
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
1.
Akanfoo gye di sɛ ɛna ma ne ba mogya na agya ma no ......
sika
abusua
aduane
ɔkra
2.
Edin a wɔfrɛ Ɛna mogya a ɔde ma ne ba ne .....
ahoɔfɛ
ntɔn
saman
abusua
3.
Sɛ woyɛ ɔbarima a, wo nuabaa ba yɛ wo .....
ba
wɔfaase
nana
nanakansewa
4.
Abusua ne ntɔn firi nnipa kuo bɛn ho?
Maame ne nana
Papa ne nana
Maame ne papa
Maame ne abusuapanin
5.
Kyerɛ deɛ nti a ɛna ne mma da nso firi agya ho.
Wɔn na wɔfiri kuro no mu
Wɔn na daa wɔte fie
Wɔn na wɔbɔ abusua baako
Wɔn na wɔdi nkɔmmɔ
6.
Suban a ɔbaa a ɔwɔ abadaeɛ da no adi no wɔfrɛ no ......
ahantan
aniteɛ
tema
obuɔ
7.
Agya, Ɛna ne Mma, hwan ne efie no ti?
Agya
Mma
Ɛna
Nkwadaa
8.
Wɔfrɛ Akanfoo adedie sɛ ......
papa adedie
nana adedie
sewaa adedie
wɔfa adedie
9.
Saa nnipa yi ase nsaeɛ a wɔfaaseɛ nni adeɛ
nniwaa mma
papa mma
nana mma
wɔfa mma
10.
"Agya bi wu a, agya bi tease" yɛ kasa a wɔka kyerɛ ......
akunafoo
nwisiaa
odiadefoo
abusuapanin
11.
Kasa a edi akyiri a obi ka ansa na wawu na Akanfoo frɛ no ......
nsamanseɛ
awugyamma
kasapreko
nkwa nsɛm
12.
Bere bɛn na abusuafoo hyia bue owufoo adaka so?
. Afe
Bosome
Adaduanan
Nnawotwe
13.
Duaba bɛn na Akanfoo de gyina ho ma onipahunu bi a wadi adeɛ?
Kwadu
Amango
Paya
Borɔferɛ
14.
Sɛ okunafoo bi mpɛ sɛ ɔware odiadefoo a, kasakoa a ɔka ne sɛ ɔbeware ......
mmoatia
nkɔto ne mmebɛ
ne kunu saman
nsamanpɔ mu
15.
Afahyɛ yi mu deɛ ɛwɔ he na wɔde huro kɔm?
Akwambo
Aboakyɛre
Ohum
Kundum
16.
Bakatue yɛ nnipa bɛn afahyɛ?
Adaafoo
Ɛdenafoo
Akyemfoo
Simpafo
17.
Kyerɛ kuro a edidi soɔ yi mu baako a wɔdi "Adeɛ-kɛseɛ" afahyɛ.
Adaa
Kumase
Kyebi
Simpa
18.
Afahyɛ ho mfasoɔ titire baako ne sɛ .....
ɛde akɔbɔfoɔ ba fie
yɛkye akoromfoo
yɛtu amun mfo adeɛ so
ɛde ɔkɔm ba.
19.
Kyerɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ afahyɛ ne nkuro a edidi soɔ yi mu.
Keta-Aboakyɛre
Kumasi-Fetu
Somanya-Odwira
Axim Kundum
20.
Aboa bɛn na Efutufoo kyere no
ɔtwe
ɔnwansan
ɔtorom
Nantwie
21.
Nsɛm a edidi soɔ yi mu deɛ Ɛwɔ he na ɛnyɛ nokorɛ wɔ afahyɛ ho?
Afahyɛ de anigyee ba
Afahyɛ see mmere
Akɔbɔfoɔ ba fie
Nkyirimma sua amammerɛ
22.
Bosome dodoɔ sɛn na yɛnya wɔ afenhyia baako mu?
Dumienu
Dubaako
Dunkron
Dummiɛnsa
23.
Bosome a ɛto so dumienu no din de ......
Ogyefuo
ɔbɛnem
ɔpɛpɔn
ɔpɛnimaa
24.
Bosome bɛn mu na Simpafoo kyere aboa?
Kɔtonimma
Ayɛwohomumɔ
ɔsannaa
Obubuo
25.
Bosome yi kura nnafua aduasa.
Ɛbɔ
Kitawonsa
Ogyefuo
Ahinime
26.
Bosome bɛn mu na Akristofoɔ di Yesu awoda?
Ogyefuo
ɔpɛpɔn
ɔpɛnimaa
ɔsannaa
27.
Kyerɛ amanne titirie a Akanfoo di no dabɔne biara.
Wɔgu nsa
Wɔyɛ ayi
Wɔkɔ asiee
Wɔbu sika ho nkonta.
28.
Hyehye bosome a edidi soɔ yi nnidisoɔ-nnidisoɔ.
ɔpɛpɔn, ɔpɛnimaa, Ogyefuo
ɔpɛnimaa, ɔpɛpɔn, Ogyefuo
Ogyefuo, ɔpɛnimaa, ɔpɛpɔn
ɔpɛpɔn, Ogyefuo, ɔbɛnem
29.
toa bɛ yi so: "Ɛkaa nwa ne akyekyedee nko ara a ank ......"
etuo rento wɔ kwaeɛ mu.
aboa biara nkye ne yɔnko
abɔfoo biara renkɔ wura mu
nnipa nnya nam nwe.
30.
Mpanimfoo bu bɛ sɛ, "Borɔferɛ a ɛyɛ dɛ na ......
mmofra die
yɛtɔn wɔ dwa mo
nnomaa die
abaa da asee.
31.
"Sɛ atuduro asa a, na ɛnyɛ ......
ɔhene toa mu
Akowua ntoa mu
ɔbɔmmɔfoɔ bɔtɔ mu
Asafo bɔtɔ mu
32.
"Anomaa nua ne nea ɔne no da duakoro" kyerɛ Akanfo ......
ayɔnkofa
efie tena
abusuabɔ
ntɔn bɔ
33.
Ɛbɛ, "baanu so a emmia" kyerɛ ......
aniteɛ
nkabom
asisie
asomdwoeɛ
34.
ɔkɔtɔ nwo anomaa kyerɛ sɛ obi suban sɛ .....
n'awofoo
n'adamfo
ne nua
ne sewaa
35.
Yei yɛ anwonwadeɛ ahodoɔ no mu baako a ɔkɔmfo Anokye yɛeɛ?
ɔde afena wɔɔ fam ma ɛkaa ho.
ɔpaeɛ asubonten mu mmienu
ɔduaa bɛse wɔ wiem
ɔnyanee owufoɔ.
36.
Kyerɛ adeɛ baako bi a Asebu Amanfi yɛ de gyee din.
ɔtonn nnipa maa Aborofo
ɔwee nnipa nam
ɔnante firii mpoano kɔɔ sɛrɛm
ɔwee aburo pata.
37.
Sɛ yɛbɔ Sikadwa Kofi din a, onipa bɛn na yɛkae no?
Asebu Amanfi
Ansa Sasraku
ɔkɔmfo Ntiamoa
ɔkɔmfo Anokye
38.
Kyerɛ baabi a ahemfo yi ase firi: Obunumankoma, Odapagyan ne ɔson.
Okuapemman
Fanteman
Asanteman
Firaw agya
39.
Kwaku Ananse ba panyin din de ......
Afurudohwedohwee
Nnankoronhwea
Ntikuma
Tikenenkene
40.
Suban bɛn na ɔsebo da no adi wɔ anansesɛm mu?
ɔboafo
Ahobrɛaseɛ
Asisie
Awiemfoo.
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Twere krataa kɔma w'adamfo a ɔwɔ sukuu foforɔ mu na kyerɛ no nsrahwɛ bi a wɔkɔɔ no nnansa yi.
(b)
Twere sɛdeɛ wɔnwene kantɛn anaa kɛtɛ.
(c)
Akromfoo werɛmfoo bi baa mo fie anadwo bi. Twere deɛ ɛsiiɛ nyinaa.
(d)
Wɔpɛ sɛ woyɛ Tikyani anaa Nɛɛse?
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Da bi maame bi ne ne ba ketewaa bi kɔɔ afuom. ɔde abofra no kotoo dua bi ase. Bere a ɔreyɛ adwuma no, abofra no suie. ɔkɔmaa no nufoo san dedaa no dua no ase. ɔkotoaa n'adwuma no so. Abofra no sane suu bio.
Saa bere yi na ɔkɔreɛ mmɔborohunufoo bi bɛkotoo abofra no ho de n'ataban huhuu ne ho. Maame no huu saa no, ɔbɔɔ hu na ɔteaa mu. ɔreko ne ba no ho ara pɛ, na ɔkɔreɛ no tu kɔee. ɔsane kɔmaa abofra no nufoo bio de no hyɛɛ n'akyi. ɔkɔɔ fie no wanka hwee ankyerɛ ne kunu.
Adeɛ kyeɛɛ no, maame no sane kɔɔ afuom ho. Asɛm koro no ara sane sii bio. Da no deɛ, ɔbɔɔ ne kunu amanneɛ, nanso wannye n'asɛm no anni. Ne nnansa soɔ no, maame no san kɔɔ afuo no mu. Abofra no firii asee suuie no, maame no kɔfrɛɛ ne kunu no. Papa no faa n'agyan ne mmemma mmiɛnsa. Wɔduruu afuo no mu no, maame no maa ne kunu no kɔhuntaeɛ na ɔkɔ so yɛɛ adwuma.
Abofra no suu dendennden. Deɛ papa no hunuu ne sɛ, ɔkɔreɛ no abebutu abofra no ho. Papa no ho dwirii no. ɔgyene n'ani too n'agyan no bɔɔ ɔkɔreɛ no. ɔkɔreɛ no tweɛ ne ho. Agyan no wɔɔ abofra no. Na ɔkɔreɛ no tu kɔɔ dua bi so. Papa no ne ne yere no hyɛɛ asee suu dendennden bere a wɔhunuu sɛ wɔn ba no aka baabi no. ɔkɔreɛ no kaa sɛ, "Womfa bɔne ntua papa so ka."
(a)
Da a edi kan a maame no hunuu ɔkɔreɛ no, deɛn na ɔyɛeɛ?
(b)
Deɛn na ɔkɔreɛ no yɛɛ abofra no?
(c)
Mprɛ sɛn na maame no hunuu ɔkɔreɛ no?
(d)
Adɛn nti na da a edi kan no, maame no anka asɛm no ankyerɛ ne kunu?
(e)
Adɛn nti na papa no annye ne yere asɛm no anni?
(f)
Deɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔkɔreɛ no amma sɛ ɔrebɛyɛ abofra no bɔne bi?
(g)
Kyerɛ asɛm yi ase; kɔhuntaeɛ.
(h)
Deɛn nsɛm na ɛwɔ ayesɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ abofra no awu.
(i)
Kyerɛ wei ase: "Womfa bɔne ntua papa so ka"
(j)
Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to akenkansem yi din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Twere edin asɛmfua a ewɔ ɔkasamu a edidi soo yi biara mu.
(a)
Nnora ɔboroo abarimaa no
(b)
Anigyee wɔ ha
(c)
Wɔwɔ afuo
(d)
Mensa rekasa
(e)
Yɛhia asomdwoeɛ
Fa atwere mu nsɛnkyerɛnne a ɛfata twere ɔkasamu a edidi soɔ yi mu biara yie.
(f)
ɔde mango anka, ne aborɔbɛ baeɛ.
(g)
Ghana ahenkuro ne nkran.
(h)
Ehefa na wɔkɔeɛ
(i)
Papa no maa boatema sika.
(j)
Hɛ, gyae
(k)
Maame no fura ntoma tuntum.
(l)
nomaa ketewa no tu kɔeɛ.
(m)
Wɔakum, abirekyi kɛseɛ no.
(n)
Papa no bɔroo ne babarima onihafoo no.
(o)
Obaa no wɔ atadeɛ dada bi.
Twere nsɛmfua a woasensan aseɛ no mu biara abirabɔ.
(p)
Abofra no te efie no anim.
(q)
Fa sika no hyɛ adaka no ase
(r)
Papa sikani no aba.
(s)
Kwaku resu.
(t)
Tena ha.