Share
BECE ghanaian language (akuapem twi) June 2020

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

1.

Sε Okanni hyia ne yɔnko anɔpa a, ɔkyia no dεn?

A.

Maaha

B.

Maadwo

C.

Maakye

D.

Kita mu

2.

Ɔbea wo a, wɔma no ......

A.

tirinkwa

B.

tirinkwa

C.

wɔaba a tεna ase

D.

dammirifua

3.

Sε obi reyε adwuma na wokɔto no a, wukyia no dεn?

A.

Due

B.

Tirinkwa

C.

Kita mu

D.

Ayikoo

4.

Wɔwɔ ɔbea Dwowda a, wɔfrε no ......

A.

Akua

B.

Adwoa

C.

Abena

D.

Yaa

5.

Abofra a ɔdi Tawia akyi de dεn?

A.

Ataa

B.

Abɔbakorokorowa

C.

Nyankamago

D.

Atuakɔsεn

6.

Din bεn na wɔde ma abofra a ɔtwa ne na mma nyinaa tɔ?

A.

Damunaa

B.

Abakan

C.

Piesie

D.

Kaakyire

7.

Wo papa nuabea yε wo dεn?

A.

Akummaa

B.

Nanabea

C.

Akonta

D.

Sεwaa

8.

Adɛn nti na ɛna nɛ ɔba yɛ abusua?

A.

Wɔbɔ abusua koro

B.

Wɔbɔ nton koro

C.

Wɔwɔ sunsum koro

D.

Wɔn adwene yɛ koro

9.

Nea edidi so yi mu nea εwɔ hena εyε akyiwade? Sε woware ......

A.

w'asew ba

B.

wo papa ba

C.

w'adamfo ba

D.

wo wafa ba

10.

Ɛyε akyiwade wɔ Akanman mu sε ...... a, wɔto dwom

A.

wuguru

B.

wɔnantew

C.

wuguare

D.

wɔsaw

11.

Wɔfrε sika a ɔmanfo de ma owufo bi abusuafo no dεn?

A.

Akyεde

B.

Nsabɔde

C.

Afɔrebɔ

D.

Abusuatɔw

12.

Nneεma a abusuafo de ma owufo kɔ asaman no ne

A.

asiede

B.

awunnyade

C.

samansew

D.

samannnuan

13.

Awaregye mu no, sika a ɔbarima de ma ne yere papa ne ......

A.

ti nsa

B.

ti ade

C.

akontasekan

D.

danta

14.

Mmea baanu ware ɔbarima baako a, wɔyε dεn?

A.

Nnamfo

B.

Anunom

C.

Nkummafo

D.

Akorafo

15.

Nneεma a edidi so yi mu nea εwɔ he na wɔde goru abeawa bi bra?

A.

Nsu, nkyene ne ɔtɔ

B.

tɔ, nkesua ne adwere

C.

Adwere, fufuu ne ntrama

D.

Nsu, adwere ne maka

16.

...... yε amanne a wɔayε ma abeawa bi a wɔangoru no bra na wanyinsεn.

A.

Kunaye

B.

Hyiregu

C.

Kyiribra

D.

Awaregye

17.

Berε bεn na Akanfo paw odiadefo?

A.

Da a onipa no awu no

B.

Wɔnom sikasa wie a

C.

Wɔayε dɔte-yi wie a

D.

Adaduanan du a

18.

Hena na ɔpaw odiadefo?

A.

Abusuapanin

B.

Ɛna

C.

Agya

D.

Anuanom

19.

Eyi nnyɛ ade a Akanfo hwɛ ho de paw ɔhene.

A.

Nyansa

B.

Obu

C.

Sika

D.

Akokoduru

20.

Ɔhene bɛn na ɔhwɛ sika so wɔ ahemfi?

A.

Gyaasehene

B.

Sannaahene

C.

Dabehene

D.

Kurontihene

21.

Hefo na wode ɔnwansan di wɔn afahye?

A.

Akuapemfo

B.

Simpafo

C.

Akyemfo

D.

Asantefo

22.

...... yɛ Ɛdenafo afahye.

A.

Bakatue

B.

Fetu

C.

Odwira

D.

Akwamba

23.

Okuafo ma yɛn mfude ɛnna ɔtomfo ma yɛn ......

A.

aburow, nkrante ne nam

B.

atonnan, asae ne nkuruma

C.

ntama, ososow ne aburow

D.

ntama, ososow ne aburow

24.

Obi reyɛ adwuma na ɔto dwom a, ......

A.

nnipa bɛte ne nka

B.

ɔbenya nnamfo

C.

ɔnte brɛ

D.

obi bɛma no ayikoo

25.

Din bɛn na Akanfo de ma nnawɔtwe asia?

A.

Adaduosia

B.

Adaduanan

C.

Nnawɔtwe

D.

Adaduasa

26.

Akanfo regu nsa a, hena na wodi kan bɔ ne din?

A.

Onyankopɔn Tweduampɔn

B.

Asaase Yaa

C.

Abosom

D.

Asuo Tano

27.

Akanfo se obi mfa adidi ne ......

A.

agoru

B.

nkurobɔ

C.

hwɛrmabɔ

D.

kasa

28.

Abofra no buu n'adamfo no bɛ sɛ: Wunim tu a, ......

A.

tu wo kwan

B.

kyekyere wo nneɛma

C.

tu wo dwen

D.

tu wo bankye

29.

Nwaw ne akyekyere wɔ bamkyinii so a, ɛkyere .......

A.

ɔko

B.

ahantan

C.

asomdwoe

D.

ahoɔden

30.

Sɛ obi rebedow asaase bi a, odi kan ......

A.

si nkɛte

B.

pae kwan

C.

bɔbɔ nnua ho

D.

saw asaase no so

31.

Agya rekɔ no, ogyaw me mmofra baanu; ɔbiako suro nsu na ɔbiako suro awia. ɛyɛ dɛn?

A.

Gyeene ne mako

B.

Ɔkɔtɔ ne apɔtorɔ

C.

Borɔde ne bayɛrɛ

D.

Nkyene ne nku

32.

Agya wɔ nam bi. Wɔde nkrante na egua, wɔde nsu na ɛnoa nanso wɔde mframa na ɛwe. Ɛyɛ dɛn?

A.

Amoakua

B.

Abebew

C.

Mmɔmkɔ

D.

Otwe

33.

Maame bi wɔ hɔ. Ɔtɔ ntama a, gye sɛ aye dedaw ansa na wafura. Ɛyɛ dɛn?

A.

Borɔde dua

B.

Kokosi dua

C.

Borɔferɛ dua

D.

Mango dua

34.

Wɔwɔ ɔbarima Dwowda a, ɔde Kwadwo. Ne mmran ne dɛn?

A.

Piesie

B.

Preko

C.

Bodua

D.

Okoto

35.

Akosua mmran ne dɛn?

A.

Obiri

B.

Baafi

C.

Dampo

D.

Badwo

36.

Akanfo bɔ obi mmran a, ɛhye onipa no ......

A.

awɛrehow

B.

anuonyam

C.

ahoyeraw

D.

abufuw

37.

Adwuma bɛn mu na wɔte dwom: Kurohinko na ɛyɛ me dɛ?

A.

Nkukunwene

B.

Ahaya

C.

Asaawatow

D.

Kentenwene

38.

Tete Akanfo adwuma yi de wɔyɛ a, wɔnto dwom wɔ mu.

A.

Adow

B.

Ahaya

C.

Ntamanwene

D.

Atono

39.

Dwom bɛn na mmofra redi abosi agoru a, wɔto?

A.

Koro, kuro, hin, hin

B.

Sii-sii-sii, sii dadako o

C.

Sansan Koroma, wɔna awu

D.

Antoakyire ee, yee, obi ba o

40.

Mmofra agoru bɛn mu na wɔka: Amuamuani ani ee! Ntetea kɔ gyaase

A.

Ahintahinta

B.

Abosi

C.

Abahye

D.

Mpempenaa

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Kyɛrew ayɛsɛm bi a n'awieei ne sɛ, .... awiei no, tikyapanyin no yɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛma osuani no akwanya foforo bio.

(b)

Wɔyɛɛ aniammɔnho kyɛreɛ wo tikyani. Kyɛrew nhoma kɔpa no kyɛw.

(c)

Kyɛrew nneɛma abiesa a ɛde wiram gyahyehyew ba na kyɛre akwan abiesa a yɛbɛfa so asiw ano.

(d)

Drɔbani bi de lore bɔɔ wo, bere a na worekɔ sukuu da bi. Kyɛre ɔkwan a saa nkwanhyia no faa so sii.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(10 Marks)

Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

2.

Adwoa nanabea kaa ayɛsɛm bi a ɛfa kurow bi a na mmofra nko ara na wɔte mu ho asɛm kyerɛɛ no. Na wɔfrɛ kurow yi Mmoframan. Na wɔwɔ wɔn ara hene, adɔkotafo, atikyafo, alɔyafo ne wɔn a wɔkɛka ho a wɔn nyinaa yɛ mmofra. Na mmofra no ara tumi yɛ wɔn kaa, ketekye, komputa ne nneɛma ahorow pii. Obiara a otuu ne nan sii kurow yi mu bɛyɛɛ onyansani.

Adwoa ka kyerɛɛ ne ho sɛ, "Sɛ metumi akɔ kurow yi mu a, medi nkonim wɔ sɔhwɛ a mekyɛrew nyinaa mu anya kwan akɔ suapɔn mu ma daakye mabɛyɛ dɔkota." Adwoa sii n'adwen pi sɛ, kyenkyen ara ɔbetu kwan akɔ Mmoframan mu ho. Nea na ehia no ara ne sɛ, ɔbedi nkonim wɔ sɔhwɛ ahorow a ɔbɛkyɛrew no mu.

Adwoa awofo nyaa no ntee sɛ nea wɔn babea no asusu sɛ ɔrebɛyɛ nɛn. Wɔnyaa no kasakyerɛ sɛ anka onnyae nanso ankɔsi aga. Na wɔnim sɛ ɛnyɛ ade a ɔbɛtumi akɔ ho efisɛ ɛsɛ sɛ ɔfa mmeae ahorow abiesa a emu biara yɛ hu

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ɔfa akuraa bi a ɔbayifo tirimɔdenfo bi a n'ani gye mmofra we ho te. Ohaw a ɛtɔ so abien ne ɔkwan a ɔbɛfa so afa Sasabonsamkrom, ɛhɔ na sasabonsam kɛse bi a nipa biara a ɔbɛfa ho, gye sɛ ɔkyere no we no te. Akuraa a ɛyɛ hu pa ara ne Mmoatiakrom. Ɛha na mmoatia a n'ani yɛ biako no te. Mmeae ahorow a ɛyɛ hu yi nyinaa ammu Adwoa aba mu efisɛ na wawe ahinam so sɛ ɔbetu ne kwan no.

Nnawɔtwe pii akyi no, Adwoa kaa sɛ, "Mepɛ sɛ mekɔ Mmoframan mu hɔ." Nea ɛte biara ayɛ sɛ owu no, nnawɔtwe a edi ho no bae ma da a Adwoa nso bɛtu kwan no bae. Eyi akyi no, obiara ante Adwoa nka bio.

(a)

Hena na ɔkaa Mmoframan mu ho asɛm kyerɛɛ Adwoa?

(b)

Kyɛrew adwumayefo baanu a wɔwɔ Mmoframan ho.

(c)

Adɛn nti na Adwoa awe ahinam so sɛ kyenkyen ara ɔbɛkɔ mmoframan mu bere a n'awofo mpo mpene so?

(d)

Adɛn nti na adwene a Adwoa fae no bɔɔ n'awofo hu?

(e)

Kyɛre kyenkyen ara ase senea wode adi dwuma wɔ akenkansem no mu.

(f)

Mmeae ahorow a wɔbobɔɔ din no mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ hu pa ara?

(g)

Dɛn na ɛto obiara ɔbetu ne nan asi Mmoframan no mu no?

(h)

Wususu sɛ dɛn na Ɛtoo Adwoa?

(i)

Adesuade bɛn na mmofra sua fii saa ayɛsɛm yi mu?

(j)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayesɛm no din.

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

(20 Marks)

Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.

3.

(a)

Adwumayefo no se, ɛsɛ sɛ wotwa akwantu no mu.

(b)

Merekɔ sukuu anɔpa no mihuu onifrani no.

(c)

Yɛasua ahu sɛ fraw twa mu wɔ nkurow bebree so.

(d)

So wobɛbɔ bɔɔlo nnɛ

(e)

Aa, nkasa saa

Sesa ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi kɔ daakye kabea mu.

(f)

Onya sika pii.

(g)

Okuani no buu nnua no nyinaa wɔ afum ho no.

(h)

Me wafa kyɛrewee me

(i)

Dɔkota no sra ayarefo Fida biara.

(j)

Drɔbafo no mfa ɔkwan no so efisɛ ɛso atutu.

Kyerɛ nsɛmfuakuo koro a nsɛmfua a wɔatwitwa asee no firi mu.

(k)

Asare bɔɔ prɛte no bere a na ɔrehohoro mu no.

(l)

Mihuu no nnera anwummere.

(m)

Wɔtoo Amma papa nkra anɔpa yi ara.

(n)

Akokora posoposo no twɛnn wɔ ɔpono no ano.

(o)

Drɔbani no kaa lore no basabasa wɔ kurow no mu.

Fa nkabomdee a ɛfata hyɛ beaeɛ a wɔagya ato ho wɔ ɔkasamu biara mu.

(p)

Okyerɛkyerɛni no kɔɔ sukuudan no mu ...... wanto obiara.

(q)

Ɔkɔm nne no ...... wannidi.

(r)

Ɔkɔɔ ayaresabea ..... na ɔyare.

(s)

Yɛ wɔ fiedwuma no wie ...... woada.

(t)

Ɔbeba nnɛ ..... ɔkyena.

Show Solution

SponsoredAdvertise