Share
BECE ghanaian language (asante twi) June 1994

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.

1.

Frɛ Amoako ma me seesei.

A.

Oyɛfoo

B.

Ogyefoo

C.

Odedeɛ

D.

Ayɔdeɛ

2.

Ohene no dii adeɛ kyɛree, ansa na ɔreko ne nsumakyire.

A.

Oyɛfoo

B.

Ayɔdeɛ

C.

Adeyɔ boafoo

D.

Ogyefoo

3.

Saa aberanteɛ yi yɛ akyerɛkyerɛni.

A.

Oyɛfoo

B.

Ayɔdeɛ

C.

Adeyɔ boafoo

D.

Ogyefoo

4.

Me wofa tɔɔ atadeɛ mma me.

A.

Oyɛfoo

B.

Ogyefoo

C.

Ayɔdeɛ

D.

Odedeɛ

5.

Maseta twee mmofra bɔne no aso.

A.

Ayɔdeɛ

B.

Oyɛfoo

C.

Ogyefoo

D.

Odedeɛ

Yi Okyerɛfoo asɛmfua firi A-E mu baako a ɛyɛ pa ara hyɛ faako a woagya no.

6.

Sɛ ɔhwee so nantee ....... a, anka adeɛ ansa no.

A.

nyaa

B.

bɔkɔɔ

C.

peterepetere

D.

ntemntem

7.

Ɛnam sɛ ɔbaa no kasa ....... nti ne kunu ntaa ntena fie.

A.

kyenkyenenkyee

B.

nyaa

C.

hugyahugya

D.

dodo

8.

Odwan no wee bɔrɔdehono no .....

A.

bɔbɔ bɔbɔ

B.

keka keka keka

C.

dwee dwee dwee

D.

dodo

9.

Abofra no kum ayɛmmoa no .....

A.

butubutu

B.

yayaaya

C.

dendenden

D.

bɛtɛbɛtɛ

10.

Ɛduru sɔhwɛ so a, asuafoo mfa wɔn adesua nni agoro ......

A.

pa ara

B.

koraa

C.

yie

D.

• kɛse

Yi Adeyɛ nsɛm num yi mu baako a ɛfata hyɛ faako a woagya ho.

11.

Sɛ ɔkwan ba mu a, ɔkyena ..... Nkran.

A.

mekɔ

B.

mebɛkɔ

C.

merebɛkɔ

D.

mɛkɔ

12.

Nnora awia Afua ....... fufuo.

A.

di

B.

didi

C.

dii

D.

didii

13.

Berɛ a merekɔ no, mehyiaa Kwabena na .....

A.

ɔbɛsu

B.

osu

C.

ɔdebesu

D.

ɔresu

14.

Nnora anadwofa Akosua ....... n'aduro no.

A.

nom

B.

nomee

C.

nomee

D.

anom

15.

Sɛ ...... adeɛ a, worenni nkonim.

A.

wansua

B.

woansua

C.

woansua

D.

w'ansua

Yi asɛmfua baako a ɛne deɛ woasane aseɛ no asekyɛrɛ yɛ pɛ.

16.

Obarima kakraka yi na ɔkyeree ɔkorɔmfoo no.

A.

gyegyiregye

B.

kokuroko

C.

hweahwea

D.

feedewa

17.

Ɔbɔmmɔfoo no tee ɔhene bofoo no amanneɛ no n'ani gyeɛɛ.

A.

odwadini

B.

ɔyawni

C.

ɔsomafoo

D.

nantonfoo

18.

Tafere bata yi bi na fa nkaeɛ hyɛ wo bɔto mu.

A.

asikyire

B.

kɔtɔkuo

C.

nkwan

D.

adubiri

19.

Abofra a n'awofoo baanu awu agya no no asɛm yɛ mmɔbɔ.

A.

Ɔtɔfoo

B.

Ohianiwaa

C.

Ɔyarefoo

D.

Awisiaa

20.

Onipa a n'aso asi deɛ, ɔyɛ dɛn te deɛ wɔbɛka no?

A.

Asobrakyeɛ

B.

Ɔsotifoo

C.

Asoɔden

D.

Asowuiɛ

Yi nsɛmfua num no mu baako a ɛne deɛ woasane aseɛ no bɔ abira

21.

Aberanteɛ no dɔɔ asuko kɔɔ ebunu no ase.

A.

so

B.

akyi

C.

• mu

D.

ani

22.

Ɔkyerɛkyerɛni no ne asukuufoo no bɔɔ nsra faa kurom

A.

Tikyani

B.

Osuani

C.

Maseta

D.

Sukuu sɔhwɛfoo

23.

Dua tenten bi si sukuu dan no akyi.

A.

teatea

B.

tiatia

C.

kumaa

D.

• honhoma

24.

Ɔberɛmpɔn nante brɛbrɛ.

A.

hwimhwim

B.

peterepetere

C.

kim kim

D.

nyaanya

25.

Ɔkuafoo no ne ne kraman no faa dua no akyi kɔeɛ.

A.

ase

B.

ho

C.

anim

D.

yam

Yi nsɛmfua num no mu baako a ɛyɛ pa ara hyɛ faako a wɔagya no.

26.

Ɔye onipa pa, ...... ne bo nkyerɛ fu koraa.

A.

anka

B.

nanso

C.

• enti

D.

efiri sɛ

27.

Wobɛkɔ aba ...... woadidi anaa?

A.

enti

B.

nanso

C.

ansa na

D.

firi so

28.

Sɛ wammisa me koraa a, ...... mema no bi.

A.

ansa

B.

enti

C.

ɛnneɛ

D.

anka

29.

29. Ɔnyaa deɛ ɔrehwehwɛ nyinaa ...... ne ho antɔ no.

A.

enti

B.

nanso

C.

ɛnneɛ

D.

ɛnneɛ

30.

Na ɔsukuuni no nte apɔ papa, ...... ɔmiaa n'ani baeɛ.

A.

enti

B.

efiri sɛ

C.

gyama

D.

ɛnneɛ

31.

Abofra a ne maame di awɔmmawuo ansa na ɔrewo no no yɛ ......

A.

ɔkaakyire

B.

piesie

C.

kosanba

D.

ankonam

32.

Sɛ onipa anto ne kɔn anwu a, wɔyɛ no ......

A.

atofoyie

B.

dɔteyie

C.

aberɛmpɔnyie

D.

ahenyie

33.

Sɛ ɔpɛmfoo wu a, wɔyi abofra no sie no baabi efiri sɛ ......

A.

efunu no nkɔ adaka no mu

B.

wɔnsie nnipa baanu wɔ funnaka baako pɛ mu

C.

abofra no bɛwu wɔ ne yam asɛe

D.

abusuapanin mma ho kwan

34.

Wɔsiri efunu ho pɛ, ...... ansa na wɔaye no ayie.

A.

si ne mpa

B.

kɔ n'aseda

C.

kɔsie no

D.

pɛ odiadefoo

35.

Sɛ onipa wu a, yɛde ...... daadaa ne funu.

A.

agoro

B.

aduane

C.

nkra

D.

kente

36.

Wɔangu nsa no, efiti sɛ na ......

A.

osuo retɔ

B.

ɛyɛ dabɔne

C.

adeɛ asa

D.

adeɛ akye

37.

Deɛnti a wɔyɛ abaayewa bi kyiribra ne sɛ wabɔ .......

A.

dua

B.

bra

C.

mmusuo

D.

korono

38.

Akanfoo gyidie kyerɛ sɛ abɔfra redidi na ɔkasa a, ......

A.

n'ano bɛkyim

B.

ne maame bɛwu

C.

ɔmmee

D.

ne nuanom bɛwe nam agya no

39.

Sɛ obi didi na wanwe nam a yɛgye di sɛ ......

A.

n'aso bɛsi

B.

ɔremmee da

C.

ɔbɛyare kaka

D.

n'ano bɛkyim

40.

Sɛ abofra bɔ hwerɛma anadwo a, Akanfoo gye di sɛ ......

A.

saman bɛba fie

B.

n'ano bɛkyim

C.

ɔda a, ɔbɛso daeɛ bɔne

D.

ne nuanom bɛhunu adeɛ ankyɛn no

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Twerɛ abasɛm bi a woakan anaa woatee ho asɛm. Kyerɛ deɛ enti a w'ani gye saa abasɛm no ho.

(b)

Kyerɛ senea efie a wote mu no si teɛ, na afei ka mu nsɛm.

(c)

Twerɛ krataa kɔma wo wɔfa a ɔte kuro foforɔ bi mu na kyerɛ no faako a wopɛ sɛ wokɔdi akwamma a ɛreba yi, ɛne deɛ nti a wopɛ sɛ wokɔ saa bea no.

(d)

Hwan pa ara na ne ho hia; Okuafoo anaa Tikyani.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(20 Marks)

Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa

2.

Anadwo bi ɔwɔ kɔɔ kapentani bi adwuma mu sɛ ɔrekɔhwehwɛ aduane adi. Na kapentani no agya ne nnadeɛ no bebrebe agugu dan no mu basabasa. Na nnadeɛ no mu baako yɛ sradaa. Ɔwɔ nenam dan no mu ho no, ɔkɔfaa sradaa no so ma ɛtwaa no. Ɔwɔ faa no sɛ sradaa no ne tamfo. Enti ɔdanee ne ho bekekaa sradaa no basabasa. Afei ɔwɔ na n'anomu retu mogya yi.

Yei maa ɔwɔ no ani beree yie. Ɔkɔɔ so kekaa sradaa no ara kɔpem sɛ mogya dwaree sradaa no. Na ɔnim sɛ ne tamfo no awu, enti ɔtwee ne ho ase kɔee. Nanso na wapirapira n'ankasa ho a ɔno mmom rewu.

Adeɛ kyeeɛ no, kapentani no bɛhunuu sɛ ɔwɔ bi awu da n'abɔboano ho. Ne ho dwirii no yie.

Asetena yi mu sɛ wopɛ sɛ ɛgu wo yɔnko so a, ɛgu w'ankasa so.

(a)

Ɛdeɛn nti na ɔwɔ kekaa sradaa no?

(b)

Berɛ bɛn na ɔwɔ danee ne ho kɔee?

(c)

Kyere sɛnea kapentani no tee nka berɛ a ɔhunuu ɔwɔ no

(d)

Kyɛre kasakoa "ne ho dwirii no" ase.

(e)

Wogye di sɛ deɛn na ɛkum ɔwɔ no?

(f)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayesɛm yi din.

Show Solution

Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.

3.

Adwene nkwan ne mankani fufuo Atego baasuo a mmofra pɛ nie. wodi nso a, wɔnnya yɛn mu Nanso yɛnka hwee Yɛbɛnyini abɛto

Odwansono nkwan ne bɔrodeɛ fufuo Aduane a mmofra hwehwɛ bie Wodi nso a, wɔnkae yɛn Nanso yɛnka hwee Yɛbɛnyini abɛto.

Akɔkɔ nkwan ne bayɛre fufuo Aduane a mmofra ani wɔm nie Wodi nso a, wɔnnya yɛn bi nanso yɛnka hwee Yɛbɛnyini abɛto.

Abunuabunu ne mankani fufuo Aduane a mmofra su ho nie Wɔkye 'nso a, ebi nsɔ yɛn so. Nanso yɛnka hwee Yɛbɛnyini abɛto.

(a)

Ɛdeɛn ne mmofra daakye anidasoo wɔ anwonsem yi mu?

(b)

Twerɛ nnuane ahodoɔ nnan ne n'akadeɛ a mmofra pɛ din.

(c)

Adwene bɛn na anwonsem yi ma mmofra nya wɔ mpanimfoɔ suban ho?

(d)

Kyerɛ saa kasakoa yi ase; ebi nsɔ yɛn so.

(e)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to saa anwonsem yi din.

Show Solution

SponsoredAdvertise