
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
1.
Awia bere mu Twifoɔ Kyea.......
Maakye
Maadwo
Maawia
Maaha
2.
Wɔkyea Aduanafoɔ a wogye so
Yaa Asɔ na
Yaa Ɛsɔn
Yaa Adu-na
Yaa Awu-si
3.
Wo wɔfa maame yɛ wo deen?
Nana
Maame
Sewaa
Nua
4.
Sɛ Okanni ka sɛ ɔne obi yɛ mogya baako a, na ɛkyerɛ sɛ........baako
Wɔyɛ abosomma
Wɔyɛ abusua
Wɔte fie
Wɔbɔ ntɔn
5.
Abofra a wo papa de no bɛwaree wo maame yɛ no
Kora
Akumaa
Abanoma
Ba
6.
Abusua biara wɔ...........ɔda ano
ɔkyeame
Abusua panin
Nhenkwaa
Ɔhene
7.
Nhunuanim nsa din foforɔ ne ......
Kɔkɔɔkɔbɔ
Tiri nsa
Tiri ade
Danta
8.
Saa nneɛma yi mu baako na wode ka ɔbrani ano
Kosua
Nsa
Ɛmo
Fufuo
9.
...... yɛ amanneɛ a wɔyɛ de pagya abaayewa ka ne mpanin mfeɛ mu
Ayeforohyia
Awaregyeeɛ
Kyiribra
Bragoro
10.
Awaregyeeɛ mu, ɔbaa no maame gye tamboba a, papa nso gye ......
Sekan
Tuo
Danta
Ntoma
11.
Aware ho mfasoɔ baako ne ......
Ɛka ne awerɛhoɔ
Aperepereeɛ
Koratwe
Animmuonyamhyeɛ
12.
Ntaafoɔ akyiri ba a ɔtɔ so mmienu yɛ ......
Obiwom
Tawia
Nyankomago
Atuakɔsɛm
13.
Akanfoɔ nam ...... so gye akokoa bi to abusua bi mu
Dintoɔ
Asubo
Awaregyerɛ
Kradin
14.
Sɛ wɔwo obi memeneda na ɔyɛ ɔbarima a, ne mmrane ne ......
Atoapoma
Kontonkyi
Toturobonsu
Bodua
15.
Bragoro mu no baabi a ɔbrani kɔtena yɛ ......
Ɔhemaa fie
Brafie
Abusua fie
Ɔmaame fie
16.
Akanfoɔ di adeɛ kɔ ...... fam
Damfo
Sewaa
Papa
Maame
17.
Nnipakuo a wɔnoa ɔhene aduane wɔ ahemfie ne
Akyerɛmadefoɔ
Soodofoɔ
Ɛsɛnfoɔ
Adumfoɔ
18.
Ahemfie nnipa no nyinaa Sahene ne hwan?
Gyaasehene
Ɔkyeame
Kurontihene
Abrafoɔ
19.
Sɛ wɔpaw ɔhene foforɔ a ...... kyerɛ ɔmanfoɔ
Ɔnante
Osuae
Odidi
Ɔkasa
20.
Ahemfo yi mu hwan na ɔkorɔn sɛ wɔn a aka no.
Kurontihene
Sanaahene
Gyaasehene
Ɔmanhene
21.
Ahemfo baasa a wɔdii Fantefoɔ anim bɛpuee mpoano ne ......
Ntim Gyakari, Asaibu Amenfi, Opoku Ware
Ntim Gyakari, Asaibu Amenfi, Opoku Ware
Oburumankoma, Ɔdapagyan, Ɔsono
seɛ Tutu, Tweneboa Kodua, Ansa Sasraku
22.
Akan man mu sɛ obi ka ntam a ......
Wɔhwe no
Wɔde no kɔ kɔɔto
Wɔkyerɛ no dedua
Wɔbɔ n'aba so
23.
Nsɛm a yɛde wie nsaguo taa yɛ deɛ yɛde ......
Hyira
Boa
Frɛ
Dome
24.
Nnoɔma a yɛde yi apaeɛ no bi ne
Nsa a ɛboro
Fanta
Ntunkum
Nsa dɔkɔdɔkɔ
25.
......yɛ bere a obi anto ne kɔn anwu
Yanwuo
Atɔfowuo
Owupa
Mpam wuo
26.
Asiedeɛ a Akanfoɔ de ma owufoɔ kyerɛ wɔn ...... Wɔ owuo akyi
Ayamye
Gyedie
Nteaseɛ
Ahohɔye
27.
Suban a Ananse taa da no adi yɛ ........
Ahobrɛaseɛ
Awiemfoɔ
Aniteɛ
Ahohɔye
28.
Ɛnam hwan so na Onyankopɔn kɔɔ soro
Ɔbarima bi
Papa bi
Maame bi
Aberewa bi
29.
Kɔkɔɔ a ɛwɔ Ghana frankaa mu no kyerɛ
Mogya a nananom hwie guieɛ
Ɔman no kwaeɛ
Ɔman no nkosɔɔ
Ɔman no sika kɔkɔɔ
30.
Tikoro mmienu a ɛbɔ mu kyerɛ sɛ ......
Tire no asɛe
Tire mmienu ahyia
Asɛm bone asi
Tikoro nkɔ agyina
31.
Onipa anim kam ma yɛhunu ne
Ntɔn a ɔbɔ
Baabi a ofiri
Mmɔdemmɔ
Suban
32.
Ɔbɛtwani de ..... fite ne mme
Egya
Mpapa
Tɛnee
Berɛ
33.
Afahye bɛn na wɔdi no wɔ Simpa?
Aboakyere
Akwambɔ
Fetu
Kundum
34.
Asante afahye kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he
Nkyidwoɔ
Adeɛkɛseɛ
Awukudee
Nkyifie
35.
Agya adeɛ bi wɔ hɔ wɔsoma no a ɔnkɔ nso worekɔ a na ɔdi w'akyi. Ɛyɛ .....
Owia
Sunsum
Okra
Osaman
36.
Wɔtaa de saa asɛm yi hye abisaa ase
Akonta
Agya
Nana
37.
Obaatan na ...... deɛ ne ba bɛdie
Wɔnim
Onim
Onnim
Wɔnnim
38.
Obi kɔdi asɛm na adi nkonim a ɔfura ntama
Tuntum
Kɔkɔɔ
Kente
Fitaa
39.
Akɔkɔ a ɔbutu ne mma so nsɛnkyerɛnneɛ kyerɛ
Ehu
Nokorɛdie
Patapaa
Bammɔ
40.
Akɔ gyina hɔ ma abusua
Agona
Ɔyokoɔ
Aduana
Ɛkoɔna
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Sɛ ɛhia sɛ awofoɔ bɛkyerɛ wɔn mma nea ɛse sɛ wɔhwɛ wɔ T.V so? Kyerɛ w'adwene
(b)
Twerɛ daeɛ bi a wosɔeɛ a wɔsorɔeɛ no na w'ani agye
(c)
Kyerɛ nnoɔma nnan a ɛde lore akwanhyia ba, na kyerɛ akwan ahodoɔ nnan a wode bɛsi saa akwanhyia no ano
(d)
Adwuma bɛn na wopɛ sɛ woyɛ no daakye? Kyerɛ nea enti a wopɛ sɛ woyɛ saa adwuma no
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Na nsɛnkwaayifoɔ bi redi dwuma wɔ ne fie. Ɔkɔɔ osikani bi nkyɛn kɔsrɛɛ ntɔmmere aduanan nwɔtwe a wɔde nom nsa. Dwumadie no awieɛ no, nsɛnkwaayifoɔ kɔtɔɔ ntɔmmere a ɔkɔgyeɛɛ no soso de nea ɔkɔtɔeɛ ne nea ɔkɔgyeɛɛ no nyinaa kɔ maa osikani no. Osikani no ho dwirii no. Obisaa nsɛnkwaayifoɔ yi sɛ ɛdeen na ɔrepɛ akyerɛ. Obuaa sɛ, "Ɛnyɛ biribiara. Tɔmmrɛ biara a wode maa me no, awo ne ba baako aka ho a ɛse sɛ mede brɛ wo" Osikani no gyee ntɔmmere no nyinaa a wanka hwee.
Da foforɔ bi no, nsɛnkwaayifoɔ no san dii dwuma foforɔ bio. Ɔkɔɔ osikani no ho kɔsrɛɛ ntɔmmre no bebree. Ɔyɔnko dufudepɛfoɔ de ntɔmmre a wɔwɔ ne fie nyinaa maa nsɛnkwaayifoɔ no. Na ɔsusu sɛ akyire yi ɔbɛnya ntɔmmere no mmoho asene kane deɛ no.
Berɛ a dwumadie yi kɔɔ awieɛ no, nsɛnkwaayifoɔ yi de osu denden kɔɔ osikani no nkyɛn. Ɔde ne nsa hwee ne koko so. Osikani bisaa sɛ ɛdeen asɛm? Nsɛnkwaayifoɔ wɔ ho yɛ sere pa ara meregye me ntɔmmre no nyinaa awuwu. Osikani kɔa sɛ kaa sɛ wɔn tɔmmre no nyinaa. Nsɛnkwaayifoɔ no gyinaa nea ɔgyina.
Osikani no kɔɔ atemmuafoɔ bi ho sɛ onni n'asɛm mma no. Ɔtemmuafɔɔ no bɔisaa nsɛnkwaayifoɔ no asɛm no ase. Ne mmuaee no maa Ɔtemmuafɔɔ no seree. Afei ɔtwee osikani no aso wɔ n'asisie no ho. Ɔbuu nsɛnkwaayifoɔ no bem. Ɔkaa sɛ, "ntɔmmre wɔ deɛ a, na wɔtumi wuwu. Ɛnyɛ nokɔre"
(a)
Ɛdeen na nsɛnkwaayifoɔ de ntɔmmre a ɔkɔsrɛɛɛ no yɛɛɛɛ?
(b)
Ntɔmmere dodoɔ sɛn na osikani no de maa nsɛnkwaayifoɔ no da a edi kan no
(c)
Ntɔmmre dodoa sɛn na nsɛnkwaayifoɔ no de kɔmaa osikani no?
(d)
Adɛn nti na osikani no de ntɔmmre a wɔwɔ ne fie no nyinaa maa nsɛnkwaayifoɔ no ne mprenu so?.
(e)
Adɛn nti na na nsɛnkwaayifoɔ no resu berɛ a na prɛkɔ osikani no fie?
(f)
Kyerɛ saa asɛm yi ase sɛdeɛ ɛteɛ wɔ akenkansem no mu: Ɔyɔnko dufudepɛfoɔ.
(g)
Gyinaa nea ɔgyina. Asɛe ne sɛn wɔ akenkansem no mu
(h)
Asotwe bɛn na ɔtemmufɔɔ no de maa osikani no?
(i)
Adesua bɛn na ɛwɔ abasɛm no mu?
(j)
Fa nsemfua ε emmoro nson to ayesem yi din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Twerɛ ɔkasamu a edidi soɔ yi biara kɔ daabi kabea mu.
(a)
Kofi bɛkɔ sukuu ɔkyena.
(b)
Mmaa noa anwummerɛ aduane
(c)
Kwadwo aka nokɔre no
(d)
Yɛrehwehwɛ yɛn nnamfonom.
(e)
Mmoa no nyinaa hyiaa dua no ase
Twerɛ edin nkyerɛkyeremu a ɛwɔ ɔkasamu ahodoɔ yi biara mu.
(f)
Ɔtoo anansesɛm tiawa bi kyerɛɛ yɛn
(g)
Wɔnomm koko hyehyeɛ no ntɛm so
(h)
Apataa mono no hyɛ friigye mu
(i)
Mmofra no dii ankaa dɛɛdɛ no
(j)
Megye di sɛ mmarimaa no yɛ mmofra papa
Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi biara bio na fa agyinahyɛdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ
(k)
Wɔwoo Kofi fiada
(l)
Da bɛn na mɛhu wo bio
(m)
Wɔbɔɔ mpaesɛ, Awurade hu yɛn mmɔbɔ
(n)
Ɔwɔ pɛn pensere ne rula
(o)
Hei, gyina
Twerɛ asɛmfuakuo a asɛmfua a wɔasan asee wɔ ɔkasamu biara mu fra mu
(p)
Yaw Mensa bɔɔ nwoma bi
(q)
Sewaa Amma kunu nie
(r)
Mekasaa dendeenden wɔ nhyiamu no ase
(s)
Okyerɛkyerɛfoɔ no de nwoma no maa wɔn.
(t)
Aboa tantan bi nie