Share
BECE ghanaian language (asante twi) April 1996

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.

Kyere dwuma a asemfua a woasan asee no redi wo kasamu a edidi soo yi biara mu.

1.

Okuafoo no buu nnua nnora.

A.

Adeye

B.

Nkyerekyeremu

C.

Okyerɛfoo

D.

Edinnsiananmu

2.

Woakyekyere nnooma no kuntann.

A.

Okyerefoo

B.

Edin

C.

Adeye

D.

Edinnsiananmu

3.

Kraman bi da dua kusuu no ase

A.

Edin

B.

Adeye

C.

Nkyerekyeremu

D.

Okyerefoo

4.

Fa sika no to adaka no mu

A.

Edin

B.

Okyerefoo

C.

Nkyerekyeremu

D.

Edinnsiananmu

5.

Opanin no tɔɔ ntoma mono maa ne ba.

A.

Nkyerekyeremu

B.

Adeye

C.

Edin

D.

Nkabomde

6.

Me nyemmoa no ase adore afe yi.

A.

afonfon

B.

adooso

C.

ahye

D.

anyinyini

7.

Okwan foforo a wɔapae no mu tre.

A.

bae

B.

moa

C.

sua

D.

kyere

8.

Ne maame awu, enti predi awershɔɔ.

A.

nkommo

B.

afoofi

C.

yea

D.

ahurisie

9.

Ababaawa no anyini fefεεξε

A.

Aberewa

B.

Abaayewa

C.

Obaa

D.

Abasiriwa

10.

Obiara mpe n'asem, efiri se ope ntokwa

A.

ko

B.

akasakasa

C.

nsekuro

D.

atennidie

11.

Kofi ...... sukuu ɔkyena efiri se ɔyare.

A.

kɔ

B.

bɛkɔ

C.

renko

D.

nkɔ

12.

Agya bɔfoɔ ...... otwe anɔpa yi

A.

kum

B.

kumm

C.

kumie

D.

kuum

13.

Se mmofra no ba fie a, ...... wɔn aso.

A.

yeretwe

B.

yerebetwe

C.

yebetwe

D.

yɛtwee

14.

Mmofra a ades taa ....... di nkonim

A.

ɔsua

B.

wosua

C.

esua

D.

ɔresua

15.

Asem to no a .......

A.

worenkasa

B.

wonkasa

C.

onkasa

D.

onkasae

16.

Okyerema Nyanno nim twene ...... pa ara

A.

nyam

B.

yam

C.

yɛn

D.

bɔ

17.

Otomfoo no ...... asɔ wɔ ne tonsuo mu

A.

pam

B.

ɔpu

C.

yɛ

D.

bɔ

18.

Okraman hu okoromfoo a, ...... so dendeenden.

A.

ɔbɔ

B.

opu

C.

ɔsu

D.

ɔhi

19.

Abɛ bere wɔ ne dua so a, okuafoo ...... de yɛ nkwan.

A.

nu

B.

woso

C.

twa

D.

to

20.

Fa sekan no ....... mankani si gya so

A.

dwa

B.

dwo

C.

sensene

D.

hwane

21.

Okanni wo abakan a, n'agya de no to ......

A.

ne na

B.

n'agya

C.

ne nana

D.

n'adamfo

22.

Kane no se wɔwo abofra, na odi ...... a, na woto ne din.

A.

dapen

B.

adaduanan

C.

bosome

D.

afe

23.

Se agya bi reto ne ba din a, ɔma no ......

A.

danta

B.

duku

C.

funumatoma

D.

nwentoma

24.

Kofi Fosu yɛ obarima din; wɔbɛfrɛ obaa no ......

A.

Afua Fosua

B.

Afua Fosu

C.

Afua Fosubaa

D.

Afua Fosumaa

25.

Abofra a ɔto nta so mmienu yɛ ......

A.

Tawia

B.

Nyankomago

C.

Atuakɔsen

D.

Obiwom

26.

Adwumayɛfoo yi mu no, deɛ ne ba tumi di n'ades ne .......

A.

okuafoo

B.

ahenkwaa

C.

kapenta

D.

okyerema

27.

Yeinom mu deɛ ɔsenfoo mfa nyɛ adwuma ne ......

A.

sekan

B.

akuma

C.

sɔsɔ

D.

sofi

28.

Obɔfoo yɛɛ krado de ...... bɔɔ n'asene kɔɔ ahayo.

A.

apiretwaa

B.

tuo

C.

kanea

D.

bɔha

29.

Se odunsinni rebɛyɛ ɔyarefoo aduro a, ɔdi kan gye no ......

A.

ntoasee

B.

aseda

C.

mpata

D.

edwera

30.

Okyeame reyi apaee a, ɔdi kan frɛ ......

A.

nsamanfoo

B.

Asaase Yaa

C.

Onyankopɔn

D.

ateasefoo

31.

Wosoma ...... a, ɔnkɔ, nanso worekɔ a, na ɔdi w'akyi

A.

abofra

B.

onipa

C.

sunsum

D.

ɔsaman

32.

Ogya nyɛ ...... ɔnyɛ nwono, nanso ɛka wo nsa a, na woatafere.

A.

dɛn

B.

dɛ

C.

hu

D.

fɛ

33.

Mmukyia yɛ akomfo baasa; se ɔbaako nni ho a ......

A.

wɔnsɔ

B.

wonsa

C.

wonkwa

D.

wonkom

34.

Ɛpo wɔ ho yi, enni nsa, nni ...... nanso ɔpra n'aboboano daa.

A.

ano

B.

ti

C.

nan

D.

aso

35.

Kokurobetie nyɛ ...... nso wɔkɔfa ba a, ɔno na ɔdi bi kane.

A.

somakoro

B.

abofra

C.

oboafoo

D.

odeyɛfoo

36.

Obaa bi kunu nuabaa yɛ ......

A.

ne sewaa

B.

ne nuabaa

C.

ne kora

D.

n'akuma

37.

Wɔ papa nuabaa yɛ wo ......

A.

nana

B.

sewaa

C.

wofaase

D.

nua

38.

Obaa bi de ne ba kɔware obarima foforo a, abofra no yɛ obarima no ......

A.

nana

B.

sewaa

C.

abanoma

D.

nua

39.

Wo maame nuabaa yɛ wo .......

A.

ba

B.

nua

C.

sewaa

D.

maame

40.

Wɔ papa wofa yɛ wo ......

A.

nanankansoa

B.

nana

C.

ase

D.

yonko

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Ka w'adamfo bi a wope n'asem pa ara ho asem. Kyere senti a wope w'adamfo no asem.

(b)

Kyere nsuo ho mfasoo a wonim nyinaa.

(c)

Ka abasem bi a n'awieee ye "............. "Ou! Awurade, hu mmofra nyinaa mmobo!"

(d)

Wo sukuu ne sukuu afoforo bi rekosi akan wo nnwontoo ne amammere ho. Twere krataa koma w'adamfo se ommehwe akansie no bi.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(20 Marks)

Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa

2.

Mmere bi na nkwaakwaadabi te won kurom. Saa ara nso na na mpatuo nso te won kurom baabi. Mmom na woye atamfo.

Nkwaakwaadabi no hunuu se mpatuo no redɔɔso dodo. Enti wohyia dwenee okwan a wobefa so akunkum won mu bi ho.

Kwaakwaadabi a wofre no Nyansa maa ne nkurofoo tutuu ne ho ntakra bebree maa ne ho γεɛ tan.

Nyansa koo mpatuo ho kodii atoro. Ose: "Me ara me nuanom mpe m'asem, enti mo ne me ntena". Yei maa mpatuo no mu kyɛɛ mmienu wo asem yi ho. Won mu baako a wofre no Badwemma boo won koko. One n'ahokafo kakra tu firii kurom ho.

Oko no akyiri no, Badwemma sane besee ne nkurofoo se: "Nkwaakwaadabi ye kwaakwaadabi".

(a)

Aden nti na nkwaakwaadabi no hyiaee?

(b)

Hwan na okɔkaa mpatuo no ahintaasem kyerɛɛ nkwaakwaadabi no?

(c)

Kyere saa kasakoa yi ase: bɔɔ won koko

(d)

Wogye di se edeen na emaa Badwemma ne n'ahokafoo no tu firii mpatuo kurom ho?.

(e)

Fa nsemfua a emmoro nson to ayesem yi din.

Show Solution

Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.

3.

Konkonsa Dwammasa Woantumi ne me anko 'sa Me ne wo nyinaa atu 'sa Na woadwane agya me sa.

Konkonsa Dwammasa Woantumi ne me anka ntam. Me ne wo nyinaa aka ntam. Na woagya me adade ntam

Konkonsa Dwammasa Woantumi ne me anni asie Me ne wo nyinaa aka ntam. Na woama m'adane esie.

Konkonsa Dwammasa Woantomi ne me anni dwa Me ne wo ahye dwa Na wo nko ara woasi w'adwa

Konkonsa Dwammasa Woantumi ne me anko 'ka Me ne wo nyinaa akofa 'ka Na woama me nko afa 'ka.

(a)

Nnipa baahe na wotuu osa no?

(b)

Bobo nnwuma ahodoo rian a konkonsani no ne ɔtwerɛfoo no yoee.

(c)

Kyere saa kasakoa yi ase: Woantumi ne me anko 'ka.

(d)

.Kyere ohaw a nkonkonsa de ba onipa soo.

(e)

To answønsem yi din tiawa.

Show Solution

SponsoredAdvertise