
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
1.
Berɛ a me sewaa wieeɛ no, n'awofoɔ kɔmaa no.
Yaakɔ
Dammirifua
Afirim.
Due.
2.
Nnipa a edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ yɛma no akwaaba
Obi a ɔretu kwan.
Obi a waware foforɔ.
Obi a ofiri akwantuom aba.
Obi a yeakye no sɛ ɔrewia adeɛ
3.
Deɛ edidi soɔ yi nyinaa yɛ nokorɛ wɔ Akanfoɔ nkyea ho, gye sɛ
Sɛ obi rekɔgya ne nan a, ɔnkyea
Sɛ obi redidi a, yɛnkyea no
Yɛkyea firi nifa so
Yɛmfa yɛn nsa bɛnkum nkyea
4.
Berɛ bɛn na Akanfoɔ ma obi due-ne-onwunu?
Anwummerɛ
Anɔpa
Prɛmotobereɛ
Awia
5.
Edin a edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ hena ɔkanni ba biara di kan nya
Aborɔfo din
Kradin
Adakam din
Abusua din
6.
Akanfoɔ abandintoɔ mu no, nsuo ne nsa a wɔde sosoɔ abofra no tɛkyerɛma so no gyina hɔ ma
Anieden
Akokooduro
Anotɛrɛ
Nokorɛdie
9.
Agya Abankwa ne ne yere mma mmienu a, ɛdi kan yɛ mmarima. Deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ ɔbaa a, wɔbɛfrɛ no sɛn?
Kontɔ
Mensa
Adantam
Ahuhuro
10.
Ɔbaa bi ware a ne deɛn ne ne kunu nuabaa?
Ne sewaa ba
Ne kora
N'akumaa
N'asɛ
11.
Nnipa yi mu hwan na Akanman mu ɔyɛ ɔbarima bi wɔfase?
Ne nuabaa ba
Ne nana ba
Ne nuabarima ba
Ne wɔfa ba
12.
Yei na ɛdi adanseɛ sɛ ɔbarima bi aware ɔbaa bi wɔ Akanman mu
Kawa
Tiri nsa
Ayeforɔ
Danta
13.
Akanfoɔ frɛ aduane ɛdi kan a ɔbaa a wɔayɛ ne ho adeɛ foforɔ yɛ de kɔma ne kunu no ne ne
Aduanekan
Aduanewɔɔ
Aduanekɛseɛ
Aduanepa
14.
Sɛ wɔgu ɔbaa bi hyire a, na ɛkyerɛ sɛ
N'awareɛ no asɔ twann
N'awareɛ no adi nkunim
N'awareɛ no atu mpɔn
N'awareɛ no agu koraa
15.
Nhunu-anim nsa din foforɔ ne
Tammoba
Kɔkɔɔkɔbɔ
Tiri adeɛ
Tiri nsa
16.
Awaregyeɛ mu, agya gye
Ntoma
Etuo
Sekan
Danta
17.
Aware bɔne tete
Nnasoo
Kɛte
Pieto
Ntoma
18.
Akanfoɔ di adeɛ kɔ ...... fam
Maame
Papa
Wɔfa
Adamfoɔ
19.
Nnipakuo a wɔnoa ɔhene aduane wɔ ahemfie ne
Nseneafoɔ
Akyerɛmadefoɔ
Soodofoɔ
Adumfoɔ
20.
Abusua biara wɔ...... ja ada ano
Abusua panin
Ɔkyeame
Nkwankwaahene
Ɔhene
21.
Saa onipa yi na ɔda ahemfie nnipa nyinaa ano
Kurontihene
Gyaasehene
Ɔkyeame
Obrafoɔ
22.
Sɛ wɔpa ɔhene foforɔ a, ..... ɔmanfoɔ ..... kyerɛ
Ɔkasa
Ɔnante
Ɔsuae
Ɔdidi
23.
Ahemfo yi mu hwan na ɔkorɔn sɛne wɔn a aka no?
Kurontihene
Sanaahene
Gyaasehene
Ɔmanhene
24.
Asanteman afahyɛ kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he?
Nkyidwoo
Awukudɛɛ
Fodwoo
Adeɛ kɛseɛ
25.
Afahyɛ bɛn na wodi no wɔ Simpa?
Akwanbɔ
Kundum
Aboakyere
Fetu
26.
Edin foforɔ a, Akanfoɔ de frɛ Akwasidee ne
Kunikwasie
Nkyekwasie
Kwakwasie
Monokwasie
27.
Akanfoɔ frɛ beaeɛ a okuani bɔ ne kookoo, bɛse na ɔburu sɛ
Kookooase
Ahyiaeem
Ahyehyɛɛɛ
Abɔeɛ
28.
Sɛ ɔbɔfoɔ kɔ ahayɔ a, ɛdeen an ɔyɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnyera?
Ɔbɔtabota nnuaa ho
Ɔgu ahahan
Ɔde akaadoo gugu kwan no so
Ɔde nso gugu kwan no so
29.
Sɛ ɔbɔfoɔ kum ɔbɔpɔn a, ɔdware
Ayeraduro
Sasaduro
Abɔpɔnduro
Atuduro
31.
Ɔkanni ka sɛ adaduanan a ɛyɛ nnawɔtwe dodoɔ sɛn?
Nsia
Num ne fa
Num
Nsia ne fa
32.
Twifoɔ nnabuo mu no, Ahinime yɛ bosome a ɛtɔ so
Nan
Nsia
Nwɔtwe
Du
33.
Mpanin se, "Aberewa bɛdi twɛdeɛ a na ɛfiri ......"
Ne sɛ
Ne poma
N'ano
N'anim
34.
Sɛantie ne onwam
Atikɔpɔ
Awiawuo
Amanenya
Awiasu
35.
Mmɛ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛkasa tia akwadworɔ?
Abofra bɔ nwa na ɔmmɔ akyekyedɛɛ
Wɔte faako a, wɔte w'adeɛ so
Deɛ ɔdwan pɛ na ɔde ne fufuo bɔ
Niwaa mma nsaee a, wɔfase nni adeɛ
36.
Agya adeɛ bi wɔ ho, sɛ wotia n'ayaase a na wasere, sɛ woyi wo nan a, na wamuna. Ɛyɛ deɛbɛn?
Ɔkra
Dadefidie
Apɔnkyerɛnne
Dadepɔnko
37.
Agya adeɛ bi wɔ ho, onipa mpɛ n'asɛm, nanso sɛ ɔba wo nkyɛn a, wɔbɔ wo nsam ma no. Ɛyɛ deɛn?
Ntɔntɔm
Ɔwɔ
Nantwie
Akorɔma
38.
Deɛ edidi soɔ yi nyinaa yɛ nokorɛ fa amoma ho, gye sɛ
ɛyɛ atetesɛm
ɛyɛ abakɔsɛm
ɛyɛ bɔsremka
ɛyɛ akookɔɔdurusem
39.
Atetesɛm kyerɛ sɛ na saa onipa yi tumi de berɛ tiawa bi we aburopata?
. Ɔkɔmfo Anokye
Aseibu Amamfi
Didifuro Kwadwo
Ɔkɔmfo Tuwoda
40.
Atetesɛm kyerɛ sɛ saa onipa yi tumi de mpaboa foro bɛtene.
Ansa Sasraku
Tweneboa Kodua
Agyabirinti Mensa
Ɔkɔmfo Anokye
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Twerɛ adwuma a wopɛ sɛ woyɛ no daakye.
(b)
Twerɛ lɛtɛ kɔma w'adamfo na kyerɛ no sɛdeɛ wopɛ sɛ wodi afe yi bronya akwamma no.
(c)
Twerɛ ɔkyerɛkyerɛni a ɔwɔ wo sukuu mu a wopɛ n'asɛm pa ara ho asɛm.
(d)
Twerɛ akyɛdeɛ sononko bi a wonya firii w'adamfo bi ho nnansa yi.
PART II
COMPREHENSION
(20 Marks)
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
Da koro bi ayeforɔ bi kɔɔ efie a ɛtoa so kosoo gya. Berɛ a ɔduruu ho no, na obiara nni fie ho ka abofra bi a ɔda kete so nko ara. Ayeforɔ no hunuu adanko bi a wɔaho no akɔnnɔakɔnnɔ wɔ gya no so. Ɔtwaa n'ani hwɛɛ ha, hwɛɛ ha na ɔtuu adanko no serɛ baako weeɛ. Na ɛyɛ dɛ yie nti ɔfaa ne serɛ baako bio de siee ne ntoma mu. Afei ɔtuu egya a ɛredere no bi baa fie.
Berɛ a abofra no maame baeɛ no, obisaa sɛ "Hwan na wawia me nam no bi?" Na abofra no kaa deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛɛ no. Ntem ara maame no kɔɔ ayeforɔ no fie ho kokaa deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛ maa obiara teeɛ. Wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ wɔn nsam kaa sɛ, "Ɔkorɔmfoɔ oo! Ɔkorɔmfoɔ oo!", de dii ayeforɔ no akyi. Yei yɛɛ ayeforɔ no aniwuo maa ɔdwane firii fie ho kɔhyɛɛ ne ho akɔmfo.
Onyankopɔn tee saa awerɛhosɛm yi ne mmofra aniammɔnhɔsɛm a wɔka ma ɛde amaneɛ brɛ wɔn maamenom no, ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔmma mmofra nkasa berɛ a wɔnyiniie. Ɔfaa afaseɛ paepae mu na ɔtwerɛtwerɛɛ anim. Afei ode deɛ atwerɛtwerɛɛɛ no hyɛɛ abofra no menemu.
Ɛfiri saa berɛ no, mmofra a wɔwoo wɔn foforɔ no antumi ankasa bio. Ɛberɛ biara a wopɛ sɛ wɔkasa no na amamane fitaa bi afiri wɔn anom aba. Berɛ a wɔrenyini na wɔrehunu nyansa no, saa amamane no so te ma wɔhyɛ aseɛ kasa nkakrankakra. Akyire yi koraa no, sɛ wɔnyini na wɔhunu nyansa a amamane no gyae koraa ma wɔtumi kasa yie.
(a)
Adɛn nti na ayeforɔ no kɔɔ efie a ɛtoa ne deɛ so ho?
(b)
Na abofra no wɔ he?
(c)
Ɛdeen na ayeforɔ no yɛɛ wɔ efie a ɛtoa ne so no?
(d)
Ɛdeen na ɛsiiɛ berɛ a abofra no maame baeɛ?
(e)
Adɛn nti na ɔbaa no kaa ayeforɔ no nneyɛeɛ bɔne no kyerɛɛ afoforɔ?
(f)
Ɛdeen na Onyankopɔn yɛɛ adwene sɛ ɔbɛyɛ?
(g)
Hwan na Onyankopɔn de soboɔ bɔɔ no pa ara?
(h)
Adwene bɛn na Onyankopɔn nya faa ayeforɔ no wuo no ho?
(i)
Kyerɛ saa asɛmfua yi ase sɛdeɛ wɔde adi dwuma wɔ abasɛm yi mu "aniammɔnhɔsɛm"
(j)
Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to abasɛm no din
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
Fa edinnsiananmu a ɛfata ma nsɛmfua a wɔasensan aseɛ no
(a)
Kofi ne Amma yɛ nnamfonom.
(b)
Papa no de nwoma no maa Abenaa ne Kwabena,.
(c)
Me ne Kofi kɔɔ dwam.
(d)
Ɔde nwoma no maa tikyani no.
(e)
Kofi nuabaa no wɔ sika pa ara.
Kyerɛ nsɛmfuakuo a nsɛmfua a wɔasensan aseɛ no firi mu.
(f)
Wɔn nyinaa baa ha anɔpa yi.
(g)
Ataadee dada yi yɛ me dea.
(h)
Saa mmerantee yi kasa dodo.
(i)
Osukuuni biara mmra sukuu ɔkyena.
(j)
Abenaa ne Adwoa yɛɛ adwuma no yie.
Twerɛ nsɛmfua a wɔasensan aseɛ yi abirabɔ
(k)
Okuani no maa me amango kɛseɛ bi.
(l)
Mpanimfoɔ bi mpɛ aduro nwononwono nom.
(m)
Asikafoɔ bebree wɔ saa ɔman ketewa no mu
(n)
Nnipa pii ani gye kuayɛ ho.
(o)
Mmaayewa no mu bi yɛ mmɔdenmbɔfoɔ
Twerɛ nkabomdeɛ a ɛwɔ ɔkasamu yi biara mu
(p)
Kofi ne Amma dii aduane no nyinaa.
(q)
Ɔbaa fie ho nanso wanto me.
(r)
Me maame boa nkurofoɔ ɛfiri sɛ ɔwɔ sika.
(s)
Noa aduane no na di bi
(t)
Wɔbɛdi fufuo anaa banku?