Share
BECE ghanaian language (akuapem twi) June 2022

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Yi mmuae A - D no mu biako a eye na ɛfa Akanfo nkyia, aware ne edin ho

1.

Dɛn na sɛ obi reyɛ a, wubekyia no kita mu?

A.

ɔresaw a

B.

ɛrekasa a

C.

ɔredidi a

D.

ɔrekyerɛw a

2.

Hena na Akanfo kyia no aba -a- tena ase?

A.

ɔbeatan a wawo nnawɔtwe

B.

ɔkwantuni a waba fie

C.

mmofra'a wɔrebɔ nkurow

D.

akokoaa a wɔawo no foforo

3.

Bere bɛn na Akanfo kyia yaakɔ?

A.

ayi ase

B.

ayeforo ase

C.

nhyiam ase

D.

bragoru ase

4.

Obi a ohyia onipa a onkyia no no, Akanfo bu no

A.

ɔbadwemma

B.

Ahea

C.

atetekwaa

D.

ɔkwadwofo

5.

...... yɛ Akanfo aware ahorow no mu biako.

A.

hyrewgu

B.

tammoba

C.

abam

D.

asiwa

6.

Akanfo awaregye mu no, sika ne neɛma a ɔbarima no de ma ɔbea no de

A.

tammoba

B.

ti nsa

C.

kɔkɔɔkɔ bɔ

D.

ti ade

7.

Danta a ɛwɔ awaregye nhehyɛɛ mu no hena na ogye?

A.

ɔbea no ogya

B.

asomafo no

C.

pon akyibɔfo no

D.

nkummaafo

8.

Sɛ obi de Kwabena a, ne mmran ne

A.

Atoapoma

B.

Okoto

C.

Ogyam

D.

Bodua

9.

Paw apɛntɛdin kuw fi nea edidi so yi mu

A.

Agyeman, Twum, Addo

B.

Ɔhenewa, Asabea, Takyiwa

C.

Asaaseasa, Sumina, Obimpɛ

D.

Kwadwo, Ɔdaaku, Boasiako

Yi mmuae A - D no mu biako a eye na ɛfa Akanfo nuabu, afahyɛ,ahensɛm,nten ne abusuabɔ ho

10.

Asram kuw yi mu biara kura nnafua oduasa

A.

Ɛbɔ, Ahinime, Ogyefuo

B.

Ɛbɔ, Obubuo, Ɔsannaa

C.

Ɔbɛnem, Ɔsannaa, Ɔpɛnimma

D.

Oforisuo, Ɛbɔ, Ayiwohomumɔ

11.

Akanfo nuabu mu no, Adae ahorow ahe na ɛwɔ mu?

A.

Akron

B.

abien

C.

awotwe

D.

asia

12.

Din bɛn na Akanfo de ma nnawɔtwe asia?

A.

adaduanan

B.

adaduasa

C.

adaduɔwɔtwe

D.

nuabu

13.

Dapɔnna a edi Adae biara anim no yɛ

A.

Fofie

B.

Fɔdwoɔ

C.

Dapaa

D.

Kuru mene

14.

Odwira yɛ hefo afahyɛ titiriw?

A.

Simpafo

B.

Ɛdenafo

C.

Fantefo

D.

Akuapemfo

15.

...... na wɔkyere ɔwansan animono de ne di wɔn afahyɛ

A.

Simpafo

B.

Akyemfo

C.

Asantefo

D.

Bonofo

16.

Dɛn titirw pa ara na Akanfo hwɛ ansa na wɔapaw ɔhene foforo?

A.

nea otumi kasa tumi so

B.

onipa a ɔyɛ ɔdehye kronn

C.

obi a ɔyɛ ɔkokodurufo

D.

aberantewaa a onim asaw

17.

Ahemfi nhyehyɛe mu no, hena na ɔman no sika sohwɛ ne nsa?

A.

Kurontihene

B.

Dabehene

C.

sannaahene

D.

nkwankwaahene

18.

Sɛ ɔhempɔn bi tu kwan a, ɔde n'akyi gyaw ɔhene bɛn?

A.

Soodohene

B.

Gyaasehene

C.

Ɔhemmea

D.

Kukrontihene

19.

Akanman mu no, abofra biara nya ne ntɔn fi hena hɔ?

A.

ne na

B.

n'agya

C.

ne maame papa

D.

ne maame nua

20.

Akanfo gyidi ne sɛ, ...... na ɔma ne ba mogya.

A.

ɛna

B.

agya

C.

Nanabarima

D.

sewaa

21.

Papa a ɔwoo w'agya yɛ wo dɛn wɔ w'abusua mu?

A.

Wɔfaasewa

B.

Akonta

C.

nanabarima

D.

nanabea

22.

W'abusua mu no, wo sewaa ne hena?

A.

asew bea

B.

papa nuabea

C.

ɛna nuabea

D.

nanabea

Yi mmuae A - D no mu biako a eye no ɛfa Akanfo akyiwade afahyɛ, abisae, mmɛ ne atetesɛm ho

23.

Ɛyɛ Akanfo akyiwade sɛ obi

A.

didi na ɔto dwom

B.

sɔ kanea anwummere

C.

kɔ afum anadwo

D.

nantew nyaa kɔ ahemfi

24.

Akanfo akyiwade foforo nso ne sɛ

A.

wɔbɔ nkɔmmɔ wɔ fie anɔpa

B.

wodidi a wɔwe nam

C.

wɔkɔ afum a wɔkra obi

D.

wɔpra dan mu anadwo

25.

Agya ade bi wɔ hɔ, ɔkɔm de no a, na wadan bafan butuw fam. Odidi mee pɛ na wasɔre agyina hɔ. Ɛyɛ dɛn?

A.

mpaboaa

B.

muka

C.

kontomire

D.

kotoku

26.

Agya ade bi wɔ hɔ, ɛnyɛ dɛ koraa nanso ɛka wo nsa ara pɛ wobɛtaforo. Ɛyɛ dɛn?

A.

gyabiriw

B.

akutu bun

C.

gyansrama

D.

nhyerawa

27.

Toa ɛbɛ yi so. Wuntimi w'adesoa a, wuse ......

A.

wo kahyire nye

B.

emu yɛ duru

C.

obi se soa

D.

obiara ntɔn mma wo

28.

Hwɛ wo ho yiye o, na wotu wo fo na woante a ......

A.

woguon anɔpatutuutu

B.

wokɔ anteade

C.

wɔbɔ wo aba so

D.

wofa kwatikwan

29.

Akanfo atetesɛm kyerɛ sɛ, obi de mpaboa foroo ɔbɛten bi. Eyɛ hena?

A.

Ɔkɔmfo Anɔkye

B.

Nana Pomdeɛ

C.

Ntim Gyakari

D.

Asebu Amamfi

30.

Hena na atetesɛm kyerɛ sɛ otumi wee aburow pata no?

A.

Tweneboa Kodua

B.

Ɔkɔmfo Anɔkye

C.

Ɔbosom Gyam

D.

Asebu Amanfi

31.

Aduanafo ho atetesɛm ne sɛ, wɔn na wɔ ...... baa Akanman mu

A.

amankani

B.

bese

C.

ogya

D.

oduan

Yi mmuae A - D no mu biako a eye na ɛfa Akanfo agoru,nnwama ne asɛnkyerɛnne ho

32.

Sansan koroma, wo ni awu oo! Yɛ agoru bɛn dwom?

A.

Abosi

B.

asɔba

C.

Ahintahinta

D.

antoakyiri

33.

Dwom bɛn no ɛda odi wɔ mpempenaa agoru mu?

A.

sɔre beyi wo dɔfo

B.

sii sii sii sii doda koo

C.

amuamuani ei

D.

obi ba o, obewu

34.

Wokɔ atonnon mu a, den aseɛmakuw na wubenya atɔ?

A.

ɔsosɔw, nkrante, asɔw

B.

nkate, aburow, borode

C.

peaw, safe, asɔbayerɛ

D.

hanam, atuo, atosode

35.

Ɔhempɔn bi a kwaakwaadabi si n'akyeampoma so no fi ...... Abusua mu

A.

Aduana

B.

Asona

C.

Biretuo

D.

Ɔkoɔna

36.

Akyekyere ne nwaw nsɛnkyerɛnne a ɛwɔ ɔhene bi akongua ho no kyerɛ dɛn?

A.

Patapaa

B.

Ahokyerɛ

C.

Ahayɔ ne suahu

D.

asomdwoe

37.

Akanfo nsagu nhyehyɛe ne sɛ, wodi ...... din

A.

asram

B.

ahum ne aham

C.

Onyankopɔ

D.

nsamanfa

38.

M'anansesɛm a metoe yi, sɛ ɛyɛ dɛ o, ɛnyɛ dɛ oo ...... taa ba anansesɛm ......

A.

Mfimfini

B.

mfitiase

C.

Baabiara

D.

awiei

39.

Din bɛn na Akanfoɔ de frɛ sika a ɔmani baa owufo abusua wɔ ayiyɛ mu?

A.

tow

B.

nsawa

C.

adwera

D.

ayise

40.

Bere bɛn na abusuafo paw adiadefo wu akyi

A.

adaduanan

B.

asram anan

C.

nnawɔtwe

D.

afe

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

[30 marks]

1.

Yi nea edidi so yi mu biako pɛ nsɛmfua bɛyɛ 150 kyerɛw ho asɛm.

(a)

Kyerɛw abasɛm bi ɛyɛ dɛ a woakenkan anaa woate pɛn.

(b)

Ka wo sukuu ho asɛm kyerɛw w'adamfo a ɔwɔ kurow foforo bi so.

(c)

Tikyani ne dɔkotani, hena na ne ho wɔ mfaso pa ara?

(d)

Kyerɛw krataa kɔma w'adamfo a ɔwɔ ɔman foforo bi so na ka adwuma a wopɛ sɛ woyɛ daakye kyerɛ no, ne sɛnti a wopɛ saa adwuma no.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

[10 marks]

2.

Kenkan nea edidi so yi na bua nsɛmmisa no nyinaa

Da bi, Adanko ne Akyekyere gyee wɔn ho akyinnye wɔ nea ho yɛ hare ho. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ, wobetu mmirika de ahwɛ nea ne ho yɛ hare. Wɔn nyinaa adwene hyiae wɔ baabi a wobetu mmirika no afa no ho. Wɔde mmirikatu no hyehyɛɛ so maa Adanko huruw dii kan. Bere a ohui sɛ wadi Akyekyere bewiee anim kan no, ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛda kakra wɔ dua bi ase. Ankyɛ koraa na nna faa no. Akyekyere bewiee mmirika no a na Adanko gu so reda. Adanko sɔree no, ɛyɛɛ no yaw sɛ wadi nkogu wɔ mmirikatu no mu.

Adanko san frɛɛ Akyekyere sɛ ɔmma wɔntu mmirika no bio. Saa bere no de, wannye ne ho anni pii, na otuu mmirika no ma ɔtwee Akyekyere mu akwansin bebree de dii nkonim.

Akyekyere dwene ho hui sɛ, ɛnyɛ ade a obetumi adi Adanko so nkonim wɔ saa kwan no so bio. Ɔno nso ne Adanko san hyehyɛɛ mmirikatu no bio. Ɛno de wɔfaa ɔkwan foforo so. Na nsu bi da ɔkwan no mu. Ankyɛ na Adanko duu hɔ. Adanko gyinaa nsu no ano kosii sɛ Akyekyere bɛtoo no, guoree nsu no dii nkonim. Adanko wɔ nan bi o ɛwoware a Akyekyere nso nni bi, nanso Akyekyere wɔ biribi sononko.

Nnawɔtwe akyi no, ɛkɔbaa sɛ Akyekyere ne Adanko fa saa kwan no ara so kɔ ayeforohyia bi. Wɔn baanu no nyinaa hui sɛ obiara wɔ biribi a ne yɔnko nni, enti, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛboa wɔn ho wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedu nea wɔreku no ntɛm. Wofii akwantu no ase a na Akyekyere hyɛ Adanko akyi. Woduu nsu no ano no, Akyekyere nso faa Adanko hyɛɛ n'akyi ma wɔde twaa nsu no wiei. Afei wosuae sɛ, nkabom adeyɛ ye sen ankorɛankorɛ adeyɛ.

(a)

Hena na odii nkonim wɔ mmirikatu akansi a edi kan no mu?

(b)

Wannye ne ho anni pii ase kyerɛ dɛn wɔ akenkansɛm no mu?

(c)

Mpɛn ahe na Adanko ne Akyekyere sii mmirikatu akan no?

(d)

Mpɛn ahe na Adanko dii nkogu wɔ akansi no mu?

(e)

Dɛn na Akyekyere wɔ a Adanko nni?

(f)

Nsonsonoe bɛn na ɛda akwan abien a wotuu mmirika faa so no mu?

(g)

Asuade bɛn na wodwene sɛ Adanko nyae wɔ mmirikatu akansi no mu?

(h)

Adanko wɔ nan bi a ɛwoware a Akyekyere nni bi ase kyerɛ dɛn wɔ akenkansɛm no mu?

(i)

Adesuade biako bɛn na wunya fii ayɛsɛm no mu?

(j)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to ayɛsɛm yi din.

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

[20 marks]

3.

Bua nsɛmmisa a edidi so yi nyinaa.

kyerɛw nsɛmfuakuw a nsɛmfua a wɔasensan ase no fi mu.

(a)

Yɛn sukuu no wɔ kurow no mu.

(b)

Nafuw no wɔ bonhwa donkodonko bi mu.

(c)

Mmofra no huu wɔn papa.

(d)

Mmoa no huu yɛn guanee.

(e)

Nnɛ mesɔree ntɛm.

Kyerɛw edin ahorow a ɛwowɔ ɔkasamu a edidi so yi mu biara mu.

(f)

Yɛankɔ sukuu ntɛm.

(g)

Ɛnanom pii yam ye.

(h)

Ɛhyew danne nso.

(i)

Amango wɔ hɔ.

(j)

Me maame daa yiye.

Fa ɔkasamu a edidi so yi kɔ dabi anaa ngoo kabea mu.

(k)

Bra ha!

(l)

Ɛsɛ sɛ yehu dɔkota no seesei ara.

(m)

Wɔadidi awie.

(n)

Yebedi nkonim.

(o)

Me papa maa me sika.

Kyerɛw ɔkasamu ahorow yi biara bio, na fa akyerɛw mu agyiraehyɛde a ɛfata ma emu biara ma enwie pɛyɛ.

(p)

Bere bɛn na mehu wo bio

(q)

Wodidii tow nnwom na wɔsawee.

(r)

Yenim sɛ yɛremma.

(s)

Sɔre

(t)

Tikyani no kae se, Merennye ntom.

Show Solution

SponsoredAdvertise