Share
BECE ghanaian language (asante twi) June 2020

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

1.

Sɛ wo ne obi rekɔ kwan so na sɛ dɔnkɛse gyina hɔ na wokɔto no a, wobɛkyea no sɛn? Mema wo ......

A.

ahyia

B.

ayikoo

C.

adikan

D.

akwaaba

2.

Sɛ wonam kwan so na wohyia obi a, wobɛkyea no sɛn? Mema wo ......

A.

ahyia

B.

ayikoo

C.

adikan

D.

akwaaba

3.

Ɔkanni ba a ɔkyea berɛ a ......

A.

ɔrekɔdidi

B.

ɔrekɔdware

C.

ɔrekɔne ayie

D.

ɔrekagya ne nan

4.

Abofra a ɔtwa n'awofoɔ mma nyinaa kɔ na wɔfrɛ no .....

A.

Osiakwan

B.

Kaakyire

C.

Adinkra

D.

Ase

5.

Atuakɔsɛn yɛ ...... akyi ba.

A.

Ntaafoɔ

B.

Nyankomago

C.

Tawia

D.

Bookrukurowa

6.

Wo yere maame yɛ ......

A.

w'akumaa

B.

wo sewaa

C.

wo nena

D.

w'ase

7.

Wo papa akonta yɛ wo ......

A.

papa

B.

nana

C.

ase

D.

wofa

8.

Nnɔbae gyina hɔ ma ......

A.

kɔte ne nnamnom

B.

kɔnnɔni

C.

nwaasɔn

D.

sewaasɔm

9.

Bosome a ɛtɔ so nson wɔ afe mu ne ......

A.

Ɔpɛpɔn

B.

Kitawonsa

C.

Ɔbɛnem

D.

Ɔsannaa

10.

Edin foforɔ a Akanfoɔ de ma nnawɔtwe nna ......

A.

adadwonsa

B.

adadɔntwewe

C.

adaduanan

D.

adaduonum

11.

Abosome ...... na ɛyɛ afe baako?

A.

nkron

B.

dummbiensa

C.

dubaako

D.

du

12.

Da bɛn na edi Awukudee anim?

A.

Dapaa

B.

Nkyirwukuo

C.

Fodwoo

D.

Monokwasie

13.

Afahyɛ a Kumawufoɔ di ne ......

A.

Apeɔ

B.

Aboakyire

C.

Papa

D.

Adeɛ

14.

Hwan na ɔyam atumpan wɔ afahyɛ ase?

A.

Ɔkyeame

B.

Ɔbrafoɔ

C.

Ɛsɛn

D.

Ɔkyerɛma

15.

Abusua bɛn mu nnipa na wɔtumi di Asantehene?

A.

Aduana

B.

Oyoko

C.

Asona

D.

Ɛkoɔna

16.

Nnipa yi mu hwan na ɛka mpanimfoɔ ho si ɔhene?

A.

Aberewatia

B.

Nananom

C.

Ɔhemmaa

D.

Nana aberewa

17.

Obi hwɛ ɔman sika so a na ɔyɛ hwan?

A.

Sikakorahene

B.

Soodohene

C.

Dabehene

D.

Sanaahene

18.

Wei yɛ nea wotaa yɛ wɔ nsaguo mu.

A.

Woworo wɔn mpaboa

B.

Wabu nkotodwe

C.

Wokata wɔn ani

D.

Wabɔ wɔn nsam

19.

Dwumadie a ɛtɔ so mmienu wɔ nsaguo mu ne ......

A.

Ɔfrɛ

B.

Nhyira

C.

Amanɛbɔ

D.

Nnome

20.

Sɛ obi resa na ɔde ne nsa gu ne ti a, ɛkyerɛ sɛ ......

A.

ne ti yɛ ne ya

B.

wayɛ mmɔbɔ

C.

wabre

D.

ne nsa mu abu

21.

Sɛ wohunu praeɛ a yeakyɛkyere wɔ adwinnee bi mu a na ɛkyerɛ .....

A.

asetena pa

B.

nkabomu

C.

ayɔnkofa

D.

onuada

22.

Sɛ woredidi a, ...... Ɛyɛ akyiwadee.

A.

womfa wo nsa benkum nsi fam

B.

wɔnhoboro wɔnsa

C.

obi bɛto wo a, womfrɛ no.

D.

wɔntena ase

23.

Akanfoɔ akyiwadee baako nso ne sɛ ......

A.

abofra bɛkɔ dwam anɔpa

B.

yɛntɔn kosua mma akwadaa

C.

yɛrekɔ afuom a, yɛnto dwom

D.

ɔbaa nyinsɛn a wanyɛ ne ho adee.

24.

Amannerɛ a wɔyɛ ma abaayewa a wɔgoro no bra no bi ne deen?

A.

Nnwontoo

B.

Hyiregu

C.

Asoba

D.

Anoka

25.

Tete no, sɛ abaayewa bi yɛ kyiribra a, na ......

A.

wɔgu no hyire

B.

wɔtwa no asuo.

C.

wɔboro no

D.

ɔkɔ ne nana nkyɛn.

26.

Deen potee na abusuafoo hwɛ ho de obaa ma obarima bi awaree?

A.

Suban

B.

Ahoɔfɛ

C.

Sika

D.

Adan

27.

Kyerɛ dee enti a Akanfoɔ mpɛ koratwe. Ɛde ......

A.

mogya fra ba

B.

mmusuo ba fie

C.

awododoɔ ba fie

D.

ntokwa ba awarefoɔ ntam

28.

Deen ne akonta sekan?

A.

Ntoma a wɔde ma awofoɔ

B.

Nnoɔma a wɔde ma badwafoɔ

C.

Sika a obarima tua ma ne yere nua mmarimanom

D.

Sekan a nkontanom gye

29.

Sɛ ɔbaa di owufoɔ adeɛ a, yɛse wafa owufoɔ no ......

A.

sika

B.

asa

C.

sekan

D.

kɛntɛn

30.

Deen na ntoma fitaa fura da no adi wɔ ayiase?

A.

Ɔpanin a wanyini yie bi awu

B.

Aberanteɛ bi awu

C.

Abofra bi awu

D.

Ɔbɔfoɔ bi awu

31.

Adɛn nti na Akanman mu wɔnto anansɛsɛm anɔpa?

A.

Mpanimfoɔ mpɛ saa

B.

Ɛyɛ akyiwadee

C.

Ɛmma dwumadie no nyɛ dɛ

D.

Ɛsee berɛ

32.

Asantefoɔ hyɛ anansɛsɛm ase sɛ ......

A.

Abraa abraa o!

B.

Yɛnse sɛ nse sɛo!

C.

Yɛsesa soa wo!

D.

Kodzi wongye ndzi!

33.

Benkum dware nifa na nifa nso adware benkum kyerɛ ........

A.

ayɔnkofa

B.

asomdwoeɛ

C.

ahobraseɛ

D.

ntokwa

34.

Agya adeɛ bi wɔ ho, ne ti mpae no da. Ɛyɛ deen?

A.

Ɔwɔ

B.

Akɔko

C.

Akyekyedee

D.

Kɔtɔ

35.

Agya adeɛ bi wɔ ho, onni nsuo nanso sɛ ɔhɔhoɔ bɛto no a, ɔma ne nsuo nom. Ɛyɛ deen?

A.

Kube

B.

Ankaa

C.

Nufu

D.

Mango

36.

Nnobaeɛ a yɛnya firi akuafoɔ ho ne ......

A.

mako, bayɛre, nkyene

B.

nyaadewa, mankani, gyeene

C.

bankye, adua soɔsoɔ

D.

aborɔbɛ, gyeene, asɔ

37.

Adeɛ titire a ɔkukunwɔnofoɔ de di ne dwuma ne ......

A.

kɛntɛn

B.

abosobaa

C.

sradaa

D.

dɔtee

38.

Sɛ mpanimfoɔ redi asɛm a, wotaa tu ......

A.

aberewaa

B.

ayina

C.

sradaa

D.

dɔtee

39.

Hwan, Hwan Ba nie. Edwom bɛn nie?

A.

Nnwomkoro

B.

Bradwom

C.

Abagyegyedwom

D.

Mmoguo

40.

Sansan akoroma wo ni awuo yɛ agoro bɛn nnwom?

A.

Aboosi

B.

Ampɛ

C.

Asoba

D.

Pɛmpɛnaa

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Twɛre ayesɛm bi a n'awieeɛ ne sɛ, ....... awieeɛ no, tikyapanin no yɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛma osuani no akwanya foforɔ bio.

(b)

Woyɛɛ aniammanhɔ kyerɛɛ wo tikyani. Twɛre krataa kɔpa no kyɛw.

(c)

Twɛre nnoɔma mmiɛnsa a ɛde wiram gyahyehyɛeɛ ba na kyerɛ akwan mmiɛnsa a yɛbɛfa so asi ano.

(d)

Drɔbani bi de lɔre bɔɔ wo, berɛ a na worekɔ sukuu da bi. Kyerɛ ɛkwan a saa nkwanhyia no faa so siiɛ.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(20 Marks)

Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

2.

Berɛ bi, Adwoa nanabaa kaa ayesɛm bi a ɛfa kuro bi a mmofra nko ara te mu ho asɛm kyerɛɛ no. Na wɔfrɛ ho Mmoframan. Na wɔwɔ wɔn ara hene, adɔkotafoɔ, atikyafoɔ, alayafoɔ ne wɔn a wɔkeka ho a wɔn nyinaa yɛ mmofra. Na mmofra no ara tumi yɛ wɔn kaa, ketekye, komputa ne nnoɔma ahodoɔ bebree a ɛkeka ho. Obiara a ɔkɔ kuro no mu no bɛyɛɛ onyansani. "Sɛ anka mɛtumi akɔ ho a, anka mɛtwa me sɔhwɛ nyinaa akɔ suapɔn mu na mabɛyɛ dakotani daakye." Adwoa ka kyerɛɛ ne ho. Adwoa yɛɛ n'adwene sɛ, kyenkyen ara ɔbetu kwan akɔ Mmoframan mu ho. Wannwene hwee ho ka nkonim a ɔbedi no wɔ ne sɔhwɛ ahodoɔ no nyinaa mu nko ara ho.

Adwoa awofoɔ tee adwene a wafa no, wɔbɔɔ wɔn ho mmɔden biara sɛ anka wɔmma n'adwene a wafa no mma mu nanso ne nyinaa ankosi aga. Na ɔnim sɛ ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛkɔ ho esiane sɛ ɔbefa mmeaeɛ ahodoɔ mmiɛns a ɛyɛ hu pa ara ansa na waduru ho. Dee ɛdi kan no, ɛwɔ sɛ ɔfa akuraa bi a abayifoɔ atirimuɔdenfoɔ a wɔn ani gye mmofra wee ho te.

Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu nso ne ɔkwan a ɔbefa so atwam wɔ Sasabonsamkrom, beaeɛ a sasabonsam kɛseɛ a wawe nnipa biara a wɔbɛtwa n'ani soɔ teɛ.

Dee ɛyɛ hu pa ara wɔ nkuraa ahodoɔ no nyinaa mu no ne Mmoatiakrom, beaeɛ a mmoatia a n'ani yɛ baako teɛ. Saa mmeaee no nyinaa ammu Adwoa aba mu na mmom, ɔwɛ taa so dendenden sɛ, ɛkwan biara so ɔbetu ne kwan no.

Nnawɔtwe bebree akyi no, Adwoa kaa sɛ, "Mepɛ sɛ mɛkɔ Mmoframan mu ha." Nnawɔtwe akyi no, sɛdee owuo te no, n'akwantuo da no duruue, na ɛfiri saa berɛ no obiara ante Adwoa nka bio.

(a)

Hwan nkyɛn na Adwoa tee biribi a ɛfa Mmoframan ho no firie?

(b)

Bobɔ nnwumayɛfoɔ mmienu a yɛhunu wɔn wɔ Mmoframan no mu din.

(c)

Adɛn nti na Adwoa wɛ taa so sɛ ɔbetu kwan no berɛ a n'awofoɔ bɔɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔmma adwene a oface no mma mu no?

(d)

Adɛn nti na adwene a Adwoa face ho bɔɔ n'awofoɔ hu?

(e)

Kasasu kyenkyen ara no, asee ne sɛn wɔ ayesɛm no mu?

(f)

Mmeaeɛ ahodoɔ a wɔbɔbɔɔ din no mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ hu pa ara?

(g)

Ɛdeen na ɛbɛto obiara ɔbɛbɔ ne ho mmusuo akɔ Mmoframan no mu?

(h)

Sɛ Adwoa tuu kwan no a, anka deen na ɛbɛto no?

(i)

Ɛdeen adesua na mmofra nya firii saa ayesem yi mu?

(j)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayesɛm no din.

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

(20 Marks)

Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.

Fa agyinahyɛdee a ɛfata hyehye ɔkasamu a ɛdidi soɔ no mu.

3.

(a)

Ekuomma no kaa sɛ, Ɛwɔ sɛ wɔtwa akwantuo no mu.

(b)

Merekɔ sukuu anɔpa no mehunuu onifrani no.

(c)

Yɛasua ahunu sɛ fraw twa mu wɔ nkuro bebree so.

(d)

Enti akansie no bɛkɔ so nnɛ

(e)

Aa, nkasa saa

Sesa ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi kɔ daakye kabea mu.

(f)

Ɔnya sika bebree.

(g)

Okuani no bubuu nnua a ɛwɔ afuom ho no nyinaa.

(h)

Me wofa twɛreɛ me

(i)

Oduyɛfoɔ no fa ayarefoɔ no so Efiada biara.

(j)

Adorɔbafoɔ no mfa ɔkwan nò so esiane mmɔnkyimmɔnka nti.

Kyerɛ nsɛmfuakuo koro a nsɛmfua a wɔatwitwa asee no firi mu.

(k)

Owusu bɔɔ prete no berɛ a na ɔrehohoro mu no.

(l)

Mehunuu no nnora anwummere.

(m)

Akua papa nyaa nkra anɔpa yi ara.

(n)

Akokora posoposo no twɛnn wɔ pono no ano.

(o)

Drɔbani no twii kaa no basabasa wɔ kuro no mu.

Fa nkabomdee a ɛfata hyɛ beaeɛ a wɔagya ato ho wɔ ɔkasamu biara mu.

(p)

Okyerɛkyerɛni no kɔɔ sukuudan no mu ...... wanhunu obiara.

Na ɛkɔm nne no ...... wannidi.

(r)

Ɔkɔɔ ayaresabea ..... na ɔyare.

(s)

Wie w'adwuma no ..... kɔda.

(t)

Ɔbeba nnɛ ..... ɔkyena.

Show Solution

SponsoredAdvertise