Share
BECE ghanaian language (asante twi) June 2007

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.

1.

Edin yi mu dee wɔ he na eyɛ kradin?

A.

Nyakoaa

B.

Kwabena

C.

Agyei

D.

Frempɔn

2.

Wɔwɔ obi ....... a, wɔfrɛ no Kwame.

A.

Kwasiada

B.

Benada

C.

Memeneda

D.

Fiada

3.

Abofra a odi Nkroma akyi ne ......

A.

Badu

B.

Botwe

C.

Anane

D.

Nsia

4.

Akanfoɔ akyiwadeɛ baako ne sɛ yɛdidi a .....

A.

yɛnwe nam

B.

yɛnnom nsuo

C.

yɛnsi yɛn ti ase

D.

yɛnto dwom

5.

Sɛ yɛreko baabi so a, ..... ɛyɛ akyiwadeɛ.

A.

yɛnnante ntem

B.

yɛnkyea obi

C.

yɛfira ntoma kɔkɔɔ

D.

yɛnom nsuo

6.

Obi de ɔhene ntam di agoro a, .....

A.

wɔbɔ no safohene

B.

wɔbɔ no asu

C.

wɔbɔ no ka

D.

wɔbɔ no akɔnkɔn

7.

Obarima ware a, ne yere no awofoɔ gye ......

A.

ti-nsa

B.

hyire-guo

C.

akontagyesɛkan

D.

mfuakɔkɔ

8.

Obaa ware a, ne kunu nuabaanom yɛ ne ......

A.

nkontanom

B.

nkumaafoɔ

C.

nsɛnom

D.

koranom

9.

Deɛ edidi soo yi mu baako nka asɛm a wogyina so gyae awareɛ wɔ Akanman mu ho.

A.

Obaa a ɔmmu ne kunu abusuafoɔ

B.

Obaa a wawo ntaafoɔ mprenu

C.

Obaa a ɔyɛ obonini

D.

Obaa a wakyere wia

10.

Amannerɛ bɛn na wɔyɛ de wie awareguo?

A.

Nkurobɔ

B.

Ti-nsa

C.

Ti-ade

D.

Hyireguo

11.

Sɛ obaa bi wu na wode obi si n'anan a, wɔse wafa ......

A.

ne kunu bi

B.

ne tuo

C.

n'asɔ

D.

ne ntoma

12.

Edin bɛn na wode ma nnoɔma a owufoɔ gya ne wuo akyi no?

A.

Nkrato

B.

Agyapadeɛ

C.

Asaman ade

D.

Ayitam

13.

Obarima bi wu na odiadefoɔ no ware ne yere a, wɔse wafa no ......

A.

kunayere

B.

kunadosɔ

C.

yɛyere

D.

ayete

14.

Akyem Abuakwafoɔ afahyɛ titire ne .....

A.

Ohum

B.

Apoɔ

C.

Aboakyerɛ

D.

Kundum

15.

Akanfoɔ rehye fa biara a, ......

A.

wɔpam nsamanfoɔ

B.

wɔnoa aburooduane

C.

wɔkum owansan

D.

wɔgu nsa

16.

Aduane titire bɛn na Akanfoɔ de ma nsamanfoɔ afahyɛ bere mu?

A.

Ampesie

B.

Atokosa

C.

Mpampa

D.

Ɛto

17.

Nnafua sɛn na ɛwɔ bosome Kitawonsa mu?

A.

Aduonunwotwe

B.

Aduasa

C.

Aduasa baako

D.

Aduasa mmienu

18.

Obosome a ɛtɔ so mmiɛnsa din de ......

A.

Ɔpepɔn

B.

Ahinime

C.

Ɔbɛnem

D.

Ɛbɔ

19.

Nnawotwe sɛn na ɛwɔ adaduannan mu?

A.

Enum

B.

Nsia

C.

Nson

D.

Nwotwe

20.

Akanman mu no, Adɛɛ gu ahodoɔ sɛn?/p>

A.

Mmienu

B.

Mmiɛnsa

C.

Ɛnan

D.

Enum

21.

Da bɛn na edi Awukudeɛ anim?

A.

Nkyewukuo

B.

Monokwasie

C.

Fodwoɔ

D.

Dapaa

22.

Yɛnya nnobaeɛ kuo yi firi okuafoɔ ho.

A.

Gyeene, nkyene, mako

B.

Mako, borɔdeɛ, nyaadewa

C.

Nkuruma, aborɔbɛ, dawuro

D.

Bankye, adua, sɔsɔ

23.

Ɔbɔmmɔfoɔ de saa nnoɔma yi na ɛyɛ adwuma

A.

Aboba, dawuro, sekan

B.

Apiretwaa, aboba, etuo

C.

Etuo, sekan, afa

D.

Apiretwaa, aboba, dawuro

24.

Yɛnya saa nnoɔma yi nyinaa firi ɔtɔmfoɔ ho.

A.

Sɔsɔ, asɔ, sika

B.

Sekan, etuo, bayerɛ

C.

Sɔsɔ, etuo, ahina

D.

Asɔ, sɔsɔ, adawuraa

25.

Odwumayɛfoɔ bɛn na ɔyɛ n'adwuma wɔ asadua so?

A.

Kentenwonofoɔ

B.

Okuafoɔ

C.

Ɔbɔmmɔfoɔ

D.

Kentenwonofoɔ

26.

Wɔnto dwom wɔ agoro a edidi soo yi mu baako ase.

A.

Anansesɛm

B.

Mpempenaa

C.

Dame

D.

Antoakyire

27.

Mmarima ne mmayewa nyinaa tumi di saa agoro yi mu baako.

A.

Asɔ

B.

Ampɛ

C.

Mpempenaa

D.

Ntesie

28.

Hwan na ɔtɔ saa dwom yi? Kuro-kuro-hin, hin Kurohinko?

A.

Sikadwumfoɔ

B.

Ɔbɔmmɔfoɔ

C.

Ɔtɔmfoɔ

D.

Kentenwonofoɔ

29.

Adwuma mu nnwom ma odwumayɛni no ......?

A.

awerɛhoɔ

B.

brɛ dodo

C.

nkanyan

D.

ani ha ntem

30.

Odehyɛɛ anko a, ......

A.

wɔnyɛ no hwee

B.

mpanyin bisa no

C.

akoa dwane

D.

ɔhene dwane

31.

Akyekyedeɛ pɛ ne mogya dodoɔ a, .......

A.

ɔkɔfɛm bi

B.

ɔkɔ sadwaase

C.

wode nsuo fra mu

D.

ɔkɔ ɔkɔtɔ nkyɛn boseabɔ.

32.

Abofra su mpanin su a, ......

A.

ɔbɔ aberewa ntem

B.

ɔtua ayiaseka

C.

ɔdi abakɔmasɛm

D.

ne nne si

33.

Abofra a woatwa no mpɛsempɛse ye .....

A.

ɔkɔmfoɔ ba

B.

odehyɛɛ ba

C.

• aboatia ba

D.

ɔbosom ba

34.

Ɔhene a nnipa ti mmiɛnsa sisi n'akyeampoma so kyerɛ sɛ .....

A.

ne ho yɛ nwanwa

B.

ti koro nkɔ agyina

C.

ɔyɛ adwuma ahodoɔ mmiɛnsa

D.

wɔnim tu a, tu wo dwono

35.

Obi firi wuram na ode mmerɛnkɛnsono abɔ ne ti a, ɛkyerɛ sɛ ......

A.

ɔkɔɔ abe so

B.

asɛmmɔne bi ato no

C.

n'ani agye mmoroso

D.

ɔreyi nsɛnkwaa

36.

Akoroma yɛ Ayokofoɔ akraboa a ogyina ho ma ......?

A.

anoteɛ

B.

animuonyam

C.

ahoteɛ

D.

ahopherɛ

37.

Wobisa obi asɛm na owoso ne ti a, aseɛ ne sɛ .....

A.

daabi

B.

aane

C.

yoo

D.

due.

38.

Kane tete no na Akanfoɔ taa tɔ anansesɛm ......

A.

anɔpatutuutu

B.

awia ketekete

C.

anadwofa

D.

bɔmebɔsiawia mu.

39.

Ananse yere a ɔwɔ anansesɛm mu ne ......?

A.

Ntikuma

B.

Aso

C.

Tinkenenkenen

D.

Afurudohwedohwe

40.

Anansesɛm mu Adanko taa di dwuma sɛ .....

A.

onyansafoɔ

B.

apoobofoɔ

C.

osisifoɔ

D.

ntokwapɛfoɔ

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Twere ayɛsɛm bi a n'awieɛ ne sɛ "See na ɛyɛ adaeso."

(b)

Twerɛ ogyahyehyeɛ bi a esii wɔ wo mpotam ho asɛm.

(c)

Ka akwantuo bi a wotuie a, w'ani gyee yie ho asɛm.

(d)

Worebedi w'awoda. Twerɛ krataa kɔma w'adamfo na ɔmmra apontoɔ no ase bi.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(20 Marks)

Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa

2.

Mmerɛ bi na Akorɔma ne Akoko na ɛteɛ. Wɔn asetena mu no, na wɔte sɛ honam ne ntoma maa ɛyɛɛ nkurofoo anibere.

Na agyananbea nni wɔn akuraa ho. Da koro bi Akorɔma ka kyerɛɛ Akoko sɛ ɔmma wɔnkɔbɔ agyananbea. Akoko ampene saa nsusuie no so nti ɔpatu yareɛ. Akorɔma yɛɛ sɛ ɔno nko ara bɛtu agyananbea no. Ɛno nti ɔkɔɔ Akoko ho sɛ ɔmfade sekan ne n'asɔ mma no na ɔmfa nkɔbɔ agyananbea no. Nanso Akoko buaa no sɛ ne nnadeɛ no nso nyinaa yare. Yei nyinaa akyi no, Akorɔma bɔɔ agyananbea no.

Da koro bi Akorɔma firi afuom baeɛ no, ɔhunuu sɛ obi akɔ agyananbea no so. Ɔde too Akoko anim sɛ ɔno Akoko no ara na wakɔ agyananbea no so. Akoko kaa ntam sɛ ɛnyɛ ɔno a. Adeɛ kyee no, Akorɔma boapa yɛɛ sɛ ɔrekɔ afuom nanso ɔkɔtee agyananbea no akyi.

Anni gyina na Akoko baa agyananbea no so ba gyaa ne nan phare so. Akorɔma bɔɔ loo sɔɔ Akoko kɔn mu sɛ ɔbɛku no.

(a)

Adɛn nti na Akorɔma de adwene bae sɛ wɔnmɔ agyananbea?

(b)

Adɛn nti na Akoko ampene saa nsusuia no so?

(c)

Kyerɛ saa kasakoa yi ase. Wɔte sɛ honam ne ntoma.

(d)

Adɛn nti na Akorɔma pɛ sɛ ɔkum Akoko?

(e)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayɛsɛm yi din.

Show Solution

Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.

3.

Abofra a ɔda tannan mu Na wada abrɛ, nyane Wɔ ne nan, su teateam Ka sɛ: Afei deɛ, mabrɛ.

Abaayewa a ɔte obi nkyɛn Di fie dwuma hodoɔ nyinaa To n'ani hwɛ wiem Ka sɛ

Afei deɛ, mabrɛ Obaa warefoɔ a ɔhyɛ mukaase Anoa nkunnuane anoa, anoa Gu ahomekokɔɔ wɔ ho Ka sɛ" Afei deɛ, mabrɛ.

Osukuuni a wakɔ sukuu Nawasua adeɛ ama abo no Nante ɔbrɛ so ba fie ka sɛ: Afei deɛ, mabrɛ.

(a)

Adɛn nti na abofra no wɔ ne nan, su teateam?

(b)

Nnoɔma mmienu bɛn na osukuuni yɛ a ɛma no brɛ?

(c)

Kyerɛ adwuma mmiensa a abaayewa a ɔte obi nkyɛn yɛ

(d)

Kyerɛ kasakoa yi ase: abo no.

(e)

To ayɛsɛm yi din.

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

(20 Marks)

Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.

4.

Dane adeyɔ nsɛm a wɔasensane aseɛ no mu biara kɔ daabi kabea mu

(a)

Mansa nnkɔ sukuu ɔkyena.

(b)

Yaw Adu amaa Kumase nnora.

(c)

Kofi nni fufuo dabiara

(d)

Odwan no nhurii eban no.

(e)

Kwabena amfa aduane no bi.

Twerɛ kasamu a edidi soo yi nyinaa. Twa beaeɛ kyerɛfoɔ asɛmfua a ɛwɔ mu biara ase.

(f)

Ɔtenaa dua no ase.

(g)

Mehunuu sukuuni bi wɔ dan no mu.

(h)

Mfa krataa no nto ɛpono no so.

(i)

Kwaku te Amma akyi

(j)

Abofra no tɔɔ amena no mu.

Twerɛ asɛmfua a ɛne deɛ wɔasane aseɛ no bɔ abira.

(k)

Abenaa buee ɔpono no mu.

(l)

Kwaku sɔ bool no a, mehwɛ no

(m)

Sɛ woto dwom no a, abofra no benyane.

(n)

Mensa papa tɔ nkrataa.

(o)

Abofra no hwee aseɛ no, osuie3.

Fa nkabomdeɛ hyɛ baabi a wɔagya ho no.

(p)

Boa me ...... na woakɔ.

(q)

Obaa ha anapa yi ...... wanhunu ne papa.

(r)

Wanni nkonim wɔ sɔhwɛ no mu ...... wansua adeɛ yie.

(s)

Yɛre wo ho sua adeɛ yie ...... woadi nkonim.

(t)

Kwame paa kyɛw ...... ne papa anhwɛ no.

Show Solution

SponsoredAdvertise