Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Ansa na wɔbɛto abofra bi abusuadin no na ɔwɔ .......
apentedin
abodin
ahendin
Kradin.
2.
Edin bɛn na Akanfoɔ de ma Tawia akyiriba?
Ata Kumaa
Atuakɔsan
Nyankomago
Piesie
3.
Amammerɛ kwan so no, ɛdeen na wɔde soso abofra anum wɔ abadintoɔ mu?
Nsuo ne nsa
Sika ne nsuo
Nsa ne ahweneɛ
Nkyene ne mmorosa.
4.
Akanfoɔ gyidie biako ne sɛ anadwo ......
wɔmmo nkɔmmɔ
wɔmpra dan mu
wɔnnom nsuo
wɔndware nsuohyeɛ
5.
Ɔhene tumi de ...... suaɛ kyerɛ ne manfoɔ.
awerɛhow
ntama
agyinatuɔ
agyaadwo
6.
Ɛyɛ Akanfoɔ akyiwadeɛ sɛ obi redidi a, ......
ɔbɛwe nam no nyinaa
ɔfre ne yɔnko ma ɔbedi bi
ɔde ne nsa baako bɛsi fam
ɔbɛtafere ne nsa
7.
Mpempenaa nnyɛsoo ne ......
kose o o
san bra o o
nana a a
ɛnye fɛ o
8.
Sisi mo, ɔtabono mo yɛ ...... dwom
akuafoɔ
adansifoɔ
ɔtɔmfoɔ
afarefoɔ
9.
Ansa na awareɛ biara bɛdi mu no, gye sɛ ɔbarima no tu obaa no ......
awofoɔ fo
nkurobo
ti nsa
nnamfo nyinaa fo
10.
Hwan na otua akontagyesekan wɔ Akanfoɔ awaregyee mu?
ɔbarima no
ɔbaa no
ɔbaa no nkumaafoɔ
ɔbarima no nsenom
11.
Akanfoɔ regu awareɛ a, adeɛ a edi kan ne ......
nkurobo
atɛmmuo
hyireguo
ti-adeɛ
12.
Saa nsɛm yi ntumi mfa awaregyaeɛ mma
Ɔbarima a ɔhwɛ ne yere
ɔbarima a ɔtaa ka ne yere fufuo
Ɔbarima a ne nsa ware
Ɔbarima a ɔdɔ Benada
13.
Deɛ obi yɛ de bɔ n'agyapadeɛ ho ban wɔ ne wuo akyi ne ......
nsamankyire
nsamanfrɛ
nsamantoa
nsamanse
14.
Hwan na ɔhwɛ abusua biara agyapadeɛ so?
Ɔhemmaa
Kurontihene
Gyaasehene
Abusuapanin
15.
Amammerɛ kwan so no, ɔkanni barima wu a, hwan na ɔdi n'adeɛ?
Nuabaa
Nuabarima
Ba barima
Wɔfase
16.
Okuapemman afahye titire ne ......
Akwammo
Adɛɛ
Odwira
Ohum
17.
Hwan na ɔyan atumpan wɔ afahye ase?
Ɔkyerɛma
Ɔbrafoɔ
Ɛsɛn
Ɔkunini
18.
Aboa a Kumawufoɔ de di Papa afahye ne ......
Ɛsono
Nantwie
Onwansan
Ɔponko
19.
Ɔbosome a ɛdi kan wɔ afe biara mu ne ......
Ɔpɛnimma
Ogyefuo
Ɔbɛnem
Ɔpɛpɔn
20.
Hyehye abosome yi nnidisoɔ nnidisoɔ
Oforisuo, Kitawonsa
Ɛbɔ, Kotonimma
Ɔpɛpɔn, Oforisuo
Ogyefuo, Ɔbɛnem
21.
Nna dodoɔ sɛn na ɛwɔ Oforisuo mu?
Aduonu nkron
Aduonu nwɔtwe
Aduasa
Aduasa-baako
22.
Memeneda Dapaa na ɛdi ...... anim.
Awukudee
Fodwoɔ
Akwasidee
Monomemene
23.
Eduru Akwasidee a, ......
yɛmmo twene
yɛnye ayie
yɛnkɔ ahemfie
yɛnnom nsa
24.
Akuafoɔ yɛ wɔn adwuma wɔ wuram. Afarefoɔ nso yɛ adwuma wɔ ......
nsuo mu
kwaeɛ mu
nnua so
nnan so
25.
Ɛdeen titire na yɛnya fi ɔbɔmmɔfoɔ ho?
Bayɛrɛ
Hanam
Etuo
Sɔso
26.
Bonwire yɛ kuro a agye din wɔ ...... mu
nkyenetuo
kentenwono
kentenwono
nkukunwono
27.
Onipa a ɔbɔ nso ne asekan ma akuafoɔ de ......
ɔtɔmfoɔ
ɔbɔfoɔ
ɔkɔmfoɔ
adumfoɔ
28.
Kentenwonofoɔ yɛ adwuma wɔ ......
nnan so
asadua so
asa so
atɔnnan mu.
29.
Mmaa nkɔ ara na wɔdi saa agoro yi.
Ampe
Antoakyire
Anansesɛm
Mpempenaa
30.
Kontromfi se .....
Me suman ne m'ani
M'ahɔɔden wɔ nnua so
Ɔbɔmmɔfoɔ annya me
Wɔhu ɔpuro a, suro no.
31.
Aberewa bɛkɔ nsuo na ne ......
nana hwɛ no
ntɛm
soe mu
wuo abɛn
32.
Ɔtɔrofoɔ na ɔse ...... ne maame kɔ afuom
ne maame kɔ afuom
ne papa mpɛ n'asɛm
ne danseni wɔ Aburokyire
obiara gye no di.
33.
Anansesɛm mu, wɔfrɛ Ananse ba panin ......
Asɔ
Ntikuma
Tikenɛnkenɛn
Nankɔrɔnhwea.
34.
"Abra, abra o" yɛnsɛm bi a yɛ de ......
wie anansesɛm
toa anansesɛm so
twa anansesɛmtoɔ to
firi anansesɛm ase.
35.
Pa deɛ ɛnyɛ nokorɛ wɔ mmoguo ho.
Ɛma atiefoɔ ani gye
Ɛma atiefoɔ no yɛ basaa
Ɛkanyan atiefoɔ
Ɛma ɔtofoɔ no gye n'ahome.
36.
Biretuo abusua akraboa ne ......
Akoroma
Akoo
• Ɔkraman
Ɔsebo
37.
Mmoa mmienu bɛn na wɔtaa gyina hɔ ma asomdwoeɛ?
Pɛte ne ansee
Ɔpuro ne amoakua
Akyekyedɛɛ ne nwa
Ɔkɔtɔ ne funtumkokonini
38.
Nsenkyerɛnne a obi a ɔrebɛdɔ afuɔ foforɔ yɛ wɔ asase no so ne sɛ ......
ɔsum otimpen
ɔsi nkɛtɛ
ɔsum ohwim
ɔtwa asafe
39.
Nsateaa a Akanfoɔ taa de patea hyɛ soɔ ne ......
Kokurobeti
Nsateaahene
Aheneakyire
Akɔkɔbɛtɔ
40.
Wɔhunu obi a ɔhye ɔdɔso a, na ɔyɛ ......
ɔkɔmfoɔ
akuafoɔ
ɔbɔmmɔfoɔ
ɔkorɔmfoɔ
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Ka tikyani a wopɛ n'asɛm pa ara wɔ wo sukuu mu ho asɛm.
(b)
Adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ ɔkuafoɔ sɛn sɛ wobɛyɛ dɔkota?
(c)
Twerɛ krataa kɔma wo papa. Kyerɛ deɛ nti a ɔmfa wo nkɔ sukuu a wɔda hɔ.
(d)
Nneyɛeɛ bɔne bi taa kɔ so wɔ bere a woreyɛ sɔhwɛ. Kyerɛ kwan a wɔbɛtumi afa so asi ano.
PART II
COMPREHENSION
(20 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Ɔkɔm kɛseɛ bi sii wɔ anansekurom. Anka saa ɔkɔm yi reyɛ akum Ananse ne n'abusuafoɔ nyinaa. Ananse ba Ntikuma de adwene bi bae. Ananse abusuafoɔ yi dɔɔ afuo kɛseɛ bi. Woduaa nnuane ahodoɔ bebree wɔ afuo yi mu. Wɔn ti yɛɛ yie. Nsuo tɔe maa wɔn nnobae no yɛɛ yie.
Ananse faa adwene bi sɛ ɔno nkɔ ara bɛdi afuo no mu aduane no nyinaa. Da koro bi, Ananse hyɛɛ da sɛ ɔyare. Ansa na Ananse rebegyae mu no, ɔka kyerɛɛ n'abusuafoɔ sɛ, sɛ ɔwu a, wɔnsie no wɔ afuo no mu. Ɔkae bio sɛ yei bɛma no ahwɛ afuo no so ama wɔn. Afei wɔse wɔde nkukuo a wɔnoa mu ka ho sie no.
Ankyɛ na Ananse wuie. Abusuafoɔ siee no sɛdeɛ ɔkaerɛ no pɛpɛɛpɛ. Adaduanan akyi no, Ntikuma kɔhwɛɛ afuo no. Anwanwasem, obi atu afuo no mu aduane no nyinaa. Wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛkyere ɔkorɔmfoɔ no.
(a)
Adɛn nti na Ananse ne n'abusuafoɔ dɔɔ afuo?
(b)
Ɛyɛɛ dɛn na nnabaeɛ no yɛɛ yie?
(c)
Kyerɛ kasakoa yi ase: rebegyae mu.
(d)
Suban bɛn na Ananse da no adi wɔ ayesɛm yi mu?
(e)
To ayesɛm yi din.
Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.
Ababaawa ɔsɔbɔvɔ ee, Wo ntomasin na atɛtɛ aka wo kɔn Wo a anka wokyini hwehwɛ woɔ, Kae hunu sɛ, ɔdeɛ yɛnni nka so. Seantie, ɛne ɔnwam atiko pɔ. Ɛnɛ, dɔmpe, wo na worehwehwɛ ɔkraman Ɛnyɛ hwee sɛ seantie.
Ansobere awoɔ yi nso e? Aperewa, woakɔ nea mpanin kɔ. Ama woahu nea mpanin hunu. Hwɛ w'awieɛsu a wode te ho
Bere a na wo mopokua sisi so no, na wose wo ne Agyeman Woabɔ kahyire kakráa afa wiase asoa Ɛnɛ, hwɛ w'awieɛ.
(a)
Asɛm bɛn na ato abaayewaa no?
(b)
Ɛdeen na abaayewa no de asoa wiase?
(c)
Ɛdeen na abaayewa no de asoa wiase?
(d)
Kasakoa: woakɔ dee mpanin kɔ ase ne sɛn?
(e)
To anwonsɛm yi din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Twerɛ nkyerɛkyerɛmu asɛmfua a ɛwɔ ɔkasamu biara mu
(a)
Kwasi soaa ogya duruduro baa fie.
(b)
Abofra nyansafoɔ no reba.
(c)
Krataa tuntum no too amena no mu.
(d)
Kaa foforɔ gyina ho.
(e)
Obaa kɛseɛ no resu.
Fa kasa agyiraehyɛdeɛ hyehye ɔkasamu biara mu
(f)
Oyi nam wo asubonten firao mu
(g)
Wohohoro wo nsa ansa na woadidi.
(h)
Sore
(i)
Mehunuu Abenaa wɔ kwan no so.
(j)
Ɔtoɔ nkosua, atosodeɛ ne ankaa wɔ dwam.
Twerɛ nsɛmfua a ɛfata hye faako a wɔagya no
(yie, twaa, dware, noa, nwono, pɛ, tee, foe, bɔɔ, tuu)
(k)
Kofi duruu ɛdan no mu hɔ ara ...... na ɔdum kanea no.
(l)
Koranten, ...... nsuo no ansa na woanom.
(m)
Wopɛ sɛ wodi nkonim wɔ sɔhwɛ mu a, sua adeɛ ...... .
(n)
Osuo hwee Kwasi maa ne ......
(o)
Kyerɛ Yaw sɛdeɛ wɔsi ...... kɛntɛn
(p)
Osee yii ne mpaboa ...... asubonten no.
(q)
Afe yi de akuafoɔ ...... wɔn bayɛrɛ ntɛm.
(r)
Ɔsɔfo no ...... asɔre mma no bi asu.
(s)
Agyei de abaa ...... ankaa no.
(t)
Ɔpofoni no ...... twaa asuo no.