
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Nnipa no nyinaa kɔɔ ahemfie ho anɔpa yi.
Nkabomdeɛ
ɔyɛfoo
ɔkyerɛfoo
Adeyɛ
2.
Frɛ Yaw anaa Kwabena ma me.
ɔyɛfo
ɔgyefoo
Nkabomdeɛ
Ayedeɛ
3.
ɔpanin no maa yɛn ankaa bebree.
Edinnsianamu
Edin Nkyerɛkyerɛmu
Nkasaeɛ
ɔgyefoo
4.
Kwasi Mensa anom nkwan no nyinaa.
Adeyɛ
Nkabomdeɛ
ɔkyerɛfoo
Ayedeɛ
5.
Onim nwoma, efiri sɛ ɔpɛ adesua yie.
ɔkyerɛfoo
ɔyɛfoo
Nkabomdeɛ
Ayedeɛ
6.
ɔkyerɛkyerɛfoo no kyɛɛ yɛn nwoma.
Abofra
Osuani
Odwumayeni
Aberanteɛ
7.
Mmofra no nyinaa baa wo ho nnora.
anɔpa
nnaano
anadwo
nnɛ
8.
Gyae abofra no akyiri di, na ɔredi atoro.
nokware
asɛm
agorɔ
nkɔmmɔ
9.
Okunafɔno su ma ɛyɛɛ obiara awerɛhoɔ.
hu
nwanwa
anigye
ahi.
10.
Kanea no dumiiɛ no, ɛdan no mu yɛɛ komm.
kabii
tumm
yee
kusuu
11.
Kwaku duruu fie ho no, na Adwoa ...... dada.
redidi
didi
adidi
bedidi
12.
ɔpanin Kusi antɔ atadee no ...... Kwadwo.
amma
maa
bɛma
amma
13.
Saa krataa yi deɛ, Kofi na ......
ɔtwere
ɔtwerɛeɛ
ɔtwerɛree
ɔtwerɛsee
14.
ɔyarefoɔ no gyee aduro no, ...... yi.
nɔmeeɛ
ɔnomeeɛ
nɔmoe
ɔnom
15.
Asɛm biara nni ho bio, enti ...... momma
yɛnkɔ
yɛnnkɔ
yɛrenkɔ
yɛreka
16.
Saa abofra yi deɛ, n'ano yɛ hare.
onim badwam kasa
ɔmfa asɛm nsie ne tirim.
ɔte asɛm a ɔnka nkyerɛ obi
onim asɛm ka.
17.
Wo hɔhoo no ani agyina enti ma ɔnkɔ ne kurom.
afe fie
aka fie
abrɛ
resu
18.
Yɛduru ho no, na ɔreyi n'ani so
adeɛ atɔ n'ani
ɔrete nisuo
ɔrekeka n'ani ase
ɔreda kakra
19.
Maame Yaa ba a ɔrewea no refiri bɔɔ.
rehurhuri bɔɔ
retwerɛ ne se
refifiri se
rewe aboɔ
20.
Nsɛm a wɔkaee no nyinaa guu nsu akyi
wante aseɛ
wanfa
wanka bi
wankasa
21.
Akanfoɔ awadee ahodoɔ no mu baako ne ......
asiwa
domufere
ayefere
anson
22.
Sɛmmaa baanu ware ɔbarima baako a mmaa no yɛ ......
akorafoɔ
ayankofoɔ
nkummafoɔ
aninkunfoɔ
24.
Sɛ ɔbarima bi wu a, ...... tumi ware ne yere no
w'akonta
n'ase
ne wofa
ne nua
25.
Wo yere wofa yɛ ......
w'akonta
w'ase
wo nana
wo yonko
26.
Onipa a ...... na wɔde no di hene.
ne ho yɛ fɛ
obu adeɛ
ɔwɔ sika
ontu kwan
27.
Sɛ abusua bi reyi onipa ama wadi hene a, onipa a wɔgye n'asɛm to mu yie ne ......
ɔmanhene
abusuapanin
ɔhemmaa
ɔkyeame
28.
Wɔsi obi hene a, ɔdi kan suae kyerɛ ......
ɔmanfoɔ
ɔmanhene
ɔkyeame
ɔhemmaa
29.
Sɛ Akanfoɔ ka adehyeɛ abusua a, na wɔkyerɛ ......
abusua a asikafoɔ wɔ mu
abusua a nkoa abɛfra mu
abusua biara
abusua a emu nnipa di hene
30.
Sɛ ɔhene bi kɔhwɛ funu a, ......
wɔdwira no
wɔka n'ano
wɔsoa no
wɔhuro no.
31.
Akanfoɔ twa Odwira, ɛnna Afutufoɔ nso ......
di ohum
tue baka
kyerɛ aboa
bɔ akwan
32.
Sɛ Akanfoɔ rehyɛ fa a, wɔtaa de ...... tɔ pete
mankani
aburoo
bakye
bayere
33.
Afahyɛ boa ɔmanfoɔ ma ......
wɔsi hene
akɔbɔfoɔ ba fie
basabasayɛ ba
nnɔbae ba.
34.
Sɛ adeɛ rebɛkye ama wɔadi Adeɛ a, wɔtu ......
Adɛɛ
Dapaa
Aduro
Bayere
35.
Akanfoɔ taa hyɛ fa wɔ Sannaa bosome mu, efiri sɛ ɛyɛ a, na ......
aduane aba
osuo ntaa nto
kuadwuma ano asɛ
wɔadwuma adwumayefoɔ ka
36.
Ahɔhono twa ......
obra
atoro
asɛm
ppa
37.
Dua a ɛbɛwɔ w'ani so no ......
wɔpɛmpan
wɔkwati
wɔsene
wɔtu aseɛ
38.
Abofra yɛ somakɔrɔ a, odi .......
tɔ
kosua
abadwadeɛ
n'akɔnnɔdeɛ
39.
Borɔferɛ a ɛyɛ dɛ, na ......
aba da aseɛ
mmofra foro
wɔadɔ aseɛ
esi nkwankyɛn
40.
Etire nteɛ rɛ a, yɛnnye ..... soa.
apakan
kyɛ
ahina
kɛntɛn
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Adwuma bɛn na wowie sukuu a, wobɛyɛ? Kyerɛ deɛ enti a wopɛ saa adwuma no.
(b)
Twerɛ krataa kɔma w'adamfo bi, ka da bi a wo werɛ remfiri da wɔ wo sukuukɔrɔ mu ho asɛm.
(c)
Ka onipa bi a wopɛ n'asɛm yie pa ara wɔ wo kurom ho asɛm. Kyerɛ deɛ enti a wopɛ saa nipa no asɛm.
(d)
Kyerɛ nnua ho mfasoɔ a wonim nyinaa.
PART II
COMPREHENSION
(20 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Owura Badu nyane anɔpa bi no, ɔhunuu sɛ nnipa bebree wɔ ahemfie. Na ɔntumi nhunu deɛ asie. Enti ɔyɛɛ n'adwene sɛ, ɔno ara bɛkɔ ho de n'ani akɔhwɛ deɛ asi ho.
Badu duruu ahemfie ho no, ɔhunuu sɛ ɔhene no bo afu papaapa. Na ɔmpɛ sɛ ɔde Kagya bɔne bɛkyɛ no koraa. Sɛɛ na Kagya fiewura akɔdan ne ka anandwofa no ama Kagya de abufuo abirim no pasaa.
Deɛ edi kan a ɔhene ne ne mpanimfoɔ yɛeɛ ne sɛ, wɔbɛtwe Kagya aso. Wɔgyee no odwan pa a ɔtua dua ne so nsa. Afei wɔmaa Kagya tuaa ne dan ka no. Ɛno akyi no, wɔsan maa no abosome mmiɛnsa sɛ ɔntu mfiri fie ho. Da no nnoɔma ankɔ yie amma Kagya koraa.
(a)
Adɛn nti na Kagya birim ne fiewura no?
(b)
Ɛdeen na ɛmaa ɔhene no bo fuu Kagya?
(c)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase: abirim no pasaa.
(d)
Adɛn nti na wɔgye di sɛ ɛsɛ sɛ Kagya tu firi fie ho?.
(e)
Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to saa abasɛm yi din.
Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.
Wo saa akodaa yi, Wope agoro, pe su W'afɛfoo regoro nso a, Wose: 'Me, megoro bi' Obi kɔpra wo a; Na w'ano da mu, Eye a, nye saa bio. Wope agoro a, wodi boro Mfa seres mfiri fie Mfa esu mma fie.
Wo saa akodaa yi Wope nipa, pe asem Wonya wo biribi a, Wose: 'Wo, begye bi. Eye a, ye saa daa. Wonya a ma obi bi Na obi nya bi a, Onii ama wo bi.
Wo saa abofra yi Wope ogyee, kyiri oma Obi nya biribi a, Wose: 'Me medi bi'. Wo nso wonya bi a, Na ɛkɔ w'akyi. Eye a, nye saa bio
Na biribi hia wo a, Obi bɛma wo bi Ama wo nso woanya bi Eye a, yɛ papa Na papa na eye pa ara.
(a)
Amannesɛ bɛn na mmofra a wɔpɛ agorɔ hunu?
(b)
Sɛ abofra de sereɛ firi fie a, ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ ɔde san ba fie?
(c)
Kyerɛ saa asɛm yi ase: kyiri oma.
(d)
Suban pa bɛn na ɔtwerɛfoɔ no pɛ sɛ mmofra da no adi daa?.
(e)
To anwonsem yi din.