Share
BECE ghanaian language (asante twi) June 1992

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.

1.

Amma de sika pii maa no.

A.

Amma

B.

de

C.

• sika

D.

no

2.

Wo wofa bedi fufuo anaa?

A.

bedi

B.

wofa

C.

fufuo

D.

wo

3.

Ne maame tɔn ankaa akɛseɛ.

A.

akɛseɛ

B.

ankaa

C.

tɔn

D.

ne

4.

Afua, tɔ paano brɛ me.

A.

me

B.

Afua

C.

tɔ

D.

paano

5.

Ka asɛm foforo kyerɛ yɛn.

A.

ka

B.

yɛn

C.

foforo

D.

kyerɛ

6.

Ɔhyehyɛɛ ne nnoɔma wɔ kɛntɛn ...... soa kɔɔ fie.

A.

ho

B.

mu

C.

ase

D.

so

7.

Wɔde kɛntɛn butuu akɔkɔ no ...... maa ɔtoeɛ.

A.

ase

B.

akyi

C.

so

D.

ho

8.

Ɔpanin no sesaa ne ntoma guu ne kɔn ...... kɔeɛ.

A.

so

B.

mu

C.

anim

D.

ho

9.

Kwadwo Manu bɔtɔ ...... sika nyinaa asa.

A.

ano

B.

ase

C.

mu

D.

nkyɛn

10.

Dua tetrete bɔte nsuo no ......

A.

ase

B.

anim

C.

ani

D.

akyi

Yi asɛmfua baako a ɛne asɛmfua a woasane aseɛ no asekyerɛ bɔ abira

11.

Ntoma a ɔde kyerɛɛ me no ani hoa.

A.

biri

B.

hyerɛn

C.

bere

D.

te

12.

Wɔdii asɛm no, Akwasi dii fɔ.

A.

kan

B.

bem

C.

nokorɛ

D.

adanseɛ

13.

Nta no mu akumaa no na ɔbaa ha.

A.

abofra

B.

ketekete

C.

kaakyire

D.

panin

14.

Ɛdan no mu yɛ hann.

A.

basabasa

B.

fitaa

C.

kusuu

D.

dinn

15.

Ɔtamfoo bi retane m'ani.

A.

damfo

B.

ɔdomfoo

C.

ɔtirimuoɔdenfoo

D.

ɔdɔfoo

Yi A - D mu baako a ɛwɔ he na ɛbɛma asɛmfua no awie pɛyɛ.

16.

16. Agya Akoɔn wɔ yere ...... baanu.

A.

fo

B.

nom

C.

ni

D.

wa

17.

17. Onyame na ɔbɔɔ adasa ..... nyinaa

A.

nom

B.

fo

C.

mma

D.

ni

18.

18. Yɛbɛkɔ ho ...... hwehwɛ ɔbarima no

A.

re

B.

a

C.

rekɔ

D.

akɔ

19.

To nsa frɛ w'adɔ ...... ma wɔmmra

A.

nom

B.

fo

C.

mma

D.

• ni

20.

Yɛkɔee no, na Kwadwo ...... didi awie.

A.

re

B.

rebe-

C.

• a

D.

bɛ-

Hwehwɛ asɛmfua baako pɛ a ɛwie ɔkasamu yi mu yie.

21.

Abofra a ne maame de no kɔware ɔbarima foforo no yɛ .....

A.

abanoma

B.

wofaase

C.

nana

D.

akonta

22.

Ɔbaa bi nuabarima yere yɛ .....

A.

n'akumaa

B.

n'ase

C.

ne yere

D.

ne wofaase

23.

Wo papa wofa yɛ wo ......

A.

wofa

B.

papa

C.

ba

D.

nana

24.

Kofi nuabaa kunu yɛ Kofi ......

A.

wofa

B.

ase

C.

akonta

D.

nua

25.

Wo papa nuabaa yɛ ......

A.

wo kora

B.

w'ase

C.

w'akumaa

D.

wo sewaa

Hwehwɛ A - D mu baako a ɛkyerɛ kasakoa yi asekyerɛ pa ara.

26.

Ɔhohoo no abu n'akɛte mu

A.

awu

B.

ada

C.

adwane

D.

asere

27.

Abofra no tiri awu

A.

ɔnnim adeɛ

B.

ɔbu adeɛ

C.

ɔsua adeɛ

D.

ɔnim adeɛ

28.

Moakasa ama me bo ato me yam.

A.

m'ani agye

B.

me bo adwo

C.

me werɛ aho

D.

m'akoma atu

29.

Abofra no ano awo.

A.

ɔnim su

B.

ɔnim sere

C.

ɔnim adidi

D.

ɔnim kasa

30.

Ɔyarefooɔ no atore mum.

A.

ɔntumi nnante

B.

ɔntumi nsɔre

C.

ɔntumi nna

D.

ɔntumi nkasa

31.

Agya adeɛ bi wɔ ho, ɛnyɛ dɛ, ɛnyɛ nwono nanso ɛka wo nsa a, na woatafere. Ɛyɛ deɛn adeɛ?

A.

sapɔ

B.

nsuo

C.

mframa

D.

egya

32.

Adeɛ bi wɔ ho, sɛ wosu a, ɔno nso su, wɔsere a, ɔbɛsere wɔmuna a ɔno nso bɛmuna. Ɛyɛ adeɛ bɛn?

A.

ewiem

B.

dadefidie

C.

ahwɛhwɛ

D.

etuo

33.

33. Adeɛ bi wɔ, sɛ ɛkɔm de no a, na watwa ahwɛ fam. Sɛ ɔdidi mee a, na wasɔre agyina. Ɛyɛ deɛn?

A.

bɔtɔ

B.

bɔkiti

C.

ahina

D.

sumiiɛ

34.

Adeɛ bi wɔ ho, Wosoma no a, ɔnkɔ. Worekɔ nso a, na ɔdi w'akyi. Ɛyɛ deɛn adeɛ?

A.

abofra

B.

onipa

C.

sunsum

D.

lore

35.

Agya ba bi wɔ ho, yɛwo no a, na ɔfura ntoma ɔnyini a, na wapa ntoma no agya ho. Ɛyɛ deɛn?

A.

onipa

B.

mpampuro

C.

honam

D.

tirinwi

36.

Onipa a ɔtɔto nnoɔma tɔntɔn yɛ .....

A.

ɔnantefooɔ

B.

ɔkuafooɔ

C.

sikani

D.

odwadini

37.

Onipa a ɔbɔ sɛkan ne nsɔso yɛ ......

A.

ɔbɔfooɔ

B.

duadwumfooɔ

C.

ɔtɔmfooɔ

D.

ɔwɛmfooɔ

38.

Obi a ɔdɔ afuo dua mu nnuane ne atosodeɛ yɛ ......

A.

ɔpaani

B.

adwumayefooɔ

C.

ɔkuraseni

D.

ɔkuafooɔ

39.

Onipa a ɔyan twene yɛfrɛ no ......

A.

ɔkyerɛma

B.

ɔkyeame

C.

ɔkɔmfooɔ

D.

odunsini

40.

Obi a ɔyɛ ha yɛ ......

A.

ɔtɔmfooɔ

B.

ɔbɔmmɔfooɔ

C.

ɔkuafooɔ

D.

ɔdwumfooɔ

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Da koro anɔpa bi na mereka sukuu no mehunuu sɛ "nnipa baanu bi rekɔ". Ka deɛ ɛsiie nyinaa.

(b)

Atikyafoɔ bebree akyɛre wo adeɛ. Ka wɔn mu baako a wopɛ n'asɛm pa ara ho asɛm.

(c)

Polisini ne drobani:— Hwan na ne ho hia ma ɔmanfoɔ.

(d)

. Wo maame kɔɔ obi fie wɔ borɔno baako so wɔ kurom. Ɔkɔes ara na obi baa wo fie hɔ sɛ ɔrehwehwe no. Gyina wo fie hɔ ara fa w'ani kyerɛ no faako a wo maame kɔrɔ.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(20 Marks)

Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa

2.

Da bi Akoroma somaa ne ba sɛ onkɔpɛ aduane mmra. Ɔkoduruu baabi no, na Akokɔbaatan ne ne mma redidi, na Dabodabo nso ne ne mma wɔ hɔ redidi bi. Akoroma ba no kyeree Dabodabo ba baako de no kɔkyerɛɛ ne maame. Akoroma bisaa ne ba sɛ: 'Wokyeree Dabodabo ba no, ne maame yɛɛ dɛn?' Akoroma ba no kaa sɛ Dabodabo no hwɛɛ no dinn na ɔkaa sɛ, "Hmm".

Akoroma no see ne ba no sɛ onsan mfa no nkɔ. Efiri sɛ asɛm wɔ 'hmm' no akyi. Akoroma ba de Dabodabo ba no koeɛ. Afei ɔkɔkyeree Akokɔ ba baako. Nanso ɔbree mu. Akokɔbaatan ne no kɔ brɛɛ. Ɔbɔɔ ne maame deɛ ɛsii hɔ nyinaa.

Akoroma ka kyerɛɛ ne ba no sɛ, 'Deɛ ɔbaatan bɛyɛ biara na Akokɔbaatan yɛee no'. Yei nti na akoroma tumi kyere Akokɔ no.

(a)

Aduane bɛn na Akoroma die?

(b)

Berɛ a Akoroma ba kyeree Dabodabo ba no, Dabodabo maame yɛɛ dɛn?

(c)

Kyerɛ asɛmfua dinn ase

(d)

".....efiri sɛ 'hmm' no, asɛm wɔ akyiri". Wogye di sɛ asɛm bɛn na ɛwɔ akyire?

(e)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nsɛmfua nson (7) to saa ayesɛm yi din

Show Solution

Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.

3.

Deɛ wodua na wotwa Efiri tete bɛsi nnɛ Akwan nyinaa mu Mmara biara ne yei nse; Dua kuma a woadua Na ɛnyini yɛ tenten

Ɔde yɛ dɛ Ɔnwono nso yɛ nwono Baabi a nsuo firi ba no Ɛyɛ dɛn na hɔ yɛ wesee Obi mma dede so Na ɔnnya asomdwoeɛ. Enti papa na ɛyɛ

Deɛ onipa yɛ "daadaa" Ama ne bra awie yie. Wɔ akwan nyinaa mu daa. Bɔne nyɛ o! Bɔne akyiri wɔ nnusuo Mmusuo a ɛwie nisuo

(a)

Sɛ obi hyɛ aseɛ yɛ dede a, ɛdeɛn na ɛbɛba ɔno ankasa so?

(b)

Hwan na obi retu no fo yi?

(c)

Ɛdeɛn na ɛde mmusuo ba?

(d)

"daadaa" aseɛ kyerɛ sɛn?

(e)

To saa anwonsem yi din.

Show Solution

SponsoredAdvertise