
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Kusi too nwoma fefe bi. Kusi ye
Nkabomdeɛ
Edin Nkyerɛkyerɛmu
Ɔyɛfoɔ
Ayɛdeɛ
2.
Sukuufoɔ mmofra pɛ agoro dodo. Sukuufoɔ ye
Ayɛdeɛ
Ɔkyerɛfoo
Nkabomdeɛ
Edin Nkyerɛkyerɛmu
3.
Amma boroo Akosua anɔpa yi.
Ayɛdeɛ
Edin Nkyerɛkyerɛmu
Ɔyɛfoɔ
Nkabomdeɛ
4.
Mmofra no dii aduane no.
Ɔyɛfoɔ
Edin Nkyerɛkyerɛmu
Ɔkyerɛfoo
Ayɛdeɛ
5.
Akyerɛkyerɛfoɔ kyerɛ mmofra adeɛ.
Ɔyɛfoɔ
Edin Nkyerɛkyerɛmu
Ɔkyerɛfoo
Ayɛdeɛ
Yi asemfua a ɛyɛ pa ara hyɛ faako a woagya ato ho
6.
Ɛnam sɛ ɔyɛ nipa ...... nti obiara pɛ n'asɛm.
yamyefoɔ
bonefoɔ
tenten
kɛseɛ
7.
Asogyafoɔ ...... no ko dii atamfoɔ no so.
ayarefoɔ
asoodenfoɔ
akowensafoɔ
akokoodurufoɔ
8.
Sɛkan no ano yɛ ...... nti ɛtumi twaa dua no ntɛm.
fɛ
tan
nnam
hu
9.
Obaa no furaa ntoma ......
basabasa
duruduru
bisibisi
fɛfɛ
10.
Ɔdii aduane ...... no maa ɛwoterɛɛ n'anomu.
dede
hyehyeɛ
pii
nwununwunu
11.
Aberewa posoposo no nante ......
pɛpɛɛpɛ
brɛoo
dinn
komm
12.
Sɛ wo ho anyɛ ...... akyi a, wobɛka
hu
fɛ
tɔro
hare
13.
Ɛsum aduru ......
hann
gonn
kabii
dinn
14.
Owudini no kum abofra no .......
yayaaya
huhuuhu
basabasa
dendeenen
15.
Mmofra binom kasa ......
bɛtɛbɛtɛ
dinn
kusuu
nyaa
Hwehwɛ adeyɛ asɛmfua a ɛyɛ hyɛ faako
16.
Owusu ...... Nkran nnora.
kɔɔ
kɔ
rekɔ
bɛkɔ
17.
Anwummere biara ...... ntɛm
yɛdaa
kɔ
yɛdae
yɛda
18.
Abenaa ...... aburoo no nnora.
si
resi
sii
sii
19.
Maame Amma ...... nkyenam Kwasiada no.
kyeeɛ
kyee
kye
akye
20.
Yɛduruu ho no, na obiara ...... dada.
reda
da
daa
ada
Fa nkabomdeɛ baako firi A-E hyɛ faako
21.
Ɔnim nwoma papaapa ...... ne suban nyɛ.
mpo
nti
ɛfiri sɛ
nanso
22.
Afua too nam no bi ...... ɔde maa ne maame.
na
a
ansa na
gye sɛ
23.
Sɛkan no twaa no, ...... wantumi anno bio.
ɛsiane
nanso
ɛfiri sɛ
nti
24.
Ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn awofoɔ ...... wɔn na wɔhwɛ yɛn.
nanso
nti
nso
ɛfiri sɛ
25.
Berɛ a mɛkɔeɛ no, ...... ɔreboro ne mma no.
na
nso
ɛsiane sɛ
sɛ
Asɛm a wɔasane aseɛ no asekyɛrɛ
26.
Kofi anni tofe no ɛfiri sɛ ɛyɛ fenemfenem dodo.
apɔapɔ
dɔkɔdɔkɔ
nyan
ɛnti
27.
Asɛm a Ata Panin kaeɛ no nyinaa ma yɛhunu sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ.
odwadini
ɔkyinnyefoɔ
nkontomponi
ɔkwantuni
28.
Kwaku Ansa anyini kyɛn ne nuanom nyinaa.
nim kasa
yɛ tenten
nim adeɛ
yɛ kumaa
29.
Mmofra no huroo owifoɔ no maa n'ani wuie.
ɔbɔe
wafere
ɔsɔee
ɔdwanee
30.
Ɔduruu ha pɛ na mehunuu se wayɛ kanyann.
wafere
wabre
wanyane
wafon
Hwehwɛ muaeɛ a ɛyɛ nokorɛ pa ara
31.
Berɛ bɛn na yɛma obi "yaako"?
Berɛ a nkurɔfoɔ redidie
Berɛ a obi rekɔda
Berɛ a obi biribi awuo
Berɛ a nkurɔfoɔ regu nsa
32.
Berɛ bɛn na yɛkyea "monkitam o"?
Berɛ a nkurɔfoɔ redidie
Berɛ a nkurɔfoɔ rehyɛ fa
Berɛ a nkurɔfoɔ retu kwan
Berɛ a nkurɔfoɔ regu nsa
33.
Berɛ bɛn na yɛma obi "tirinkwa"?
Berɛ a obi agya awuo
Berɛ a obi awo
Berɛ a obi te adidiiɛ
Berɛ a obi reto dwom
34.
Berɛ bɛn na yɛma "akye"?
anwummere
odasuom
anadwo
anɔpa
35.
Berɛ bɛn na yɛma obi "akwaaba"?
Berɛ a obi firi akwantuo mu raba
Berɛ a obi rekɔ fuom
Berɛ a obi ada anyare
Berɛ a obi renoa aduane
36.
Ti koro nnkɔ agyina.
Ɔbaakofoɔ tiri gyina so
Ɔbaakofoɔ asɛm nti, n'ani nka fie
Asɛm ba a baakofoɔ na ɔka
Asɛm ba a, nnipa bebree na wɔdwene ho na ɛnyɛ ɔbaakofoɔ
37.
Deɛ adeɛ wɔ no na ɔdie na ɛnyɛ deɛ ɔkɔm de no.
Ɔkuafoɔ na odidie na ɛnyɛ ɔkwadwofoɔ
Deɛ adeɛ yɛ ne dea na ɔfa na ɛnyɛ deɛ ɛho hia no.
Deɛ ɔde adeɛ asie no ɛsɛ sɛ ɔkayie na ɛnyɛ obi.
Deɛ ɔnim adɔ mee a, na ɛyɛ obi ahi
38.
Wɔamma wo yɔnko antwa nkron a, wo nso wontwa du.
Wofa nwansena ho abufuo a, wobɛre we kuro
Nkroma te ase a, Badu nni adeɛ
Wɔpɛ sɛ ɛgu wo yɔnko so a, ɛgu wo so.
Huriie tirim mpa mogya
39.
Nsuo a ɛdɔ wo na ɛkɔ w'ahina mu.
Obi mpɛ w'asɛm a, ɔbɛnya wo
Obi ahina mu nsuo yɛ dɛ.
Obi tamfoɔ yɛ obi dɔfoɔ
Obi dɔ wo a, na ɔba wo nkyɛn
40.
Agoro bɛsɔ a, ɛfiri anɔpa.
Dwa bɛba a, ɛfiri anɔpa
Dwa bɛba a, ɛfiri adwadifoɔ
Dwa deɛ, yɛdi no anɔpa
Dwa mufoɔ na wɔtɔn dwa mu adeɛ anɔpa.
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Wɔhyɛ fa wɔ nkuro akɛseɛ ne nketewa so. Wɔhyɛ saa fa yi de yɛ nkɔsoɔdwuma sane de pra mmusuo firi ɔman mu. Ɛfa a wɔhyɛɛ no nnansa yi, na wowɔ hɔ. Ka deɛ wohunuie ne deɛ wɔyɛɛɛ nyinaa.
(b)
Kyerɛ sɛdeɛ wo sukuu dan ne wo sukuu mu teɛ sɛdeɛ obi a ɔnnim hɔ hunu a ɔbɛtumi ahunu no pɛpɛɛpɛ.
(c)
Ɔkraman ne agyinamoa-wɔn mu deɛ ɛwɔ he na ne ho wɔ mfasoɔ wɔ fie?
(d)
Berɛ bi na worekɔ "Kliniki", na wɔhyiaa obi a ɔrekɔ wo sukuu mu. Ɛfiri deɛ wogyina rekɔ wo sukuu mu ware. Gyina ho ara kyerɛ ɔhɔhoo no kwan.
PART II
COMPREHENSION
(20 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Bosome a ɛtwaa mu no, metenaa "boos" a ɛfiri Duakwa kɔ Akyem Daa no mu tuu kwan. Na akwantufuɔ no dɔɔso yie. Obiara tuaa ne sika a na dɔrobani no regyeɛ no.
Okwantuni baako srɛɛ dɔrobani no sɛ ɔmma no ntua ɛboo no fa, ɛfiri sɛ onni sika. Ɔsrɛɛ no, srɛɛ no, nanso ansi aga. Dɔrobani no kaa sɛ deɛ ɔbɛgyeɛ ara na ɔbɛgyee. Ɛnna okwantuni no tuaa sika no mu fa. Ɔse "Owura, deɛ menya ara ne no. Menni sika biara bio". Berɛ a ɔsii fam sɛ prɛkoro no, ne sikabɔto firi toeɛ. Ɛhɔ ara na meetini no kɔfaee. Ɔbɛhwɛ a, sika na ayɛ ma sei twom ɔbuee mu yii bi soo deɛ okwantuni no tuaee no so. Ɔwiee no, ɔfree no de sikabɔto no maa no. Ɔgyee a ɔrekɔno, nnipa no nyinaa bɔɔ no sɛ, "Huu korɔmfoɔ!".
(a)
Adɛn nti na okwantuni no srɛɛ sɛ ɔbɛtua ka sika no mu fa?
(b)
Bosome sɛn ni na asɛm yi siie?
(c)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase: ansi aga.
(d)
Ɛdeen na ɛfiri okwantuni no bɔto mu too fam?
(e)
Fa nsɛmfua bɛyɛ nson (7) pɛ to ayesɛm yi din.
Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.
Kosɛkosɛ, me ba pa, kosɛkosɛ Akwantuo mu wɔ ɔbrɛ Akwantuo mu wɔ nsɛm Enti worekɔ yi, Kosɛkosɛ, me ba pa, kosɛkosɛ.
Kosɛkosɛ, me ba pa, kosɛkosɛ Adwuma nti na woretu kwan Adwuma na asoma wo Enti worekɔ yi, Kosɛkosɛ, me ba pa kosɛkosɛ.
Kosɛkosɛ, me ba pa, kosɛkosɛ oo; Akwantuo mu afɛkubɔ nyɛ Akwantuo mu wɔ asiane Enti worekɔ yi Kosɛkosɛ, me ba pa, kosɛkosɛ.
Kosɛkosɛ, me ba pa, kosɛkosɛ, Nkɔyɛ wo ho agyeman wɔ ho Na bu nnipa, na fɛre nnipa. Enti worekɔ yi Brɛbrɛ, me ba pa, brɛbrɛ.
(a)
Deɛn nti na abofra no retu kwan?
(b)
Kyerɛ ɔhaw ahodoɔ mmienu a ɛwɔ akwantu mu.
(c)
Sɛ abofra no antie n'awofoɔ afutuo a, asɛm bɛn na ɛbɛto no?
(d)
Kyerɛ saa kasasini yi ase: Akwantuo mu wɔ ɔbrɛ
(e)
To saa anwonsem yi din.