
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
1.
Saa nnipa yi mu deɛ ɔwɔ he na ɔyɛ wo papa busuani? Wo papa ......
akonta
ba
sewaa
wɔfa
2.
Sɛ Akanfoɔ ka sɛ mogya a, na ɛkyerɛ sɛn?
Abusua
Adamfo
Akyiwadeɛ
Awaree
3.
Akanfoɔ wɔ gyidie sɛ onipa biara wɔ ɔkra ne sunsum. Kyerɛ edin foforɔ a yɛde frɛ sunsum.
Abusua
mogya
Ntɔn (Ntoro)
Saman
4.
Kyerɛ deɛ enti a ɔba ne ɛna yɛ abusuafoɔ.
Wɔbɔ abusua koro
Wɔbɔ ntɔn koro
Wɔwɔ adwene koro
Wɔwɔ sunsum koro
5.
ɔkwan bɛn so na Akanfoɔ nam bɔ agya abusua?
Abusuabɔ
Awaree
Kunaye
Owuo
6.
Sɛ wo papa ware mmaa baanu a, ɔbaa baako no yɛ wo maame deɛn?
Abanoma
Akumaa
Kora
Sewaa
7.
Nneyɛeɛ a edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ akyiwadeɛ? Sɛ woware ......
papa ba
sewaa ba
w'adamfo ba
wɔfa ba
8.
Ɛdeɛn na ama obi hunu sɛ ɔne ofoforɔ som agya bosom baako? Sɛ ......
wɔbɔ abusua koro
wɔn akyiwadeɛ yɛ pɛ
wɔfiri kuro baako
wɔyɛ bogya koro
9.
Abusua bɛn na wɔgye di sɛ wɔde egya baa wiase?
Aduana
Asona
Oyoko
Biretuo
10.
Abusua bɛn na wɔne akraboa din sɛ?
Aduana
Agona
Asona
Ɛkoɔna
11.
Sɛ wɔpa ɔhene foforɔ a, wɔde no kakyere ...... kan.
Abakomahene
Amankrado
Gyaasehene
Sanaahene
12.
Bere bɛn ba na wɔyi odiadefoɔ?
Adaduanan dua a
Da a onipa no bawu no
Wonom sikasa wie a
Wɔyɛ dɔteyie wie a
13.
Abusua bɛn mu na wɔyi odiadefoɔ firi?
Okunafoɔ abusua mu
Owufoɔ no abusua mu
Owufoo no papa abusua mu
ɔhene abusua mu
14.
Sɛ obi ...... ampene a, onii no ntumi nni obi adeɛ.
maame
nana
papa
wɔfa
15.
Nnipa baanu bɛn na wɔbɔ mu si ɔhene anan mu?
ɔhemaa ne Abusuapanin
ɔhemaa ne Amankrado
ɔhemaa ne Gyaasehene
ɔhemaa ne Dabehene
16.
Toasɛm yi so; Sɛ niwaa mma nsaeɛ a ...... nni adeɛ.
maame
nana
onua
wɔfaase
17.
Nkroma tɛ hɔ a Badu nni adeɛ. Yei kyerɛ sɛ ......
abɔfra wɔhɔ a, ɔpanin nni adeɛ
Badu mma Nkroma nni adeɛ
wɔfaase wɔhɔ a, onua nni adeɛ
ɔpanin wɔ hɔ a, abɔfra nni adeɛ
18.
Aboa bɛn na Simpafoɔ kyere de di Aboakyɛre Afahyɛ?
Okankane
Onwansane
ɔsebɔ
ɔtorɔmɔ
19.
Kyerɛ botaeɛ a akyemfoɔ gyina so de di ohum
Wɔde frɛ dɔm
Wɔde gye wɔn ani
Wɔde huro ɔkɔm
Wɔde sua amammerɛ.
20.
Ehefoɔ na wɔdi akwantu kɛseɛ Afahyɛ?
Akuapemfoɔ
Bonofoɔ
Dwaben Foforofoɔ
Kwawufoɔ
21.
Nsɛm a edidi soɔ yi deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ nokorɛ?
Afahyɛ de ɛka ba
Afahyɛ kyerɛ abusua ase
Afahyɛ ma yɛhunu amammerɛ
Afahyɛ see bere kwa.
22.
Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔhwɛ Bakatue afahyɛ a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ ......
Ɛdena
Akyemfo
Odwaa
Simpa
23.
Afahyɛ bɛn na Akuapemfoɔ die?
Akwammɔ
Apɔɔ
Ohum
Odwira
24.
....... yɛ amammerɛ bi a ɛkyɛn da titire bi a atwa mu /ɔman bi abrabɔ mu.
Afahyɛ
Anansesɛm
Bragoro
Nsaguo
25.
Toa ɛbɛ yi so: Etire nte sɛ borɔferɛ na ......
yɛabue so
yɛapae mu
yɛatwam
yɛawoso
26.
Kontromfi se: Me suman ne ......
m'adwene
m'ani
me nan
m'aso
27.
Nsɛm a edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ nokorɛ?
Yede ɛbɛ kyere kasakoa ase
Yede ɛbɛ toa ɛbɛ so
Yede ɛbɛ twa asɛm tenten tia
Yede ɛbɛ si kasakoa anan mu.
28.
Mpanin se; Nsamanpom soduro, wo ni wu a, na ...... asa.
w'abusua
wo nkorɔfoɔ
wo nnamfonom
wo nuanom
29.
Anomaa antu a, ......
ɔbua da
ɔgyina ho
ɔsi faako
ɔte hɔ
30.
Hwan na tete no na ɔse ɔwe aburoopata no?
Aduobi Ata
Ampomfi
Asebu Amanfi
Atakora
31.
Tete no na wɔse Onyankopɔn bɛn nnipa. Ɛyɛɛ dɛn na ɔkɔɔ sorosoro?
Aberewa bi de wɔmma wɔɔ no
Abofra bi tiaa ne nan so
Obi hwiee nsuo guu ne so
Papa bi too aboɔ bɔɔ no.
32.
Sɛn na wɔfrɛ edwom a atiefoɔ to wɔ anansesɛm mu?
Abraa braa
Aho
mmoguo
Nnwonkoro
33.
Anansesem botaeɛ titire ne sɛ ......
wɔde bɔ nkɔmmɔ
wɔde gyegye mmofra agora
wɔde tu fo
wɔde twa asɛm tia.
34.
Anansesɛm mma mu deɛ ɔwɔ he na ɔyɛ aniteɛ pa ara?
Akoko Antwiwaa
Ananse
Ntikuma
Okraman
35.
Sɛ yɛka sɛ anansesɛm mfimfini a na ɛkyerɛ ......
anansesɛm no ankasa
anansesɛm no awieɛ
mmoguo
ofre
36.
Sisiri mbo, tabon mbo. Adwuma bɛn mu dwom nie?
Ahayɔ
Kuayɔ
Ntomanwene
Apɔko
37.
Antoakyire yɛ mmofra agora no mu baako. Kyerɛ ne botaeɛ.
Ahooden
Ahwɛyie
Nnamfofa
Papayɛ
38.
Toa saa dwom yi so: Dedendee Kwao Dedendee Kwao, Agya Bofoɔ ne nkwan yɛ me dɛ nanso ......
n'ataadeɛ yɛ me tumm
ne mpaboa yɛ me kɔɔ
ne nam yɛ me dɛ
ne tuo ho yɛ me tumm.
39.
Adɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a ɔto dwom? Sɛdeɛ ......
nkurofoɔ bɛte ne nne
nnipa bɛhunu sɛ ɔwɔ hɔ
ɔbɛnya aboafoɔ
ɔrente ɔbrɛ
40.
Deɛ edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ Akanfoɔ agoro?
Ahayɔ
Antoakyire
Asoba
Atentam
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Twere krataa kɔma wo kyerɛkyerɛni na kyerɛ deɛ nti a worentumi nkɔ sukuu nnanu.
(b)
Kyerɛ aduane a wopɛ pa ara na kyerɛ sɛdeɛ wɔsi yɛ no.
(c)
Twere deɛ woyɛ no Memeneda biara.
(d)
Twere ayesɛm bi a wɔnim.
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Da bi na ɔkra ne Akura yɛ nnamfoɔ a wɔte faako. Na wɔn akuraa no bɛn kwaeɛ bi. Na wɔnoa aduane a, wɔdidi bɔ mu.
Anɔpa bi ɔkra ne Akura de aburoosiam ne ngo yɛɛ aduane bi. ɔkra kaa sɛ wɔmfa aduane no nsi hɔ na wɔfiri afuom ba anwummere a, wɔabedi. Akura ani annye saa nsusuie yi ho nanso wante ntasuo anto fam.
Wɔduruu afuom ho no, akura ka kyerɛɛ ɔkra sɛ ne werɛ afiri ne sekan wɔ efie ɛno nti ɔresan akɔ fie akɔfa. ɔduruu fie no, ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛka aduane no bi ahwɛ sɛ ɛyɛ anaa. N'ani baa ne ho so no na wadi aduane no nyinaa.
Akura hunuu sɛ ɔkra aba fie pɛ na odwaneɛɛ. Ɛno nti na akura hunu ɔkra bere biara a na ɔredwane no
(a)
Ehefa na na nnamfoɔ yi akuraa wɔ?
(b)
Bobo nneɛma a wɔde yɛɛ aduane no din.
(c)
Kyerɛ saa kasakoa yi ase: wante ntasuo anto fam.
(d)
Adɛn nti na Akura hunuu ɔkra no odwaneɛɛ?
(e)
Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayesɛm yi din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Twere nsɛmfua kuo a asɛmfua a woasensan asee wɔ ɔkasamu biara mu no fra mu.
(a)
ɔkra no da pono no ase.
(b)
ɔhene no reka ne kaa.
(c)
Maame mansa ho yɛ fɛ.
(d)
Kwadwo tu mmirika ntemntem.
(e)
Ne fie no yɛ foforɔ.
Fa atwere mu nsɛnkyerɛnne a ɛfata twere ɔkasamu a edidi soɔ yi mu biara yie
(f)
Wɔwoɔ abaayewa no wɔ tatokrade.
(g)
Wo nsa kaa nkra no
(h)
ɔtɔɔ nwoma pen ne pensere
(i)
Firi ha ntem
(j)
Mehuunuu Dankwa wɔ adwuma mu
Twere ɔkasasin ko a deɛ woasensan asee wɔ ɔkasamu biara mu no fra mu.
(k)
Krataa no da pono no so.
(l)
Papa no ho yɛ fɛ yiye.
(m)
Na Kofi rekan krataa.
(n)
ɔbaa anɔpa no.
(o)
Ntoma no gu pono no so.
Twere ɔkasasin ko a deɛ woasensan asee wɔ ɔkasamu biara mu no fra mu.
(p)
Woasi efie foforɔ bi
(q)
Odwan tutntum no redidi
(r)
Papa tenten no firi apueɛ na ɔbaeɛ.
(s)
Amma atɔ ataadeɛ kɛser bi.
(t)
Papa no apam ɔkraman nihafoɔ no
Kenkan anwonsem a edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa a ɛwɔ aseɛ no nyinaa.
Abofra a worefiri obra aseɛ,Sɛ worepɛ ahoto ne ahodwoo aBu w'awofoɔ na di wɔn ni. Na daakye bi, ɛbɛsi wo yie.
Abofra a worefiri obra aseɛ,Sɛ worepɛ abrabɔ mu nimdeɛ a,Sua biribi ɛnne yi ara;Na daakye bi, ɛbɛsi wo yie.
(a)
Twere suban ahodoɔ mmienu a sɛ abɔfra da no adi a, daakye ɛbɛsi no yie
(b)
Deɛn na sɛ abɔfra pɛ nimdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
(c)
Wodwene sɛ sɛ abɔfra antie afotuo ne kasakyere a deɛn na ɛto no?
(d)
Kyerɛ sɛ kasakoa yi ase: 'di wɔn ni'