Share
BECE ghanaian language (asante twi) June 2022

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

1.

Edin a Ɔkanni bIara di kan nya ne ......

A.

abusuadin

B.

kradin

C.

ananadin

D.

din hunu

2.

Edin Tutu ne Anyamaa yɛ din bɛn?

A.

Abusuadin

B.

Ahosuadin

C.

Awoɔ nndidisoɔ

D.

Abosomdin

3.

Edin a ɛdidi siɔ yi mu dɛe ɛwɔ he na eyɛ awoɔ nnidisoɔ?

A.

Bedu

B.

Dɔnkɔ

C.

Danso

D.

Akɔmaa

4.

Atuakɔsem yɛ din a Akanfoo de ma akwadaa a ɔdi ...... akyi.

A.

Piesie

B.

Ntaafoo

C.

Nyankomago

D.

Kaakyire

5.

Akanman mu no, sɛ obi ware ne wɔfa ba a, .......

A.

wabɔ mmusuo

B.

ɛyɛ asiwa awareɛ

C.

wayɛ dɔm

D.

waware awarepa

6.

Sika ne nnoɔma a ɔbarima de ma ɔbaa a ɔreware no wɔ awaregyee mu ne .......

A.

danta

B.

ti ade

C.

ti nsa

D.

tammoba

7.

Akanfoɔ gye di sɛ, sɛ ɔbarima bi ne ne yere wo ....... a, ɛsɛ sɛ wɔma no adwan.

A.

du

B.

nkron

C.

nson

D.

nsia

8.

Sika a ɔbaa a wɔagu no hyire tua ma n'akumaa no, Akanfoɔ frɛ no ......

A.

hyireboɔ

B.

hyiresika

C.

hyirekokɔɔ

D.

hyiretam

9.

Sɛ ɔKanni bi wu a, ne ........... na ɔdi n'adee.

A.

ba

B.

nana

C.

wɔfaase

D.

nuabaa

10.

........... yɛ awadee a sɛ ɔbaako wu a, ɔbaako yɛ no kuna.

A.

Ayete

B.

Kunawadee

C.

Awowadee

D.

Awarepa

11.

Bakatue yɛ afahye a ...... di no afe biara.

A.

Asantefoɔ

B.

Edinafoɔ

C.

Ewefoɔ

D.

Bonofoɔ

12.

Nzemafoɔ di ...... afahye

A.

Kundum

B.

Fetu

C.

Ngymayem

D.

Hogbetsotso

13.

Akanfoɔ frɛ bere a obi awuo de kosi sɛ wɔbɛsie no wɔ amusiee no sɛ ........

A.

sikayie

B.

ayise

C.

dɔteyie

D.

ahosiesie

14.

Amannee a Akanfoɔ yɛ de pagya wɔn mma mmaa kɔ mpanin mu no ne ......

A.

wiɔkyerɛ

B.

ayeforɔ

C.

nhyira

D.

bragorɔ

15.

Sɛ ɛna bi hunu sɛ ne babaa akyima a, ɔbɔ ...... a ɔwɔ kurom hɔ amanneɛ.

A.

ɔhemaa

B.

ɔhene

C.

odikuro

D.

sompahene

16.

Sannaahene dwumadie ne sɛn wɔ ahemfie?

A.

Onoa ɔhene aduane

B.

Ohwɛ ɔman sika so

C.

Odi osa ani

D.

Oka ɔhene mpaboa ho

17.

Nnipa a wodidi soɔ yi mu hwan ne ɔhene yere? ......

A.

ɔkra

B.

ɔkyeame

C.

ɔbrani

D.

Sekyeni

18.

Akyereko Wukuada yɛ ........ ntam

A.

Nsutahene

B.

Ohwimhene

C.

Dwabenhene

D.

Tepahene

19.

Ntamkesee mmiensa yɛ ...... ntam.

A.

Kumaseman

B.

Asanteman

C.

Bonoman

D.

Ahantaman

20.

Akanfoo mu no, sɛ ɔbaa nyem a ......

A.

wɔnye ne ho adeɛ

B.

onnoa aduane

C.

onnidi anopa

D.

wɔnsoma no

21.

........ yɛ Akanfoo akyiwadeɛ a ɛkyerɛ sɛ obi ne ne busuani ada

A.

Kyiribra

B.

Ayefere

C.

Mogyafra

D.

Mmonaatoo

22.

Ahabanmono a ɛwɔ Ghana frankaa mu no gyina hɔ ma ɔman no ......

A.

nkosoo

B.

kwaeɛ

C.

sikakokoɔ

D.

mfuo

23.

Atetesɛm kyerɛ sɛ obi tenaa ase wee aburoo pata ma. ɔne hwan?

A.

Asebu Amanfi

B.

kwasi Mahuwo

C.

Ansa Sasraku

D.

Nana Dikopem

24.

Atetesɛm kyerɛ sɛ na Onyankopɔn bɛn fam yie. ɛyɛɛ dɛn na ukɔɔ soro?

A.

Onipa didii Onyankopɔn atem

B.

Na onipa hwɛ no dodo

C.

Na onipa kase tuatua n'aso

D.

Enam onipa asooden nti

25.

Deɛ edidi soo yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ nsaguo ho mfasoo?

A.

ɛmma nsamanfoɔ biribi nni

B.

ɛma ateasɛfoɔ ani gye

C.

ɛma amammere yera

D.

ɛmma amammere nyera

26.

Anomaa nitefoo ......

A.

fidie nyi no

B.

otu kɔ sorosoro

C.

fidie yi no ntentenoa

D.

ne kɔn mu abu

27.

Mmerɛkɛnsono asi ne tiri ase no na

A.

ɛwɔ deɛ asaase aka akyere no

B.

ɛbo abɔ no ama ayɛ mmerɛ

C.

awia abɔ no ama ayɛ mmerɛ

D.

ne kɔn mu abu

28.

Obi abawuo tuatua obi aso yɛ

A.

nnyeso bɛ

B.

asɛm-sɛ-be

C.

ɛbɛ turodoo

D.

abebudeɛ

29.

Kyerɛ aborɔme yi ase. Aborɔbe ho kɔɔ.

A.

ɔkorɔmfoo a ɔte sɛ wo

B.

ɔkonkonsani a ɔte sɛ wo

C.

ɔhoɔdenfoɔ a ɔte sɛ wo

D.

ɔhoɔfɛfoo a ɔte sɛ wo

30.

Bese ho pɔ. Saa aborɔme yi ase kyerɛ dɛn?

A.

Wɔyɛ ohiani

B.

Wɔwe bese dodo

C.

Wo ho yɛ apɔapɔ sɛ bese

D.

Woyere ani te

31.

ɔbaa a wɔwoo no Benada mmrane ne

A.

Badwo

B.

Kosianimo

C.

Obosu

D.

Nyamewa

32.

Akanfoɔ bɔ Agyeman mmrane sɛ ......

A.

ɔpambɔɔ

B.

Nyanta

C.

Ahoma

D.

Okeseku

33.

Agyeiwaa mmrane ne ......

A.

ɔsɔonɔ

B.

Kodie

C.

Kyeiwaa

D.

Amponyinamoa

34.

Deɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a ɔto dwom? Sɛnea ɛbɛyɛ a ......

A.

ɔnte brɛ

B.

nnipa bɛte ne nka

C.

nnipa bɛhunu sɛ ɔwɔ ho

D.

nnipa bɛba abɛboa no

35.

Nea edidi soɔ yi nyinaa firi okuani hɔ gye sɛ .....

A.

nnuaba

B.

atosodeɛ

C.

atomudeɛ

D.

nnuane

36.

Akanfoɔ nnabuo mu no, ɔpɛ berɛ hyɛ aseɛ firi ...... kɔsi ...... bosome awiee

A.

ɔbenem, Kotonimaa

B.

Oforisuo, Ayɛ

C.

ɔsannaa, Ahinime

D.

ɔpenimaa, ɔbenem

37.

Bosome a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ akanfoɔ nnabuo mu ne .......

A.

Kitawonsa

B.

ɛbɔ

C.

ɔsannaa

D.

Obubuo

38.

Berɛ bɛn na Akanfoɔ ma obi yaakɔ? Berɛ a ........

A.

obi firi ayarehwɛm aba

B.

obi awo afa ne ho afa ne ba

C.

obi firi akwantuo mu aba

D.

adeɛ ato n'ani

39.

Nea edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ Akanfoɔ agora?

A.

Ahayɔ

B.

Oware

C.

Ludu

D.

Bragoro

40.

Agora a edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he ɛnye Akanfoɔ agora?

A.

Dame

B.

Ntesie

C.

ateteatete

D.

Asɔba

THEORY QUESTIONS

PART I

COMPOSITION

(30 Marks)

Yi deɛ edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Twerɛ ayɛsɛm bi a ɛyɛ anigyeɛ a woakankan anaa woate pɛn

(b)

Kyerɛ sɛdeɛ wo sukuu teɛ kyerɛ w'adamfo a ɔwɔ kuro foforɔ bi so

(c)

Hwan na ne ho hia pa ara, ɔkyerekyerɛni anaa dɔkotani?

(d)

Twerɛ krataa kɔma w'adamfo a ɔwɔ ɔman foforɔ bi so na kyerɛ no adwuma a wopɛ sɛ woyɛ no daakye. Kyerɛ deɛ nti a wopɛ saa adwuma no.

Show Solution

PART II

COMPREHENSION

(20 Marks)

Kenkan deɛ edidi soo yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

2.

Mmere bi, Adanko ne Akyekyedeɛ gyee wɔn ho akyinnyeɛ wɔ deɛ ne ho yɛ hare ho. Wɔgye too mu sɛ wɔbɛtu mmirika ahunu deɛ ne ho yɛ hare. Wɔpɛɛ baabi a wɔbɛtu mmirika no afa. Wɔhyɛɛ mmirika no ase pɛ na Adanko huri dii kan. Ankyɛ korae na ɔhunuu sɛ ɔne Akyekyedeɛ ntam ate yie. Adanko dwenee sɛ ɔbɛtumi ahome kakra wɔ dua bi ase. Ankyɛ koraa na ɔfɛa mu daa hatee. Berɛ a Adanko ada hatee no, Akyekyedeɛ tuu mmirika no dii nkonim.

Adanko soreee no, n'aba mu buie ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ wadi nkoguo wɔ mmirikatuo no mu. Adanko ka kyerɛɛ Akyekyedeɛ sɛ ɔnsan mma wɔntu mmirika no bio. Saa mmirika yi mu deɛ, Adanko annyaegyae ne ho. Ɔde ahoɔden sononko tuu mmirika no dii nkonim. Ɔtwee Akyekyedeɛ mu akwansini bebree. Akyekyedeɛ dwene hunuu sɛ ɔrentumi ndi Adanko so nkonim wɔ saa kwan no so bio. Ɔka kyerɛɛ Adanko sɛ ɔmma wɔnkɔtu mmirika no wɔ ɔkwan foforɔ so. Nsuo bi da saa ɔkwan foforɔ no mu.

Wɔhyɛɛ asee no, ankyɛ korae na Adanko kɔduruu asuo no ano. Ɔgyinaa hɔ saa ɛrɛ maa Akyekyedeɛ bɛtoo no. Akyekyedeɛ dware twaa asuo no kodii nkonim. Adanko nan di boa no maa ɔdii Akyekyedeɛ so nkonim. Akyekyedeɛ nso wɔ deɛ ɛboa no.

Nnawɔtwe akyi no, na ɛsɛ sɛ Akyekyedeɛ ne Adanko fa ɔkwan koro no ara so kɔ ayefohyia bi ase. Wɔhunuu deɛ edi boa wɔn mu biara no, wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛboaboa wɔn ho ama wɔatumi aduru deɛ worekɔ no ntem. Berɛ a wɔrefiri akwantuo no ase no, Adanko faa Akyekyedeɛ hyɛɛ n'akyi. Wɔduruu asuo no ano no, Akyekyedeɛ nso faa Adanko hyɛɛ akyire. Yei maa wɔhunuu sɛ, baanu so a ɛmmia.

(a)

Hwan na odii nkonim wɔ mmirikatuo a edi kan no mu?

(b)

Kyerɛ saa asɛm yi ase sɛdeɛ ɛteɛ wɔ akenkansem no mu. Annyaegyae ne ho.

(c)

Mpre sɛn no Adanko ne Akyekyedeɛ sii akan no?

(d)

Adanko dii nkoguo sɛn wɔ akansie no mu?

(e)

Ɛdeen na edi boa Akyekyedeɛ maa ɔdii Adanko so nkonim?

(f)

Ɛdeen na ɛma akansie no akwan mmienu no da nso?

(g)

Wɔdwene sɛ aduadee bɛn na Adanko nya firii mmirikatuo ahodoɔ no mu?

(h)

Adanko nan di boa no maa ɔdii Akyekyedeɛ so nkonim. Asɛm ne sɛn wɔ akenkansem no mu?

(i)

Adesua bɛn na woasua afiri akenkansem no mu?

(j)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayɛsɛm no din

Show Solution

PART III

LEXIS AND STRUCTURE

(20 Marks)

Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa.

Twere asɛmfuakuo a asɛmfua a wɔasan asee wɔ ɔkasamu biara mu firi mu

3.

(a)

Yɛn sukuu no wɔ kuro no mu.

(b)

N'afuo no da eku tenten bi mu.

(c)

Mmofra no hunuu wɔn papa.

(d)

Mmoa no hunuu yɛn na wɔdwanee.

(e)

Mesoree ntɛm nnɛ.

Twerɛ edin ahodoɔ a ɛwɔ ɔkasamu yi biara mu:

(f)

Yɛankɔ sukuu mu ntɛm.

(g)

Awofoɔ bebree yam yɛ.

(h)

Ɛhye danee nso.

(i)

Amango wɔ ho.

(j)

Me maame daa hatee.

Twerɛ ɔkasamu a edidi soɔ yi biara kɔ daabi anaa ngoo kabea mu:

(k)

Bra ha!

(l)

Ɛwɔ sɛ yɛhunu dɔkota no seesei ara.

(m)

Woadidi awie.

(n)

Yɛbedi nkonim.

(o)

Me papa maa me sika.

Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi mu biara bio na fa agyinahyɛdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ:

(p)

Berɛ bɛn na mehu wo bio

(q)

Wodidii too dwom na wɔsaee

(r)

Na yenim sɛ yɛmma

(s)

Sɔre

(t)

Ɔkyerekyereni no kaa sɛ Mennye nto mu

Show Solution

SponsoredAdvertise