Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.
Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.
1.
Sɛ wɔne obi retu kwan na ɔdi kan na wokɔto no wɔ lore gyinabea a, wokyea no sɛ?
Adwuma o
Akwaaba o
Yɛahyia o
Adi kan o
2.
Sɛn na yɛkyia obi anɔpa?
Mema wo adwo
Mema wo aha
Mema wo akye
Mema wo anɔpa
3.
Sɛ obi ba wo fie na woredidi a, sɛn na wobɛfrɛ no ama wabɛdi aduane no bi?
Aduane nie
Begye bi di
Me nsa aka
Bra bɛka hwɛ
4.
Bere bɛn na obi bɛkyea ofoforo sɛ kuta mu?
Adidie bere mu
Nhyiamu bere
Hwɛ bere
Ɔko bere
5.
Sɛ yɛwo abofra a, ɔdi sɛn ansa na wɔato ne din?
Adaduanan
Adaduonu
Bosome
Nnawotwe
6.
Edin bɛn na yɛde ma abaayewa a yɛwoo no Efiada?
Adwoa
Akua
Afua
Yaa
7.
Edin bɛn na wɔde frɛ ɔbarima a mmaa baanu akyi wɔ awoo mu?
Konto
Piesie
Mensa
8.
Yɛfrɛ abofra a ɔtwa toɔ wɔ ne maame mma mu no sɛn?
Ababio
Ataa
Kaakyire
Nyankomago
9.
Ɔkanni fura ntoma fufuo a na ɛkyerɛ sɛn?
Amiadie
Aperepere
Nkoguo
Nkonimdie
10.
Yeinom mu deɛ ɛwɔhe pa ara na ɛho hia wɔ abadintoɔ mu?
Nsuo ne aduane
Nsuo ne nsa
Nsuo ne sika
Nsuo ne tuo
11.
Wobɛfrɛ wo maame nuabarima sɛn?
Agya
Ase
Nana
Wɔfa
12.
Asɛm sewaa gyina ho ma hwan?
Wo kunu maame nuaba
Wo maame nuabaa
Wo papa nuabaa
Wo wɔfa nuabaa
13.
Awareɛ gu a, hwan na ɔgu ɔbaa no hyire?
Ase
Ɔhemmaa
Sewaa
Akumaa
14.
Da bɛn na apofofoɔ mfa nkɔ po?
Efiada
Ebenada
Wukuada
Yawoada
15.
Amannerɛ bɛn na ɔhene foforɔ yɛ ansa na waagye no ato mu?
Ɔgunsa
Ɔsuae ka ntam
Ɔto tuo
Ɔyɛ ahenyie
16.
Aduane a obi nni anaasɛ nam a ɔnwe yɛ ne deɛn?
N'akyiwadeɛ
N'apedeɛ
Ne mmusuo
Ne ntam
17.
Ataa anaa Ata di kusie a wɔyɛ no deɛn?
Wɔhwɛ no
Wɔdwira no
Wɔdi no atem
Wɔpam no
18.
Edin bɛn na yɛde frɛ nnipa a woawuwu dadaada?
Agyidifoɔ
Ateasefoɔ
Abɔfoɔ
Nsamanfoɔ
19.
Edin bɛn na yɛde ma ayie a amu no da ho?
Abofoyie
Atofoyie
Ahenyie
Doteyie
20.
Amannerɛ bɛn na Akanfoɔ yɛ de twe mmaayewa ba mpanin mu?
Aheneahene
Awareɛ
Bragoro
Nhyira
21.
Wɔrebɛgoro abaayewa bi bra a, hwan na wɔdi kan kɔbɔ no amannerɛ?
Abusuapanin
Nanabaa
Ɔhemmaa
Ɔhene
22.
Ɔbarima bi de n'ano to abaayewa bi so sɛ ɔbɛtete no aware no a wɔfrɛ saa awareɛ no sɛn?
Asiwa
Kuna
Mpena
Awowa
23.
Nsɛm a obi ka de kyekyɛ n'agyapadeɛ ansa na wawu yɛ deɛn?
Adansieɛ
Agyinaeeɛ
Mmara
Nsamanse
24.
Ɔhene retu kwan a ɔde ɔman no hyɛ hwan nsa?
Gyaasehene
Kurontihene
Kyidomhene
Ɔhemmaa
25.
Adɛn nti na yɛredi asɛm a yɛhia adansefoɔ?
ɛma amammere da adi
ɛma asɛm no yɛ dɛ
ɛma mpanimfoɔ pene so
ɛma nokorɛ da adi.
26.
Wɔretu ɔhene adeɛ so a, amanneɛ bɛn na wɔyɛ?
Wɔsi no akonkon
Wɔgu no hyire
Wɔworo ne mpaboa
Wɔma no bɛse
27.
Yɛfrɛ bere a yɛde ɔhene bi redi akonnwa foforɔ no sɛn?
Ahenbɔ
Ahensie
Ahensem
Ahentuo
28.
Akuapemfoɔ afahye titire ne deɛn?
Akwambo
Fetu
Odwira
Papa
29.
Apoɔ yɛ deɛn?
Afahye
Apontoo
Ntokwa
Tutuo
30.
Yeinom mu deɛ ɛwɔ hen na ɛnyɛ afahye ho mfasoo?
Amammeresua
Mpontuo
Nkabom
Ntokwako
31.
ɛdeen na yɛnam afahye so hunu wɔ ɔman bi ho?
Abakɔsɛm
Sikadodoɔ
Nnipa dodoɔ
Ahonya
32.
Yɛfrɛ obi a ɔde nnadeɛ bɔ asɔ, tɔn ne sasoɔ sɛn?
Odwadifoɔ
Onwonfoɔ
Ɔsɛnfoɔ
Ɔtomfoɔ
33.
ɛda a adeɛ rebɛkye ama yɛadi Afahyɛ yɛ da bɛn?
Awisi
Fofie
Dapaa
Awukuo
34.
Bere bɛn na akwasideɛ siɛ?
Adaduanan biara
Afe biara
Bosome biara
Nnawotwe biara
35.
Toa ɛbɛ yi so: ɛsie ne kagya nni .....
Adamfofa
Aseda
Ayaaka
Nkabom
36.
Toa ɛbɛ yi so: Ayankɔgoro nti na ɔkɔtɔ anya ......
kɔn
nan
nsa
tire
37.
ɛdeɛnbɛn na saa bɛ yi de to dwa: Wɔte faako a wote w'adeɛ so?
Ahoɔyaa
Akokɔoduro
Akwadworo
Anieden
38.
Bere bɛn na yɛbu saa bɛ yi: Woamma wo yɔnko antwa nkron a, wo nso wontwa du?
Abufuo
Ahoɔyaa
Ahotɛ
Aniwu
39.
ɛbɛ ho mfasoo baako ne deɛ ɛhe?
ɛboa atiefoɔ
ɛde sika ba
ɛde anigyee ba
ɛma ɔkasa yɛ dɛ.
40.
ɛdeen na saa bɛ yi de reto dwa: Hwɛ m'ani so ma me nti na atwe mmienu nam?
Nkabom
Nkommo
Ahuhuro
Ahonya
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Twere ayɛsem bi a wofi asee sɛ Awia ketee bi..
(b)
M'adamfo pa ara ne deɛ nti a mepɛ n'asem.
(c)
Twere ntokwa denden bi a wohunuu da bi na kyere deɛ esiie.
(d)
Twere krataa kɔma w'adamfo bi na ka adwuma a daakye wobɛyɛ kyere no.
PART II
COMPREHENSION
(20 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Okraman bi a okəm aye no se atwaa nenam kwaeɛ bi mu a orepe aduane bi adie. Okohyiaa Yoma. Na Yoma so kenten a aduane ne nnompe ahye mu ma. Mmoa yi baanu bɔɔ anan se woreko sedee abeye a stamfo bi beto hye won so a wobatumi apam no. Na ɛkwan a wɔnam soɔ no mu yɛ hu yie.
Okraman sree Yoma se okom reku no nti omma no aduane kakra nni. Yoma buaa no se, esere abu so wo baabi a onam no, enti onhye aser nwe bi. Wam, ma okraman aduane no.
Ankyɛ koraa, wobehwe a pataku bi anim nie. Pataku pue a opuee ho no haa Yoma yie. Yei nti opaa okraman kyɛw sɛ əmmə ne ho ban mfiri Pataku no ho. Okraman buaa no se ɔkum reku no nti orentumi mmo ne ho ban. Eho ara na atu yeraes. Pataku kum Yoma a onnim mmirikatuo yi wee ne nam pasaa.
(a)
Aden nti na na okraman nenam kwaeɛ no mu?
(b)
Nnooma ben na na ɛso Yoma?
(c)
Aden nti na pue a Pataku puee ho no haa Yoma?
(d)
Kyere saa kasakoa yi ase....... otu yeraei.
(e)
Fa nsemfua a emmoro nson to abasem yi din.
Kenkan anwonsem a edi soo yi na bua nsemmisa no nyinaa.
Onipa fefe tokotoko Wo se fitafita Ne dodoo aduasa mmienu Wode abefa me nankum Akɔhye baabi awe no tan Wobερε me nam ama me Kɔρε m'ades bre me oo.
Okraman kakrakaa kwa Wo se apaprapa nie Ne dodoo aduanan mmienu Wode abɛfa me dompe Akoda faako abo mu pen Wobepe me dompe ama me Kɔρε m'ades bre me oo
Odwannini nwonwaa W'ano bayaa gyegee Wo se aduasa mmienu Wode abefa me borodeɛ Akɔgyina baabi awe no tan "Wobepe me borɔdes ama me Kɔρε m'ades bra me oo
(a)
Onipa se dodoo ye sen?
(b)
Suban ben na odwannini da no adie wo anwonsam yi mu.
(c)
Aden nti na onipa pe se okraman de ne dompe no san bra no?
(d)
Kyere saa asem yi ase: apaprapa
(e)
To anwonsem yi din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Fa adeye mu kyerefoɔ a efata hye faako a wɔagya no.
(a)
Mmofra no bɔɔ nsra ...... ko sukuu dan mu.
(b)
Oka Franse kasa ......
(c)
Mehunuu no .......
(d)
Otwerse lete .....
(e)
Ababaa no saee ...... wɔ ɔyəkyere no ase.
Twere nsemfua a woasan ases no dodoo kabea.
(f)
Abofra no suu anadwo.
(g)
Okyerɛkyerɛni no de krataa maa ne mmofra
(h)
obofo no akum mmoa pii nne.
(i)
Okuafoo no twaa dua no too fam
(j)
Polisii no kyeree akoramfoɔ no.
Fa edinnkyereɛkyeremu a efata hye faako a woagya no
(k)
Obarima ...... no warees nkyɛree.(tenten, kesee, tuntum, fɛεξε)
(l)
Mehunuu ɔwɔ ...... bi wo okwan no ho.(ketewa, kesee, tiatia, tenten)
(m)
Me papa wo efie ..... bi wo Nkran.(fεεfe, kesee, baako)
(n)
Okuafoo no buu dua ..... no too fam.(tenten, tiatia, kesee, ketewa.)
(o)
Eye akwantu ......(kesee, tenten)
Fa nkabomdee a efata hye faako a woagya no.
(p)
Abarimaa no ...... abaayewa no redi agoro
(q)
Mebaa ha...... manhu no.
(r)
Osuaa adeɛ yie...... obedi sohwe no mu nkonim.
(s)
Oyɛ obubuani...... obetumi aforo dua.
(t)
Owui ..... onomee awuduro.