Share
BECE ghanaian language (asante twi) April 2005

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.

1.

Afahye bɛn na Akyemfoɔ di?

A.

Adɛɛ kɛseɛ

B.

Ohum

C.

Akwammo

D.

Aboakyere

2.

Ehefoɔ afahyɛ ne Aboakyere?

A.

Anomabofoɔ

B.

Kyebifoɔ

C.

Edinafoɔ

D.

Simpafoɔ

3.

Akanfoɔ man mu no sɛ obi di owufoɔ bi adeɛ a na ne dɛn ne owufoɔ no?

A.

Adamfoɔ

B.

Oba

C.

Obusuani

D.

Agya

4.

Dɛn nti na ɔhene nyi ne nan a ase mpaboa?

A.

Akɛsɛsɛm

B.

Akyiwadeɛ

C.

Aporoporo

D.

Ehu

5.

Dɛn na obi tumi yɛ de kyerɛ sɛ ɔredi nokware wɔ asɛm bi mu?

A.

Oka mpaninsɛm

B.

Oka ntam

C.

Okasa ntemntem

D.

Okeka nsɛm pii.

6.

Berɛ bɛn na obi tumi nya ntam ho amaneɛ?

A.

Wasɛrew ntam

B.

Wasɛe ntam

C.

Wato ntam

D.

Watwee ntam

7.

Dɛn na ɛfata sɛ wohwɛ obi ho de ware no?

A.

Ahoɔfɛ

B.

Nhomanim

C.

Sika

D.

Suban.

8.

Edin bɛn na yɛde ma obi a osi owufoɔ anan mu hwɛ n'agyapadeɛ so?

A.

Abusuapanin

B.

Ananmusini

C.

Odiadefoɔ

D.

Ohwɛsofoɔ

9.

Obi hwɛ ɔman sika so a, na ɔyɛ hwan?

A.

Sanaahene

B.

Sikahene

C.

Sikakorafoɔ

D.

Soodohene

10.

Nnipa yi mu hwan na ɔka mpanimfoɔ ho paw ɔhene?

A.

Aberewatia

B.

Nananom

C.

Nana aberewa

D.

Ohemmaa

11.

Ɔhene bɛn na ɔhwɛ nhenkwaa a wɔwɔ ahemfie so?

A.

Akrahene

B.

Dabehene

C.

Gyaasehene

D.

Adwarehene

12.

Din bɛn na yɛde frɛ obi a ɔkumkum mmoa akɛseɛ wɔ nwuram?

A.

Nankwaseni

B.

Ɔbɔfoɔ

C.

Ɔhamuni

D.

Ofirisumfoɔ

13.

Obi de Anane a, na ɛfiri deen so?

A.

Awommawuo

B.

Awo mu nnidisoɔ

C.

Awo ntoatoasoɔ

D.

nnipa dodoɔ

14.

Egyina deɛn so na wɔfrɛ obi a ɔde Nyakoa sɛ Aborɔnoma?

A.

Abadintoɔ

B.

Ahoɔfɛ

C.

Mmrane

D.

Mpanin

15.

Sɛ abofra bi awoɔ ne n'agya wuo hyia a, yɛtumi frɛ abofra no sɛn?

A.

Abayie

B.

Anto

C.

Bekoe

D.

Owuo

16.

Obi de Atuakosan a na ɔdi hwan akyi wɔ awoɔ mu?

A.

Tawia

B.

Mensa

C.

Ntaafoɔ

D.

Nyankomago

17.

Edin bɛn na ne mmrane ne Opia?

A.

Maanu

B.

Mensa

C.

Minta

D.

Mireku

18.

Edin bɛn na wɔde frɛ ɔbaa a ɔdi mmarima mmienu akyi wɔ awoɔ mu?

A.

Konto

B.

Korama

C.

Korantema

D.

Mensa

19.

Obi wu wɔ ahemfie a amanneɛ bɛn na wɔyɛ de te fie ha?

A.

Wodwira ho

B.

Wɔhohoro ho

C.

Wɔka ho

D.

Wɔprapra ho

20.

Afahyɛ bɛn na Asantefoɔ taa di?

A.

Aboakyere

B.

Ahobaa

C.

Akwasideɛ

D.

Ohum

21.

Abofra a n'agya awu agya no yɛ dɛn?

A.

Ayisaa

B.

Ankonam

C.

Agyanka

D.

Ɔwerɛhofoɔ

22.

Akuapemfoɔ afahyɛ titire ne nea ɛwɔ he?

A.

Ohumkan

B.

Aboakyere

C.

Apoɔ

D.

Odwira

23.

Obi yɛ wo papa nuabaa a, na ɔyɛ wo dɛn?

A.

Wofaase

B.

Nana

C.

Sewaa

D.

Ena

24.

Hwan ne ɔbarima bi akonta?

A.

Onuabarima yere

B.

Onuabaa akumaa

C.

Onuabaa asew

D.

Onuabaa kunu

25.

Amammreɛ bɛn na wɔyɛ de pagya abaayewa bi kɔ ne mpanin mu?

A.

Wɔde no tena mpanin fie

B.

Wɔgoro no bra

C.

Wɔkyerɛ no mpaninsɛm

D.

Wɔde no ma awareɛ

26.

Amammreɛ a wɔyɛ ma abaayewa a wɔgoro no bra no bi ne sɛn?

A.

Anoka

B.

Asoba

C.

Hyireguo

D.

Nnwontoo

27.

Asɛm bɛn na woka de kyea ɔkwantuni a wabedu fie?

A.

Akwaaba

B.

Ɔkwan so brɛbrɛ

C.

Woaba a tena ase

D.

Yɛahyiahyia

28.

Nkyea bɛn na wɔde kyea ɔbaa a wawo foforo?

A.

Mo ne ha

B.

Woaba a tena ase

C.

Wo nkwa so

D.

Wotiri nkwa

29.

Hwan na ɔkyia wo a wobɛgye no Yaa anua?

A.

Ɔhohoɔ

B.

Okrakyeni

C.

Ɔmanifoɔ

D.

Tipeŋ

30.

Wɔma obi hyɛ dɛn a na ɛkyerɛ sɛn?

A.

Ɔwɔ ayie mu

B.

Yaree abɔ no

C.

Wabubu

D.

Waya mmere.

31.

Obi bɛsra wo anwummere na ɔresan akɔ a, wobɛka sɛn?

A.

Due ne awia

B.

Due ne awo

C.

Due ne nwunu

D.

Due ne nanteɛ

32.

Akwasideɛ dodoɔ ahe na ɛwɔ afe baako mu?

A.

Nwotwe

B.

Nkron

C.

Dumienu

D.

Dunkron

33.

Nnafua dodoɔ ahe na ɛwɔ Ɔpɛpɔn ne Ɔbenem mu?

A.

Aduasa baako

B.

Aduosia baako

C.

Aduasa nwotwe

D.

Aduonu nwotwe

34.

Bosome a ɛto so mmiensa wɔ afe mu no de sɛn?

A.

Obenem

B.

Openimaa

C.

Opepon

D.

Osanaa

35.

Ɛbɛ abofra bɔ nwa na ɔmmɔ akyekyedee kyerɛ sɛn?

A.

Akyekyedeɛ bɔɔ yɛ den

B.

Ɛnsɛ sɛ abofra sɔe nwa ne akyekyedeɛ

C.

Ɛsɛ sɛ obiara yɛ adeɛ a ɔbetumi.

D.

nwa bɔɔ nyɛ den

36.

Dwuma bɛn na mme tumi di wɔ kasa mu?

A.

Ɛda kasa adi

B.

Ɛkyerɛ kasa pa

C.

Ɛma kasa tenten

D.

Ɛma kasa yɛ dɛ.

37.

Obi ka sɛ Dua bataboo yɛ twana a na ɔreyɛ dɛn?

A.

Ɔrebu bɛ

B.

Ɔreka aborɔme

C.

Ɔreka mpanin kasa

D.

Ɛma ɔkasa yɛ dɛ.

38.

Kwame mmrane ne sɛ?

A.

Atoapem

B.

Babone

C.

Bodua

D.

Okoto

39.

Abodin bɛn na yɛtumi de bɔ ɔhene a ɔyɛ nokwafoɔ?

A.

Daasebrɛ

B.

Kasapreko

C.

Osagyefo

D.

Oseadeɛyɔ

40.

Sɛ wɔbɔ ɔhene bi nsammrane a na wɔyɛ dɛn?

A.

Wɔhia no

B.

Wɔhoran no

C.

Wɛgye n'ani

D.

Wɔkorokoro no

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Twere aduane a wope ne sedee yɛnoa no fa.

(b)

Twere krataa koma w'adamfo se ommedi Buronya akwamma wo wo nkyen.

(c)

Wokoo anigyebea bi. Ka nea wokɔyɔe ne der wohuu wo ho nyinaa.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(20 Marks)

Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa

2.

Tete no, na Adanko ne Dabodabo ya nnamfoo pa ara. Na wɔye biribiara bo mu, na wɔde won sika nyinaa bo mu. Adanko na na chwe wọn sika no so.

Da koro bi, Dabodabo kɔɔ Adanko ho. Okaa se, "Me yonko Adanko, mebegye sika no bi efiri se mekoware". Adanko ka kyerɛɛ Dabodabo se, ode sika no nyinaa aye n'ades ma asa. Asem a Adanko kaa yi maa Dabodabo ho dwirii no yie. Adanko san ka kaa ho se, onnim na obo sika no so bio a, obɛhwe no hwetoo. Dabodabo anka hwee na ɔkɔɔ so ne Adanko yɛɛ Ayonkofoo.

Da bi, Dabodabo ka kyerɛɛ Adanko se, wahu sika kɔkɔɔ bi se ehye dua bi ase wo nsunoa nohoa. Woyee adwene se wobeko akɔfa na ama wɔaye asikafoo. Esiane se na Adanko nnim asuadwares nti, Dabodabo de no tenaa n'akyi hyee asee se woretwa nsuo no. Woduu ebun mu no, Dabodabo ka kyerɛɛ Adanko se ɔye odifudepɛfoɔ a onka nokore. Ode kaa ho se, se Adanko anhyɛ no bo se ɔde sika no mu fa bema no a, obeyi no ato nsuo no mu. Adanko sui, na osan paa Dabodabo kyɛw. Ohyɛɛ Dabodabo bo bio se osan de no ko a, ode ne sika nyinaa bɛma no. Dabodabo penee so. Wosan duru fie pe, Adanko dii ne bohyɛ so.

(a)

Deɛn na na Dabodabo regye sika no akɔye?

(b)

Aden nti na Dabodabo de Adanko tenaa n'akyi se ode no retwa nsuo no?

(c)

Aden nti na wode Adanko γεε Ofotosanfoo?

(d)

Kyere saa kasakoa yi ase: dii ne bohye so..

(e)

Fa asemfua a emmoro nson to akenkanseın yi din.

Show Solution

Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.

3.

Ebeto da na akokoa anyini! Ama obra ne no adi no yie, Enti, onipa nua, kae da bi. Ebeto da no odwan adan. Ama nkwan aye de, ama Tano asa bi, Enti, onipa nua, kae da bi.

Ebeto da na ewiem abae, Ama dufokyee aye gya, Enti, Onipa nua, kae dabi. Ebeto da na onnibie anya nua, Ama ankonam anya akwannua, Enti, onipa nua, kae da bi.

Ebɛto da na kwaterekwa anya ntoma, Ama γερε ne din atie, Enti, onipa nua, kae dabi

Ebeto da na onipa anya ne baabi ko, Ama okasafoo adane mum, Enti, onipa nua, susu biribi.

(a)

Asem ben na ɔkyerefoɔ no ka fa akokoaa no ho?

(b)

Bere ben na dufokyee dane gya?

(c)

Aden nti na okyerɛfoo no ka se, Onipa nua, kae da bi?

(d)

Kyere saa kasakoa yi ase: odwan adan

(e)

To anwonsem yi din.

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

(20 Marks)

Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.

4.

Twere asem kuo a nsem a woasesan ase no mu biara fra mu.

(a)

Odwadini no ba ha dabiara.

(b)

Mereba fie no, manhu no.

(c)

Abarimaa no abu akonwa no.

(d)

Ne ho ye fe yie.

(e)

Oba yi wo akokooduro.

Fa nsemfua a edidi so yi mu biara hye faako a wɔagya no: se, tumi, ayamyefoo, me, aden.

(f)

Okyerekyerɛfoɔ no yɛ ......

(g)

Wankyea ...... bere a yehyiaeɛ no.

(h)

Eye nokore ...... osuo toe.

(i)

..... nti na wannoa aduane no?

(j)

Wo ...... ka lore?

Fa nsemfua a woasensan ase yi mu biara ko twam kabea mu.

(k)

Aberantes no ba ha.

(l)

Koromfoo no huri ofasuo no.

(m)

Ommue opon no.

(n)

Kofi ko adwuma.

(o)

Adwoa di aduane no nyinaa.

Kyere nsemfua a woasensan aseɛ no mu biara abirabo.

(p)

Obaa no boroo ne babarima a owiaa nam no.

(q)

Mpanimfo bu adeɛ.

(r)

Oforiwaa sika yeareɛ no, oserer.

(s)

Osigyani no wo asaase kakraa.

(t)

Ohene no free ahohoo no mu panin no.

Show Solution

SponsoredAdvertise