
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
1.
Sɛ wo dɔfo bi bɛsra wo awia na ɔrekɔ a, wɔma no ......
due ne awow
due ne wia
due ne brɛ
due ne nwunu
2.
Sɛ wo ne obi rekɔ baabi na odi kan na wokoto no a, wokyia sɛ
mema wo ahyia
mema wo duru
nkyɛre ba
mema wo akwaaba
3.
Wɔwo abofra na odi ..... a, wɔto ne din
adaduanan
afe
nnawotwe
bosom
4.
Akanfo de wɔn babarima panyin to .....
abusuapanyin
agya nua panyin
agya kumaa
agya papa
5.
Sɛ ɔbarima ware a, ne yere maame nuanom yɛ ne
nsenom
koranom
nkumaafo
nsenkumaa
6.
Sɛ ɔbea ware a, ne kunu nuammarima yɛ ne .....
koranom
nkontanom
nsenom
kununom
7.
ɔbea ware a, ne kunu nuammarima mma yɛ ne ......
koramma
nananom
mmannoma
mma
8.
Nsu ne nsa a wɔde sɔ abofra anom bere a wɔreto ne din no kyerɛ ......
ahoɔden
anotew
nokwaredi
papa ne bɔne
9.
Abamo akyiwade ne ......
akolo
ɔkisi
ɔtwe
wansane
10.
Akanman mu sɛ obi rewu a, ......
wɔgu n'anom nsu
wɔde no to ne benkum so
wɔnsɔ ne mu
odidi
11.
Nneɛma a Akanfo de gya owufo kwan no wɔfrɛ no dɛn?
Akatasodeɛ
Akyɛdeɛ
Asiedeɛ
Nkradi
12.
Sɛ obi de ka na owu a, hena na otua ka no?
Abusuapanyin
Anuanom
Obiara ntua
Odiadefo
13.
Kuku a okunafo kɔbɔ no kurotia no kyerɛ sɛ ......
ɔne ne kunu adi ntetewmu
ɔmpɛ kuku no
ne bo afu
ɔnnidi bio
14.
Ansa na wɔbɛgoru abeawa bi bra no, wɔkɔbɔ hena amanneɛ?
Abusuapanyin
ɔhemmea
ɔhene
Nananom
15.
Sɛ wɔgoru abeawa bi kyiribra a, .....
ɛhyɛ abusua no animuonyuam
ɛma ɔbea no nya dwetiri
ɛgu awofo no anim ase
ɛma ɔbea no nya kunu pa
16.
16. Eyinom biako nka ɔhemmea adwuma ho.
ɔsiesie nsɛm
Otu ɔhene fo
Otumi pa ɔhene
ɔnoa ɔhene aduan
17.
Nnipakuw yi mu biako nni dwuma wɔ Akanfo asenni mu.
adansefo
loyafo
agyinatufo
baguafo
18.
Sɛ Akanfo retu agyina wɔ asenni mu a, na ɛkyerɛ dɛn?
Wɔrekɔbisa aberewa
Wɔrekɔdidi aba
Wɔatu asɛm no ahyɛ da
Wɔregye wɔn ahome
19.
Hena na ɔhwɛ ɔhene foto so?
Ankobeahene
Gyaasehene
Sanahene
Kurontihene
20.
Hena na ɔyan ɔhene atumpan?
ɛsɛn
ɔkyerɛma
Abrafo
Mmensonfo
21.
Aboa bɛn na Kumawufo de di Papa afahyɛ?
ɔsono
ɔtwe
nantwi
wansane
22.
Sɛ ɔhene reba aguabo ase afahyɛ bere a, ......
ɔnante bɔkɔɔ
ɔkasakasa
ɔhurihuri
otu mmirika
23.
Wɔfrɛ wɔn a wɔdi ɔbɔfo akyi kɔ ahayo sɛ ......
aboafo
ayawfo
akyidifo
asomafo
24.
Akanfo tumi frɛ Akwasidae sɛ ......
Fɔkwasi
Monokwasi
Nkyikwasi
Kurukwasi
25.
Bɛnada Dapaa adekyee yɛ ......
Kwawuku
Kurudapaaku
Monowuku
Ngonawuku
26.
Akwasidae biara Akanfo .....
gu nsa
bɔ tikwa
hyɛ fa
nnidi
27.
Sɛ wɔregye aware a, ɔbea no abusuafo taa de ti-ade no ......
kɔma abusuapanyin
kɔgye wɔn ani
kɔtua abusua ka bi
kɔma ɔhemmea
28.
Agyapade titiriw a efi aware mu ba ne ......
ayɔnkofa
anigyeɛ
sika
mma
29.
Hena na ogu ɔbea no hyirew wɔ awaregyaeɛ mu
Nkontanom
Nana
Nsenom
Nkumaafo
30.
Abofra nnim aguare a ɛnyɛ ......
n'anim
n'afuru so
ne kɔn ho
ne nsa ho
31.
Aberewa bɛdi twɛre a, na efi .....
n'ano
ne nsa
ne nananom
ne poma
32.
Wopam ohufo a, .....
ne koma te
wɔto ne barima
twe sekan
wɔnya asɛm
33.
Sɛ woyɛ bi na anyɛ yiye a, wɔfrɛ wo .....
ayɛbiagya
ayɛbiagu
ayɛboafo
ayɛbiakyɛre
34.
Agya adeɛ bi wɔ hɔ, sɛ wotia n'ayaase a, na ɔreserew. ɛyɛ .....
apasɔɔ
kaa
mpaboa
dadefiri
35.
Agya nipa bi wɔ hɔ, ɔte fie a na n'abadwese gu abonten. ɛyɛ ......
abɛ
mframa
wisiw
nsuo
36.
Kan no na wɔfrɛ anansesɛm
nyankonsɛm
abasɛm
basrɛmka
adomankomasɛm
37.
Sɛnti a tete no na wɔnto anansesɛm awia ne sɛ .....
ahuhuro bɛde wo
ɛnyɛ anigye
yɛmmɔ mmoa din awia
ɛsɛe adwumayɛ
38.
Asantefo atetesɛm kyerɛ sɛ ...... na wɔde ogya bae.
Asonafo
Biretufo
Aduanafo
ɔyɔkofo
39.
Wɔnyɛ eyinom biako wɔ nsagu mu.
Wɔkata wɔn ani
Wɔbɔ abosom ne nsamanfo din
Wɔpia wɔn ntama gu wɔn mmatiri.
Wɔyi wɔn nan mu mpaboa
40.
Akanman mu sɛ obi resaw na ofoforo pagya ne nsa kyerɛ no a, ɛkyerɛ dɛn?
ɔnnyae asa
ɔma no mo
Dwom no yɛ dɛ
ɔnnyina hɔ
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Kyerɛ w'adamfo kwan ma ɔmfi wo sukuu mu nkɔ wo fi.
(b)
Nea woyɛ no Memeneda anaa Kwasida biara.
(c)
Kyerɛw nhoma bi a w'akan a emu nsɛm yɛ wo dɛ ho asɛm.
(d)
Enti ɛyɛ sɛ wɔhyɛ Ghanani abofra biara ma no kɔ sukuu?
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
Mikae asaasewosow a esii wɔ afe 1939 mu no. Na yɛresua ade anwummere wɔ Achimota. Na ɛyɛ hu yiye nanso yɛn ho ampopo. Wɔamma bere no anso na wɔbɔɔ dɔn. Yɛde mmirika pue fii dan no mu baa petee mu. Yɛn akyerɛkyerɛfo no de akokoduru ka kyerɛɛ yɛn sɛ nea ɛyɛ hu wɔ ho no abetwam kɔ.Akyiri no, metee asaasewosow kɛse a esii wɔ San Francisco wɔ afe 1906 mu ne nea esii wɔ Japan wɔ afe 1923 mu no ho asɛm. ɛno nti wosisii adan a ɛwɔ saa aman yi so no senea ɛbɛtumi agyina asaasewosow ano. Eyi nti anyɛ me nwanwa sɛ afe 1939 akyi no Wɔhyɛɛ adansi ho mmara mu den wɔ Ghana ha.
Metumi aka no pefee se, sɛ asaasewosow si daakye bi a, adan kakraa bi na ɛbebubu. Wɔn a wowuu wɔ asaasewosow no mu no abusuafo de ho asodi bɛto adansifo no ne mpanyimfo a wɔhwɛ adansi adwuma no so sɛ wɔsiee awufo no sɛ atofo. Nnipa a anwuwu wɔ asaasewosow no mu no bɛkasa atia aban a ɔte so no sɛ wɔnni adansi ho nimdeɛ.
Nanso ɛbɛtumi aba sɛ wɔansisi adan no wɔ saa aban no bere so.Sɛ anka asaasewosow kɛse bi resi bio a na yɛbehu mfomso a ɛwɔ adan a wosisi no basabasa no mu.
Wɔn a wɔtuatua sika de ma mpanyimfo no ma wosisi adan basabasa no bɛhu sɛ wɔatua sika atɔ wɔn wu. Nea ɛte biara no, ehia sɛ yɛn a yɛte ase yi no hu nyansa sɛ yɛnsisi adan basabasa sɛ tete no. Bio, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛde nhyehyɛɛ pa bi begu kwan mu de abrɛ asaasewosow ne ɛho haw ase.
(a)
Bere a asaasewosow no sii no, na ɔkyerɛwfo no wɔ he?
(b)
Afe bɛn mu na asaasewosow no sii wɔ Ghana?
(c)
Dɛn nti na wotuu mmirika kɔɔ petee mu?
(d)
Mfe bɛn mu na asaasewosow sisii wɔ San Francisco ne Japan?
(e)
Kyerɛ saa asɛm yi ase: wɔsiee awufo no sɛ atofo.
(f)
Basabasa kyerɛ dɛn wɔ akenkansem no mu?
(g)
Kyerɛ ɔkwan biako a wogye di sɛ yɛfa so a ɛbɛtumi abrɛ asaasewosow ɔhaw ase.
(h)
Asaasewosow no akyi, adansi ho nhyehyɛɛ bɛn na wɔyɛɛ wɔ Ghana?
(i)
Eyi asekyɛre ne dɛn? wɔatua sika atɔ wɔn wu
(j)
Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to akenkansem yi din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Kyerɛw nsɛmfua a ɛne nea woasensan ase no bɔ abira
(a)
Me kyerɛkyerɛfo kyerɛw ntemntem
(b)
Polisini no yɛ tenten
(c)
Nsu a ɛgu toa no mu no yɛ
(d)
Abofra no resu.
(e)
Adwumayɛfo no hyɛɛ ase yɛɛ adwuma no.
Kyerɛ nsɛmfua kuw a nea woasensan ase no biara fi mu wɔ ɔkasamu ahorow yi mu
(f)
Wɔguare twaa asu no.
(g)
Akwantufo no faa bonhwa donkodonko bi mu.
(h)
Asukuufo no dii aduan no ntemntem.
(i)
Amma huu wɔn nnera.
(j)
Asomdwoe wɔ kurow no mu.
Kyerɛw ɔkasamu ahorow yi biara bio na fa agyinahyɛde a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.
(k)
"Minhyiaa no da", Mansa ka kyerɛɛ polisini no.
(l)
Da biara Amma twa akwansini anum na ɔkɔ sukuu.
(m)
Ahe na ɔkaase bɛgye
(n)
Wɔbɛbue sukuu ɛbɔ bosom mu.
(o)
Kuw mma no tuu kwan kɔɔ Togo Benin ne Nigeria.
Kyerɛ adeyɛ asɛm a ɛwɔ ɔkasamu a edidi so yi biara mu.
(p)
ɛsɛ sɛ Aba hunu dɔkota no seesei ara.
(q)
Nokware no bɛda adi.
(r)
ɔwɔ kɛse no amene akrante.
(s)
Mmofra no rebo nsra wɔ agoprama no so.
(t)
Afe biara kuw no hyia biako pɛ.