Share
BECE Ghanaian Language (Asante Twi) 2024

SponsoredAdvertise

::

OBJECTIVE TEST

Afei kɔ so yɛ nea ɛdidi soɔ yi saa ara kɔsi sɛ wobɛbua nsɛmmisa no nyinaa awie.

Fa A - D mu deɛ ɛfata yiyi nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ano.

1.

Sɛ wɔwo obi Fiada a ɛyɛ dabɔne a, wɔbefrɛ no sɛn?

A.

Kofi Firi

B.

Kofi Fofie

C.

Kofi Fori

D.

Kofi Fɔdwoɔ

2.

Adɛn nti na abɔfra di nnawɔtwe ansa na wɔato ne din? Wɔgye di sɛ saa berɛ no na ...

A.

ɔtumi didi

B.

wahunu ne maame yie

C.

wanyini

D.

waba asetena

3.

Edin yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ kradin?

A.

Agyei

B.

Badu

C.

Dɔnkɔ

D.

Kwabena

4.

Nnoɔma a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na sɛ abarimaa duru ne mpanin mfeɛ so a, wɔde ma no?

A.

Asɔ ne etuo

B.

Sekan ne asɔ

C.

Sekan ne kɛntɛn

D.

Sekan ne etuo

5.

Nnoɔma a wɔde ma abarimaa a waduru ne mpanin mfeɛ so no, ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ?

A.

Ɔbɛtɔn.

B.

Ɔde bɛbɔ bra.

C.

Ɔde bɛkyɛ ne nnamfonom.

D.

Ɔde bɛma ne yere.

6.

Sɛ Akanfoɔ ka sɛ, abaayewa bi kɔ afikyire a, na ɛkyerɛ sɛn?

A.

Ɔne ne fiefoɔ anya akasakasa.

B.

Wakɔtena ne fie no akyi.

C.

Watu afiri ne fie a ɔte mu.

D.

Wayɛ bra.

7.

Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ asakyima no de ne se ka kosua a wɔde bɛka n'ano no mu? Sɛ ɔka mu a, ...

A.

ɛbɛma wayare

B.

ɛde mmusuo bɛba no so

C.

ɔrennya kunu pa

D.

ɔrentena ase nkyɛ

8.

Ɛdeɛn pɔtee na abusuafoɔ hwɛ ho de ɔbaa ma abarima bi awareɛ? Sɛ ɔbarima no ...

A.

asisi adan

B.

ho yɛ fɛ

C.

wɔ agyapadeɛ pii

D.

wɔ suban pa

9.

Kyerɛ deɛ nti a Akanfoɔ mpɛ koratwe. Ɛde ...

A.

mogyafra ba abusua mu

B.

mmɔnnaatoɔ ba ɔman mu

C.

mmusuo ba abusua mu

D.

ntɔkwa ba awarefoɔ ntam

10.

Amanneɛ bɛn na wɔyɛ de gya owufoɔ kwan korakora wɔ Akanman mu?

A.

Wɔdeda no.

B.

Wɔdware no.

C.

Wɔsie no.

D.

Wɔyɛ no ayie.

11.

Akanman mu no, adɛn nti na obi rewu a, wɔgu n'anom nsuo? Wɔgye di sɛ ...

A.

osukɔn de no

B.

ɔrekɔforɔ bepɔ enti ɔbia nsuo

C.

ɔrennom nsuo bio

D.

ne ho nsuo nyinaa asa.

12.

Kukuo a okunafoɔ bɔ no kurotia no kyerɛ sɛn?

A.

Ɔmpɛ kukuo no bio.

B.

Ɔne ne kunu adi nte emu.

C.

Ɔrennidi bio.

D.

Ne bo afu ne kunu nɔ.

13.

Hwan ne wo wɔfa? Obi a ɔyɛ wo ...

A.

maame nuabarima

B.

nana nuabarima

C.

papa nuabarima

D.

sewaa nuabarima

14.

Wo papa nana yɛ wo deɛn? Wo ...

A.

Nana

B.

Nanakansoa

C.

Papa

D.

Wɔfa

15.

Sɛ ɔbaa ware a, ne kunu nuabarima mma yɛ ne deɛn?

A.

Koramma

B.

Mma

C.

Mmanoma

D.

Nananom

16.

Sɛ awofoɔ bi brɛ ansa na wɔawo abɔfra a, wɔtaa frɛ no sɛn?

A.

Abayie

B.

Abɛbrɛsɛ

C.

Afiriyie

D.

Akyirem

17.

Sɛ abɔfra bi de Asaaseasa a, na aseɛ ne sɛn?

A.

Ne maame di awommawuo.

B.

Ɔnyɛ Ɔkanni ba.

C.

Ɔrennya baabi nteni wɔ wiase.

D.

Ɔyɛ ɔdehyeɛ.

18.

Sɛ ɔbaa bi wo ntaa na sɛ ɛyɛ ɔbaa ne ɔbarima a, yɛfrɛ wɔn sɛn?

A.

Ahum ne Aham

B.

Ntaten

C.

Sika ne Ahweneɛ

D.

Takyi ne Kuro

19.

Abusua bɛn na wɔn akraboa ne wɔn din sɛ?

A.

Aduana

B.

Agona

C.

Asona

D.

Ɛkoɔna

20.

Deɛ ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na wɔhwɛ so yi ɔhene? Obi a ...

A.

ɔnim nwoma na ɔwɔ sika

B.

ɔwɔ adan na ne ho yɛ den

C.

Ɔwɔ sika na ne ho yɛ fɛ

D.

Ɔyɛ ɔdehyeɛ na ɔwɔ suban pa

21.

Sɛ wɔyi ɔhene foforɔ a, ɛdeɛn na ɔyɛ kyerɛ ne manfoɔ?

A.

Ɔkasa kyerɛ ne manfoɔ.

B.

Ɔnante wɔ ahemfie.

C.

Ɔsa kyerɛ ne manfoɔ.

D.

Ɔsuae kyerɛ ne manfoɔ.

22.

Amanneɛ bɛn na wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔatu ɔhene bi adeɛ so?

A.

Yɛgye n'afena.

B.

Yɛgye n'akyeampoma.

C.

Yɛgye n'apakan.

D.

Yɛworɔ ne nan mu mpaboa.

23.

Mpanimfoɔ a ɔhene ne wɔn bu man no, wɔfrɛ wɔn sɛn?

A.

Adikurofoɔ

B.

Ahemfo

C.

Atenankonnwa

D.

Mpapahwekwaa

24.

Akanfoɔ mu no, wɔdi asɛm wie a, sika a wɔde ma wɔn a wɔdi asɛm no, wɔfrɛ no sɛn?

A.

Agyinamudeɛ

B.

Badwadeɛ

C.

Mpatadeɛ

D.

Sikatua

25.

Sɛ Akanfoɔ retu agyina wɔ asɛnnie mu a, ɛkyerɛ sɛn?

A.

Wɔregye wɔn ahome.

B.

Wɔrekɔdidi aba.

C.

Wɔrekɔfa adwene.

D.

Wɔatu asɛm no ahyɛ da.

26.

Deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako nka deɛ Akanfoɔ yɛ no wɔ asɛnnie mu no ho.

A.

Wɔde deɛ ɔdi fɔ no to afiase.

B.

Wɔfrɛ adansefoɔ

C.

Wɔtu agyina.

D.

Wɔtu wɔn nan si asɛm no so.

27.

Toa ɛbɛ yi so; abɔfra bɔ nwa na ...

A.

ɔmmɔ akyekyedeɛ

B.

ɔnkum ɔsono

C.

ɔnkyere kusie

D.

ɔnsoa kɔkɔte

28.

Mpanimfoɔ se; ɔpanin dware wie a, na ...

A.

asɛm asa

B.

dwaresɛn abɔ

C.

ne yere ho atɔ no

D.

nsuo asa

29.

Dwuma bɛn na mmɛ tumi di wɔ ɔkasa mu?

A.

Ɛda kasa adi.

B.

Ɛkyerɛ kasa pa.

C.

Ɛma kasa yɛ dɛ.

D.

Ɛma kasa yɛ tenten.

30.

Adɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a, ɔto dwom? Sɛdeɛ ...

A.

nkurɔfoɔ bɛte ne nka

B.

nnipa bɛhunu sɛ ɔwɔ hɔ

C.

Ɔbɛnya aboafoɔ

D.

ɔrente brɛ

Kenkan deɛ soɔ yi, na bua nsɛmmisa 31 - 35.

Ɔnanka yɛ ɔtweaseɛ, Ɔnwam nso yɛ ntakraboa. Da koro bi, Ɔnwam kɔɔ Ɔnanka hɔ sɛ ɔrekɔbɔ bosea akɔtua ne ka bi. Ɔnanka ka kyerɛɛ Ɔnwam sɛ, ɔma no sika no bi a, ɛnyɛ yie, ɛfiri sɛ sɛ da a ɔbɛhyɛ no no, sɛ wammɛtua a, ɔnni kwan biara a ɔbɛfa so agye ne sika. Ɔnwam kaa ntam sɛ ɛda no so a, ɔde ne sika bɛbrɛ no. Ɔnanka hunuu no mmɔbɔ maa no sika no bi.

31.

Ɔtweaseɛ yɛ aboa a ...

A.

ne ho yɛ fi

B.

ɔda dɔteɛ mu

C.

ɔso yie

D.

ɔwea n'afuru so

32.

Ɛdeɛn na Ɔnwam kɔpɛɛ no Ɔnanka hɔ?

A.

Ɔkɔpɛɛ aduane.

B.

Ɔkɔpɛɛ bosea.

C.

Ɔkɔsraa no.

D.

Ɔkɔdii nkɔmmɔ.

33.

"Ɔnwan kaa ntam", kyerɛ sɛn?

A.

Ɔgye too mu.

B.

Ɔhyɛɛ no bɔ denden.

C.

Ɔkaa nokorɛ.

D.

Ɔtee aseɛ.

34.

Adɛn nti na Ɔnanka maa Ɔnwam bosea no bi? Ɛfiri sɛ ...

A.

na ɔde rekɔtua ne ka

B.

Ɔnwam yɛ n'adamfo

C.

ɔyɛɛ no mmɔbɔ

D.

wɔbɔ abusua baako

35.

To abasɛm no din.

A.

Nnamfo baanu bi ho asɛm.

B.

Ɔtweaseɛ ho asɛm.

C.

Ɔnanka ho asɛm.

D.

Ɔnanka ne Ɔnwam ho asɛm.

Kenkan deɛ ɛdi soɔ yi na bua nsɛmmisa 36 - 38.

Osee yee, yee yee!
Otweaduampɔn ee!
Yɛda wo ase oo.

36.

Dwom bɛn nie?

A.

Abagyegyedwom

B.

Adwuma mu dwom

C.

Asafo dwom

D.

Bradwom

37.

Kasasu yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛwɔ dwom no mu?

A.

Asesɛsɛm

B.

Ɛbɛ

C.

Ntimu

D.

Nnyinahɔmma

38.

Tebea bɛn na ɔdwontofoɔ no wɔ mu?

A.

Anibereɛ mu

B.

Anigyeɛ mu

C.

Awerɛhoɔ mu

D.

Ehu mu

39.

Nnyegyeeɛ a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ Asante Twi kɔnsonante nnyegyeeɛ?

A.

/b/

B.

/d/

C.

/g/

D.

/j/

40.

Ɔkwan bɛn na yɛfa so yɛ ɛnne nnyegyeeɛ /u/? Anofafa no ...

A.

kɔbata ɛse no akyi

B.

kɔ soro ba fam

C.

yɛ kurukuruwa

D.

yɛ tɛtrɛtɛ

THEORY QUESTIONS

This paper consists of four sections: I, II, III and IV. Answer one question only in Part I and all the questions in Parts II, III and IV.

Answer all the questions in your answer booklet.

Credit will be given for clarity of expression and orderly presentation of material.

PART I
COMPOSITION
[30 marks]

Yi deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua ɔha aduonum (150) anaa deɛ ɛboro saa twerɛ ho asɛm.

1.

(a)

Wo papa pɛ sɛ woyɛ lɔyani anaa tikyani. Twerɛ lɛtɛ kɔma no, na kyerɛ sɛnti ɛnam na wopɛ sɛ woyɛ mu baako.

(b)

Kyerɛkyerɛ nnoɔma ahodoɔ mmienu a ɛde lɔre akwanhyia ba mu, na kyerɛ akwan ahodoɔ mmienu a yɛbɛfa so asi ano.

(c)

Ka onipa bi a wopɛ n'asɛm pa ara wɔ wo kurom ho asɛm, na kyerɛ deɛ nti a wopɛ n'asɛm.

(d)

Twerɛ abasɛm bi a n'awieeɛ ne sɛ, " ... na ɔnuu ne ho wɔ deɛ ɔyɛeɛ no ho".

Show Solution

PART II
COMPREHENSION
[10 marks]

Kenkan deɛ ɛdidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

2.

Mfeɛ pii nie na nsaase akɔ ahohiahia mu pa ara. Nkurɔfoɔ kɔ so ara sɛe nneɛma a ɛboa ma asetena kɔ so no. Ɔdomankoma asaase a ɔde ama yɛn no, saa nkurɔfoɔ no kɔ so di no nya.

Emu deɛ ereha adwene pa ara Ghana ha nnɛ yi ne "galamsey". Saa ɔkwan a wɔfa so tu fam agudeɛ yi asɛe asaase ma adane ɛserɛ. Sɛ wohwɛ ɔkwan a wɔn a wɔnni tumi krataa biara no fa so tu fam agudeɛ no si funtum asaase no a, ɛyɛ awerɛho yie. Yɛn kwaeɛ nyinaa asɛe koraa. Abɔfoɔ ne abɛtwafoɔ nam wɔn dwumadie so ama yɛn kwaeɛ no mu ɛfa kɛseɛ no ara ahye dwerɛbee.

Yɛn nsubɔntene, nsuwansuwa ne atadeɛ mpo nyina ho akeka. Na mpo, nnipa nam wɔn nneyɛɛ ahodoɔ so asɛe ɛpo kɛseɛ no. Yei ama ayɛ hu ama nnipa a wɔtete ho ne abɔdeɛ a wɔwɔ mu no nyinaa. Saa adeɛ yi reyɛ agye nsam. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi de si ano seesei ara. Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ sɔre waka yɛ biribi de si saa ɔhaw no ano.

(a)

Ɛdeɛn na nkurɔfoɔ resɛe no no?

(b)

Ɛdeɛn na yɛnya firi Ɔdomankoma asaase a ɔde ama yɛn no mu?

(c)

Adɛn nti na galamsey ne adeɛ a ɛreha yɛn?

(d)

Dwuma bɛn na abɔfoɔ ne abɛtwafoɔ di de ma yɛn kwaeɛ hye dwerɛbee?

(e)

Kyerɛ saa nsɛm yi ase sɛdeɛ wɔde di dwuma wɔ akenkansɛm no mu:

(i)

di no nya;

(ii)

funtum.

(f)

Kyerɛ dwuma baako a nnipa nam so sɛe ɛpo.

(g)

Adɛn nti na abɔdeɛ ahodoɔ a wɔwɔ ɛpo mu no nni ahotɔ?

(h)

Adɛn na ɔtwerɛfoɔ na ka sɛ, ɛreyɛ agye nsam?

(i)

Kyerɛ saa asɛm yi ase sɛdeɛ ɛteɛ wɔ akenkansɛm no mu: sɔre waka.

(j)

Adesuadeɛ bɛn na woanya afiri akenkansɛm no mu?

Show Solution

PART III
TRANSLATION
[10 marks]

3.

Kyerɛ deɛ ɛdidi soɔ yi ase kɔ Asante Twi mu.

(a)

She likes washing her clothes on Fridays.

(b)

Martha came here but did not meet you.

(c)

Why is Abiba not coming to eat with us?

(d)

We do not like her but we have to contain her.

(e)

Ama cooked the food and Kojo washed the bowls.

(f)

Our teacher shouted, "shut up, all of you!"

(g)

Why is Kofi unhappy these days?

(h)

The game was lost through carelessness.

(i)

We do not want to fail the examination.

(j)

Tell him to see me at once.

Show Solution

PART IV
LANGUAGE AND USAGE
[10 marks]

4.

Yiyi nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha nyinaa ano.

Nsɛmmisa (a) - (g) mu no, kyerɛ asɛmfuakuo a nsɛmfua a wɔasan aseɛ no firi mu.

(a)

Mansa maa no sika.

(b)

bɛyɛ adwuma no abom.

(c)

Nanabarima annye me frɛ no so.

(d)

Wɔkyeree ɔbaa daadaafoɔ no nnɛ.

(e)

Yɛn awofoɔ bɛduruu dwoodwoo nnora.

(f)

M'awofoɔ maa me tɛlɛvihyen.

(g)

Ɔware wɔ yɛn akuraa hɔ saa bosome yi.

Nsɛmmisa (h) - (j) mu no, fa atwerɛ mu agyinahyɛdeɛ a ɛfata wie ɔkasamu biara.

(h)

Berɛ bɛn na Abankwa firii fie

(i)

Yɛtɔɔ amango aprɛ ne ankaa.

(j)

Mo nyinaa nyɛ komm

Show Solution

SponsoredAdvertise