Share
BECE ghanaian language (akuapem twi) June 2014

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

1.

Sɛ obi kɔto ne yɔnko na ɔredidi a, ɔkyia no ......

A.

Nya nkwa

B.

Ayikoo

C.

Adidiabrada

D.

Kita mu.

2.

Akanfo bu obi a ohu nnipa a ɔnkyia no dɛn?

A.

Atetekwaa

B.

Nyansafo

C.

Onihaho

D.

Nimdefo.

3.

Obi kyia ne yɔnko awia na wɔredi ntetewmu a, nkyia a ne yɔnko no de gyaw no kwan ne ......

A.

"Due ne awɔw"

B.

"Da yiye oo"

C.

"Due ne 'wia"

D.

"Due ne onwini"

4.

Akanfo tete aware ahorow no mu biako ne ......

A.

Dɔmufa

B.

Asiwa

C.

Ayefare

D.

Dwetiri

5.

Sika bɛn na ɔbarima tua ma ne yere nua mmarimanom bere a wɔreware?

A.

Tiade

B.

Tinsa

C.

Danta

D.

Akontansekan.

6.

Amanne bɛn na Akanfo yɛ nnawɔtwe da de gye abofra foforo to abusua mu?

A.

Hyirewgu

B.

Awaregu

C.

Abadinto

D.

Abisa

7.

Wɔfrɛ abofra a odi ntaafo akyi no dɛn?

A.

Anane

B.

Tawia

C.

Nyankamago

D.

Atuakɔsan

8.

Nsɛmfua a edidi so yi nea ɛwɔ he na ɛyɛ Anom Kasadwini?

A.

Anansesɛm

B.

Buronya

C.

Nkurɔbɔ

D.

Abasɛm.

9.

Akanfo Kasadwini ahorow no ne:

A.

Akyerɛw ne Anom Kasadwini

B.

Ayan ne Anansesɛm

C.

Akyerɛw ne Apae.

D.

Abɛbu ne Akyerɛw Kasadwini.

10.

Yi Akyerɛw Kasadwini ahorow ho nhwɛso wɔ nea edidi so yi mu.

A.

Abɛbu ne Abasɛm

B.

Apae ne Ayan

C.

Ahwɛgoru ne Anwensɛm

D.

Abasɛm ne Amoma.

11.

Nea edidi so yi mu biako yɛ a Akyerɛw Kasadwini su.

A.

Enni ɔkyerɛwfo pɔtee

B.

Ɛyɛ ɔmanfo agyapade

C.

Enni bere a ɛbae

D.

Ɛwɔ ɔkyerɛwfo pɔte

12.

Ɔbarima ne ɔbea a wɔbɔ abusua baako (bogya abusua) no ......

A.

tumi ware wɔn ho

B.

ntumi nye ayi mmɔ mu

C.

ntumi nware wɔn ho

D.

tumi tɔn abusua agyapade.

14.

Dɛn sunsum na agya de bɔ ne mma ho ban?

A.

Bosom

B.

Nyankopasakyie

C.

Ntɔn

D.

Bosomakɔmfo

15.

Sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔbɔ abusua koro ware a, Akanfo bu no sɛ ɛyɛ dɛn?

A.

Bragoru

B.

Mogyafra

C.

Yɔnkodɔ

D.

Kyiribra.

16.

Asona abusuakuw no akraboa yɛ aboa bɛn?

A.

Ampan

B.

Kwaakwaadabi

C.

Ɔkraman

D.

Ɛkoɔ.

17.

....... yɛ Aduanafo akraboa.

A.

Ɔkraman

B.

Anene

C.

Akoo

D.

Akoroma.

18.

Abusuakuw bɛn na akoroma yɛ wɔn akraboa?

A.

Ayokofo

B.

Asonafo

C.

Ɛkoɔnafo

D.

Agonafo.

19.

Abusua biara wɔ ...... a emu nnipa no nyinaa hyɛ n'ase.

A.

Bamkyinii

B.

Bota

C.

Asɛsegua

D.

Abusuapanyin.

20.

Mfaso a Ɔkanni nya wɔ n'abusua mu biako ne ......

A.

nhomanim ne ahoɔfɛ

B.

ahoɔden ne tumidi

C.

aniɛden ne akokurokosɛm

D.

sɛ wɔyɛ ayi bɔ mu na wɔboa wɔn ho wɔn ho.

21.

Adae ahorow ahe na Akanfo wɔ?

A.

Abien

B.

Abiɛsa

C.

Anum

D.

Ason.

22.

Asram kuw yi mu biara kura nnafua aduasa baako.

A.

Ɔbɛnem, Ogyefuo, Ɛbɔ

B.

Ɔpɛpɔn, Ɔbɛnem, Kitawonsa

C.

Ɔpɛnimma, Kitawonsa, Oforisuo

D.

Ɔsanaa, Ahinime, Ɔpɛnimma.

23.

Din foforo bɛn na Akanfo de frɛ nnawɔtwe asia?

A.

Adaduasa

B.

Adaduosia

C.

Adaduanan

D.

Adaduɔwɔtwe

24.

Awukudae tɔ mpen ahe wɔ Akanfo Asranna mu?

A.

Awotwe

B.

Ason

C.

Asia

D.

Akron.

25.

Afahyɛ bɛn na Akanfo binom di de huro ɔkɔm?

A.

Kundum

B.

Adaekɛse

C.

Ohum

D.

Aboakyerɛ.

26.

Efutufo kyerɛ aboa na ...... twa Odwira.

A.

Akuapemfo

B.

Nzemafo

C.

Asantefo

D.

Fantefo.

27.

Akanfo akyiwade no mu biako ne ......

A.

yɛkɔda a, yenkra amannifo

B.

yɛhyia obi anɔpa a, yenkyia

C.

yɛguare a, yɛntɔ dwom

D.

yɛhyia ɔhɔho a, yɛmmisa no asɛm.

28.

ɛyɛ akyiwade sɛ yedidi a, .......

A.

yɛwe nam bobɔ dompe mu

B.

yɛnom nkwan taforo yɛn nsa

C.

yɛtena agua tiatia so

D.

yɛde yɛn nsa benkum si fam.

29.

Akanfo wɔ gyidi sɛ onipa wu a, ......

A.

ɔkɔtena asamando

B.

na wawu koraa

C.

ɔkɔtena sukwan so

D.

ɔnenam mfikyiri

30.

Owu a obi antɔ ne kɔn anwu no Akanfo frɛ no dɛn?

A.

Owupa

B.

Atɔfowu

C.

Ohiawu

D.

Nkwaseawu.

31.

Sɛ obi wu a, hena na ɔhwɛ ayiye no ho ntotoe nyinaa so?

A.

Ahenkwaa

B.

Ayipasohene

C.

Okunafo

D.

Nkwaankwaahene.

32.

Yɛfrɛ nneɛma a owufo bi gyaw wɔ ne wu akyi no ......

A.

Nsaabɔde

B.

Ayiaseka

C.

Sora

D.

Awunnyade.

33.

Na minnim sɛ abofra yi ano awo saa da. Eyiki kyerɛ sɛ .......

A.

Nim serew

B.

Nim kasa

C.

Nim su

D.

Nim adidi

34.

Nnɛ nnansa na metee sɛ ɔhɔho no abu ne kete mu. eyi kyerɛ sɛ .....

A.

Aguan

B.

Ada

C.

Akɔnsan aba

D.

Awu.

35.

Memeneda nkwan no de, na ɛnka sɛ ......

A.

ɛnam pii wɔ mu

B.

Ani wɔ srade

C.

ɛyɛ dɛ papa

D.

ɛnyɛ dɛ koraa.

36.

Toa bɛ yi so: "Gua bɛba a, efi ......

A.

awiei

B.

aguatɔnde

C.

anɔpa

D.

nnipa

37.

Woanka bi a, wɔse yɛankɔ kyerɛ sɛ .......

A.

woamma ntem

B.

obiara ammɛfrɛ wo sɛ kɔkɔ

C.

wunnim ɔhaw a yɛfaa mu

D.

na wonenam ho kwa.

38.

Agoru bɛn na mmofra de dwom "sii-sii, sii dadakoo" di?

A.

Sansankoroma

B.

Amuamuani

C.

Abosi

D.

Mpempenaa.

39.

Agoru Antoakyire mu no, mmofra to dwom:

A.

"Obi ba o, yee yei! Obewu o, yee yei!"

B.

"Adonko fa me kɔ o, faa dee."

C.

"Sansan koroma wo ni awu o"

D.

Sansan dɔboro, dɔboro dɔ sansan:.

40.

Wɔkɔ-sikadwumfo adwuma mua, dɛn na wubenya atɔ?

A.

Osɔsɔw ne dadefiri

B.

Mpɛtea ne asomuade

C.

Asɛsegua ne nhene

D.

Adaka ne ɔpon

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Kyerɛw w'adamfo pa ho asɛm.

(b)

Ka nea woyɛ no Memeneda biara.

(c)

Okuafo ne Tikyani, hena na ne ho wɔ mfaso pa ara?

(d)

Kyerɛw osuframa kɛse bi a ɛbɔ see nneɛma wɔ wo mpotam ho asɛm.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(10 Marks)

Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

2.

Mfe pii a atwam no, na Owia ne Nsu yɛ nnamfo pa ara. Na wɔn nyinaa te asase so. Na Owia taa sra Nsu nanso Nsu de wankɔsra no da. Da koro bi, Owia bisaa Nsu nea enti a ɔmmaa ne fi mmesraa no da.

Nsu buae sɛ, Owia fi sua na sɛ ɔne ne nkurofo ba ho a, wɔbɛtu no afi ne fi ho. Afei Nsu kae sɛ, "Sɛ wopɛ sɛ mebesra wo a, ɛnde si ofi kɛse ma me. Mmom merebɔ wo kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ ofi kɛse pa ara, efisɛ me nkurofo no dɔɔso na wɔbɛhia adan pii."

Owia hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsi ofi kɛse ama wɔn, na ankyɛ biara ɔsan kɔɔ ne yere Osram ho wɔ fie. Ade kyɛe no, ofii ase sii ofi kɛse. Osi wiei no, Owia ka kyerɛɛ Nsu sɛ ade kye a, ɔmmɛsra no. Nsu duu ho no, wɔmaa no kwan wuraa mua, mpataa ne nsum mmoa no bi ka ne ho.

Ankyɛ, Nsu yiri duu kotodwe, na afei obu faa nnipa ti so. Berɛ a Nsu bisaa Awia sɛ, "ɔpɛ sɛ ne nkurofo pii bɛka ho no, Owia ne Osram baanu nyinaa buae sɛ "Yiw". Afei Nsu yiri faa ho nyinaa kɔpem sɛ Owia ne Osram kɔpɛɛ baabi tenae wɔ nkankyee no atifi.

Ankyɛ, Nsu san yiri faa nkankyee no atifi maa Owia ne Osram de ahometew tutu kɔtenaa soro besi nnɛ.

(a)

ɛhefa na na Owia ne Nsu te mfe pii a atwam no?

(b)

Kyerɛ ɔyɛfo a ɛwɔ ɔkasamu yi mu:

Owia ne Nsu yɛ nnamfo pa ara

(c)

Aden nti na na Nsu mpɛ sɛ ɔbɛkɔ akɔsra n'adamfo Owia?

(d)

Kyerɛ nsɛmfua kuw a asɛmfua kɛse fra mu

(e)

Kyerɛ edin ahorow a ɛwɔ ɔkasamu yi mu:Owia hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsi ofi kɛse.

(f)

Na Owia yere ne hena?

(g)

Aden nti na Nsu ne ne nkurofo kɔsraa Owia?

(h)

Sɛ Owia ne Osram ankɔtena nkankyee no atifi a, anka wususuw sɛ dɛn na ɛbɛto wɔn?

(i)

Aden nti na Owia ne Osram nte asase so bio?

(j)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to akenkansem yi din.

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

(20 Marks)

Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.

3.

Kyerɛw adeyɛ asɛm a ɛwɔ ɔkasamu a edidi so yi biara mu.

(a)

Mmofra no dii aduan no nyinaa.

(b)

Sukuufo no kɔ agoprama no so.

(c)

Asraafo bɛyɛ twene wɔ asubonten no so.

(d)

Bra fie mprempren yi ara.

(e)

Ɔhene ne ne manfo hyia Fida biara.

Fa ɔkasamu a edi so yi kɔ Dabi (Ngoo) kabea mu.

(f)

Akoromfo no aguan kɔ.

(g)

M'awofo bɛba ha.

(h)

Okuafo no rehome.

(i)

Nom nsu no nyinaa.

(j)

Sukuufo mmofra no bi sua ade yiye.

Fa akyerɛw mu nsenkyerɛnne a ɛfata kyerɛw ɔkasamu a edidi so yi mu biara yiye

(k)

Wugyedi sɛ ɔbɛba

(l)

Amma bae nanso wanhu me

(m)

Ɔkaese, asɛm no yɛ nokware.

(n)

Kofi ka kyerɛɛ ne nnamfo no sɛ, mintumi nyɛ saa.

(o)

Wohyiaa Kwasida Dwoda ne Benada.

Fa nkabomde wie ɔkasamu a edidi so yi mu biara.

(p)

Akosua kɔɔ hɔ ...... wanhu n'adamfo no

(q)

Mensa antɔ mpaboa no ...... na onni sika

(r)

Ansa suaa ade yiye ...... ɔdii nkonim

(s)

(t)

Show Solution

SponsoredAdvertise