
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Akanfoɔ reto akwadaa din a, wode ...... na ka akwadaa no ano.
sika ne nsa
nsa ne aduane
aduhuam ne sika
nsuo ne nsa
2.
Tawia yɛ din a yɛde ma akwadaa a odi ......
Ntafoɔ akyi
Nyankomago akyi
Piesie akyi
Konto akyi
3.
Akwadaa a odi Tawia akyi no Akanfoɔ fre no .....
Ataa
Anane
Nyankomago
Atuakosan
4.
Obarima reware a, otua sika bi ma ne yere nua mmarimanom wofre saa Sika no ......
akontagye sekan
asew sika
tirinsa
tiri ade
5.
Nsa a edi kan pa ara a obarima de koyi ne ho adi kyere obaa no abusuafoo no wofre no .....
tire adeɛ
ɛpono -akyi-bɔ
awaregyeɛ
ankontagye-sekan.
6.
Mpanimfoo regu aware a, woma awarefoo no mu biara ......
ko afuom ansa
ma ne nua kasa
kototo n'adaka mu ansa
bɔ ne nkuro ansa.
7.
Hyire a akumaa de sra obaa a wogyae awaree abasa soɔ no kyere se awaree no .......
agu koraa
mu aye den
aso yie
adi mu
8.
Obi wu gya ne hokafoo a, wofre deɛ ote asee no ......
osigyani
okunafoo
oteasefoo
awisiaa
9.
Awunyadeɛ yɛ nnoɔma a owufoɔ no de ......
mane ne mma
kyɛ ne nuanom bere a ote asee
gya ne mma wo ne wuo akyi
toto nsase ansa na wawu.
10.
"Agya bi wu a, agya bi te ase". Yetaa te saa bɛ yi wo ......
ayefohyia ase
awaregyeɛ ase
abadintoɔ ase
ayie ase
11.
Yi nnoɔmakuo yi mu baako a ɔbɔfoɔ de kɔ ahayo.
Etuo, apampaa, tosa
Apiretwaa, atuduro, apampaa
Apiretwaa, atuduro, etuo
Apiretwaa, etuo, apampaa.
12.
Nnoɔmakuo yi na yenya firi akuafoɔ afuom?
Bankye, borɔdeɛ, mako
Nsoso, nkrante, nso
Kotokoro, kete, nkrante
Nkwan, hanam, aburoo.
13.
Wɔkɔ sikadwumfoɔ adwuma mu a, wobɛnya ...... atɔ
sɔso ne dadefidie
asesedwa ne kenten
adaka ne pono
mpetea ne asomuadeɛ.
14.
Otomfoɔ yɛ n'adwuma wɔ atonnan mu na ɔbɔfoɔ yɛ ne deɛ wɔ ......
kwankyen
wuram
pato mu
mfikyire
15.
ɛyɛ Akanfoɔ akyiwadeɛ se obi redware a, .....
ɔkra n'adamfo wɔ fie
ɔto dwom wɔ adwareɛ ho
. ɔde samina to bamma so
ɔde ntoma sɛn adwareɛ no anim
16.
Deɛ edidi soo yi mu baako yɛ Akanfo akyiwadeɛ
Yɛrekɔ ahemfie a, yenkra obiara
Yɛrekɔ afuom a, yɛnsoa nnoɔma
Yɛrekɔ baabi so a, yɛnkyea
Yɛrewura obi fie a, yɛbɔ agoo.
17.
Akanfoɔ mpe ntanka koraa, efiri sɛ ......
anigyeɛ ba asetena mu
basabasa ne ɔhaw ba
ahurisie ne nkɔsoo ba
nyansa ne tumi ba.
18.
Akwasideɛ tɔ ...... biara.
adaduanan
adaduowɔtwe
adaduonu
adaduasa
19.
Da a edi Adɛɛ biara anim no yɛ ......
Akwasideɛ
Fofie
Dapaa
Fodwoɔ
20.
Bosome a ɛtɔ so nan wɔ afe mu ne ......
Obenem
Opɛnimaa
ɛbɔ
Oforisuo
21.
Abosome yi mu baako kura nnafua aduasa.
Opɛnimaa
Oforisuo
Osannaa
Opɛpɔn
22.
Hyehye abosome yi nnidisoɔ nnidisoɔ.
Obubuo, ɛbɔ, Opɛpɔn
Opɛnimaa, Ogyefuo, ɛbɔ
Osannaa, ɛbɔ, Ahinime
Oforisuo, Obubuo, Opɛpɔn
23.
Tete aduane titire a afahyɛ mu Akanfoɔ de ma nsamanfoɔ ne ......
ampesie
ɛtɔ
fufuo
mpampa
24.
Akuapemfoɔ twa Odwira ɛnna Akyemfoɔ nso di ......
Adeɛkɛsee
Akwammo
Ohum
Aboakyere
25.
Adeɛkɛsee yɛ ...... afahyɛ.
Akwamufoɔ
Akwammo
Akyemfoɔ
Asantefoɔ
26.
Mmoa yi mu baako yɛ Omanhene bi agyiraehyɛdeɛ
Akranteɛ
Pɔmpɔnini
Kusie
Esono
27.
Asona abusua nsenkyerɛnne ne ......
ɛkoɔ
Kwaakwaadabi
ɔkraman
Asee
28.
Okanni ba a woatete n'anim akam pii no yɛ
Ataa
Donkɔ
Piesie
Tawia
29.
Obi a wadi nkonim no bɔ .......
hire
ntwoma
gyabidie
anwea
30.
Dua a Akanfoɔ taa de tɔ hyeɛ pa ara ne .....
babadua
ntomme
odum
wawa
31.
Mpanin se: Wo ni wu a. .......
na wo papa wɔ ho
na w'abusua asa
w'adamfo te ase
wonya anuanom
32.
Toa ɛbɛ yi so: Wopɛ agorɔ a .......
wosoa twene
wotɔ nnoɔma
wosa dodo
wototo wo nsa
33.
ɛyɛ a mpanimfoɔ taa ka se: Seantie ne ......
wansane akyi sakoo
ɔforɔmɔ anim kusuu
ɔnwam atiko pɔ
akyenkyena ano feaa
34.
Tete no na akanfoɔ taa to anansesɛm ......
anɔpatutuutu
awia ketekete
anadwofa
anɔpawia
35.
Anansesɛm mu nnwom kuo no mu baako ne ......
m'anansesɛm yi, sɛ ɛyɛ dɛ o, sɛ ɛnyɛ dɛ o
mmoguo
abra abra o
yɛsesa soa wɔ
36.
Yɛreto anansesɛm a Ananse mmrane ne .......
Akuamoa
Oberempɔm
Ntontan
Okokuroko
37.
Mpempenaa dwom a nkwadaa taa toɔ no bi ne ......
Sansan koroma wo ni awu o
Sii, sii, sii, daa-daa-kɔ
Adonko fa me kɔ o!
kurohinkro
38.
"Sisi mo, tabono mo" yɛ dwom .....
apofofoɔ
akuafoɔ
nankwaasefoɔ
atomfoɔ
39.
"Kurohinko, kurohinko na ɛyɛ me dɛ o" yɛ dwom ......
akuafoɔ
apofoɔ
abɔmmofoɔ
kentenwenefoɔ
40.
Mmofra agorɔ bɛn mu na wɔto dwom yi: "Asoba-yere Kantinka asobayere?"
Mpempenaa
Anansesem
Atoakyire
Tumatu
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Da bi wokɔɔ dwam. Twerɛ asɛm bi a ɛsii wɔ da no.
(b)
Twerɛ kuadwuma ho mfasoɔ a wonim
(c)
Ɛdwoada bi woakɔ sukuu. Twerɛ krataa kɔma wo tikya na kyerɛ no sɛnti a, woanka sukuu.
(d)
Anansesɛm bi a mate pɛn.
PART II
COMPREHENSION
(20 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Da koro bi na akɔkɔ rehwɛte apɛ aduane wɔ dua bi ase. Mpofirem na aduaba kɛseɛ bi te firi dua no so bɛhwɛe fam timm!. Ɛnna Akɔkɔ teaam sɛ, "A! Osoro rebate ahwɛ! Ɛsɛ sɛ mekɔyi Nana asotire".
Ɔrekɔ no, ɔkɔhyiaa Dabodabo. Dabodabo: Akɔkɔ, ɛhe na worekɔrɔ? Akɔkɔ: Osoro rete abɛhwɛ fam. Merekɔbɔ Nana amanneɛ. Dabodabo: Ɛnneɛ, memma yɛnkɔ? Akɔkɔ: Aane
Enti wɔn baanu no bɔɔ anan kɔee. Ankyɛre koraa na wɔhyiaa Kurokurokoko. Kurokurokoko bisaa wɔn sɛ, "Anuanom, ɛhe na morekɔrɔ?
Akɔkɔ ne Dabodabo buae sɛ, "Osoro rete ahwɛ, na yerekɔbɔ Nana amanneɛ." Kurokurokoko kaa sɛ, mɛnkɔgya mo anaa? Ɛnna Akɔkɔ ne Dabodabo sɛ, "Aane, ma yɛnkɔ" Enti wɔn nyinaa siim kɔee.
(a)
Adɛn nti na na Akɔkɔ rehwɛte dua no ase?
(b)
Ɛyɛɛ dɛn na Kurokurokoko tee sɛ osoro rete ahwɛ?
(c)
Kyerɛ saaa kasakoa yi ase: mekɔyi Nana asotire.
(d)
Adɛn nti na na Akɔkɔ pɛ sɛ ɔkɔbɔ Nana amanneɛ?
(e)
To ayesɛm yi din.
Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.
Nnwansono nkwan ne borɔdeɛ fufuo, adwene nkwan ne mankani fufuo. Wodi nso a, wɔnkae yɛn, nanso yɛnka hwee, yɛbɛnyin abɛtɔ. Wadi nso a, wɔnnya yɛn mu, nanso yɛnka hwee, yɛbɛnyin abɛtɔ.
Abunabunu ne mankani fufuo, aduane a mmofra su ho nie. Wodi nso a, wɔntwɛn yɛn, yɛbɛnyin abɛtɔ.
Akɔkɔ nkwan ne bayɛre fufuo, aduane a mmofra hwehwɛ nie. Atɛgɔ baasuo a mmofra pɛ nie, aduane a mmofra ani wɔm nie.
Wodi nso a, wɔnnya yɛn bi, nanso yɛnka hwee, yɛbɛnyin abɛtɔ.
(a)
Ɛdeɛn ne mmofra anidasoɔ?
(b)
Aduane bɛn na wodi a, wɔnkae mmofra?
(c)
Adwene bɛn na mmofra anya no wɔ mpanimfoɔ ho?
(d)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase: ani wɔm.
(e)
To saa anwonsem yi din.