
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Abofra no kɔ sukuu daa.
edin
nkyerɛkyerɛmu
edinnsiananmu
adeyɛ
2.
Ɔkuafoɔ no atua apaafoɔ no nyinaa ka.
edin
nkabomdeɛ
adeyɛ
nkyerɛkyerɛmu
3.
Maame Ataa de paanoo no kyɛe me.
adeyɛ
edinnsiananmu
edin
nkyerɛkyerɛmu
4.
Dua tenten no buu nnora.
nkyerɛkyerɛmu
edinnisiananmu
ɔkyerɛfoo
nkabomdeɛ
5.
Nyansa nni baakofoɔ tiri mu.
adeyɛ
ɔkyerɛfoo
yɛfoo
edin
Yi A kɔpem D mu baako a ɛne nsemfua a yeasane asee no asekyɛre bɔ abira
6.
Kofi de sika no maa aberanteɛ bi.
ababaawa
abofra
aberewa
abarimaa
7.
Mehunuu m'adamfo bi nnora anɔpa.
awia
anwummere
ahemadakye
owigyinaeɛ
8.
Asomanin kuro no sɔ.
omansini
ɔman
wiase
akuraa
9.
Adesoa no mu yɛ hare.
Kuntan
hodwoo
hatuu
duru
10.
Akoa no yɛ tenten.
tiatia
kɛseɛ
teawa
hweahwea
Yi A kɔpem D mu baako hyɛ baabi a yeagya no ma asɛmfua no nwie pɛyɔ.
11.
Agya Kwame wo anua...... baanan.
wa
foo
nom
ni
12.
Opanin no bɔɔ asukuu...... no mmaa ma wɔsuae.
wa
foo
ni
ma
13.
Obaa no abusua...... te Oboase.
nom
ni
wa
foo
14.
Afe a ɛbeba me papa ......tu kwan.
a-
re-
kɔ-
bɛ-
15.
Mekɔee no na asukuufoɔ no ......sua adeɛ awie.
a-
re-
rebe-
bɛ-
Hwehwe A kɔpem E mu baako a ɛkyerɛ kasakoa no ase yie.
16.
Oreyi n'ani so
Oreyɛ n'ani aduro
Oresere
Ɔreda
Orekasa
17.
Oreyi ne nsa.
Oredidi
Orema ne nsa so.
Ode ne nsa ahye bɔto mu
Orefre obi
18.
Ne hwene mu bɔn no.
Ne hwene so
Baabiara bɔn no
Ɔyɛ dwaeɛ
Ne hwene te nka
19.
W'ani awu
W'ani abɔ
w'ani so yɛ wo kusuu
w'ani afira
woafere
20.
Ne nsa ware.
Ne nsam abu
Onni nsateaa
Ne nsa ayɛ teaa
Owiawia adeɛ.
21.
Yemfa mpaboa koro nkɔ ......
ahemfie
ayiase
asɔre
akɔm ase
22.
Ntaa akyiwadeɛ titire ne ......
ɔkraman
nwa
okusie
akyekyedeɛ
23.
Yɛnso kanea dan mu anadwo
Yɛnkɔ
Yɛmpra
Yɛnse kɛtɛ
Yɛnnidi
24.
Yemfa mmetema mma fie
mpapa
mmetema
adwe
mmɛfee
25.
Yemfa ...... mu nsuo nhohoro yɛn anim
bonsua
bokiti
waduro
grawa
26.
Wo yere nuabarima yɛ .......
w'ase
wo yonko
wo nua
w'ankonta
27.
Nsa a yɛdi kan de kɔhunu ɔbaa n'agya wɔ awareɛ mu ne ......
nhunuanim nsa
ayeforɔ nsa
abadwafoɔ nsa
asafo nsa
28.
Sɛ ɔbarima a ɔwɔ mma wu a ...... na wɔto adaka sie no
n'abusuafoɔ
ne mma
ne nuanom
ne nnamfonom
29.
Sɛ ɔbaa bi kunu wu na owufoɔ no nua ware ɔbaa no a ɛyɛ ......
kunawareɛ
awareɛ
awowa-wareɛ
ayete
30.
Sɛ ɔbarima bi gyae ne yere a ɔbaa no nkumaafoɔ gu no ......
ntoma
kɛtɛ
radehwam
hyire
31.
Sɛ ɔmanfoɔ hyia a ...... na ɔgu nsa.
Kurontihene
Safohene
Okyeame
Obaahemaa
32.
Sɛ ɔmanfoɔ rebesi obi hene a wɔhwehwɛ mu sɛ ɔyɛ odehyeɛ anaa ......
ɔmpe nsa
ɔwɔ sika
obu adeɛ
ɔyɛ odehyeɛ
33.
Sɛ ɔhene ...... a wɔtu no adeɛ
mmu ne mpanimfoɔ
nya sika pii
kɔ ayie ase
kɔ afuom
34.
Sɛ ɔhene tu kwan a ɔde ɔman no gya ......
Okyeame
Kurontihene
Safohene
Gyaasehene
35.
Ɔhene a ɔhwɛ ahempɔm sika soo yɛ ......
Gyaasehene
Sanaahene
Kurontihene
Dabehene
36.
Awofoɔ bi ba a ɔdi kan yɛ ......
Kontɔ
Kaakyire
Piesie
Badu
37.
Wɔfrɛ Tawia akyiri ba ......
Nyankomago
Adusa
Atuakɔsɛn
Damusaa
38.
Edin a yɛde ma abofra a wammɛto ne papa ne ......
Kontɔ
Kaakyire
Antɔ
Dufie
39.
Yɛtaa de edin ...... ma mmofra aka no yɛagye wɔn afiri abosom ho.
Akomea
Addo
Frempɔn
Bagyina
40.
...... ne awofoɔ bi ba a ɔtwa tɔ.
Badu
Adusa
Pobi
Kaakyire
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
were krataa kɔsrɛ wo kyerɛkyerɛfoo panin kwan sɛ woremma sukuu nnansa. Kyerɛ deɛ nti a saa nnansa no ho hia wo.
(b)
Sukuu ahodoɔ bi hyia sii akan wɔ agodie, asa, nnwontoo ne atweneka mu. Na wo sukuu fra mu bi. Ka deɛ ɛkɔɔ so nyinaa.
(c)
Kyerɛ sɛdeɛ wasi noa aduane a ɛyɛ wo dɛ pa ara.
(d)
Wɔrekɔ kuu. Woahyia ɔhohoo bi a ɔrehwehwe wo kurom ho hene. Na ɔmmɛn ahemfie. Gyina ho ara kyerɛ no kwan a ɔbɛfa so aduru ahemfie ho.
PART II
COMPREHENSION
(20 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Da bi Osikani bi tenaa ase, na ɔwɔ mfuo bebree. Daa gye sɛ ɔba paa ma nkurɔfoɔ dɔ ma no. Asuso tue twaa mu no, mfuo no ase fuie, osikani no de mfuo no bi bɔɔ ɔpanin bi paa.
Berɛ a ɔpaani no redo afuo no ase no, ɔhunuu sɛ sikakɔkɔɔ hyɛ asaase no fa baabi. Na ɔnim jɛ sɛ na Osikani no nnim sɛ sika hyɛ afuom ho. Yei nti ɔtoo sikani no brade sɛ ɔbɛto afuo no. Na Osikani no redwen ɔkwan a ɔpaani no bɛfa so atua afuo no ho ka ho. Nanso ɔpaani no hyɛɛ no ara sɛ ɔntɔn mma no.
Akyire yi ɔdii asase no ano. Ɔpaani no kɔboa bosea befuaeɛ. Yei akyiri no, ɔpaani no kɔtuu sika no.
(a)
Na Osikani no yɛ dɛn na ada ne mfuo no ase?
(b)
Berɛ a asusano tre twaa mu no; mfuo no ase yɛɛ dɛn?
(c)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase: ɔtoo sikani no brade
(d)
Wogye di sɛ ɔpaani no de sika a ɔtuie no bɛyɛ dɛn?
(e)
To ayesɛm yi din.
Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.
Ɛto da bi a, ɛyɛ. Ɛto da bi a, ɛnyɛ. Ɛsono deɛ da biara de brɛ ɔbiara Ɛnnɛ anyɛ yie a, ɔkyena wɔ ha. Ɔkyena wɔ ho nti, na anidasoo wɔ ho. Mframa a ɛfae abrɛ wo awo a. Foforɔ bɛba na to wo bo ase.
Ɛto da bi a, ɛyɛ. Ɛto da bi a, ɛnyɛ. Ɛsono deɛ afe de brɛ ɔbiara Afe yi anyɛ yie a, afedan wɔ ho. Afe a ɛsiiɛ de hia abrɛ wo a. Foforɔ bɛba na kyekyere wo werɛ.
(a)
Hwan na ɔwɔ hɔ nti a, anidasoo wɔ ho?
(b)
Ɛdeɛben na mframa a ɛfae de baeɛ?
(c)
Ɛdeɛn na afe foforɔ de brɛ wo?
(d)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase: kyekyere wo werɛ.
(e)
To anwonsem yi din.