Share
BECE ghanaian language (asante twi) June 1998

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.

Yi edin asɛmfua firi nsɛmfua A-D mu baako a ɛyɛ deɛ woasane aseɛ no dodoɔ kabea wɔ kasamu a ɛdidi soɔ yi mu.

1.

Merekɔ sukuu no, mehyiaa ɔbaa bi a ɔso adeɛsoa kuntann.

A.

nnesoa

B.

ɛnesoa

C.

ndesoa

D.

nesoa

2.

Mpanin se: "ɔhene ba ne deɛ ne papa te aseɛ"

A.

ahenema

B.

nhene mma

C.

ahene mma

D.

ɔhene mma

3.

Agyinamoa kɛseɛ bi akɔwe me maame nam.

A.

ngyinamoa akɛseɛ

B.

nnyinamoa nkɛseɛ

C.

anyinamoa akɛseɛ

D.

nyinamoa nkɛseɛ

4.

Ntɛmpe amma Adwoa Kwayie anhwɛhwɛ ne kuroni no akyi kwan.

A.

akurofoɔ

B.

nkurofoo

C.

ɛnkurofoɔ

D.

nkuromfoɔ

5.

Ɛsen no hyɛɛ ne kyɛ sononko kɔgyinaa Nana anim paeee.

A.

Nsɛn

B.

Nseneafoɔ

C.

Asɛn

D.

Nsɛnfoɔ

Yi asɛmfua baako firi A-D a ɛyɛ pa ara hyɛ faako a woasane no ma kasa no ntɔ asɔn.

6.

Aponkyerɛne no hurihuri ..... kɔtɔɔ nsuo no mu.

A.

fetere fetere fetere

B.

tebem tebem tebem

C.

bem bem bem

D.

fɛn fɛn fɛn

7.

Akura no hunuu Agyinamoa no, ɔbutuu faako ......

A.

nyaa

B.

mosoo

C.

senn

D.

diin

8.

Yadeɛ ama akoa no ayɛ ......

A.

mosoo

B.

tatwee

C.

bɔkɔɔ

D.

twann

9.

Ɔkowesani no nantee ...... sɛdeɛ wabɔ dam no.

A.

bebari bebari

B.

fontan fontan

C.

kodee kodee

D.

nyaa nyaa

10.

Kooko yɛ aduane bi a abene ...... a, na ɛyɛ dɛ.

A.

kasee

B.

• bɔkɔɔ

C.

fugoo

D.

fakaa

Amma Nsonowaa duruu kurom ho no, na ɛdwa no ---11--- ton ne nnoɔma no wieɛɔ.---12--- nkyɛ koraa na ɔno, no yɛ sɛ wamfa nnoɔma no bebree ankɔ ---13--- dwa no mu ho kakra. Anwummere fomm ansa na ɔde n'ani ---14--- kwan so akɔ n'akuraase. Wansim ntɛm nti, ---15--- akuraa ho ntɛm.

11.

Fa deɛ ɛfata yiyi ano

A.

bɛtuu

B.

atu

C.

tui

D.

bɛtu

12.

Fa deɛ ɛfata yiyi ano

A.

Ayɛ

B.

Ɛbɛyɛɛ

C.

Ɛreyɛ

D.

Ɛyɛɛ

13.

Fa deɛ ɛfata yiyi ano

A.

wakyinkyini

B.

ɔkyinkyin

C.

ɔkyinkyinii

D.

ɔkyinkyiniie

14.

Fa deɛ ɛfata yiyi ano

A.

bɛkyerɛ

B.

rekyerɛ

C.

akyerɛ

D.

kyerɛ

15.

Fa deɛ ɛfata yiyi ano

A.

wadu

B.

woannu

C.

wannu

D.

waduru

16.

Saa akuafoɔ no wɔ sika tɛ se aburoo.

A.

bebree

B.

abubuanwea

C.

kɛse

D.

apem

17.

Ɛdɔm no nyinaa agu agya Nana.

A.

Nnipa dɔdoo

B.

Nnipa ahohoɔ

C.

Ɔbaa ne barima

D.

Nnipa nkɔrenkɔre

18.

Fa Kofi deɛ no bɛkyerɛ me.

A.

ɔno deɛ

B.

no deɛ

C.

ɛno deɛ

D.

ne deɛ

19.

Odupon kɛsee bi atutu.

A.

abu

B.

awoso

C.

afefe

D.

aso

20.

Ɔkwan no ware, nanso yɛbɛmia yɛn ani atwa.

A.

yɛ tiaa

B.

yɛ tenten

C.

yɛ kɛse

D.

yɛ tetree

Yi nsemfua a efiri A-D no mu baako a ɛne deɛ woasane aseɛ wɔ kasamu no mu no bɔ abira

21.

Ɔhene no abotire no fata no.

A.

Kurontihene

B.

Ahenkwaa

C.

Esen

D.

Akwamuhene

22.

Mpanin akɔ asɛm no mu ahunu sɛ, ɔbarima no di fa.

A.

awurukasem

B.

ntwo

C.

atoro

D.

bem

23.

Asɛnkɛseɛ reba a, frankaa si so.

A.

Asɛnhohoɔ

B.

Asɛntitire

C.

Asɛnhyeɛ

D.

Asɛmwa

24.

Odeduani no ani abere.

A.

anni atane

B.

ani abɔ

C.

ani agye

D.

ani sɔso

25.

Fa w'awerɛhowsɛm nyinaa ma deɛ ɔfhata ho yi.

A.

w'aniberesem

B.

w'anigyesem

C.

w'ahiasem

D.

w'atirimsem

Yi nkabomdeɛ a ɛfiri A-D no mu baako hyɛ faako a woasane ho no.

26.

Abaayewa no ankɔ ayeforɔ no bi ....... na ɔyare.

A.

efiri se

B.

ansa na

C.

enti

D.

gye se

27.

Sɛ wobɛkɔ bi deɛ a, ...... wotua sika no nyinaa.

A.

efiri se

B.

gye se

C.

enti

D.

ansa na

28.

Osuo no too ntɛm ...... ɛhwee mfuomfoɔ nyinaa.

A.

gye se

B.

ansa na

C.

enti

D.

nanso

29.

Abofra no sua deɛ ...... n'ani ate.

A.

efiri se

B.

ansa na

C.

nanso

D.

enti

30.

Otuaa sika ...... ɔrenya kwan awura dan no mu.

A.

enti

B.

ansa na

C.

nanso

D.

nso

31.

Mpanin se, 'Ɔkwasea na yɛbu bɛ ......

A.

kyɛre ko nyansa

B.

kyere no aseɛ

C.

korokoro no

D.

diɛ ne atem

32.

Akɔkɔhwɛdeɛ se, 'Fedeɛ ne wuo deɛ na afanyinam .......

A.

wuo

B.

ka

C.

feder

D.

ɔkɔm

33.

Abofra hunu ...... hohoro a, ɔne mpaninfoɔ didi.

A.

ayowa mu

B.

ne tiri ho

C.

ne nsa

D.

ne nsa ase

34.

Nkwankyen dua nsuro ......

A.

otuo

B.

abaa

C.

seka

D.

ogya

35.

...... dodoɔ nti na amma ɔkɔtɔ annya tire.

A.

Adidi

B.

Kasa

C.

Gyimi

D.

Ayɔnkoɔ

Yi nsɛmfua firi A-D mu baako a ɛtumi kyerɛ kasakoa a woasane aseɛ no ase yie.

36.

Asubɔnten da abofra no anaafoo enti ne nnamfo taa huru no.

A.

N'ani mmueeɛ

B.

Odwɔnɔso kɛta so

C.

Ɔyɛ onihafoɔ

D.

Ɔkasa nsuo wɔ asuo no anaafoɔ

37.

Saa obarima no te adwa so. Ɔnye nipa ketewa koraa.

A.

di dwa

B.

di hene

C.

di mu

D.

di asɛm

38.

Mereba ha no, metoo kwan nti na mannuru ntɛm ne.

A.

mebɔɔ kwan

B.

menaanteeɛ

C.

meyareeɛ

D.

medidii kwan so

39.

Afei deɛ sɛ anya asa; w'ani so te atu.

A.

woafere

B.

w'ani reporɔ nsuo

C.

wonhunu adeɛ yi

D.

woadidi amee

40.

Mmofra bi rebankurɔ wɔ mfikyire ho.

A.

redidi

B.

redi agorɔ

C.

rekɔ

D.

redi nkɔmmɔ

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Osuframa bi bɔ srɛɛ nnoɔma bebree wɔ wo kurom. Kyerɛ sɛdeɛ mframa no si bɔeɛ ne nnoɔma a ɛsrɛeɛ. Na twerɛ deɛ wo kuromfoɔ no yɛɛ wɔ osuframa no akyi.

(b)

Da bi wokɔɔ dwa so. Twerɛ deɛ wohunuieɛ wɔ ho nyinaa

(c)

Aduane a mepɛ pa ara ne sɛdeɛ wɔyɛ no fa.

(d)

Twerɛ krataa kama w'adamfo na kyerɛ no dwuma a wobɛdi berɛ a woretwɛn wo J.H.S. sɔhwɛ no ho mmuaeɛ de akɔ S.H.S.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(20 Marks)

Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa

2.

Mfinhyia aduanan num nie na meyɛ akwadaa ketewaa. Da bi anadwofa fomm na me ne me nanabaa Awo, ne me maame te gya ho.

Mebisaa Awo sɛ "ɛhe fa na wowɔɔ me?"

Na matena ho diin bɛyɛ dɔnhwere baako ne fa a mɛnkasaee. Yei nti ɛyɛɛ Awo nwanwa sɛ mebisaa saa asɛm no.

Awo kaa sɛ, "Akwasi, ɛnnɛ anadwo yi deɛ, woayɛ dinn. Na deɛn na ɛha woo?". Adɛn nti na wopɛ sɛ wohunu baabi a wowɔɔ woo? Me buaa sɛ "Daakye bi me mfɛfoɔ ne me Tikya bɛbisa baabi a wowɔɔ me. Awo kaa sɛ, "Akwasi woayi ano yie."

Mebisaa Awo sɛ, "Mepa wo kyɛw, ɛhe fa na me papa wɔ seesei?"

Amonom ho ara na Awo anim asakra sɛ mabisa me papa ho asɛm. Ɛkaa ne nkɔ a, anka mammisa me papa ho asɛm, na mmom yɛkaa asɛm foforɔ koraa.

(a)

Afe bɛn mu potee na asɛm yi siie?

(b)

Nnipa baahe na na wɔreto gya no? Bobɔ wɔn din.

(c)

Ɛdeen na Kwasi pɛɛ sɛ ɔhunu firi Awo ho?

(d)

Kyerɛ wɔyɛ abadwemma pa ara ase.

(e)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to abasɛm no din.

Show Solution

Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.

3.

Agya Kwaa Paa kɔɔ apam Akɔpam, apam apam, apam Akɔpa atena pam ase Agye n'ahome pam ase Opam ase wɔ nwunu Ɛho nso nyɛ nwunu

Agya Kwaa Paa agyae apam Wahunu Mampam bi Agyae n'apam no Akɔpam Mampam no Ɔmampam aforɔ pam Ɔpam mman no apan. Ɔmampam ate ahwɛ

Agya Kwaa Paa ani agye Ne yerenom seresere Ne mma nso beseresere Ɔmampam ayɛ nam Ɔpam gya nso yɛ nam.

(a)

Adɛn nti na Agya Kwaa Paa tenaa nwunu mu?

(b)

Adwuma bɛn na Agya Kwaa Paa yɛ?

(c)

Ɔmampam yɛ nam. Asɛm ne sɛn?

(d)

Wogye di sɛ deen na ɛmaa opam no mman no paneeɛ?

(e)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to saa anwonsem yi din.

Show Solution

SponsoredAdvertise