1.
...... kyia Adwuma, adwuma o, nnyeso ne?
Adwuma asa
Adwuma da ase
Adwuma yɛ
Adwuma yɛ den
2.
Wɔte nkyia hyɛ dɛn, a na woadu hefa?
Ayiase
Awaregye ase
Nnyedua ase
Nsaree so
3.
Sɛ obi ma wo aduan na wudidi wie a wɔma no ......
Nkwan pa yɛ dɛ
Tirinkwa
Aguare
Amo
4.
Akanman mu, hena na ɔde obea ma aware?
Ne wofa
N'asew
N'akumaa
N'agya
5.
Mpanyin se, woko aware a, ......
Nantew yiye
Bisa
Nkyɛrekyɛre wo ho
Nkra w'atamfo
6.
Ansa na aware bɛgu no, baguafo no ma awarefo no mu biara ......
Di adanse
Bɔ ne nkuro
Bɔ ne ho aguaa
Bɔ n'awofonom kaka
7.
Tete hɔ, amanne kwan so no, abofra di nna ahe a, na wɔto no din?
Nnawɔtwe
Asram nsia
Adaduanan
Nnanson
8.
Nsu ne nsa a wɔde ka akokoaa ano no kyerɛ dɛn?
Ahomaso
Ayamye
Ahosɛpew
Nokwaredi
9.
Meka kyerɛɛ m'adamfo no sɛ, me papa nuabea panyin no yɛ ...... wɔ Akanfo abusuabɔ mu
M'akonta
Me nanabea
Me sewaa
M'agya kumaa
10.
Akanman mu, hefo na ɛwɔ abusua kumaa no mu?
Agya, ɛna ne mma
Agya, wofa ne sewaa
Wofa, nanabarima
Akonta, sewaa ne mma
11.
Paw nea ɛyɛ din nnidiso pa wɔ kuw yi mu
Piesie, Adusa, Manu
Manu, Mensa, Botwe
Nkorɔma, Badu, Duku
Anane, Ason, Nsia
12.
Adɛn nti na wɔfrɛ no Tawia? Efisɛ ɔdi ..... akyi
Nyankomago
Atuakɔssan
Ntaafo
Brenya
13.
Adɛn nti na ɛyɛ akyiwade sɛ obi didi a, ɔbɛto dwom?
Nkwan bɛsɔ n'atade mu
ɔrɛmmee ntɛm
ɔbɛdi aduan no nyinaa
Aduan no bɛtram no
14.
Akanfo akyiwade biako nso ne sɛ:
Anadwo wɔmpra dan mu
Wudidi a, mma wo nua bi
Anɔpa wɔnkyia nnanfo
Wokoda a, nkra obiara
15.
Akan mmuasakuw no mu nea n'akraboa yɛ Akoo ne ......
ɛkoɔna
Agona
Asakyiri
Asona
16.
Abusuakuw bɛn na wɔne akraboa din yɛ pɛ?
ɔyoko
Aseneɛ
Aduana
ɛkoɔna
17.
Abusuakuw bɛn na wɔwɔ akraboa ahorow abien?
Aduana
Asakyiri
Agona
Asona
18.
Biretufo akraboa ne.......
Osɛbo
Agyinamoa
Akorɔma
Kɔkasakyi
19.
Toa bɛ yi so: Gua bɛba a, ......
ɛbɛba ɔkyena
Na ɛwɔ awiei
ɛfi anɔpa
ɛyɛ aguatonde
20.
Ayɔnkɔyɔnkɔ nti na ɔkɔtɔ annya ti kyerɛ dɛn?
Ayamye ntraso a ɛho amma mfaso
Atirimɔdensɛm a ɛma tipae
Patapaasɛm a yɛde pam atamfo
Ahosɛpɛw a ɛma nkuranhye
21.
Ti koro nkɔ agyina kyerɛ sɛ ......
Asɛm ba a, ɔbaakofo na ɔka ne nyinaa
Asɛm ba a, nnipa bebree na wɔdwen ho na ɛnyɛ ɔbaakofo
ɛyɛ ne nkutoo asɛm enti obiara nka bi
Asɛm no mfa me ho koraa
22.
Agya rekɔ, ɔgyaw me akoa bi. ɔba wo fie a wɔma no agua tena so a, prɛko a, na wafa agua no atare ne ho. ɛyɛ dɛn?
ɔhɔho
Nkrante
Abɛ bemu
Aburow bɛtɛm
23.
Agya ade bi wɔ ho; da biara ɔte ho a, wasi ne ti ase ma ne ti kyerɛ fam nso ɛnhaw no koraa. ɛyɛ dɛn?
Okisi
Akoo
Akokono
Ampan
24.
Akanfo frɛ ɔsram a ɔtɔ so ason no dɛn?
ɔpɛpɔn
Osannaa
ɛbɔ
Kitawonsa
25.
Asram kuw yi mu biara kura nnafua aduasa pɛpɛɛpɛ
ɛbɔ, Osannaa, Ogyefuo
Ahinime, ɛbɔ, Kitawonsa
Oforisuo, Ayɛwohomummɔ, ɛbɔ
ɔpɛnimma, ɔpɛpɔn, ɔbɛnem
26.
Da a edi Awukudae anim no, Akanfo frɛ no dɛn?
Akwasidae
Benada Dapaa
Memeneda Dapaa
Fida Fofie
27.
Nnawɔtwe ahe na ɛwɔ Akanfo adaduanan mu?
Asia
Ason
Du
mmien
28.
Afahyɛ bere mu dɛn na mpanyimfo yɛ ma nsamanfo?
Wɔkɔkyɛ wɔn nneɛma
Wɔgu wɔn nsa
Wɔkɔda wɔn ase
Wɔkɔse wɔn ayi
29.
Akanfo bɛn na wɔdi Ohum afahyɛ no?
Mfantefo
Asantefo
Akyemfo
Efutufo
30.
Bakatue yɛ hefo afahyɛ wɔ ɔman yi mu?
Oguaafo
Anomabofo
Edenafo
Adwumakofo
31.
Tete hɔ no, sɛ ɔman bi rekɔ ɔko a, ɔhene bɛn na ɔdi dɔm no nyinaa anim?
Kyidomhene
Nifahene
Adontenhene
32.
Sɛ wɔrepaw obi adi hene a, hena na ɔdi akoten wɔ osiahenefo no mu?
Kurontihene
ɔhemmea
Nkɔsoɔhene
Ntakrahene
33.
ɔhene bɛkɔ aguabo ase a, hena na ɔsiesie ne ho?
Sannaahene
Soodofo
Dabehene
Ntakrahene
34.
Akanman mu sɛ wɔredi nnipa baanu asɛm a, obiara fa ......
Nnamfo
Nsewnom
Atemmufo
Adansefo
35.
Hena na ɔpata nea wadi bem wɔ asenni awiei?
Nea wadi fo no
Nea n'asɛm yɛ dɛ no
Baguafo no kyeame
Adansefo no mu biako
36.
Nnwuma a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na wɔnto dwom wɔ mu koraa?
Atono
Kentenwene
Nkukunwene
Ahayɛ
37.
Okuafo ma yɛn borɔde a, dɛn na yɛnya fi ɔbɔmmofo ho?
Atosode
Hanam
Ososow
Ntampehama
38.
Agoru yi de, mmarimaa nkutoo na wɔdi wɔ Akanman mu
Ampe
Ntɛwsi
Abosi
Antoakyire
39.
Mmofra agoru bɛn mu na wɔto dwom "sansan koroma, wo ni awu o"?
Abosi
Mpɛpɛnaa
Asoba
Tomatu
40.
Akanfo din Antwi mmran ne ......
Ampem
Boasiako
Agyeman
Guakoro
PART I
COMPOSITION
[30 marks]
(a)
Ade bi a esii m'abrabɔ mu a me werɛ remfi da.
(b)
W'adamfo bi gyina wɔ wo sukuu mu a ɔpɛ sɛ ɔba wo fi. Kyerɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so adu hɔ.
(c)
So ɛsɛ sɛ JHS gyinapɛn biara nya ɔkannifo anaa?
(d)
Kyerɛ akwan ahorow anan a yebetumi afa so abrɛ lɔre akwanhyia ase.
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
Na Papa Ntensere srɛsrɛ ade wɔ Nyamebɛkyerɛ. Bere biara a ɔbɛkɔ akɔsrɛsrɛ ade no, na ɔto saa dwom yi, "Sɛ woyɛ papa a, woyɛ fa. Woyɛ bɔne a, woyɛ fa." Esiane ne dwom no nti, na nnipa pii pɛ n'asɛm wɔ kurom hɔ. Nea nti a wɔpɛ n'asɛm bio ne sɛ, sɛ obi kyɛ no biribi a ɔka sɛ, "Meda wo ase" mpɛn pii. Na nnipa no bi ma no sika ɛnna ebinom nso ma no aduan.
Na Maame Akua ne ne mma baanu te Nyamebɛkyerɛ. Maame Akua ampɛ Papa Ntensere asɛm da, enti bere biara a Maame Akua bɛhu no no, na odidi no atɛm. Maame Akua bɛtanɛɛ Papa Ntensere ara kosii sɛ ɔyɛɛ n'adwen sɛ ɔbɛma no awuduru ayi no afi hɔ.
Da koro bi, ɔde awuduru guu burodo mu de maa Papa Ntensere. Saa da yi, ɔtoo ne dwom no mpɛn pii. Na ɔdaa Maame Akua ase wɔ akyɛde a ɔde ama no no. Ɛwom ara no, Papa Ntensere ho fonoo no ma ɔde atennidi pamoo no.
Ɔfii Maame Akua ho a ɔgu so rekyinkyin no, ɔkɔhyiaa Maame Akua mma baanu a na wɔapon sukuu rekɔ fie. Na dwom no twee mmofra no baa ne nkyɛn maa wɔde wɔn ho gyee dwomto no mu. Papa Ntensere de burodo no kyɛɛ mmofra no.
Mmofra no duu fie no, anigye enti woamfa wɔn baage anto ho mpo na wɔbɔɔ wɔn maame amanneɛ wɔ akyɛde a Papa Ntensere de ama wɔn no. Maame Akua yam hyɛɛ no yiye. Ɔbisaa wɔn sɛ, "Burodo no wɔ he?" Bere a mmofra no de maa no no, ɔde pue kɔɔ abonten. Ɔresan aba no, na ɔresu a ɔnkita burodo no. Wanyi nsɛm a ne mma no bisaa no no mu biako mpo ano.
(a)
Ɛhefa na na Papa Ntensere te?
(b)
Adɛn nti na na nnipa pii pɛ Papa Ntensere asɛm?
(c)
Dɛn na na nkurofo de ma Papa Ntensere?
(d)
Dɛn na Maame Akua de guu burodo no mu de maa Papa Ntensere?
(e)
Kyerɛ saa asɛm yi ase senea ɛte wɔ ayesɛm no mu: Ne ho fonoo no.
(f)
Dɛn nti na Maame Akua mma no de wɔn ho kɔgyee dwomto no mu?
(g)
Dɛn nti na bere a Maame Akua tee sɛ Papa Ntensere ama ne mma no burodo no, ne yam hyɛɛ no?
(h)
Wugye di sɛ Maame Akua yɛɛ burodo a ɔde kɔɔ abonten no dɛn?
(i)
Wususu sɛ asɛm bɛn na mmofra no bebisaa wɔn maame?
(j)
Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to ayesɛm no din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
(a)
Mmofra no kɔ sukuu
(b)
Hu ade no wura seesei ara
(c)
Abeawa no redi Kwadu
(d)
Mmarima no serewee ɔkɔwensani no
(e)
So wobɛsrɛ Otemmuafo no anaa
Kyerɛw edinnsiananmu a ɛwɔ ɔkasamu ahorow a edidi so yi biara mu.
(f)
Amma maa wɔn aduan ne nsu
(g)
Ma yɛn bere
(h)
Ɔkorɔmfo no huu me wɔ sum no mu
(i)
Akua pɛ w'asɛm
(j)
Ɔkyerɛkyerɛfo kyerɛɛ no ade yiye
Kyerɛw ɔkasamu ahorow yi biara bio, na fa akyerɛw mu agyiraehyede a ɛfata ma ɛnwie pɛyɛ
(k)
Wɔkɔɔ fie nnɛra
(l)
Anwanwasɛm ni
(m)
Yɛkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Samsam
(n)
Yedidii nomee ɛnna yɛsa wɔ apotoo no ase.
(o)
Kwame kaa se metumi akum nwansena na ɛnyɛ ɔwɔ
a nkabomde a ɛfata wie ɔkasamu a edidi so yi:
(p)
Mihuu Kofi ...... Amma wɔ fie.
(q)
Yɛkɔɔ ho ...... yɛanhu obiara
(r)
Onni ha ...... ɔyare
(s)
Wopɛ amango ...... borɔfere?
(t)
Nnomaa ngu biribiara ...... wɔdidi