Share
BECE ghanaian language (asante twi) June 2019

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

1.

Ahenfie nnipa no nyinaa sahene ne hwan?

A.

Gyaasehene

B.

Kurontihene

C.

Ɔkyeame

D.

Abrafoɔ

2.

Ɔbarima a wɔwo no Yawoada mmrane ne ......

A.

Ɔkyini

B.

Ɔkoto

C.

Prɛko

D.

Bodua

3.

...... yɛ amammerɛ a wɔyɛ de kae da titire bi a atwam wɔ abrabɔ mu.

A.

Afahyɛ

B.

Nsaguo

C.

Bragoro

D.

Anansesɛm

4.

Akanfoɔ nnabuo mu no, akwasidee si mpen ahe wɔ afenhyia baako?

A.

Dummienu

B.

Nkron

C.

Du

D.

Nson

5.

Antoakyire yɛ mmofra agɔrɔ no mu baako, ne botaeɛ titire ne sɛn?

A.

Papayɛ

B.

Ahweyie

C.

Ahooden

D.

Nnamfofa

6.

Deɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a ɔto dwom?

A.

Sɛnea ɛbɛyɛ a nkurofoɔ bɛte ne nne.

B.

Sɛnea ɛbɛtwetwe nnipa abɛboa no.

C.

Sɛnea ɛbɛyɛ a, nkurofoɔ bɛhunu sɛ ɔwɔ afuom.

D.

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnte brɛ

7.

Bosome a edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na nsuo taa tɔ pa ara?

A.

Ahinime

B.

Ɔpɛnimaa

C.

Ɔpɛpɔn

D.

Ayɛwohomumɔ

8.

Ɔhene biara wɔ ne mpanimfoɔ a ɔne wɔn bu ne man. Saa mpanimfoɔ yi wɔfrɛ wɔn sɛn?

A.

Mpapahweakwaa

B.

Nhenkwaa

C.

Atenankonnwa

D.

Adikurofoɔ

9.

Hwɛhwɛ deɛ ɛda nso wɔ saa nsenkuo yi mu.

A.

Konkosifoɔ

B.

Ahayɔ

C.

Kuayɔ

D.

Kentenwonɔ

10.

Ɔbetwani de.... Na ɛfite ne mme.

A.

mpapa

B.

egya

C.

tɛnee

D.

berɛ

11.

Sɛ ɔman bi rekɔ sa a, sahene a ɔdi ɔhene anim pɛɛ no ne hwan?

A.

Gyaasehene

B.

Kyidomhene

C.

Adontenhene

D.

Benkumhene

12.

Tete no na mmarima taa sua nnwuma titire a wɔn ...... yɛ

A.

abusuafoɔ

B.

wɔfanom

C.

agyanom

D.

nananom

13.

Owupa ne sɛ ......

A.

obi atɔ nsuom awuo

B.

obi anya lore akwanhyia na wawu

C.

obi atɔ ne kɔn na wawuo

D.

etuo akum obi

14.

Ɛdi ...... ansa na abusuafoɔ ahyia ahwɛhwɛ owufoɔ agyapadeɛ.

A.

nnansa

B.

afe

C.

D.

adaduanan

15.

Edin bɛn na Akanfoɔ de frɛ berɛ a obi awuo de kosi sɛ wɔbɛkora no wɔ amusieɛ no?

A.

Ayipa

B.

Ayisee

C.

Doteyie

D.

Ahosiesie

16.

Sɛ ɔbarima bi si ɔbaa bi asiwa a, ......

A.

wɔnnidi mmom

B.

ɔne ɔbaa no nni nkɔmmɔ

C.

ɔbaa no ne ɔbarima no tena faako

D.

ɔmmfa ne ho nka ɔbaa no

17.

Berɛ bɛn na abaayewa bi so awadeɛ wɔ Akanman mu?

A.

Obu ne nsa a

B.

Owie sukuu a

C.

Odi mfee dunsia a

D.

Obɔbɔ nufoɔ a

18.

Hwan na ɔgu ɔbaa bi hyire?

A.

Okunu

B.

N'akumaa

C.

N'ase

D.

Ne babarima

19.

Ahosuo kɔkɔɔ a ɛwɔ Ghana frankaa mu no gyina hɔ ma ......

A.

mogya a nananom hwie gu gyee ɔman no.

B.

ɔman yi sika kɔkɔɔ

C.

ɔman no kwaer birentuo

D.

nnuaba ahodoɔ a ɛwɔ ɔman no mu.

20.

Sɛ wohunu sɛ duaa tua ɔbrani ano da a wɔregoro bra no a, na ɛkyerɛ sɛ, ......

A.

obi asi no asiwa

B.

ɔyɛ agyanka

C.

ɔmaame wuie nkyɛreeɛ

D.

ɔhene sɛ ɔbɛware no

21.

Sɛ obi di obi adeɛ a yɛka sɛ, ......

A.

wapra n'akyi

B.

watɔ boo

C.

wafom n'agyapadeɛ

D.

wafa ne tuo

22.

Akanfoɔ di adeɛ kɔ ...... Fam

A.

agya maame

B.

sewaa

C.

agya

D.

ɛna

23.

Wɔdidi wieeɛ no, ɔbaako kaa sɛ yɛma wo adware. Na ɛkyerɛ sɛ .....

A.

wɔsere kwan

B.

wɔbɛdi bio

C.

wɔkɔdware

D.

wɔreda no ase

24.

Nnyesoɔ a edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ Bosompofoɔ nnyesoɔ?

A.

Yaa Amen

B.

Yaa Opeafoɔ

C.

Yaa Oburu

D.

Yaa Osua

25.

Akanfoɔ amammerɛ mu no wɔkyea firi ......

A.

mpanin so

B.

benkum so

C.

nifa so

D.

mfinimfini

26.

Yei ne ɔkwan a Akanfoɔ nam so gye ɔhɔhoo bi to abusua bi mu.

A.

Awaregyeɛ

B.

Dintoɔ

C.

Asubo

D.

Kradin

27.

Nsa ne nsuo a wɔde soso abofra tɛkrɛma so wɔ abadintoɔ mu no kyerɛ sɛ ɔmmɛyɛ ......

A.

papa

B.

akwadworɔ

C.

anomum

D.

nokwafoɔ

28.

Edin a edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ abusuadin?

A.

Opoku

B.

Adusa

C.

Anto

D.

Bediako

29.

Sɛ ɔkanni bi nya edin bi te sɛ Anane a, na ɛfiri .....

A.

awoo nnidisoɔ

B.

awommawuo

C.

awosuo

D.

atoyerɛnkyem

30.

Sɛ yɛka sɛ obi aka ntam a, na ɛkyerɛ sɛ onipa koro no aka ɔman, kuro anaa kuro bi ......

A.

anigyesɛm

B.

awerɛhosɛm

C.

nkontomposɛm

D.

nokwasem

31.

Sɛ obi ka ntam a .....

A.

wɔbɔ n'aba so

B.

wɔkye no dedua

C.

wɔde no kɔ kooto

D.

wɔhuro no

32.

Abɔdeɛ ahodoɔ a yɛte wɔn din wɔ anansesɛm mu no ne ......

A.

Kuntunkunuku

B.

anansesɛm su

C.

anansesɛm agɔrɔ

D.

anansesɛm mma

33.

Sɛ obi pae dua mu de mmerɛnkesono bɔ mu de si asaase bi so a, na ɛkyerɛ sɛ .....

A.

obi atɔ asaase no

B.

manso wɔ asaase no so

C.

obi rebɛdɔ saa asaase no

D.

asaase koro no yɛ obi na wadɔ

34.

Sɛ wowura efie bi mu na wɔabɔ nwera fitaa pɔ sɛn efie no abɔboano a, na ɛkyerɛ sɛ ......

A.

wɔrehyia ayeforɔ

B.

wɔresi ɔhene

C.

wɔretwa odwira

D.

obi awo ntaa wɔ saa fie no mu

35.

Anansesɛm yɛ ......

A.

nsɛm a asisi pɛn

B.

asisisem

C.

bɔsremuka

D.

anwonsem

36.

Deɛ Akanfoɔ taa de yi apaeɛ ne ......

A.

nsuo

B.

nsa dɔkɔdɔkɔ

C.

ntunkum

D.

nsa a ɛboro

37.

Onyankopɔn mmrane a wɔtaa de bɔ no wɔ apaeɛ mu no baako ne ......

A.

Kuntunkunuku

B.

Daasebrɛ

C.

Ɔkɔforɔboo

D.

Tweaduampɔn

38.

Sɛ mmaa rebɛfiri adowa nnwom ase a .....

A.

wɔbɔrɔ adawuraa mu

B.

wɔtwa aho

C.

wɔto apoɔ

D.

wɔto no prɛko pɛ

39.

Ɔkɔmfoɔ bɛn na atetesɛm kyerɛ sɛ ɔtumi de mpaboa foroo onyina?

A.

Ɔkɔmfo Kyei

B.

Aseibu Amanfi

C.

Ansa Sasraku

D.

Ɔkɔmfo Anokye

40.

Hwan na ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ maa Asanteman berɛ a, Asanteman ne Denkyira rekɔ ɔko no?

A.

Osei Bonsu

B.

Osei Tutu

C.

Opoku Ware

D.

Tweneboah Kodua

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

W'adamfo too nsa frɛɛ wo sɛ bra n'awoda apontoɔ ase. Biribi nti woantumi ankɔ. Twerɛ krataa kɔma no, na kyerɛ no deɛ nti a woantumi amma.

(b)

Na wogyina hɔ na ɔbarima bi firi edan bi so behwee fam. Ka deɛ wohunuie nyinaa.

(c)

Twerɛ ɔkyerɛkyerɛni a ɔyɛ adwumaden wɔ wo sukuu mu ho asɛm.

(d)

Twerɛ ayesɛm bi a ɛkɔwie sɛ, Nokoredie yɛ..

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(20 Marks)

Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa

2.

Na maame bi wɔ ho a na ɔbesiesie efie a mete mu no nnawɔtwe biara. Afei na ɔhohoro nkyɛnseɛ mu san si nnoɔma nso. Ansa na mɛrekɔtena efie hɔ no na efiewura no ne no ayɛ n'akatua ho nhyehyɛeɛ dada. Nhyehyɛeɛ no ne sɛ, nna dodoɔ a ɔbɛba adwuma wɔ bosome no mu na ɔbɛtua no ka.

Na maame no ntaa mma adwuma. Ɛtɔ da bi a, ɔsoma ne babarima ma no bɛka kyerɛ me sɛ ɔremma adwuma. Na ɔtaa pa kyɛw, sɛ ɔremma adwuma efiri sɛ obi aka baabi.

Deɛ na ɔde yi ne ho ano da biara ne owuo. Sɛ ebia ne nuabaa bi awu, ne yɔnko kunu awu anaa ne wɔfa awu. Ɛtɔ da mpo a, na ɛmfa ne ho sɛ ɔbɛkyerɛ ayɔnkofa a ɛda ɔne owufoɔ no ntam. Deɛ ɔta ka ara ne sɛ, "Mepa wo kyɛw obi wuie wɔ yɛn akuraa ase" Afei na wakɔpra. Ɛduruu mmerɛ bi no, na nnawɔtwe biara ɔmma adwuma mprenu. Saa adeɛ yi kɔɔ so ara maa no haa me yie. Mehunuu se anhwɛ a da koro bi mefiri adi no na nnipa nyinaa awu ama ewiase nyinaa ada mpan.

Ɛtɔ da bi mpo a ɔbɛba no na mɛkɔ adwuma dada. Ɔgye nsafoa no firi banbɔfoɔ no ha. Ɔsiesie efie hɔ wie a na wasan de nsafoa no akɔma no.

(a)

Dwuma bɛn na na maame no di wɔ efie hɔ?

(b)

Nhyehyɛeɛ bɛn na wɔayɛ faa n'akatua ho?

(c)

Ɛdeen na maame no de taa yi ne ho ano wɔ adwuma a ɔmma no ho?

(d)

Ɛdeen nti na na maame no soma ne babarima no?

(e)

Pa kyɛw. Aseɛ ne sɛn wɔ akenkansem no mu?

(f)

Fa asɛmfua anaa ɔkasasini kyerɛ asɛm yi ase sɛdeɛ ɛteɛ wɔ akenkansem no mu.aka baabi.

(g)

Adɛn nti na maame no nneyɛeɛ no haa ɔtwerɛfoɔ no?

(h)

Hwan na na ɔhwɛ efie no nsafoa so?

(i)

Na maame no nneyɛeɛ wɔ adwuma no mu te sɛn?

(j)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to abasɛm yi din.

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

(20 Marks)

Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.

Twerɛ edinnsiananmu a ɛwɔ ɔkasamu a edidi soɔ yi biara mu.

3.

(a)

Ɔhene no hyiaa wɔn anɔpa yi.

(b)

Yɛnim sɛ Onyankopɔn bɔ ateasefoɔ ho ban.

(c)

Akyerɛkyerɛfoɔ no ne yɛn kɔɔ Nkran.

(d)

Mennim deɛ nti a Owura Ofori twee abarimaa no aso.

(e)

Ɔba ayaresabea da biara.

Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi biara bio, na fa agyinahyɛdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.

(f)

Ka wo ho

(g)

Adɛn nti na ɛnnɛ woamma sukuu ntem

(h)

Ɔkaa sɛ, Metu kwan.

(i)

ɔkorɔmfoɔ no wiaa m'adaka.

(j)

Wɔkɔɔ nsrahwɛ wɔ Nkran Odwaa ne Bɛkwae.

Twerɛ asɛmfua a ɛne deɛ wɔasane asee wɔ ɔkasamu biara mu no nkyerɛaseɛ bɔ abira.

(k)

Mewɔ yere.

(l)

Abarimaa no foroo bɛpɔ no kɔtee amango.dia boa fie

(m)

Akɔfoɔ no de nkonim baa fie.

(n)

Nnoɔma boɔ ayɛ den nnansa yi.

(o)

Ɔkraman no da ɛpono no ase

Twerɛ ɔyɛfoɔ a ɛwɔ ɔkasamu biara a edidi soɔ yi biara mu.

(p)

Yɛhwɛ wɔn wɔ televihyin so.

(q)

Ɔkraman tuntum no pɔ so anwummerɛ biara.

(r)

Metwerɛɛ krataa no nnora.

(s)

Ɔbɔfoɔ no kum aboa no.

(t)

Yɛn bɔɔlobɔkuo no dii nkoguo wɔ akansie no mu.

Show Solution

SponsoredAdvertise