1.
Nkyia de dɛn na ɛba obi so?
Awɛrɛhow ne animka
Osu ne menaasepɔw
Ahosɛpɛw, obu ne nidi
Nyansa ne nitan
2.
2. Ehefa na yɛte nkyia "hyɛ dɛn?"
Ayiase
Awaregye ase
Nkurobɔ mu
Ayeforohyia ase
3.
Akanfo taa kyia akwdaa a wɔawo no foforo?
Ayikoo ne awo
Aba-a-tena-ase
Kɔsekɔse
Nkyɛre oo
4.
Aware mu no, hefo na wogu obea no hyirew?
Adofonom
Nsewnom
Nkontanom
Nkumaafo
5.
Sɛ ɔbea bi kunu ka baabi na owufo no nuabarima ware no a, ɛyɛ .....
Ayɛte
Kunaware
Asiwa
Mpenaware
6.
Abofra a ne na dii awommawu ansa na worewo no no yɛ ......
Ankonam
Kɔsanba
Ɔdefo
Oduefo
7.
Din ahorow yi mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ apentedin?
Kaakyire
Asaseasa
Ahenkan
Piesie
8.
Duku yɛ abofra a ɔtɔ so ...... wɔ awo ntoatoaso mu.
dunan
dunum
dubiako
du
9.
Akanfo Kasadwini gu ahorow ahe?
Anum
Anan
Abiesa
Abien
10.
Nea edidi so yi mu biako yɛ Anom Kasadwini.
Anwensɛm
Abasɛm
Ahwɛɛgoru
Anansesɛm
11.
Nea ɛwɔ he na ɛyɛ Akyerɛw Kasadwini?
Amoma
Nsaguo
Anwɛnsɛm
Apae
12.
Anom Kasadwini su biako ne sɛ ......
ɛyɛ ɔman no nyinaa dea
ɛwɔ ɔkyerɛwfo potɛe
ɛnni nhyehyɛe potɛe
ɛnni ɔyɛfo ne atiefo
13.
Akanfo gyidi ne sɛ nton sunsum no fi .....
Ɛna
Wɔfa
Agya
Abusuapanyin
14.
Abusuakuw bɛn na wɔn akraboa no ara yɛ wɔn din?
Aduana
Ɛkoona
Agona
Asakyiri
15.
Abusuakuw bɛn na wɔwɔ akraboa abien?
Asona
Ɛkoona
Agona
aduana
16.
...... yɛ Agona abusuakuw no akraboa.
kwaakwadabi
akroma
akoo
ekoɔ
17.
Akanman mu, hena ne abusua no nyinaa ti?
Abusuapanyin
Ayipasohene
Nkwaankwaahene
Adadifo
18.
Ade titiriw bɛn na Akanfo hwɛ ansa na wɔapaw ɔhene?
Onipa tenten bran
Ɛsɛ sɛ ɔyɛ odehye kronn
Ohiani a ɔwɔ mma bebree
Obi a otumi di akakabɛnsɛm
19.
Sɛ ɔhene tu kwan a, ɔde ɔman no gyaw hena?
Safohene
Ɔkyeame
Kurontihene
Dabehene
20.
...... na ɔhwɛ ɔhene ne ɔmanfo sika so wɔ ahemfi.
Gyaasehene
Soodohene
Mmerantehene
Sannaahene
21.
Sɛ ɔmanfo hyia wɔ aguabɔ ase a, hena na ogu nsa?
Ɔkyeame
Kurontihene
Safohene
Dabehene
22.
Sɛ Akanfo reyi apae a, hena na wodi kan bɔ ne din?
Asase Yaa
Onyankopɔn
Nsamanfo
Ateasefo
23.
Nneɛma kuw yi mu nea ɛwɔ he na ɔkuafo de yɛ adwuma?
Ɔsosɔw, twitae, asadua
Asɔw, asaa, peaw
Nkrante, ɔsosɔw, asɔw
Asadua, asɔw, kɔtɔkɔrɔ
24.
Wɔkɔ ɔtomfo adwuma mu a, wubenya ..... atɔ
kɛntɛn ne nkrante
peaw ne adwiniasa
twitae ne bɔmmo
asosɔw ne asaw
25.
Dwom "Kurohinko" fa adwuma bɛn ho?
Nkɔbɔ
Kɛntɛnwene
Atono
Ahayɔ
26.
Hena na ɔnto dwom wɔ n'adwumayɛ mu?
Ɔbɔmmofo
Ɔkuafo
Kɛntɛnwenefo
Ɔtomfo
27.
Toa ɛbɛ yi so "Otuo tow a ......"
esi ɔbarima bo
ɛkanyan ɔhene ma ɔsuae
nkurofo bɛhu
mmea kɔhintaw
28.
Mpanyin se: "Ɛkaa akyekyere ne nwaw nko a anka ......."
mmea bɛkɔ afum daa
mmofra bɛka atwee da biara
ɔbɔmmofo bɛda kɔm
otuo rentow wuram da
29.
Yaw Mensa buu n'adamfo no bɛ sɛ: "Ɔbaakofo nsa ....."
ntumi nguare ne ho
tumi dow n'afum
nso n'abusuafo nyinaa so
nso Nyame ani kata
30.
Kasakoa yi ase ne dɛn? Adwuma no dɔɔso enti ma wo nsa so.
Yɛ no ntɛmntɛm
Pagyaw wo nsa kɔ soro
Bɔ wo nsam ɔhare so
Ka wo nsa abien ba mu
31.
Mprempren de, nna amee me nenabarima.
Ayɛ aberantewa koraa
Ayɛ basaa
Anyin papaapa
Ntumi nkasa
32.
Ɔhene bɛn na otumi de ɛsono si ne bamkyinii so?
Abɔntɛndɔmhene
Kurontihene
Guantoahene
Ɔmanhene
33.
Ɔhene a ...... si n'akyeampoma so no yɛ ɔsonani.
ɔkraman
kwaakwaadabi
akoroma
akoo
34.
Kurow a Akyekyere ne Nwaw da wɔn hene asesegua ho kyerɛ sɛ
wɔnka mmara
hwee nyɛ wɔn asɛm
wɔpɛ asomdwoe
mmoa abien no yɛ nam a wɔpɛ yiye.
35.
Agyarekɔ, ogyaa me asraafo ɔha a wɔn nyinaa abɔso yɛ biako. Ɛyɛ dɛn?
Ɔprae
Muka
Asesawura
Asomurofi
36.
Agyarekɔ, ogyaa me anuanom ...... kɔ ɔhiara nhu ne
nansoaa du
nsa abien
nan abien
nniwa abien
37.
"Ɔrebɔ ne dade so kyankyan" yɛ dwom a ɛfa hena ho?
Ɔtomfo
Ɔbɔmmofo
Ɔdansifo
Ɔkuafo
38.
"....." yɛ dwom a ɛfa adow ho.
Ayikoo, anyaado
Kɔtɔkɔ sarewa, gyansarewa
Kurohinko, Kurohinko na ɛyɛ me dɛ
Adonko, fa me kɔ oo
39.
Dwom bɛn na mmofra de di abosi agoru?
Mpempenaa, nana aa.....
Obi ba o, yee yei!
Sansan kɔroma, wo ni awuo oo
Asoba, yee yei, asoba
40.
Mpempenaa agodi mu no, mmofra to dwom
kɔtɔkɔ sarewa, gyansarewa
asoba, bɛtomu
oni awu o
sii, sii, sii, sii dadako o.
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Adekyerɛ ne kuayɛ, emu nea ɛwɔ he na w'ani gye ho pa ara? Kyerɛ sɛnti a w'anigye ho.
(b)
Kyerɛ ade bi a esii wɔ wo sukuu mu a wo werɛ remfi da.
(c)
Kyerɛw ofi a wote mu ho asɛm.
(d)
Kyerɛw krataa kɔma w'adamfo a ɔwɔ kurow foforo so na kyerɛ no akwan a ɔbɛfa so afi wo kurom lɔre gyinabea aba wo fi.
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
Kofi papa wui na ɔyɛ abofra a wadi mfe asia. Ɔne ne papa nua mmarima nkumaa baanu na ɛkɔtenaee. Na Kwadwo ne ɔpanyin na Kwabena yɛ akumaa.
Na papa kumaa Kwabena yɛ osikani a ɔwɔ sika bebree. Na ɔwɔ yerenom ne mma bebree. Na nnipa binom di ne ho nseku sɛ onnim ne mma dodow. Na ɔwɔ agyapade bi te sɛ adan, lɔre, ntama ne nsaase. Afei na ɔwɔ nnamfo bebreɛ nso. Na n'ani gye pa ara.
Papa panyin Kwadwo yɛ sononko. Ɔno a ɔnyɛ sikani na ɔnyɛ ohiani nso. Na ɔwɔ yere baako ne mma baanu. Na n'ani ku biribiara a ɔyɛ ho.
Ɛyɛɛ Kofi nwonwa sɛ ne papanom baanu yi biara suban nkɔ, "Na papa kumaa Kwabena taa ka sɛ "Abrabɔ yɛ anigye. Mmere to wo a, di bi." Papa Kwadwo nso asɛm ne sɛ "Ɔbra wɔ ne mfiase ne n'awiei. Biribiara wɔ mfiase ne awiei".
Kofi nyin bɛyɛɛ osikani. Na ɔwɔ adan ne lɔre te sɛ papa Kwabena. Nanso ɔbɔɔ ne bra te sɛ papa Kwadwo. Na ɔwɔ yere baako ne mma baanu. Na onni adamfo biara. Ne papanom baanu yi wuwui. Osiee wɔn yɛɛ wɔn ayi fɛfɛ.
Sɛ Kofi kae ne papanom nkumaa yi abrabɔ a na ɛhye no nkuran. Da bi apoobɔfo bi ma ɔhweree ne nneɛma nyinaa. Afei ɔkaee ne papa kumaa asɛm sɛ "Ampa ɔbra wɔ ne mfiase ne n'awiei". Ɔde eyi kyekyee ne werɛ.
(a)
Kofi papa wui na wadi mfe ahe?
(b)
Hena ne Kofi papa kumaa?
(c)
Kyerɛ nneɛma abien a ɛkyerɛ sɛ papa kwabena yɛ osikani
(d)
Papa Kwadwo mma dodow yɛ ahe
(e)
Kyerɛ nneɛma abien a ɛma papanom nkumaa abien yi da nso
(f)
Ma asɛmfua anaasɛ ɔkasasin a ɛne nsekuro asekyerɛ yɛ pɛ nea ete wɔ akenkansam no mu
(g)
Kyerɛ Apoobofo ase senea ɛte wɔ akenkansɛm no mu
(h)
Kyerɛw ade biako a ɛma Kofi ne papa kumaa Kwadwo abrabɔ sɛ.
(i)
Dɛn na Kofi de kae ne papa kumaa Kwadwo bere a ɔhweree ne nneɛma nyinaa no?
(j)
Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to ayesɛm no din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
(a)
Kwasi fii fie ntɛm.
(b)
Mmofra no kɔɔ sukuu
(c)
Mepa wo kyɛw, kasa den
(d)
Okunafo no suu yayaayaw
(e)
Papa no bɛto lore ɔkyena.
Kyerɛw ɔkasamu ahorow yi biara bio na fa agyiraehyɛde a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.
(f)
Yɛwɔ fie hɔ
(g)
Wɔwɔ aduan nsu ne baabi a woda.
(h)
Hefɔ na wɔwɔ dan no mu
(i)
Midwen sɛ nnɛra yɛ bɛnada.
(j)
Me nua no tuu me fo sɛ, yɛ komm na tie me.
Kyerɛw asɛmfua a ɛne nea wɔasan ase no bɔ abira wɔ ɔkasamu biara mu.
(k)
To ɔpon no mu.
(l)
Abarimaa no too bɔɔlo no
(m)
Sukuufo mmofra no soree
(n)
Afe seseɛ wɔ twaa aburow.
(o)
Odansifo no sisii adan bebree.
Kyerɛw edin a wɔasan ase wɔ ɔkasamu biara mu dodow kabea.
(p)
Abofra no ada
(q)
Akongua no nni dan no mu
(r)
Mihuu adɔe. no wɔ dua no aso
(s)
Anomaa no suu dɛdeedɛ
(t)
Ne nsa nifa ahono