
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
1.
Ɔbarima reware a, ɔtua sika bi ma ne yere no nua mmarimanom, wɔfrɛ saa sika yi dɛn?
Asew sika
Ti nsa
Akonta sekan
Akonta sika
2.
Nsa a edi kan pa ara a ɔbarima de kɔyi ne ho adi kyerɛ obea no abusua no wɔfrɛ no ......
Awaregye nsa.
Akonta sekan
Ɔpono-akyi-bɔ
Ti ade.
3.
Nea edidi sɔ yi nyinaa yɛ nokware wɔ Akanfo nkyia ho, gye sɛ
Sɛ obi rekɔgya ne nan a, onkyia
Sɛ obi redidi a, yɛnkyia no
Yɛkyia fi nifa so
Yɛmfa yɛn nsa benkum nkyia
4.
Ansa na aware biara bɛdi mu no, gye sɛ ɔbarima no tu obea no
Nnamfo nyinaa fo
Awofo fo
Nuanom agyina
Ti nsa.
5.
Nna dodow a eda Akwasidae ne Fodwo ntam yɛ
akron
dunum
aduonu abien
aduonu
6.
Ɔsram a edi kan afe biara mu ne ......
pɛnimma
Obenem.
Ogyefuo
Ɔpɛpɔn
7.
Da a ade rekye ma wɔadi Akwasidae yɛ .....
Mono Mene
Fɔdwo
Awukudae
Memeneda Dapaa
8.
Asram dodow ahe na yenya wɔ afirinhyia biako mu?
Dubiako
Dumien
Dunkron
Dumiensa
9.
Awunyade yɛ nneɛma a owufo no de ......
gya ne mma ne wu akyi
mane ne mma
kyɛ ne nuanom bere a ɔte ase
ma ne nkonta bere a ɔte ase
10.
Edin bɛn na yɛde ma obi a osi owufo anan mu hwɛ n'gyapade so?
Abusuapanyin
Ananmusini
Odiadefo
Ɔhwɛsofo
11.
Hena na ɛyɛ amanne sɛ odi ɔbarima ade wɔ Akanfo mu?
Ne wofaase
N'agya ne wofaase
Ne babarima
N'akonta
12.
Nsɛm a obi ka de kyekyɛ n'agyapade ansa na wawu yɛ dɛn?
Agyinae
Nsamansew
Mmara
Adanse
13.
Bere bɛn na Akanfo kyia "Afirinhyia pa"?
Buronya
Akwasidae
Afahye
Yesu amanehunu
14.
Bere bɛn na wɔma obi "akwaaba". Bere a ......
wakɔguare aba
obea awo foforo
ɔrekɔ adwuma.
ofi akwantu mu aba
15.
Sɛ obi retu kwan a wɔma no ......
due ne akwantu
mo ne akwantu
da yiye
nantew yiye
16.
Sɛ obi rekyia ɔhene na ɔkwaha ne ntama a, ɛkyerɛ dɛn?
Obu.
Onuado
Nimdeɛ
Korɔyɛ
17.
Akyemfo afahye a wodi ne dɛn?
Ohum.
Adae kɛse.
Akwammo
Aboakyere.
18.
18. Hena na ɔyan atumpan wɔ afahye ase?
Okunini
Ɔkyerɛma
Ɔbrafo
Ɛsɛn
19.
Akanfo afahye biara wɔyɛ eyi wɔ ase
wɔkum owansan
wɔnoa aburoduan
wɔgu nsa
wɔpam nsamanfo
20.
20. Aboa bɛn na Simpafo kyere de di Aboakyere afahye?
Gyata
Ɔsebɔ
Ɔtorɔm
Ɔwansan
21.
Sɛ obi de Tawia a, na odi ...... akyi
Mensa
Ataa
Badu
Nkoroma
22.
Edin yi mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kradin?
Nyakoaa
Kwabena
Agyei
Frɛmpon
23.
Edin bɛn na wɔde ma abeawa a wɔwoo no Fida?
Akua
Adwoa
Yaa
Afua
24.
Edin a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ nnapɔnna din?
Fofie
Bɛyɛɛden
Minta
Kwame
25.
Amanne bɛn na Akanfo yɛ de twe mmeawa ba mpanyin mu?
Asubo
Aware
Bragoru
Nhyira
26.
Sɛ wɔrebɛgoru abeawa bi bra a, hena na wɔdi kan kɔbɔ no amanneɛ?
Ɔhene
Abusuapanyin
Ɔhemmea
Sanaahene
27.
Sɛ wɔgu abeawa bi kyiribra a,
ɛma abeawa no nya dwetiri.
ɛma abeawa no nya kunu pa.
ɛma abeawa no ne n'abusuafo animuoyam.
ɛgu abeawa no ne n'abusuafo anim ase
28.
Sɛ Akanfo ka sɛ "abeawa bi abu ne nsa" a, na ɛkyerɛ dɛn?
Wayɛ bra
Ne nsa ayɛ tenten
Owiawia nneɛma
Ne nsa ayɛ duru
29.
Din bɛn na Akanfo de ma onipa a woawuwu dedaadaw no?
Ahotewfo
Nsamanfo
Ateasefo
Abɔfo
30.
Akanman mu sɛ obi wu a ......
wɔgu n'anom nsu.
wɔgu n'anom nsu.
wɔnso ne mu.
wɔteatea no
31.
Obi wu a abusuafo tumi de n'agyapade hyɛ ...... nsa ma ɔhwɛ so.
okunafo
ne babarima
odiadefo
n'adamfo
32.
Sɛ obi anto ne kɔn anwu a, wɔfrɛ no ......
ɔsaman
fea
obusufo
otofo
33.
Agya rekɔ no ɔgyaw me ade bi, wɔsoma no a, ɔbɛkɔ nso ɔrɛkɔ nyinaa na ɔresu. Ɛyɛ dɛn?
Ɔkraman
Frama
Lɔre
Lɛtɛ
34.
Agya rekɔ no ɔgyaw me ade bi, wɔsoma no a, ɔrenkɔ gye sɛ woapaɛ n'atifi ansa. Ɛyɛ dɛn?
Dadewa
Akoa
Lɔre
Lɛtɛ
35.
Agya rekɔ no ɔgyaw me akongua fefɛ bi sɛ mentena so, nanso saa akongua no obiara ntumi ntena so. Ɛyɛ dɛn?
Asesegua
Bemu
Borɔde
Akentengua
36.
Agya rekɔ no ɔgyaw me akoa bi, saa akoa no sɛ ɔkɔm de no a, ɔntumi nnyina ho, gye sɛ wadidi amee. Ɛyɛ dɛn?
Ɔkraman
Kotoku
Agyinamoa
Abofra
37.
Nsɛnkyerɛnne a obi a ɔredɔw afuw yɛ wɔ asaase no so ne sɛ ......
osi nkɛte.
otua asafe.
osum otimpon
osum ohwim.
38.
Sɛ wuhu sɛ abofra bi tinwi yɛ mpesempɛsɛ a ɛkyerɛ sɛ
ɔyɛ ɔkomfo
ɔyɛ Badu
ɔyɛ abosomma
ɔyɛ ɔsaman.
39.
Sɛ akyekyere ne nwaw wɔ ɔhene bi akyeampoma so a na ɛkyerɛ sɛ
ɔhene no akra boa ne nwaw ne akyekyere
ɔhene no pɛ asomdwoe
ɔhene no kyi nwaw ne akyekyere
ɔhene no pɛ nwaw ne akyekyere
40.
40. Nea edidi so yi mu nea ɛwɔ he na wuhu wɔ ɔhene bi akyeampoma so a, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ tumi sen ɔhene biara
Gyata
Ɔsebɔ
Ɔkorɛ
Ɔsono
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Kyerɛw adwuma a wopɛ sɛ woyɛ no daakye
(b)
Kyerɛw krataa kɔma w'adamfo na kyerɛ no senea wopɛ sɛ wudi afe yi buronya akwamma no.
(c)
Kyerɛw Tikyani a ɔwɔ wo sukuu mu a wopɛ n'asɛm pa ara ho asɛm.
(d)
Kyerɛw akyɛde sononko bi a wunya fii w'adamfo bi ho nnansa yi.
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
Da koro bi ayeforo bi kɔɔ ofi a ɛtoa ne de so kɔsoo gya. Bere a oduu ho no, na obiara nni fie ho ka abofra bi a ɔda kete so nko ara. Ayeforo no huu adanko bi a woahow no akɔnnɔakɔnnɔ wɔ gya no so no ɔtwaa n'ani hwɛɛ ha, hwɛɛ ha na ɔtuu adanko no srɛ biako wee. Na ɛyɛ dɛ yiye, enti ɔfaa ne srɛ biako bio de siee ne ntama mu. Afei ɔtuu gya a ɛredɛw no bi baa fi.
Bere a abofra no maame bae no, obisaa se, "Hena na wawia me nam no bi?" Na abofra no kaa nea esii nyinaa kyerɛɛ no. Ntem ara maame no kɔɔ ayeforo no fie ho kɔkaa nea esii nyinaa maa obiara tee. Wɔhyɛɛ ase bɔɔ wɔn nsam kaa se, "Ɔkorɔmfo oo! Ɔkorɔmfo oo!", de dii ayeforo no akyi. Eyi maa ayeforo no ani wui maa oguan fii fie ho kɔhyɛɛ ne ho akomfo.
Onyankopɔn tee saa awerɛhowsɛm ne nkokoa aniammɔhosɛm a wɔka ma ɛde amaneɛ brɛ wɔn maamenom no, ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔmma mmofra nkasa bere a wɔnyinii. Ɔfaa afasɛw paepae mu na ɔwerewere anim. Afei ɔde nea ɔwerewereɛ no hyɛɛ abofra no menem.
Efi saa bere no, mmofra a wɔwoo wɔn foforo no antumi ankasa bio. Bere biara a wopɛ sɛ wɔkasa no na amaman fitaa bi fi wɔn anom aba. Bere a wɔrenyin na wɔrehu nyansa no, saa amaman no so tew ma wɔhyɛɛ ase kasa nkakrankakra.
Akyiri koraa no, sɛ wɔnyin na wɔhu nyansa a, amaman no gyae koraa ma wɔtumi kasa yiye.
(a)
Adɛn nti na ayeforo no kɔɔ ofi a ɛtoa ne de so hɔ?
(b)
Na abofra no wɔ he?
(c)
Dɛn na ayeforo no kɔyɛɛ wɔ ofi a ɛbɛn no no mu?
(d)
Dɛn na esii bere a abofra no maame bae?
(e)
Adɛn na ɔbea no kaa ayeforo no nneyɛe bɔne no kyerɛɛ afoforo?
(f)
Dɛn na Onyankopɔn yɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛyɛ?
(g)
Hena na Onyankopɔn de sobo bɔɔ no pa ara?
(h)
Adwene bɛn na Onyankopɔn nya faa ayeforo no wu no ho?
(i)
Kyerɛ saa asɛmfua yi ase senea wɔde adi dwuma wɔ ayesɛm no mu: aniammɔhosɛm
(j)
Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to ayesɛm no din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
(a)
Kofi ne Ama yɛ nnamfonom.
(b)
Papa no de nhoma no maa Abena ne Kwabena.
(c)
Me ne Kofi kɔɔ gua so.
(d)
Ɔde nhoma no maa tikyani no.
(e)
Kofi nuabea no wɔ sika pa ara.
Kyerɛw nsɛmfuakuw a nsɛmfua a woasensan ase no firi mu.
(f)
Wɔn nyinaa baa ha anɔpa yi.
(g)
Ataare dedaw yi yɛ me de.
(h)
Saa mmerante yi kasa dodo.
(i)
Osukuuni biara mmra sukuu ɔkyena.
(j)
Abenaa ne Adwoa yɛɛ adwuma no yiye
Kyerɛw nsɛmfua a woasensan asee yi abirabɔ
(k)
Okuani no maa me amango kɛse bi.
(l)
Mpanyimfo bi mpɛ aduru nwenenwene.
(m)
Asikafo bebree wɔ saa ɔman yi mu.
(n)
Nnipa pii ani gye kuayɛ ho
(o)
Mmeawa no mu bi yɛ mmodemmafo.
fa nkabomde a ɛfata wie ɔkasamu a edidi so yi:
(p)
Kofi ne Amma dii aduan no nyinaa.
(q)
Ɔbaa fie hɔ nanso wanto me.
(r)
Me maame boa nkurofo efisɛ ɔwɔ sika.
(s)
Noa aduan no na di bi.
(t)
Wubedi fufuu anaa banku?