
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Kofi mmrane de ......
Bodua
Ogyam
Okyini
Preko
2.
Edin a wode fre Ataa akyiri mma mmienu ne ......
Atuakosem
Bobakorowa
Nyankomago
Tawia
3.
Nsa ne nsuo a wode so abofra tɛkyerema so wo abadintoo mu no kyere se ......
adidie adi
adwene adi
kasapa adi
nokoradie
4.
. Mpanyinfoo se, obirekuo su anadwo a eye ......
mmusuo
nnaadaa
ohia
owuo
5.
Yeka ntam de kae ......
Awer3ho
Nkabom
Nkosoo
Ohia
6.
Enye se ohene ......
didi wo badwam
kasa wo badwam
nante wo badwam
sa wo badwam
7.
Ani-hunu-nsa din foforo ne ......
anobuensa
epono-akyibo
tire-adee
tire-nsa
8.
Se Okanni ware ne nua a, woadi ......
abene
mogyafra
nsawosoo
ntwo
9.
Dee ese se owe gyaenam ne ......
abusuapanin
kunu
mmofra
oyere
10.
Awarefoo gyae awaree na wosan kabom a, wofre no ......
adabum
awareta
hyiretoa
sankofa
11.
Obi di adee na oware owufo no yere a, na obaa no yε ......
abusuayere
kunayere
nsamanyere
owufoyere
12.
Se obi di adeɛ a, yeka se .....
w'afa ne tuo
w'afom n'agyadee
w'apra n'akyi
w'ato no boכ
13.
Abusua de owufuo agyapades hyɛ obusuani bi nsa a, otumi ......
de boa abusua no nkosoo
de kya
de si ne ka ano
ton
14.
Apoɔ ye afahye bi a wohye no wo ......
Akyem
Asante
Bono
Kwawu
15.
Kumawufoo redi Papa afahye a, aboa a wokum no ne ......
abirekyire
nantwie
ponko
owansane
16.
Wotwa Odwira wo ......
Akanman mu
Anwonaman mu
Dagombaman mu
Nkranman mu.
17.
Obofoo kum mmoa, odwa na ɔhɔ wo ......
adie
adukuro mu
dua ase
nan so
18.
Obofoo bi kum obɔpon a, na wakum aboa bi te se ......
adowa
apese
osono
odabo
19.
Ansa na okuafoo biara befua bayerɛ no, odi kan ......
bo adwaa
bo kofie
siri ban
yi eka.
20.
Yefre obetwani nsa dəkədəkɔ a edi kan no ......
mmorosa
ntunkum
odae
sɔsɔɔ
21.
Yetu Dapaa ansa na yeadi ......
Adεε
Fofie
Fodwoo
Kwabena
22.
Adaduanan mu yewɔ Adee ahodoo ......
anum
anan
mmiensa
mmienu
23.
Adaduanan yɛ nnawotwe ......
mmiensa
nsia
nkron
dumienu
24.
Dabone din foforo ne ......
afoofie da
akomfoo da
bosonna
daponna
25.
Wowo obarima bi da a edi Awukudes anim a, wotumi fre no ......
Kwabena Dapaa
kwaku Adεε
Kwame Dapaa
Kwasi Adεε
26.
Kontomponi se, one wo bɛforo dua a, ......
ma no mfa wo nhye n'akyi
ma no mforo wo bokɔɔ
ma no nni kan
ma no nni nse
27.
Woforo dua pa a na ......
woboa woo
wopagya woo
wopia woo
wosoa woo
28.
Deɛ ode ahwede3 baa fie no, na ode ......
anigyeɛ baeɛ
nnokonnɔkowadee bae
ntokwa baee
nwansena bae
29.
Ohene kyiniie a osono si soo kyere ......
abotere
ahobrease3
edom
tumi
30.
Asakyiri abusua akraboa ne .......
aponkyerene
kwaakwaadab
ορετε
osebo
31.
Wogya abofra bi mpesempese a, na ɛkyere sɛ ɔye .......
abosomma
agyanka
obayifoo
otofoo
32.
Wobisa obi asem na owoso ne ti a, ɛkyere ......
ahosερε
ahoto
dabi
nsisoo
33.
Obi ka n'anim si soo a, ɛtumi kyere ......
abufuo
ahobrease
anigyeɛ
obuo.
34.
In anansesem mu, ananse Kokroko gyina hɔ ma ......
Ananse
Osono
Ntikuma
Onyankopon.
35.
Yɛfrɛ nnipa ne mmoa a wodi dwuma wo anansesem mu se ......
Anansesɛm mma
Anansesem nananom
Anansesɛm nnamfo
Anansesem nuanom
36.
Anansesem wo nkyekyomu anaase afaafa ahodoo ......
num
nan
mmiensa
mmienu
37.
Agora a edidi soɔ yi nyinaa ye dee mmaa ne mmarima nyinaa tumi die, gye sɛv.....
abahye
ntesie
oware
pempenaa
38.
Mmaa rebo ampe a, ......
wobo adomma
wobo asom
wobo donno
wobo nsam
39.
Mfasoo baako a ɛwɔ adwuma mu nwom ho ne se .....
Ede aniha ba
Ema abasamtuo
ema nkanyan
Esensene adwuma no.
40.
Abofodwom ye dwom bi a, efa ......
abɛtwa ho
ahayo
anwene
kuadwuma ho.
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Ka akwanhyia bi a wohunu no nnansa yi ho asem.
(b)
Twere krataa koma w'adamfo na kyere no dwuma a wodi no Memerieda biara.
(c)
Twere ayesem bi a n'awieɛ γε "M'awofoo ani gyee yie."
(d)
Adwuma a mepe se meye daakye. Kyere senti a wope se woye saa adwuma
PART II
COMPREHENSION
(20 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Bere a opanin Gyebi tee se ne mma num no rekasakasa no, ne were hoe. Mfitiasee no, ɔρεε se anka ohwe won nanso ogyaeee. Opanin Gyebi free ne mma baanum no nyinaa. Ofree Kusi a oyɛ opiesie no, omaa no kotuu mpraeedua mum bae. Omaa no kyekyere mpraeadua no nyinaa boo mu. Afei ogyee mpraeɛdua a woakyekyere no kutae. Okaa se "Obiara mmegye saa mpraeedua a woakyekyere yi na ommu mu."
Wagyes, ye ye nanso ansi aga. Afei, oyiyii mpraedua no mmaako mmaako maa obiara kutaee. Okaa se, "obiara mmu ne dua no mu". Ankye na obiara abu ne dua mu dada. Ebaa saa no, Opanin Gyebi kasa kyerɛɛ ne mma no. "Moahunu deɛ nti a moantumi ammu mpraedua no mu no? Na yɛakyekyere ne nyinaa abo mu pintin baako. Enti na emu bu ye buna. Nanso obiara yii baako no, otumi buu mu, efiri se na enye den".
Efiri saa da no rekorɔ anuanom yi anko bio.
(a)
Na Opanin Gyebi mma no ye baahe?
(b)
Mpraeedua dodoo sen na wɔka bɔɔ mu a wɔantumi ammum mu?
(c)
Kyere kasakoa yi ase, "ansi aga"
(d)
Edeen adesua na wonya firi afotusem yi mu?
(e)
Fa nsemfua a emmoro nson to saa ayesɛım yi din.
Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.
Asuso atue Ama efam adwo fomm Mmire afifi des Na Agya Akyekyedes Bra bewe wo des
Ope brane así Ama nsuwansuwa awewe Nsubonten mpo atwitwa Na Eno Kwaahewee Behwe pe ahwedes
Omununkum amunkum Ama ɛbo amene boo Ewiem aye munukumm Owia a oma hyes Bra beka yɛ hye.
Ofupe bone asi Ama nyarewa aba Afοεξοε asane aba Nana Koo Nnuro Bra beye yen nnuro
Owia akoto bio Ama sum aduru bio osrane ko sum mu yi de3 Enner Wumamenniwade, Beba abedi n'ade.
(a)
Kyere mfasoo baako a asuso de ba
(b)
Ohaw ben na opɛ de ba onipa asetenam
(c)
Bobo ewiem nsakraee mmiensa pe din.
(d)
Kyere saa kasakoa yi ase abedi na adee.
(e)
To saa anwonsem yi din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Twere adeye asemfua a ɛwɔ ɔkasamu biara mu.
(a)
Ama dii aduane no nyinaa
(b)
Kwasiada biara mmofra no
(c)
Kwame pɛ ankaa.
(d)
Okuafoo no beton ne baakye no.
(e)
Me papa rekan nwoma.
Twere asemfua a woasane ase no abirabo.
(f)
obaa no maa yen nsuonwunu.
(g)
Abarimaa no ye okokoodurufoɔ.
(h)
Nsemmisa, no ye ntiatia.
(i)
ogyaa nwoma no guu ha.
(j)
Womaa abarimaa no firii ho koee.
Twere okyerefoɔ asemfua a ɛwɔ ɔkasamu biara mu.
(k)
Kwabena nante nyaa
(l)
Odii aduane no hamham.
(m)
okasaa denneenen kyere nnipa no.
(n)
Nnora osu toe
(o)
Drobani no baa ha
Twere asemfua a ɛne de wɔasane ase no nkyereaseɛ γε ρε.
(p)
opraa dan no mu fεfεεξε.
(q)
Lore no ye foforo.
(r)
okwan no tre.
(s)
εγε me de se mahu wo nπε
(t)
Abaayewa no ware.