edin bɛn na yɛde ma nnipa a woawuwu dedaadaw no?

A.

Agyidifo

B.

Ateasefo

C.

Abɔfo

D.

Nsamanfo

19.

Edin bɛn na yɛde ma ayi a amu no da ho?

A.

Abofoyi

B.

Atofoyi

C.

Ahenyi

D.

Adoteyi

20.

Amanne bɛn na Akanfo yɛ de twe meawa ba mpanyin mu?

A.

Aheneahene

B.

Awarɛ

C.

Bragoru

D.

Nhyira

21.

Worebegoru abeawa bi bra a, hena na wodi kan kɔbɔ no amanneɛ?

A.

Abusuapanyin

B.

Nanabea

C.

Ɔhemmea

D.

Ɔhene

22.

Obarima bi de n'ano to abeawa bi so sɛ ɔbetetew no awarɛ no a wɔfrɛ saa awarɛ no dɛn?

A.

Asiwa

B.

Kuna

C.

Mpena

D.

Awowa

23.

Nsɛm a obi ka de kyekye n'agyapade ansa wawu yɛ dɛn?

A.

Adanse

B.

Agyinae

C.

Mmara

D.

Nsamansew

24.

Ɔhene retu kwan a ode ɔman no hyɛ hena nsa?

A.

Gyaasehene

B.

Kurontihene

C.

Kyidomhene

D.

Ɔhemmea

25.

Adɛn nti na yeredi asɛm a yehia adansefo?

A.

Ɛma amammere da adi

B.

Ɛma asɛm no yɛ dɛ

C.

Ɛma mpanyimfo pene so

D.

Ɛma nokorɛ da adi

26.

Woretu ɔhene ade so a, amanne bɛn na wɔyɛ?

A.

Wɔsi no akɔnkɔn

B.

Wɔgu no hyirew

C.

Wɔworow ne mpaboa

D.

Wɔma no bɛse

27.

Yɛfrɛ bere a yede ɔhene bi redi akongua foforo no dɛn?

A.

Ahenbɔ

B.

Ahensi

C.

Ahensɛm

D.

Ahentu

28.

Akuapemfo afahyɛ titiriw ne nea ɛwɔ he?

A.

Akwambo

B.

Fetu

C.

Odwira

D.

Papa

29.

Apoo yɛ dɛn?

A.

Afahyɛ

B.

Apontow

C.

Ntokwaw

D.

Tutuw

30.

Eyinom mu nea ɛwɔ he na ɛnye afahyɛ ho mfaso?

A.

Amammeresua

B.

Mpontu

C.

Nkabom

D.

Ntokwawko

31.

Dɛn na yenam afahyɛ so hu wɔ ɔman bi mu?

A.

Abakɔsɛm

B.

Sikadodow

C.

Nnipa dodow

D.

Ahonya

32.

Wɔfrɛ obi a ode nnade bɔ asɔw, otuo ne ɔsɔsɔw dɛn?

A.

Oguadifo

B.

Onwemfo

C.

Osenfo

D.

Otomfo

33.

Da a ade rebɛkye na wɔadi Adae no yɛ da bɛn?

A.

Awisi

B.

Awuku

C.

Dapaa

D.

Fofie

34.

Bere bɛn na akwasidae si?

A.

Adaduanan biara

B.

Afe biara

C.

Ɔbosome biara

D.

Nnawotwe biara

35.

Toa ɛbɛ yi so: Esiw ne kagya ......

A.

adamfofa

B.

aseda

C.

nkommo

D.

nkabom

36.

Toa ɛbɛ yi so: Ayonkogoru nti na ɔkɔtɔ anya ......

A.

kɔn

B.

nan

C.

nsa

D.

ti

37.

Dɛn na saa bɛ yi de to gua: Wote faako a wote w'ade so?

A.

Ahooyaw

B.

Akokoduru

C.

Akwadworo

D.

Anooden

38.

Bere bɛn na yɛbu saa bɛ yi: Woamma wo yonko antwa akron a, wo nso wuntwa du?

A.

Abufuw

B.

Ahooyaw

C.

Ahote

D.

Aniwu

39.

Ɛbɛ ho mfaso biako ne nea ɛwɔ he?

A.

Eboa atiefo

B.

Ede anigye ba

C.

Ede nkabom ba

D.

Ɛma okasa yɛ dɛ

40.

Dɛn na saa bɛ yi de to gua: Huw m'ani so ma me nti na atwe abien nam?

A.

Nkabom

B.

Ahonya

C.

Ahuhuru

D.

Nkommo

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Kyerɛw ayɛsɛm bi a wofi ase sɛ: "Awia ketee bi..."

(b)

M'adamfo pa ara ne nea enti a mepɛ n'asɛm.

(c)

Kyerɛ ntokwaw denden bi a wuhuu no da bi, na kyerɛ nea esii nyinaa.

(d)

Kyerɛw krataa kɔma w'adamfo bi na ka adwuma a daakye wobɛyɛ kyerɛ no.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(10 Marks)

Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

2.

Okraman bi a ɔkɔm ayɛ no sɛ atwaa nenam kwae bi mu a ɔrepɛ aduan bi adi. ɔkɔhyiaa Yoma. Na Yoma so kɛntɛn a aduan ne nnompe ahyɛ mu mma. Mmoa baanu yi bɔɔ anan sɛ worekɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔtamfo bi bɛtow ahyɛ wɔn so a, wobetumi apam no. Na ɔkwan a wɔnam so no mu yɛ hu yiye.

Okraman srɛɛ Yoma sɛ ɔkɔm rekum no, enti ɔmma no n'aduan no kakra nni. Yoma buaa no sɛ, sarɛ abu so wɔ baabi a wɔnam no, enti ɔnhyɛ ase nwe bi. Wamma Okraman aduan no.

Ankyɛ koraa, wobɛhwɛ a, Pataku bi anim ni. Pataku puɛ ho no, haw Yoma yiye. Eyi nti ɔpaa Okraman kyɛw sɛ ɔmmo ne ho ban mfi Pataku no ho. Okraman buaa no sɛ ɔkɔm rekum no, enti ɔrentumi mmo ne ho ban. Ɛhɔ ara na otu yerae. Pataku kum Yoma a onnim mmirikatu yi wee ne nam pasaa.

(a)

Adɛn nti na Okraman nenam kwae no mu?

(b)

Nneɛma bɛn na na Yoma so?

(c)

Adɛn nti na pue a Pataku puee ho no, haw Yoma?

(d)

Kyerɛ saa kasakoa yi ase: Otu yerae.

Show Solution

Kenkan anwonsem a edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa a ɛwɔ aseɛ no nyinaa.

3.

Onipa fɛfɛ tokotoko Wo se fitafita Ne dɔdow aduasa abiɛsa W'ano bayaa gyegee Wo de abɛfa me nankum Akɔhyɛ baabi awe ne tan Wɔbɛpɛ me nam ama me Kɔpe m'ade brɛ me'oo!

Oguannini nwaanwaa nwaanwaa Wo se aduasa abien Wode abɛfa me borɔde Akɔgyina baabi awe no tan Wɔbɛpɛ me borɔde ama me Kɔpɛ m'ade brɛ me oo!

Okraman kakraka kwa Wo se apaprapa ni Ne dɔdow aduanan abien Wode abɛfa me dompe Akɔda faako abɔ mu pɛn Wɔbɛpɛ me dompe ama me Kɔpɛ m'ade brɛ me oo!

(a)

Onipa se dodow yɛ ahe?

(b)

Suban bɛn na Oguannini daa no adi wɔ anwɛnsɛm no mu?

(c)

Adɛn nti na Onipa pɛ sɛ Okraman de ne dompe no san brɛ no?

(d)

Kyerɛ saa asɛm yi ase: apaprapa.

(e)

To anwɛnsɛm yi din.

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

(20 Marks)

Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.

4.

Fa adeyɛ mu kyerɛfo a ɛfata hyɛ faako a woagyaw no.

(a)

Mmofra no bɔɔ nsra ...... kɔɔ sukuu dan mu.

(b)

Oka Franse kasa ......

(c)

Mihuu no ......

(d)

Okyerew lɛte ......

(e)

Ababaa no sawee ...... wɔ ɔyɛkyerɛ no ase.

Kyerɛw nsɛmfua a woasan asee no dɔdow kabea.

(f)

Abofra no suu anadwo.

(g)

Okyerɛkyerɛfo no de krataa maa ne mmofra.

(h)

Obommofo no akum mmoa pii nnɛ.

(i)

Okuafo no twaa dua no too fam.

(j)

Opolisini no kyeree ɔkoromfo no.

Fa edinnkyerɛkyerɛmu a ɛfata hyɛ faako a wɔagyaw no.

(k)

Obarima ...... no waree nkyɛe.

(l)

Mihuu ɔwɔ ...... bi wɔ ɔkwan no ho.

(m)

M'agya wɔ ofi ...... bi wɔ Nkran.

(n)

Okuafo no buu dua ...... no too fam.

(o)

Ɛyɛ akwantu ......

Fa nkabomde a ɛfata hyɛ faako a wɔagyaw no.

(p)

Abarimaa no ...... abeawa no redi agoru.

(q)

Mebaa ha ...... manhu no.

(r)

Osuaa ade yiye ...... obedi sɔhwɛ no mu nkonim.

(s)

ɔyɛ obubuafo ...... obetuni aforo dua.

(t)

Owui ...... ɔnomee awuduru.

Show Solution

SponsoredAdvertise