
Finwaver.com
Your school or business runs better on finwaver.com. Sign up for free one (1) week try.
1.
Agya Asamoa firi akwantuo mu ba na ɔkyea ne yere a, ne yere no ma no ......
yaakɔ
afiri mu
tiri nkwa
akwaaba
2.
Ɔkanni ba a onni ntetee pa no hyia panin a, ......
ommisa no asɛm
onkyea no
ɔkyea no
obisa no asɛm
3.
Sɛ tikya Kofi kosra Afia Mansa anwummere na sɛ ɔrekɔ ne fie a, Afia ma no due ne ......
owia
awɔ
onwunu
akye
4.
Abusua ketewa gyina ho ma ......
awofoɔ ne nananom
awofoɔ mma ne abusuafoɔ
mma ne awofoɔ
nananom ne mmofra
5.
Sɛ abusuafoɔ hyia wɔ abusuafie a, hwan na ɔhwɛ siesie ntawantawa?
. Abusuapanin
Abusua baatanC. Abusua
mma ne awofoɔ
nananom ne mmofra
6.
Sɛ asomdwoee bɛba abusua bi mu a, ɛwɔ sɛ .....
wɔyɛ adwumaden
wɔnya akokoɔduro
wɔbu wɔn ho wɔn ho
wɔdi nokorɛ
7.
Nnipakuo bɛn na wɔbɔ abusua koro wɔ Akanman mu? Wɔn a ......
wɔfiri ɔman baako mu
wɔsom bosom baako
wɔdware agya bi asu-bosom
wɔfiri ɛna baako ase
8.
Akwasi ware Adwoa Anima ne Afia Seewaa nti, Adwoa ne Afia yɛ deɛn?
akorafoɔ
Anuanom
Nnamfonom
adwumayefo)
9.
Sɛ nnipakuo bi to ana a, na ɛkyerɛ sɛn?
Wɔfiri kuro baako mu
Wɔbɔ abusua ahodoɔ ahodoɔ
Wɔfiri aberewa baako ase
Wɔye adwuma baako
10.
Nimo nuabaa ne Mansa, ɛnna Opoku yere ne Mansa nti, Opoku yɛ Nimo deɛn?
Adamfo
Akonta
Wofa
Nua
11.
Akanfoɔ nnye nneyɛeɛ a edidi so yi mu baako nto mu. Ɛyɛ deɛ ɛwɔ he?
Ahonnidie
Mmɔ
Nokoredie
abatoɔ
12.
Deɛ edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnye akyiwadeɛ?
Obuo
korɔno
Awudie
Adwamammɔ
13.
Kwasia-da ne Mpete yɛ kuro bɛn so ntam Kesee?
Kumase
Mampɔn
Bekwae
Dwaben
14.
Woakye ntam mu sɛn?
Mmienu
Mmiensa
Nsia
Nson
15.
Akanfoɔ ka ntam wɔ............
anibere so
anigyee so
anibere so
abotere so
16.
Sɛ obi wu a, na ɛkyerɛ sɛ ne kra.....
were aho
afiri ne mu
aboto
ho ato no
17.
Akanfoɔ gye di sɛ, Ɔkanni ba bi kɔ ne kra akyi a, ɔkɔ...
soro
asaase ase
ahenman mu
asamando
18.
Deɛ edidi soɔ yi deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ Akanfoɔ ayie nhyehyɛeɛ no mu deɛ edi kan?
Sikasa
Doteyie
atofoyie
Pesire
19.
Obi anto ne kɔn anwu a, yɛyɛ no .......
abofoyie
sodoɔ
atafoyie
ayipa
20.
....... yɛ amammere a yɛyɛ de pagya abaayewa bi kɔ mpanin mu.
Awaregyee
Kyiribra
Bragoro
Awaregyaee
21.
Deɛ edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na yɛde ka asakyima ano?
Borɔdeɛ ne ngo
Ɛmo ne ɛtɔ
Ngo ne kosua
Ɛtɔ ne kosua
22.
Ɛhenefa na wɔde ɔbaa a wɔagoro no kyiribra kotena kɔpem sɛ ɔbɛwo?
Wiram
Ahemfie
Brafie
Amusiee
23.
Akanfoɔ ahennie mu no, hwan na tena ɔsako mu?
Ɔkyeame
Ɔmanhene
Ɔhene yere
Ɔhemmaa
24.
Wɔfrɛ nnipa a wɔka twene wɔ ahemfie no sɛn?
Mmadwoafoɔ
Akyeremadefoo
Asokwafoɔ
Adwomfoɔ
25.
Kundum yɛ deɛn?
Afahyɛ
Agora
Adwuma
Nnwom
26.
Aboa bɛn na Simpafoɔ kye no de no di wɔn afahyɛ?
Ɔtwe
Odwan
Ɔwansane
Nantwie
27.
Nnafua sɛn na ɛwɔ Oforisuo mu?
Aduonu nwɔtwe
Aduonu nkron
Aduasa
Aduasa baako
28.
...... twa asɛm a ɛyɛ tenten tiawa.
Kasakoa
Abisaa
Nyansapɔ
Abebuo
29.
Deɛ edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ asɛm-sɛ-be?
Okukuseku, onipa ho yɛ hu
Yɛbɛsi wo so a, anka yɛhyɛɛ wo ma
Aberewa bedi twedee a, efiri n'ano
Birebire amma a, amanee nso mma
30.
Toa bɛ yi so. Wodwane Nyame a, ....
ɔtaa wo so
ɔhye wo to
wɔhye n'ase
Woda n'ase
31.
Apatupre se ............
me suman ne m'ani
nsa kɔ na nsa aba
kasa tenten de anofom ba
mede asase anya onwam
32.
Akanfoɔ nnye ...... ntom koraa.
afenawareɛ
awarepa
mpenawareɛ
kunawareɛ
33.
Hwan na ɔyɛ amanneɛ a ɛtwa too wɔ awaregyaeɛ mu?
Akumaa
Asew
Akonta
Agya
34.
...... yɛ kwan a ɔbaa ne ɔbarima bi a wɔmfiri abusua baako mu nam amammere kwan so ka wɔn ho bom sɛ - ɔkunu ne ɔyere
Awaregyaee
Bragoro
Awareseee
Awaregyee
35.
Sɛ yarebone bi wɔ obi abusua mu ......
wɔnkɔ mu awareɛ
wɔgu abusua no
wɔnsra obi wɔ ho
ɛde anigye ba abusua mu
36.
Sɛ ɔbaa bi nnyiniie na sɛ barima bi de n'ano to no so sɛ ɔnyini a ɔbɛware no a, wɔfrɛ no ......
Awowawaree
Ayete
Asiwawaree
Awarepa
37.
Amannyeɛ no mu deɛ ɛwɔ he no ɔbarima tumi gye sɛ awaregyaeɛ ba, na ɛfiri ɔbaa no a?
Akontagye sekan
Tamboba
Tiri adeɛ
Danta
38.
Deɛ edidi so yi mu deɛ ɛwɔ he na ɔbaa tumi gyina so gyae ne kunu? Sɛ ɔbarima no ......
boro ne yere no pii a
mpɛ nsa a
pɛ adwumaden a
hwɛ ne yere yie a
39.
...... yɛ suman a ɔpemfoɔ bi de bɔ ne ho ne ne ba a ɛhye ne yam ho ban.
Aworo
Konya
Afirim
Mpetee
40.
Nnipa a wɔdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na wɔdware abamo?
Apemfoɔ
Awarefoɔ
Ntaafoɔ
Asigyafoɔ
PART I
COMPOSITION
(30 Marks)
Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm
(a)
Kyerɛ sɛdeɛ wosi noa aduane a wɔpɛ pa ara.
(b)
Sɛdeɛ medii me sukuu akwamma a ɛtwa toɔ no.
(c)
Twerɛ krataa kɔma w'adamfo a ɔwɔ sukuu foforɔ bi mu n aka nnoɔma nnan a w'ani gye ho yie fa wo sukuu ho kyerɛ no.
(d)
Yeinom mu deɛ ɛwɔ he na wɔpɛ, tikya anaa neese? ma nsusuie nnan fa deɛ wayi no ho.
PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)
Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
Gyata yareeɛ a na ɛntumi mpue abɔnten wɔ nnawɔtwe bebree mu. Ɛnam sɛ ɔyɛ ɔhene nti, ne manfoɔ no kɔɔ mmaako mmaako anaa akuokuo kosraa no. Ɔtwe, Kokote, Adanko, Opuro ne bebree a wɔkeka ho nyinaa kosraa Nana Gyata. Berɛ tiawa bi mu no, wɔn nyinaa nyaa adwenkorɔ sɛ, obiara a wankasra Nana Gyata wɔ ne yaree mpa so no, na ɔmpɛ n'asɛm.
Na Akrantee nnya nkɔsraa Nana Gyata nanso na ɔmpɛ sɛ wɔbɛhunu no sɛ ɔmpɛ nana asɛm. Na ɛnye no abodwɔ deɛ, nanso ɔtuu anammɔn sɛ ɔbɛkɔ akosra ne hene no. Wɔ Nana Gyata adiho hɔ no, Akrantee hunuu anammɔn binom a ɛkɔsraa ɔhene asaso a ansane amma bio. Ɛberɛ a ɔhwehwɛɛ kwan foforɔ a ade bɛkɔ ɔhene asaso na wannya bi no, ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛso adwene a wanya afa ɔhene ho a ɛmma no ntumi nkɔsra ɔhene no ahwɛ.
Akrantee anni anammɔn a ɛbobɔ ho no akyi, mmom ɔkɔgyinaa mpoma no akyi na ɔtwee ne kɔn hwee dan no mu. Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nana da mpa mu no, ɔtea mu nanso obiara annye so. Ɔtea mu bio na ɔkaa sɛ, "Nana nya nkwa daa! Megye di sɛ nana bɛpagya ne nan na watea mu 'woo' sɛdeɛ nhemfo da a wɔaye no". Berɛ tiawa mu no, Nana Gyata pagyaa ne nan, na ɔtea mu "woo"! Akrantee antwentwɛn ne nan ase koraa no ɔtu yergee.
(a)
Mmerɛ dodoɔ sɛn na Gyata yareeɛ?
(b)
Bobo mmoa mmienu a wɔkosraa Nana Gyata no din.
(c)
Ɛdeen na Akrantee hunuie berɛ a ɔwuraa Nana Gyata fie adiho hɔ no?
(d)
Asɛm adwene a wanya no asekyerɛ ne sɛn wɔ abasɛm no mu?
(e)
Adɛn nti na Akrantee hwehwɛɛ ɔkwan foforɔ a ɔde bɛkɔ ɔhene asaso ho?
(f)
Ɛhefa na Akrantee gyina teaa mu free/kyeaa Nana?
(g)
Wɔsusu sɛ, ɛdeen na ɛtoo mmoa a na wɔn anammɔn bobo nana adiho hɔ a wɔansane amma bio no?
(h)
(i)
Wɔbɛka sɛ Nana Gyata nnim nyansa?
(ii)
Adɛn ntira?
(i)
Kyerɛ asɛm "tu yeraee" no ase sɛdeɛ ɔtwerɛfoɔ no de dii dwuma wɔ ayɛsɛm no mu.
(j)
Adesua bɛn na woasua afiri akenkansem no mu?
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.
(a)
Mekɔɔ ho. Manhu no.
(b)
Wankɔ sukuu. Na ɔyare.
(c)
Na ɛkɔm de abarimaa no. Ɔdii aduane no nyinaa.
(d)
Me mma no hunuu me. Merefiri fie no.
(e)
Yɛbɛdi dokono awia. Yɛbɛdi fufuo anwummere.
Fa ɔkasamu a edidi soɔ yi kɔ dabi kabea mu.
(f)
Wɔkɔ sukuu dabiara.
(g)
Sukuuni no bɛtwɛre sɔhwɛ nnawɔtwe a ɛreba yi.
(h)
Kɔpa wo kyerɛkyerɛni no kyɛw.
(i)
Ɛwɔ sɛ ɔde kyɛ wo.
(j)
Nnɔra anadwo wɔdaa ntem.
Twɛre edin nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ ɔkasamu a edidi soɔ yi mu biara mu.
(k)
Me papa tuu kwan tiawa bi.
(l)
Wɔdwaree wɔ nsuo nwununwunu mu.
(m)
Wɔyɛ nkwadaa bone.
(n)
Amma de ahaban mono kataa kwadu no so.
(o)
Okyerɛkyerɛni no too anansɛsɛm deɛdeɛ bi kyerɛɛ yɛn.
Twɛre asɛmfua a wɔatwa asee no abirabɔ wɔ ɔkasamu biara mu.
(p)
Ɔpanin no tɔnn ne kaa no.
(q)
Amma yɛ Kofi yere.
(r)
Mmofra no seree da mu no nyinaa.
(s)
Ɔbaa no too pono no mu.
(t)
Wɔfaa wɔn benkum so wɔ nkwanta no so.