Share
BECE Ghanaian Language (Asante Twi) 2023

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Yi mmuaeɛ A - D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfo nkyea, edin, nnabuo ne afahyɛ ho.

1.

Akanfoɔ kyea ɔbaa a wawo foforɔ sɛn?

A.

Adikan

B.

Afirimu

C.

Kuta mu

D.

Akwaaba

2.

Akanfoɔ amammerɛ mu no, wɔkyea firi ......

A.

nifa so

B.

benkum so

C.

akyire

D.

anim

3.

Hwan na Akanfoɔ nkyea no wɔ ayie ase?

A.

Ɔhene

B.

Abusuanin

C.

Okunafoɔ

D.

Mma

4.

Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ewɔ he na ɛyɛ apɛntɛdin?

A.

Abrafi

B.

Ɔsɛe

C.

Moosi

D.

Kwaku

5.

Edin Tawia firi ...... mu.

A.

Atoyerɛnkɛm

B.

Awosuo

C.

Awomawuo

D.

Awoɔ-nnidisoɔ

6.

Nna mmienu bɛn na Akanfoɔ frɛ no Dapaa?

A.

Memeneda ne Dwoada

B.

Memeneda ne Kwasiada

C.

Ɛbenada ne Memeneda

D.

Ɛbeneda ne Wukuada

7.

Sɛ Akwasidɛɛ duru a ......

A.

Yɛnnom nsa

B.

Yɛnnidi

C.

Yɛnyɛ ayie

D.

Yɛnsi twene so

8.

Akuapemfoɔ afahyɛ titire ne ......

A.

Odwira

B.

Adɛɛ

C.

Akwammɔ

D.

Kundum

9.

Dwuma bɛn na banmuhene di wɔ ahemfie?

A.

Ɔhwɛ ɔhene fotoɔ so

B.

Ɔhwɛ ma wɔsie ahemfo

C.

Ɔhwɛ ɔhene mfuo so

D.

Ɔno na ɔsiesie ɔhene ho

10.

Obi a ɔnoa ɔhene aduane ne ......

A.

Osoodoni

B.

Ɛsɛn

C.

Ɔkyerɛma

D.

Ɔkra

11.

Yei yɛ ɔkwan a Akanfoɔ fa so kasa kyerɛ nananom.

A.

Wɔka kyerɛ agyanom

B.

Wɔyi apaeɛ

C.

Wɔka kyerɛ mframa

D.

Wɔka kyerɛ Asaase Yaa

12.

Yei yɛ adeɛ a Akanfoɔ taa de yi apaeɛ.

A.

Nsa

B.

Nsuo

C.

Mogya

D.

Pitoo

Yi mmuaeɛ A - D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ nsɛnkyerɛnne, ntam, mmɛbuo ne mmrane ho.

13.

Sɛ ɔhene rekɔ ayie na ɔde nsensane tua n'ano a, ɛkyerɛ sɛ ......

A.

ɔrenkasa

B.

ɛkɔm de no

C.

Ne busuani awu

D.

ɔredi awerɛhoɔ

14.

Akanfoɔ akyiwadeɛ baako ne sɛ ......

A.

Obi bɛda kɔm

B.

Obi bɛpra dan mu anadwo

C.

Aberewa bɛkɔ afuom

D.

Obi bɛkyea anadwo

15.

Ata anaa Ataa di kusie a, wɔyɛ no deɛn?

A.

Wɔhwe no

B.

Wɔdwira no

C.

Wɔpam no firi fie

D.

Wɔdi no atɛm

16.

Sɛ yɛka sɛ obi aka ntam a, ɛkyerɛ sɛ waka ɔman, kuro anaa ekuo bi ......

A.

Awerɛhosɛm

B.

Anigyesɛm

C.

Nokwasɛm

D.

Akokrokosɛm

17.

Sɛ obi ka ntam a, ......

A.

Wɔto no kwagyan

B.

Wɔbo n'abaso

C.

Wɔma no kyerɛ aseɛ

D.

Wɔkye no dedua

18.

Toa ɛbɛ yi so, Abɔfra su mpanin su a, ......

A.

ɔtua ka kɛseɛ

B.

ɔnsesa nkonnwa

C.

ɔtua ayiase ka

D.

Wɔbɔ no nsawa

19.

Nsamanpɔmu soakɔduru, wo ni wu a, na ......

A.

W'abusua asa

B.

Woayɛ mmɔbɔ

C.

W'ase ahye

D.

W'adɔfo asa

20.

Tɔntɔnte, Tɔntɔnte, yɛrenom nsa no, na ......

A.

Yɛredi nkummɔ

B.

Yɛrebɔ ka

C.

Yɛreka afisɛm

D.

Yɛrɛfa adwene

21.

Sɛ wɔwo obi Efiada na ɔyɛ ɔbarima a, wɔbɔ no mmrane sɔ ......

A.

Asimpie Asare

B.

Bodua

C.

Ɔteanankaduro

D.

Okyini

22.

Aboa bɛn na wɔbɔ no mmrane sɔ ɛserɛ mu sɛe?

A.

Ɛkoɔ

B.

Kɔkɔte

C.

Gyata

D.

Ɔsono

23.

Sɛ ɔhene bi akyeampoma ahyɛnsodeɛ yɛ sebɔ a, na ɛkyerɛ ......

A.

Ahoteɛ

B.

Anoteɛ

C.

Anoɔden

D.

Aniɛden

24.

Sɛ obi de koogyan bɔ ne ti anaa ne nsa a, na ɛkyerɛ sɛ ......

A.

ɔwɔ anigyeɛ mu

B.

N'agyapadeɛ aka ne nsa

C.

ɔwɔ awerɛhoɔ mu

D.

Ne yere awo asomdwoeɛ mu

Yi mmuaeɛ A - D yi mu baako a ɛyɛ na efa Akanfoɔ nsaguo, atetesɛm, agya. Rekɔ, ayieyɔ ne nnabuo ho.

25.

Sɛ ɔkanni ani gye anaa ɔdi nkonim a, ɔfira ntoma ......

A.

Akokɔsradeɛ

B.

Kɔkɔɔ

C.

Tuntum

D.

Fitaa

26.

Ahonhom ahodoɔ a Akanfoɔ bobɔ wɔn din wɔ nsaguo mu no bi ne ......

A.

onyankopɔn ne nsumankwaa

B.

abosom ne abɔfoɔ

C.

abɔfoɔ ne nsamanfoɔ

D.

onyankopɔn ne nsamanfoɔ

27.

Amponyinamoa yɛ deɛn?

A.

Asaase Yaa mmrane

B.

Ampoma mmrane

C.

Ɔbonsom bi din

D.

Aboa kɛseɛ bi din

28.

Ɔsadwom ho mfasoɔ ne sɔ, ......

A.

ɛyi hu fi akofoɔ no mu

B.

ɛmma kuromma nna

C.

ɛboa adwumayɛ

D.

ɛma ɔsa no sɔ

29.

Kuro bɛn so na Denkyira hene Ntim Gyakari dii nkuguo?

A.

Kumawu

B.

Kumasi

C.

Asantemanso

D.

Feyiase

30.

Agya rekɔ no, ogyaa me adeɛ bi, sɛ ɛsi hɔ a, na anane, sɛ ɛka egya pɛ na ada. Ɛyɛ deɛn?

A.

Nkuto

B.

Adwengo

C.

Nkwan

D.

Kosua

31.

Agya adeɛ bi wɔ hɔ, sɛ ɛtɔ fam a, nnipa baanu ntumi mfa gye sɛ onipa baako pɛ. Ɛyɛ deɛn?

A.

Sika

B.

Sekan

C.

Paneɛ

D.

Dua pa

32.

Sɛ obi wu a, ɛdi adaduanan ansa na abusuafoɔ ......

A.

agu nsa

B.

apamo mma

C.

ato ne nna so

D.

abue n'adaka so

33.

Sɛ yɛka sɛ obi afa owufoɔ bi toa a, na ɛkyerɛ sɛ ......

A.

wasie owufoɔ no

B.

wafa owufoɔ no afuo

C.

wadi owufoɔ no adeɛ

D.

waware owufoɔ no yere

34.

Edin bɛn na yɛde ma ayie a amu no da hɔ?

A.

Dɔteyie

B.

Asonyie

C.

Abɔfoyie

D.

Atɔfoyie

35.

Kwaeɛ mu adwumayɔ, merentumi borɔdeba ...... yɛ

A.

Akɔmfodwom

B.

Adwumayɛdwom

C.

Abagyegyedwom

D.

Kwadwom

36.

Sisire mbom, tabon mbom ...... yɛ dwom a ɛfa adwuma bɛn ho?

A.

Kuadwuma

B.

Ahayɔ

C.

Namyie

D.

Abɛtwa

37.

Saa dwom yi fa ɔtomfo ho.

A.

Adonko fa no kɔ ooo!

B.

Ɔrebɔ ne dade so kyan, ...

C.

Sisire mbom, tabon mbom

D.

Kro hin kro ...

38.

Abagyegye nnwom boa ma ......

A.

mmɔfra nte kɔm

B.

awofoɔ didi yie

C.

mmɔfra ani agye

D.

awofoɔ da ntɛm

39.

Nnafua sɛn na ɛwɔ bosome Ɔbɛnem mu?

A.

Aduonu-nwɔtwe

B.

Aduonu-nkron

C.

Aduasa

D.

Aduasa-baako

40.

Bosome a ɛtwa toɔ wɔ afe mu afe mu ne ......

A.

Ɔpɛnimaa

B.

Ɔpɛpɔn

C.

Oforisua

D.

Ɔsannaa

THEORY QUESTIONS

PART I
COMPOSITION
(30 Marks)

Yi deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ 150 twerɛ ho asɛm

1.

(a)

Kyerɛ sɛnti nnan a wobɛpɛ sɛ wokɔ Ntoasoɔ Sɔkuu (SHS) pɔtee bi berɛ a woawie Junior High School.

(b)

Woyɛ wo gyinapɛn sofoɔ panin. Kyerɛ sɛnti nnan a ɛsɛ sɛ wo mfɛfoɔ no ba sukuu ntɛm.

(c)

Twerɛ lɛtɛ kuma w'adamfo a ɔwɔ sukuu foforɔ mu na kyerɛ no w'adamfo a wopɛ n'asɛm pa ara ho asɛm. Kyerɛ sɛnti mmienu a wopɛ n'asɛm.

(d)

Kyerɛ sɛnti nnan a wopene anaa wompene mmaatwa so wɔ Mfitiaseɛ Sukuu mu.

Show Solution

PART II
COMPREHENSION
(10 Marks)

Kenkan deɛ ɛdidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

2.

Ɔpanin bi tenaa ase a na ɔwɔ yerenom baanu. Ɔwaree ne yere panin no, mfeɛ num akyi na ɔwaree kumaa no nso. Na ne yere kumaa no yɛ obonini. Ne yere panin no deɛ na ɔyɛ ɔwofoɔ a ɔwɔmma baasa.

Na ɔpanin yi a ɔyɛ okuani no wɔ mfuo akɛseɛ mmiɛnsa. Ɔde mfuo no mu mmienu maa ne yerenom no sɛ wɔnyɛ mu nnwuma mfa. Obiara yeree ne ho yɛɛ ne deɛmu adwuma. Sɛ wode mfuo mmienu no toto ho a,kumaa no deɛ yɛɛ frɔmfrɔm senee ɔpanin no yei maa kumaa no bɛyɛɛ osikani maa ne werɛ firii awerɛhoɔ a na ɔdi wɔ awoɔ a na ɔnwo no ho. Na ɔtaa de ne sika totɔ ntadeɛ ma ne kora mma no.

Ɛduruu mmerɛ bi no, ɔyere kumaa no hunuu sɛ nsakyeraeɛ aba ne kora no nneyɛɛ mu. Ne saa nti, ɔyere kumaa no yɛɛ n'adwene sɛ ɔnyɛ ade pa biara a ɛbɛsɔ ne kora no ani bio.

Ɛbaa saa no, anwanwadeɛ bi sii ɔyere kumaa no afuom hɔ. Mmoa bi hyɛɛ aseɛ sɛee n'afuo no maa no kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ.

Yei maa ne kunu no kɔɔ afuom hɔ hɔhwɛɛ deɛ asie no. Ɔhunuu Ɔnwansane kɛseɛ bi sɛ ɔresɛe afuo no, ɔgyenee n'ani hwɛɛ Ɔnwansane kɛseɛ no too ne tuo. Aboa no danee nipa a na ɔsɛ ne yere panin no. Ɔpanin no ho dwirii no yie.

(a)

Ɔpanin no yere mu hwan na ɔyɛ obonini?

(b)

Na ɔpanin no mma yɛ sɛn?

(c)

Wogye di sɛ deɛn nti na ɔpanin no de mfuo no mu mmienu maa ne yerenom no?

(d)

Kyerɛ saa asɛm yi ase sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ayɛsɛm no mu: frɔmfrɔm.

(e)

Adɛn nti na ɔyere kumaa no yɛɛ n'adwene sɛ ɔmmoa ne kora mma no bio?

(f)

Anwanwadeɛ sononko bɛn na ɔyere kumaa no hunuu wɔ n'afuo no mu?

(g)

Adɛn nti na ne kunu no too ɔnwansane kɛseɛ no tuo?

(h)

Ɔpanin no too ɔnwansane kɛseɛ no tuo no, anwanwadeɛ bɛn na esiiɛ?

(i)

Adesuadeɛ bɛn na wosua firii ayɛsɛm no mu?

(j)

Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayɛsɛm no din.

Show Solution

PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(20 Marks)

3.

Yiyi nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha yi nyinaa ano.

Fa nkabomdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a wɔagya wɔ ɔkasamu no mu

(a)

Adam ...... Abu bɛba.

(b)

Ebia Simli ...... Aisha na ɔbɛsoa adaka no.

(c)

Yɛahunu polisini no ...... yɛnhunuu ɔkorɔmfoɔ no.

(d)

Merenkɔ fie ...... menni sika.

(e)

Yarefoɔ no ntumi nnante ...... wofa no.

Twerɛ nsɛmfuakuo a ɛdidi soɔ yi mu biara ho nhwɛsoɔ baako

(f)

Din pa;

(g)

Edin a yɛnhunu;

(h)

Adeyɔ

(i)

Edin nkyerɛkyerɛmu;

(j)

Edinnsiananmu.

Twerɛ nsɛmfua a wɔatwitwa aseɛ wɔ ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi mu biara abirahɔ

(k)

Kande yɛ abaayewa a ne ho yɛ

(l)

Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no twaa asuafoɔ no dwumadie no ntɛmntɛm

(m)

Asuafoɔ no so panin no nim adeɛ pa ara.

(n)

Hei Akua! Tena ha.

(o)

Halim hyɛ atadeɛ tenten.

Twerɛ edin nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi biara mu

(p)

Ɔhene no tɔɔ pɔnkɔ fitaa.

(q)

Ɔbaa a ɔbɔ duku akokɔsradeɛ no yɛ me maame.

(r)

Yɛn kyerɛkyerɛni yɛ ɔbarima nyansafoɔ.

(s)

Papa tiatia no yɛ lɔyani.

(t)

Amango a abere biara nni dua no so.

Show Solution

SponsoredAdvertise