
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Edin a obi nya wɔ ɛda a wɔwoo no no yɛ ne ......
abodin
ahendin
kradin
din a ɛhyɛ adaka mu
2.
Edin bɛn na yɛde frɛ ntaafoo akyiri ba?
Atuakɔsan
Abam
Nyankomago
Tawia
3.
Amammere kwan so no, deɛ ɔma din ma yɛde to akwadaa no, ne akwadaa no ......
maame
nana
papa
wofa
4.
Akanfoo gyidie baako ne sɛ, woredware na woto dwom a, wo ......
maame bewu
papa bewu
sewaa bewu
wofa bewu.
5.
. ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Akanman mu sɛ obi bɔ hwirema ......
anadwo
anɔpa
anwummere
awia
6.
Ntam ho mfasoɔ baako ne sɛ ......
ɔhemmaa de kyerɛ dedua
ɔhene de suae kyerɛ ne manfoɔ
ɛma mmofra yɛ mpaninsɛm
ɛma ɔkyeame kasa pii.
7.
Obarima biara reware a, ɔbaa no mma wɔ so tumi kyɛn abusua ......
akontagyesɛkan
tammoba
tiriadeɛ
tirinsa
8.
ɔbaa bi kunu wu a, bɛrɛ a ɔtumi ware bio ne ......
abosome nsia
adaduanan
afe baako
mfeɛ mmienu
9.
Mpanimfoɔ ka nsa pantu a, wɔkyerɛ ......
akɔtoa baako
nkɔtoa mmienu
nkɔtoa mmiɛnsa
nkɔtoa anan
10.
Amammere kwan so no, awarefoɔ nnyae awaresɛ bɛrɛ a ......
wɔnnkɔɔ wɔn awofo amaneɛ
wɔmmɔɔ nkuro
wɔnntwɔ wɔn ho dua
wɔnnkɔɔ ntokwa da.
11.
Wɔkɔ wo dɔfo bi ayie a, wɔbɔ ......
hu
hyire
ka
nsaa
12.
Nhyehyɛɛ a obi yɛ fa n'agyapadeɛ kya ho ansa na wawuo, yɛ ......
nsamanfrɛ
nsamankɔ
nsamansɛɛ
nsamantoa
13.
Sɛ ɔbarima bi yɛ agyapadeɛ bi wɔ abusua asaase so a, ......
Abusua wɔ so tumi kyɛn ne yere.
mma wɔ so tumi kyɛn abusua
ɔyere ne abusua nyinaa wɔ so tumi
ɔyere wɔ so tumi kyɛn abusua
14.
Apoɔ yɛ efa bi a wɔhyɛ no wɔ Wankyi ne ......
Dommaa
Kintampo
Sunyane
Takyiman
15.
Simpafoɔ afahya titire ne ......
Aboakyerɛ
Ahoro
Odwira
Ohum
16.
Akanfoɔ rehyɛ fa biara a ......
wɔbɔ kwa
wokum nantwi
wɔtu hene
wɔdidi
17.
Adwuma titire a wɔyɛ no wɔ Bonwire ne ......
kentenwɔnɔ
Kentenwɔnɔ
nkukunwɔnɔ
nsowanwɔnɔ
18.
Wɔfrɛ wɔn a wɔdi abɔfoɔ akyi kɔ ahayɔ ......
akyidifoɔ
ataafoɔ
atɔfoɔ
ayawfoɔ
19.
Saa nnoɔma yi mu deɛ ɛwɔ hene na ɔtomfoɔ de yɛ adwuma?
Afa
Asadua
Kenten
Nsenia
20.
Wɔfrɛ dua a akuafoɔ de pɔma asɔ sɛ ......
abɔsobaa
kɔnti
kɔtɔkɔrɔ
soduro
22.
Akanfoɔ tumi frɛ Akwasideɛ sɛ ......
Fɔkwasie
Kurukwasi
Monokwasie
Nkyikwasie
23.
Nnafua sɛn na ɛwɔ ɔbosome Ɔpɛpɔn mu?
Aduonu nwɔtwe
Aduonu nkron
Aduasa
Aduasa baako
24.
Bosome a ɛto so nkron din de ......
Ɛbɔ
Obubuo
Ɔbɛnem
Ɔsannaa
25.
Sɛ Akwasideɛ duru a ......
yɛnnidi
yɛnnom nsa
yɛnsi twene ayie
yɛnyɛ ayie
26.
Abofra nnim adwareɛ a, ɛnyɛ ......
n'afuru so
n'anim
ne kɔn mu
ne nan ho
27.
Aberewa bɛdi twedɛɛ a, na efiri ......
n'akyea
n'ano
ne pɔma
ne nan ho
28.
Wɔpam ohufoɔ a, ......
n'akoma te
ɔtwe sekan
wɔnya asɛm
wɔtɔ ne barima
29.
Akyekyedeɛ si ɔhene bi kyiniiɛ so a, ɛkyerɛ ......
anigyeɛ
ankonam
asomdwoeɛ
patapaa
30.
Akɔ yɛ Agonafoɔ akraboa a ɔgyina ho ma ......
ahɔfere
ahotɛɛ
anotɛɛ
aturuturasɛm
31.
Akyekyedeɛ ne nwa nsɛnkyerɛnneɛ kyerɛ ......
ehu
asomdwoeɛ
anomde
kuayɔ
32.
Okwakuo a ɔsensɛn dubaa soɔ kyerɛ sɛ ......
dua mmu mmɔ kwakuo a ɛnoa no si
dubaa no akyere kwakuo
ɔkwakuo ani agye
wɔpɛ a, foro bra
33.
Wɔbisa obi asɛm na ɔbɔ ne tiri nkɔ a, na ɛkyerɛ sɛ ......
n'ani kum
ne wɛre aho
wapa kyɛw
wapene so
34.
Kane no na wɔfrɛ Asansesɛm sɛ ......
Abasɛm
Adomankomasɛm
Bɔsrɛmsɛm
Nyankosɛm
35.
Mmoguo ho mfasoɔ koro ne sɛ ......
ɛma atiefoɔ no yɛ mmɔsoɔ
ɛpam dom
ɛma nkanyan
ɛma atiefoɔ tɔtɔ nkɔ
36.
Anansesɛm mu no, ɔsebo taa di dwuma sɛ ......
mmirikatufoɔ
mmɔborohunufoɔ
onyansafoɔ
osisifoɔ
37.
Sɛ mmofra regoro antoakyire a,......
wɔbu nkotodwe
wɔbutu ho
wɔgyina ho
wɔkɔtɔkɔtɔ
38.
Mmaa resa, ......
mmarima tɔ dwom boa wɔn
wɔbɔ twene
wɔtenatena ase
wɔtumi twa kanko
39.
Agorɔ a edidi soɔ yi nyinaa wɔde nnwom na edie, gye sɛ ......
asɔ
antoakyire
pɛmpɛnna
ɔware
40.
Adwuma mu nnwom ma odwumani no ......
abam bu
ani ha ntɛm
brɛ ntɛm
nkanyan
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Twerɛ krataa kɔma wo kyɛrekyɛreni na kyɛrɛ no deɛ nti a woantumi ankɔ sukuu da bi.
(b)
Mɔyɛ nsaanodwuma bebree wɔ mo sukuu mu. Yi mu baako na kyerɛ snea wɔsi yɛ no.
(c)
Osuframea kɛseɛ bi tɔ seee nnoɔma bebree wɔ wo kurom. Twerɛ deɛ esii ho nyinaa.
(d)
Kyerɛɔ santi a wopɛ sukuu a wofiri fie kɔ anaa deɛ wɔda sukuu mu ho.
PART II
COMPREHENSION
(20 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Kuadwuma ye adwuma a ne ye nna fam koraa wo Ghanaman mu ha. Nsuto nya ades a ɛba bere ano bere ano pερεερε. Nanso se kua beye yie o, se erenye yie o, egyina nsuto so. Eto da a osuo no to ntem. Eto da nso a ento ntem.
Deɛ ɛka yei akyiri koraa ne se, obi ntumi nhunu se osuo no hyee asee tɔɔ ntem anaa anto ntem anaa anto ntem nti sbɛko so ato ako akyiri anaa ebete ntem. Ne saanti akuafoo hye asea dodo won mfuo toto ho de twen osuo, ansa na wɔadua won nnoma.
Ade baako nso a tha akuafoo keser ne sika, aba pa, ne apaafoo. yeinom na emma mmabunu a woawiewie sukuu no mfa won tiri nhye kuaye mu no. Enam saa ohaw yinom nti, ama mmabunu a wɔawiewic sukuu no ate asete wo nkuro akɛsex mu. Wokogyinagyina lore kwan ho bere a lore redi akoneaba, lhwiridi, tonton won nnooma.
(a)
Akuafoo haw kesee baako pa ara ne sen?
(b)
Ka senti baako a emma mmabunu mpe kuaye.
(c)
Bo haw ahodoo mu baako pε a mmabunu a wotonton nnooma wo lore kwan ho hunu.
(d)
Kyere saa kasakoa yi ase: ate asete.
(e)
To akenkansem yi din.
Kwaakwaadabi bi abesi Wabesi me maame afuom Ɔrebesɛe me maame mfudeɛ Ɔpɛ adufudeɛ adeɛ Ɔbɛdi yɛn nkatɛɛ Nkatɛɛ ne mfudeɛ Ne nyina yɛ n'apɛdeɛ
Kwaakwaadabi bi abesi Mframa abɔ no aba ha Ɔde n'ano akɔfa baha Ɔde regu duban so Akyerɛ nkokɔ mma Atɔ ne nkosua agu so De ama ne mma.
Kwaakwaadabi bi abesi N'ani ho fifire Wabesi me papa mfikyire Ne nua di n'akyi Ne bɔ te sɛ hyire N'ani ase yireyire.
(a)
Ɛdeɛn nti na kwaakwaadabi akosi wo maame afuom?
(b)
Ɛdeɛn na kwaakwaadabi no de baha no bɛyɛ?
(c)
Ɔdɛn nti na Akuafoɔ mpɛ kwaakwaadabi asɛm?
(d)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase: N'ani ase yireyire.
(e)
To anwonsɛm yi din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Twerɛ edin asɛmfua a ɛwɔ ɔkasamu biara mu
(a)
Ɔno na osii edan no.
(b)
Yɛhia asomdwoeɛ.
(c)
Yɛpɛ sɛ yɛdɔ afuo.
(d)
Sɔ wɔnim Mensa?
(e)
Kyerɛ wo dɔ.
Twerɛ ɔkasamu biara na fa ntwɛtwee agyinahyɛdeɛ hyɛ baabi a ɛfata
(f)
Kofi Abena ne Yaw aba ha
(g)
Tema yɛ fɛ
(h)
Ɛhefa na mmofra no rekɔ
(i)
Papa no reba ha
(j)
Yɛrekɔ Tamale
Twerɛ edin nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ ɔkasamu biara mu
(k)
Mewɔ nwoma kɔkɔɔ.
(l)
Anomaa ketewa no resu.
(m)
Dua tenten no abu.
(n)
Nwoma bebree gu pono no so.
(o)
Kofi wɔ atadeɛ foforo.
Twerɛ asɛmfua a wɔasan aseɛ no abirabɔ
(p)
Dufokyee no da nsuo no ani.
(q)
Kwasi gyina Ofori anim.
(r)
Ɔbaa no rekɔ dwa so.
(s)
Amoako yɛ nipa tiatia.
(t)
Nsuo no yɛ nwunu.