Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Nnora anadwo Kwabena ...... fufuo ne abenkwan.
didi
dii
adi
didii
2.
Bere a merekɔ no, mehyiaa Akosua na ......
ɔbɛkasa
ɔɔdekasakasa
ɔrekasakasa
wɔrekasa
3.
Sɛ ɔkwan ba mu a, ɔkyena ...... Nkran
mekɔ
mekɔɔ
merebɛkɔ
mekɔɔ
4.
Sɛ ...... adeɛ a, ɔrenni nkonim.
woansua
wɔansua
wansua
wonsua
5.
Ka kyerɛ wo papa sɛ Yawoada na .......
mebaa
meba
mebɛba
mɛba
6.
ɛne sɛ papa no kasa kyerɛ ne mma no ......
'endeenden
brɛoo
papa ara
nyaa
7.
Sɛ wɔ-so nante ...... sa deɛ a, annea wobɛka akyi.
ntemntem
nyaa
peterepetere
kyekyerɛkyekyere
8.
Abofra no nom aduro no .......
keka keka keka
dwee dwee dwee
gona gona gona
tam tam tam
9.
Eduru sɔhwɛ so a, asuafoo mfa wɔn adesua nni agorɔ .....
papa ara
yie
kɛse
koraa
10.
Kwasi akum ɔkraman ba no .....
yayaaya
bɔkɔbɔk
butubutu
kɛsekɛse
Yi nsemfua nan no mu baako a ɛne deɛ wɔasane aseɛ no bɔ abira.
11.
Edan a me wofa asi no sua koraa.
yɛ tenten papa
yɛ kɛseɛ yie
ya ketewa dodo
yɛ dadwaa pa ara
12.
Kwame dɔɔ asuko kɔɔ nsuo no ase.
ani
akyi
ho
mu
13.
Dua tenten bi si yɛn asɔredan no anim.
kusuu
kɛseɛ
feafea
tiatia
14.
Kɔ abontene kɔtwɛn w'adamfo no.
Didi
Sɔre
Tena
Bra
15.
Ɔyɛ onipa pa se.
tantan
tuntum
• kɛseɛ
bɔne
Bere a me maame firi afuom baeɛ no, ---16--- awie. ---17--- me sɛ, "Kwadwo, woadidi dada?" Mankasa. Ɔsane bisaa me bio maa mekaa sɛ, "Madidi, nanso aduane no ---18--- me". Ɔhwee ne kenten mu yii kwadu ne aborɔbe maa me. Mede anigye ---19--- kɔgyee kwadu no. Medii mmetem nan pɛ, me na ---20--- ho yi, mamee. Aborɔbe no deɛ, mansa mu koraa."
16.
Bere a me maame firi afuom baeɛ no, na ...... awie.
merebɛdidi
medidii
madidi
mannidi
17.
...... me sɛ, "Kwadwo, woadidi dada?
ɔbisaa
wɔbisaa
wɔbisa
wabisa
18.
Mankasa. Ɔsane bisaa me bio maa mekaa sɛ, "Madidi, nanso aduane no ...... me
amee
amme
ammee
ameeɛ
19.
19. Ɔhwee ne kenten mu yii kwadu ne aborɔbe maa me. Mede anigye ...... kɔgyee kwadu no.
hurihurii
hurihuri
hurihuriie
huriihurii
20.
Medii mmetem nan pɛ, me na ...... ho yi, mamee. Aborɔbe no deɛ, mansa mu koraa.
mehyɛ
mehyɛɛ
mechyɛɛ
merehyɛ
Kyere dwuma a edin asemfua a woasane asee no redi wo kasamu a edidi soɔ yi biara.
21.
Yaw Agyeman bɛkɔ Gyamase ɔkyena awia.
Ayɛdeɛ
Ɔyɛfoo
Adeyɛ
Adya boafoo
22.
Fosuaa baeɛ no, ɔbɛdii dakono no bi.
Ɔyɛfoo
Adeyɛ
Ɔgyefoo
Ayɛdeɛ
23.
Matontoma ama Akosua.
Ɔgyefoo
Ayɛdeɛ
Adeyɛ
Odede
24.
Masɛta hwee mmofra a wɔkaa akyi nnɛ no nyinaa.
Ɔyɛfo
Adeyɛ
Ɔgyefoo
Ayɛdeɛ
25.
Wɔfa akɔsi dan feferfe bi ama ne mma no
Ayɛdeɛ
Adeyɛ boafoo
Odede
Adeyɛ
26.
Sɛ wosu o, ......
woansu o
wonante o
wodidi o
wɔtoto o
27.
Gyae kasa koraa na Yaw ...... wɔn nyinaa
renim
nim
anim
nninim
28.
28. Ɔdeduani no antumi ...... Kwaadu a wabɔɔ no no.
ammua
antutu
ansan
ankankye
29.
Nnɛ na ...... nsɛm a nnano wɔkaeɛ no ase.
merente
metie
meate
mate
30.
30. Afe yi deɛ, aduane abu so, ...... yɛreni kɔm koraa.
nanso
enti
mmom
nso
31.
Asona abuausa no akraboa ne ......
ɔkɔdeɛ
ako
akoroma
kwaakwaadabi
32.
...... na ɔhwɛ ɔman no fotoɔ (sika) so wɔ ahemfie.
Gyaasehene
Kurontihene
Dabehene
Sannaahene
33.
Abofra a ɔdi nta akyi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu no de ......
Nyankomago
Tawia
Atuakosen
Kaakyire
34.
Mpanin se, "Woannya biribi amma w'ase a, ......
womma no amo
wommɔ no korɔno
womma no ayikoo
wommɔ no akonhoma
35.
Wo se akyi nyɛ wo de a, ......
A. ɛhɔ na wodidi
ɛhɔ na wokasa
ɛhɔ na wotafere
ɛhɔ na ɛhye
36.
Nnawɔtwɛ nsia biara yɛ ......
adaduanan
nnapɔnna
adaduwotwe
Dapaa
37.
Benada a ɛdi Awukudeɛ anim no yɛ ......
Nkyidwoɔ
Dapaa
Fofie
Fɔdwoɔ
38.
..... na ɔhene kasa fa no so.
Ɛsɛn
Gyaasehene
Ɔkyeame
Ɔkasamafoo
39.
Ɔhene biara a ɔtena apakan mu no yɛ ......
Nkosɔɔhene
Ɔdikuro
Nsɛneahene
Ɔberɛmpon
40.
Simpafoɔ Aboakyere no wɔde .......... na ɛyɛ wɔn amannerɛ.
mɛfa sika no
ɔtwe
ɔwansane
nantwie
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Twerɛ sɛdeɛ wodii Buronya akwamma a ɛtwaa mu no.
(b)
Twerɛ krataa kɔma w'adamfo, na kyerɛ no deɛ nsanom, wee ne sigarete nom de ba.
(c)
Ka wo kurom ho asɛm.
(d)
Akwantuo a metuie a m'ani gyee pa ara.
PART II
COMPREHENSION
(20 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Kɔkɔbo yɛ aboa nitefoɔ pa ara. Aduane a ɔpɛ pa ara ne nkɔka. Da koro bi kɔkɔbo hunuu sɛ nkɔkɔ bi sisi nnua bi so redidi. Na ɛkɔm de no yie a ohia aduane papaapa
Kɔkɔbo teaa mu sɛ: Anuanom, moate asɛm deɛdeɛ bi a aba? Akokonini bi bisaa no sɛ "Asɛm deɛdeɛ bɛn? Kɔkɔbo: Woahye mmara sɛ ɛnni sɛ aboa biara kyere ne yɔnko aboa bi we bio.
Akokonini: Hwan na ɔhyeɛ saa mmara no, na ɔhyeɛ no da bɛn? Kɔkɔbo: Woante dawuro a wɔbɔɔ no nnora anadwo no? Si fam bra ma yɛnni agorɔ.
Saa bere yi mu ara na akokonini no boneɛɛ. Kɔkɔbo bisaa deɛ nti a akɔkɔ no boneɛɛ. Akokonini no buaa sɛ wahunu sɛ ɔbɔfoɔ bi reba a ne tuo da ne kɔn ho. Ɛhɔ ara na kɔkɔbo kaa sɛ, "Mesan aba akyire yi na yeabɔm adi agorɔ". Ɛhɔ ara na ɔde ne bo kaa wura. Nkɔkɔ no huroo no sɛ, huu, w'ani awu!.
(a)
Aduane bɛn pa ara na kɔkɔbo pɛ?
(b)
Ɛhenefa na na nkɔkɔ no wɔ bere a kɔkɔbo hunuu wɔn no?
(c)
Adɛn nti na ɛmaa akokonini kaa sɛ ɔbɔfoɔ bi reba no?
(d)
.Ɔde ne ho kaa wura. Asɛm yi aseɛ ne sɛn?
(e)
Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to abasɛm yi din.
Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.
Deɛ ɛyɛ nokorɛ Ɛna ampa Ɛyɛ a, ka nokorɛ Na w'ano ampa.
Ɛkɔm de me a, mempɛ agorɔ Omeeɛ nya ba a, Na ato agorɔ.
Manka nokorɛ yi Ama m'ani awu! Merenni atoro Mma wo bo mfu.
Manante mabrɛ yi Na ɔbrɛ aba. Ahomegyeɛ aba yi Na ahomeka aba.
(a)
Kyerɛ nneyɛɛ mmienu a ɛde abufuo ba.
(b)
Bere bɛn na ɛsɛ sɛ onipa gye n'ahome?
(c)
Adesua bɛn na woanya afiri anwonsem yi mu?
(d)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase - W'ano ampa.
(e)
Ɛdeen na anwonsem yi reka ho asɛm yi?